Jeremiah 45 (BOATCB2)
1 Eyi ne nsɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan no mu, bere a na Baruk akyerɛw nsɛm a efi Yeremia anom no agu nhoma mmobɔwee bi mu. 2 “Sɛɛ na AWURADE, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ wo, Baruk: 3 Wokae se, ‘Nnome nka me! AWURADE de awerɛhow aka me yawdi ho; apinisi ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.’ 4 AWURADE kae se, ‘Ka eyi kyerɛ no: Nea AWURADE se ni: Mɛsɛe nea makyekyere na matu nea madua no ase wɔ asase no so nyinaa. 5 Enti ɛsɛ sɛ wopɛ nneɛma akɛse ma wo ho ana? Nyɛ saa. Efisɛ mede amanehunu bɛba nnipa nyinaa so, AWURADE na ose, nanso baabiara a wobɛkɔ no, mɛbɔ wo ho ban.’ ”