2 Kings 9 (BOATCB)

1 Na odiyifoɔ Elisa afrɛ adiyifoɔ no mu baako afiri adiyifoɔ kuo no mu. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Siesie wo ho, na kɔ Ramot-Gilead. Fa saa toa a ngo wɔ mu yi ka wo ho kɔ. 2 Hwehwɛ Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nana no. Frɛ no firi ne nnamfo mu, na fa no kɔ piam, 3 na hwie ngo no gu ne tirim. Ka kyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Meresra wo ngo, ama woabɛdi Israel so ɔhene.’ Afei, bue ɛpono no na dwane, gye wo kra nkwa!” 4 Enti, odiyifoɔ kumaa no yɛɛ deɛ wɔka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Ramot-Gilead. 5 Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu Yehu sɛ ɔne asraafoɔ mpanimfoɔ bi reyɛ nhyiamu. Ɔkaa sɛ, “Ɔsahene, mewɔ nkra bi de ma wo.”Yehu bisaa sɛ, “Yɛn mu hwan?”Ɔbuaa sɛ, “Wo a woyɛ ɔsahene no.” 6 Enti, Yehu gyaa wɔn a aka no hɔ, kɔɔ efie. Na odiyifoɔ kumaa no hwiee ngo no guu Yehu tirim, kaa sɛ, “Sɛdeɛ AWURADE, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Mesra wo ngo sɛ, di AWURADE nkurɔfoɔ Israelfoɔ so ɔhene. 7 Ɛsɛ sɛ wosɛe Ahab, wo wura, no fie. Saa ɛkwan no so na mɛfa atua mʼadiyifoɔ a wɔkunkumm wɔn ne AWURADE asomfoɔ no nyinaa a Isebel kunkumm wɔn no so ka. 8 Ɛsɛ sɛ wɔpepa Ahab fiefoɔ nyinaa firi hɔ—ɔbarima biara, ɔsomfoɔ ne deɛ ɔde ne ho nyinaa a wɔwɔ Israel. 9 Mɛsɛe Ahab fie, sɛdeɛ mesɛee Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afie no. 10 Na nkraman bɛwe Isebel ɛnam wɔ Yesreel asase so, na obiara rensie no.” Afei, odiyifoɔ kumaa no buee ɛpono no, tuu mmirika dwaneeɛ. 11 Yehu sane kɔɔ ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn. Wɔn mu baako bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na damfo a ne ti asɛe no rehwehwɛ? Biribiara yɛ anaa?” Yehu buaa sɛ, “Wo ara wonim, sɛdeɛ ɔbarima no keka ne nsɛm fa.” 12 Wɔn nyinaa kaa sɛ, “Woboa. Ka nokorɛ.” Enti, Yehu kaa sɛ, odiyifoɔ no ayi akyerɛ no sɛ AWURADE asra no ngo sɛ ɔmmɛdi Israel so ɔhene. 13 Wɔde wɔn ntadeɛ sesɛɛ ntwedeɛ no so ntɛm ara, hyɛnee totorobɛnto, teateaam sɛ, “Yehu yɛ ɔhene.” 14 Enti, Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nana pam ɔhene Yoram tiri so. Afei, na Yoram de ne ho akɔbɔ akodɔm wɔ Ramot-Gilead a na wɔgyina de tia Aramhene Hasael akodɔm. 15 Nanso, na wɔapira Yoram wɔ ɔko no mu, ama wasane aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa ne ho yadeɛ. Enti, Yehu ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no sɛ, “Esiane sɛ mopɛ sɛ medi ɔhene no enti, mma obiara nnwane nkɔ Yesreel nkɔka deɛ yɛayɛ wɔ hɔ.” 16 Na Yehu kɔtenaa teaseɛnam mu, kɔɔ Yesreel kɔhwehwɛɛ ɔhene Yoram a na wapira da hɔ no. Na Yudahene Ahasia nso wɔ hɔ bi. 17 Ɔwɛmfoɔ a na ɔwɔ Yesreel abantenten so no hunuu Yehu ne ne nkurɔfoɔ sɛ wɔreba enti, ɔteaam guu Yoram so sɛ, “Mehunu sɛ akodɔm reba. Soma ɔpɔnkɔkafoɔ bi, na ɔnkɔhwɛ sɛ wɔreba no asomdwoeɛ so anaa.” Ɔhene Yoram nso teaam. 18 Enti, ɔpɔnkɔkafoɔ no kɔhyiaa Yehu bisaa no sɛ, “Ɔhene pɛ sɛ ɔhunu sɛ moreba no asomdwoeɛ so anaa.”Yehu buaa sɛ, “Ɛdeɛn na wonim fa asomdwoeɛ ho? Ma mensene!”Ɔwɛmfoɔ no frɛɛ ɔhene sɛ, “Ɔpɔnkɔkafoɔ no ahyia wɔn, nanso ɔmma.” 19 Enti, ɔhene no somaa ɔpɔnkɔkafoɔ a ɔtɔ so mmienu. Ɔkɔduruu wɔn nkyɛn bisaa sɛ, “Ɔhene pɛ sɛ ɔhunu sɛ moreba no asomdwoeɛ so anaa.” Bio, Yehu bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wonim fa asomdwoeɛ ho? Di mʼakyi!” 20 Ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ, “Ɔpɔnkɔkafoɔ no ahyia wɔn, nanso ɔno nso mma. Ɛbɛyɛ Nimsi babarima Yehu a ɔka ɔpɔnkɔ mmirikatɛntɛ so no.” 21 Ɔhene Yoram hyɛɛ sɛ, “Ntɛm, monyɛ me teaseɛnam no krado mma me.” Na Israelhene Yoram ne Yudahene Ahasia tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu kɔhyiaa Yehu. Wɔhyiaa no wɔ asase a na ɛyɛ Nabot, Yesreelni dea no so. 22 Ɔhene Yoram bisaa sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ so anaa, Yehu?”Yehu buaa sɛ, “Mpɛn dodoɔ a wo maame Isebel abosom ne ne bayie atwa yɛn ho ahyia yi, ɛbɛyɛ dɛn na maba no asomdwoeɛ so?” 23 Ɛnna ɔhene Yoram twee ne teaseɛnam pɔnkɔ no ahoma, de danee ɔpɔnkɔ no ani, dwaneeɛ a ɔreteateam sɛ, “Ɔmammɔfoɔ Ahasia!” 24 Na Yehu twee nʼagyan to wɔɔ Yoram mmati ntam. Agyan no hwiree nʼakoma mu, ma ɔbu hwee ne teaseɛnam no mu, wuiɛ. 25 Yehu ka kyerɛɛ ne kunini Bidkar sɛ, “To no twene Nabot, Yesreelni no asase no so. Wokae ɛberɛ a na yɛtete nteaseɛnam mu di nʼagya Ahab akyi no? AWURADE kaa sɛ, 26 ‘Meka ntam di nse sɛ, mɛtua no so ka wɔ Nabot agyapadeɛ yi mu. Sɛ ɔkum Nabot ne ne mmammarima nnora a mehunuu no enti, mɛtua no ka. Enti, to no twene wɔ Nabot asase yi so.’ ” 27 Ɛberɛ a Yudahene Ahasia hunuu asɛm a asi no, ɔdwane kɔɔ Bet-Hagan. Yehu taa no teateaam sɛ, “Monkum ɔno nso bi.” Enti, wɔtoo Ahasia agyan wɔ ne teaseɛnam mu wɔ Gur aforoeɛ a ɛbɛn Yibleam. Ɔtumi kɔeɛ ara kɔduruu Megido, na ɔwuu wɔ hɔ. 28 Ne mpanimfoɔ de no too teaseɛnam mu, kɔɔ Yerusalem, kɔsiee no ne mpanimfoɔ ho wɔ Dawid kurom. 29 Na Ahasia dii adeɛ wɔ Yuda no, na Israelhene Yoram nso adi adeɛ mfeɛ dubaako. 30 Ɛberɛ a ɔhemmaa Isebel tee sɛ Yehu aba Yesreel no, ɔkekaa nʼanintɔn, yɛɛ ne ti fɛfɛɛfɛ, tɛɛ mpomma mu. 31 Ɛberɛ a Yehu wuraa ahemfie ɛpono no mu no, ɔhemmaa no teaam guu ne so sɛ, “Owudifoɔ, wobaa no asomdwoeɛ so anaa? Wote sɛ Simri a ɔkumm ne wura no.” 32 Yehu pagyaa nʼani hunuu no wɔ mpomma no mu teaam sɛ, “Hwan na ɔwɔ mʼafa!” Na apiafoɔ baanu anaa baasa hwɛɛ no. 33 Yehu teaam sɛ, “Monto no ntwene fam.” Enti, wɔtoo no firii mpomma no mu, maa ne mogya bi bɔ petee ɔfasuo no ne nʼapɔnkɔ ho. Na Yehu maa nʼapɔnkɔ tiatiaa nʼamu no so. 34 Na Yehu kɔɔ ahemfie hɔ kɔdidi, nomeeɛ. Akyire yi, ɔkaa sɛ, “Monkɔ nkɔsie ɔbaa a wɔadome no yi, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔhene babaa.” 35 Nanso, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔsie no no, ne tikwankoraa, ne nan ne ne nsa nko ara na wɔhunuiɛ. 36 Ɛberɛ a wɔbɛbɔɔ Yehu amaneɛ no, ɔkaa sɛ, “Yei hyɛ asɛm a AWURADE nam ne ɔsomfoɔ Tisbini Elia so kaeɛ no ma sɛ, ‘Asase tam bi a ɛda Yesreel no so na nkraman bɛwe Isebel ɛnam. 37 Na nʼamu bɛbɔ apete, te sɛ wura wɔ Yesreel haban mu a ne saa enti, obiara ntumi nhunu no.’ ”

In Other Versions

2 Kings 9 in the ANGEFD

2 Kings 9 in the ANTPNG2D

2 Kings 9 in the AS21

2 Kings 9 in the BAGH

2 Kings 9 in the BBPNG

2 Kings 9 in the BBT1E

2 Kings 9 in the BDS

2 Kings 9 in the BEV

2 Kings 9 in the BHAD

2 Kings 9 in the BIB

2 Kings 9 in the BLPT

2 Kings 9 in the BNT

2 Kings 9 in the BNTABOOT

2 Kings 9 in the BNTLV

2 Kings 9 in the BOATCB2

2 Kings 9 in the BOBCV

2 Kings 9 in the BOCNT

2 Kings 9 in the BOECS

2 Kings 9 in the BOGWICC

2 Kings 9 in the BOHCB

2 Kings 9 in the BOHCV

2 Kings 9 in the BOHLNT

2 Kings 9 in the BOHNTLTAL

2 Kings 9 in the BOICB

2 Kings 9 in the BOILNTAP

2 Kings 9 in the BOITCV

2 Kings 9 in the BOKCV

2 Kings 9 in the BOKCV2

2 Kings 9 in the BOKHWOG

2 Kings 9 in the BOKSSV

2 Kings 9 in the BOLCB

2 Kings 9 in the BOLCB2

2 Kings 9 in the BOMCV

2 Kings 9 in the BONAV

2 Kings 9 in the BONCB

2 Kings 9 in the BONLT

2 Kings 9 in the BONUT2

2 Kings 9 in the BOPLNT

2 Kings 9 in the BOSCB

2 Kings 9 in the BOSNC

2 Kings 9 in the BOTLNT

2 Kings 9 in the BOVCB

2 Kings 9 in the BOYCB

2 Kings 9 in the BPBB

2 Kings 9 in the BPH

2 Kings 9 in the BSB

2 Kings 9 in the CCB

2 Kings 9 in the CUV

2 Kings 9 in the CUVS

2 Kings 9 in the DBT

2 Kings 9 in the DGDNT

2 Kings 9 in the DHNT

2 Kings 9 in the DNT

2 Kings 9 in the ELBE

2 Kings 9 in the EMTV

2 Kings 9 in the ESV

2 Kings 9 in the FBV

2 Kings 9 in the FEB

2 Kings 9 in the GGMNT

2 Kings 9 in the GNT

2 Kings 9 in the HARY

2 Kings 9 in the HNT

2 Kings 9 in the IRVA

2 Kings 9 in the IRVB

2 Kings 9 in the IRVG

2 Kings 9 in the IRVH

2 Kings 9 in the IRVK

2 Kings 9 in the IRVM

2 Kings 9 in the IRVM2

2 Kings 9 in the IRVO

2 Kings 9 in the IRVP

2 Kings 9 in the IRVT

2 Kings 9 in the IRVT2

2 Kings 9 in the IRVU

2 Kings 9 in the ISVN

2 Kings 9 in the JSNT

2 Kings 9 in the KAPI

2 Kings 9 in the KBT1ETNIK

2 Kings 9 in the KBV

2 Kings 9 in the KJV

2 Kings 9 in the KNFD

2 Kings 9 in the LBA

2 Kings 9 in the LBLA

2 Kings 9 in the LNT

2 Kings 9 in the LSV

2 Kings 9 in the MAAL

2 Kings 9 in the MBV

2 Kings 9 in the MBV2

2 Kings 9 in the MHNT

2 Kings 9 in the MKNFD

2 Kings 9 in the MNG

2 Kings 9 in the MNT

2 Kings 9 in the MNT2

2 Kings 9 in the MRS1T

2 Kings 9 in the NAA

2 Kings 9 in the NASB

2 Kings 9 in the NBLA

2 Kings 9 in the NBS

2 Kings 9 in the NBVTP

2 Kings 9 in the NET2

2 Kings 9 in the NIV11

2 Kings 9 in the NNT

2 Kings 9 in the NNT2

2 Kings 9 in the NNT3

2 Kings 9 in the PDDPT

2 Kings 9 in the PFNT

2 Kings 9 in the RMNT

2 Kings 9 in the SBIAS

2 Kings 9 in the SBIBS

2 Kings 9 in the SBIBS2

2 Kings 9 in the SBICS

2 Kings 9 in the SBIDS

2 Kings 9 in the SBIGS

2 Kings 9 in the SBIHS

2 Kings 9 in the SBIIS

2 Kings 9 in the SBIIS2

2 Kings 9 in the SBIIS3

2 Kings 9 in the SBIKS

2 Kings 9 in the SBIKS2

2 Kings 9 in the SBIMS

2 Kings 9 in the SBIOS

2 Kings 9 in the SBIPS

2 Kings 9 in the SBISS

2 Kings 9 in the SBITS

2 Kings 9 in the SBITS2

2 Kings 9 in the SBITS3

2 Kings 9 in the SBITS4

2 Kings 9 in the SBIUS

2 Kings 9 in the SBIVS

2 Kings 9 in the SBT

2 Kings 9 in the SBT1E

2 Kings 9 in the SCHL

2 Kings 9 in the SNT

2 Kings 9 in the SUSU

2 Kings 9 in the SUSU2

2 Kings 9 in the SYNO

2 Kings 9 in the TBIAOTANT

2 Kings 9 in the TBT1E

2 Kings 9 in the TBT1E2

2 Kings 9 in the TFTIP

2 Kings 9 in the TFTU

2 Kings 9 in the TGNTATF3T

2 Kings 9 in the THAI

2 Kings 9 in the TNFD

2 Kings 9 in the TNT

2 Kings 9 in the TNTIK

2 Kings 9 in the TNTIL

2 Kings 9 in the TNTIN

2 Kings 9 in the TNTIP

2 Kings 9 in the TNTIZ

2 Kings 9 in the TOMA

2 Kings 9 in the TTENT

2 Kings 9 in the UBG

2 Kings 9 in the UGV

2 Kings 9 in the UGV2

2 Kings 9 in the UGV3

2 Kings 9 in the VBL

2 Kings 9 in the VDCC

2 Kings 9 in the YALU

2 Kings 9 in the YAPE

2 Kings 9 in the YBVTP

2 Kings 9 in the ZBP