Daniel 4 (BOATCB)

1 Ɔhene Nebukadnessar,too saa nkra yi kɔmaa nnipa ne aman ne kasa ahodoɔ a ɛwɔ ewiase sɛ:Ɛnsi mo yie mmoroso! 2 Ɛyɛ me anigye sɛ mo nyinaa ahunu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a Ɔsorosoro Onyankopɔn ayɛ ama me. 3 Hwɛ sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ kɛseɛ fa!Na hwɛ sɛdeɛ tumi a ɛwɔ nʼanwanwadeɛ no mu so fa!Nʼahennie yɛ daa ahennie;ne tumi tene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. 4 Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfie, medi me ho so na me ho tɔ me. 5 Nanso, mesoo daeɛ bi a, ɛbɔɔ me hu yie. Meda me mpa so no, mfoni a ɛfaa mʼani so ne anisoadehunu a menyaeɛ no hunahunaa me. 6 Ɛno enti, mehyɛ ma wɔfrɛɛ anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa sɛ wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase. 7 Ɛberɛ a nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ no baeɛ no, mekaa daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ. 8 Akyire yi, Daniel (a yɛtoo no din Beltesasar, a ɛyɛ me nyame din, ɛfiri sɛ, na anyame kronkron no sunsum wɔ ne mu) baa mʼanim, na mekaa daeɛ no kyerɛɛ no. 9 Meka kyerɛɛ no sɛ, “Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, menim sɛ, anyame kronkron no sunsum wɔ wo mu, ɛno enti, ɛnnyɛ wo den sɛ wobɛkyerɛ ahintasɛm biara ase. Afei, me daeɛ no ni, kyerɛ me aseɛ. 10 Ɛberɛ a meda me mpa so no, daeɛ a mesoeɛ ne sɛ, mehunuu dua bi a ɛsi asase mfimfini a ɛware tenteenten. 11 Dua no nyini yɛɛ dutan kɛseɛ na ne tentene kɔduruu soro, a wohunu no asase so baabiara. 12 Na ne nhahan yɛ frɔmm fɛɛfɛɛfɛ, na aso aba bebree, na ɛso wɔ aduane ma obiara. Na wiram mmoa te ne nwunu ase, na ewiem nnomaa nso yɛ wɔn pirebuo wɔ ne mman mu. 13 “Meda me mpa so no, mehunuu ɔbɔfoɔ kronkron bi a ɔfiri soro reba fam wɔ mʼanisoadehunu no mu. 14 Ɔbɔfoɔ no teaam sɛ, ‘Twa dua no to fam na twitwa ne mman no nyinaa. Poro ne nhahan no, na to nʼaba no pete. Pam mmoa no firi ne nwunu ase, na pam ewiem nnomaa no firi ne mman so. 15 Nanso gya dunsini no ne ne nhini a dadeɛ ne kɔbere akyekyere, na ɛserɛ atwa ho ahyia no.“ ‘Afei, ma ɔsoro bosuo mfɔ no kyaww, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wiram. 16 Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so. 17 “ ‘Asomafoɔ asi gyinaeɛ dada; na akronkronfoɔ abu atɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ateasefoɔ nyinaa bɛte aseɛ sɛ, Ɔsorosoroni no na ɔdi ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, mpo, sɛ ɔyɛ onipa teta.’ 18 “Beltesasar, saa daeɛ yi na me Ɔhene Nebukadnessar soeɛ. Afei, kyerɛ me aseɛ, ɛfiri sɛ, anyansafoɔ a wɔwɔ mʼahemman mu nyinaa antumi ankyerɛ me aseɛ. Na wo deɛ wobɛtumi akyerɛ me, ɛfiri sɛ, anyame kronkron sunsum no wɔ wo mu.” 19 Daniel (a wɔsane frɛ no Beltesasar no) tee daeɛ no, ɔyɛɛ basaa kakra; ne ho dwirii no na nʼadwene mu haa no. Nti, ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Beltesasar, mma daeɛ no ne nʼasekyerɛ mmɔ wo hu.”Beltesasar buaa sɛ, “Yei deɛ, Nana, anka daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no ɛmpare wo na ɛnkɔ wʼatamfoɔ so! 20 Ao, Nana, wohunuu dua bi a ɛnyini yɛɛ dutan kɛseɛ a ne tentene kɔduruu soro, na wohunu no asase nyinaa so. 21 Na ne nhahan yɛ frɔmm fɛɛfɛɛfɛ a aso aba bebree, na ɛso wɔ aduane ma obiara. Na wiram mmoa te ne nwunu ase, na ewiem nnomaa nso yɛ wɔn pirebuo wɔ ne mman mu. 22 Nana, mesrɛ ka, saa dua no yɛ wo. Ɛfiri sɛ, woatu mpɔn, ahoɔden so ne kɛseyɛ mu. Wo kɛseyɛ no kɔduru ɔsoro, na wʼadedie no kɔ akyirikyiri kɔduru asase ano. 23 “Afei, Nana, wohunuu ɔbɔfoɔ kronkron a ɔfiri soro reba fam, na ɔreka sɛ, ‘Twa dua no to fam na sɛe no. Nanso, gya dunsini no ne ne nhini a dadeɛ ne kɔbere akyekyere, na ɛserɛ atwa ho ahyia no. Afei, ma ɔsoro bosuo mfɔ no kyaww, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wiram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.’ 24 “Daeɛ no asekyerɛ nie, Nana, atɛn a Ɔsorosoroni no abu atia wo no nie. 25 Wɔbɛpam wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa bɛtena wiram. Wobɛwe ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo bɛfɔ wo kyaww. Mfeɛ nson bɛtwa wo tiri so akɔsi sɛ, wobɛhunu sɛ, Ɔsorosoroni no na ɔdi ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ. 26 Hyɛ a wɔhyɛ ma wɔgyaa dunsini no ne ne nhini no wɔ asase mu no kyerɛ sɛ, sɛ wohunu sɛ ɔsoro na ɛdi tumi no a, wo nsa bɛsane aka wʼahemman. 27 Ne saa enti, Ao, Nana Nebukadnessar, mesrɛ wo, tie mʼafotuo. Gyae bɔneyɛ, na yɛ deɛ ɛtene. Gyae wʼatirimuɔdensɛm na yɛ ahummɔborɔ ma ahiafoɔ, na twe wo ho firi wo tete amumuyɛ no ho. Ebia, woyɛ saa a, wobɛkɔ so adi yie.” 28 Na saa nneɛma yi nyinaa baa Ɔhene Nebukadnessar so. 29 Abosome dumienu akyi a na ɔretu mpase wɔ ahemfie no abansoro atifi wɔ Babilonia no, 30 ɔtoo nʼani, hwɛɛ kuro no mu, na ɔkaa sɛ, “Ɛnyɛ Babilonia kuro kɛseɛ a mede me tumi akyekyere ayɛ no ɔhempɔn atenaeɛ de ahyɛ mʼahennie animuonyam ni anaa?” 31 Ɛberɛ a ɔgu so reka saa nsɛm no, nne bi firi soro baa sɛ, “Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛɛ wo sɛ wonnyɛ ɔhene wɔ ahemman yi so bio. 32 Wɔbɛpam wo afiri nnipa mu. Wo ne wiram mmoa bɛtena wiram. Na wobɛwe ɛserɛ te sɛ nantwie. Mfeɛ nson bɛtwa wo tiri so kɔsi sɛ wobɛhunu sɛ, Ɔsorosoroni no di ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a, ɔpɛ.” 33 Amonom hɔ ara nkɔmhyɛ no baa mu. Wɔpamoo Nebukadnessar firii nnipa mu. Ɔwee ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ no kyaww. Ɔtenaa saa tebea no mu kɔsii sɛ, ne tirinwi yɛɛ atentene te sɛ ɔkɔdeɛ ntakra, na nʼabɔwerɛ yɛɛ sɛ anomaa bɔwerɛ. 34 Saa ɛberɛ yi twaam no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metontom deɛ ɔte aseɛ daa no meyii no ayɛ sɛ:Ne tumi yɛ daa tumi,Na nʼahennie tene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. 35 Asase so nnipa nyinaa,wɔmmu wɔn hwee.Ɔde ɔsoro tumi yɛ deɛ ɔpɛ biara.Na nnipa a ɛwɔ asase somu biara ntumi nsi no ɛkwananaa ɔmmisa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔayɛ yi?” 36 Ɛberɛ a mʼani baa me ho so no, berɛ korɔ no mu ara na me anidie ne me kɛseyɛ a ɛhyɛ me ɔman no animuonyam no baeɛ. Mʼafotufoɔ ne mʼaberempɔn hwehwɛɛ me, na wɔsane de me sii mʼahennie so bio, na mʼanimuonyam bɛyɛɛ kɛse kyɛnee kane no. 37 Afei, me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene animuonyam, de anidie ma no. Ne nneyɛeɛ nyinaa yɛ pɛ, na ɛyɛ nokorɛ, na ɔbɛtumi abrɛ ahantanfoɔ ase.

In Other Versions

Daniel 4 in the ANGEFD

Daniel 4 in the ANTPNG2D

Daniel 4 in the AS21

Daniel 4 in the BAGH

Daniel 4 in the BBPNG

Daniel 4 in the BBT1E

Daniel 4 in the BDS

Daniel 4 in the BEV

Daniel 4 in the BHAD

Daniel 4 in the BIB

Daniel 4 in the BLPT

Daniel 4 in the BNT

Daniel 4 in the BNTABOOT

Daniel 4 in the BNTLV

Daniel 4 in the BOATCB2

Daniel 4 in the BOBCV

Daniel 4 in the BOCNT

Daniel 4 in the BOECS

Daniel 4 in the BOGWICC

Daniel 4 in the BOHCB

Daniel 4 in the BOHCV

Daniel 4 in the BOHLNT

Daniel 4 in the BOHNTLTAL

Daniel 4 in the BOICB

Daniel 4 in the BOILNTAP

Daniel 4 in the BOITCV

Daniel 4 in the BOKCV

Daniel 4 in the BOKCV2

Daniel 4 in the BOKHWOG

Daniel 4 in the BOKSSV

Daniel 4 in the BOLCB

Daniel 4 in the BOLCB2

Daniel 4 in the BOMCV

Daniel 4 in the BONAV

Daniel 4 in the BONCB

Daniel 4 in the BONLT

Daniel 4 in the BONUT2

Daniel 4 in the BOPLNT

Daniel 4 in the BOSCB

Daniel 4 in the BOSNC

Daniel 4 in the BOTLNT

Daniel 4 in the BOVCB

Daniel 4 in the BOYCB

Daniel 4 in the BPBB

Daniel 4 in the BPH

Daniel 4 in the BSB

Daniel 4 in the CCB

Daniel 4 in the CUV

Daniel 4 in the CUVS

Daniel 4 in the DBT

Daniel 4 in the DGDNT

Daniel 4 in the DHNT

Daniel 4 in the DNT

Daniel 4 in the ELBE

Daniel 4 in the EMTV

Daniel 4 in the ESV

Daniel 4 in the FBV

Daniel 4 in the FEB

Daniel 4 in the GGMNT

Daniel 4 in the GNT

Daniel 4 in the HARY

Daniel 4 in the HNT

Daniel 4 in the IRVA

Daniel 4 in the IRVB

Daniel 4 in the IRVG

Daniel 4 in the IRVH

Daniel 4 in the IRVK

Daniel 4 in the IRVM

Daniel 4 in the IRVM2

Daniel 4 in the IRVO

Daniel 4 in the IRVP

Daniel 4 in the IRVT

Daniel 4 in the IRVT2

Daniel 4 in the IRVU

Daniel 4 in the ISVN

Daniel 4 in the JSNT

Daniel 4 in the KAPI

Daniel 4 in the KBT1ETNIK

Daniel 4 in the KBV

Daniel 4 in the KJV

Daniel 4 in the KNFD

Daniel 4 in the LBA

Daniel 4 in the LBLA

Daniel 4 in the LNT

Daniel 4 in the LSV

Daniel 4 in the MAAL

Daniel 4 in the MBV

Daniel 4 in the MBV2

Daniel 4 in the MHNT

Daniel 4 in the MKNFD

Daniel 4 in the MNG

Daniel 4 in the MNT

Daniel 4 in the MNT2

Daniel 4 in the MRS1T

Daniel 4 in the NAA

Daniel 4 in the NASB

Daniel 4 in the NBLA

Daniel 4 in the NBS

Daniel 4 in the NBVTP

Daniel 4 in the NET2

Daniel 4 in the NIV11

Daniel 4 in the NNT

Daniel 4 in the NNT2

Daniel 4 in the NNT3

Daniel 4 in the PDDPT

Daniel 4 in the PFNT

Daniel 4 in the RMNT

Daniel 4 in the SBIAS

Daniel 4 in the SBIBS

Daniel 4 in the SBIBS2

Daniel 4 in the SBICS

Daniel 4 in the SBIDS

Daniel 4 in the SBIGS

Daniel 4 in the SBIHS

Daniel 4 in the SBIIS

Daniel 4 in the SBIIS2

Daniel 4 in the SBIIS3

Daniel 4 in the SBIKS

Daniel 4 in the SBIKS2

Daniel 4 in the SBIMS

Daniel 4 in the SBIOS

Daniel 4 in the SBIPS

Daniel 4 in the SBISS

Daniel 4 in the SBITS

Daniel 4 in the SBITS2

Daniel 4 in the SBITS3

Daniel 4 in the SBITS4

Daniel 4 in the SBIUS

Daniel 4 in the SBIVS

Daniel 4 in the SBT

Daniel 4 in the SBT1E

Daniel 4 in the SCHL

Daniel 4 in the SNT

Daniel 4 in the SUSU

Daniel 4 in the SUSU2

Daniel 4 in the SYNO

Daniel 4 in the TBIAOTANT

Daniel 4 in the TBT1E

Daniel 4 in the TBT1E2

Daniel 4 in the TFTIP

Daniel 4 in the TFTU

Daniel 4 in the TGNTATF3T

Daniel 4 in the THAI

Daniel 4 in the TNFD

Daniel 4 in the TNT

Daniel 4 in the TNTIK

Daniel 4 in the TNTIL

Daniel 4 in the TNTIN

Daniel 4 in the TNTIP

Daniel 4 in the TNTIZ

Daniel 4 in the TOMA

Daniel 4 in the TTENT

Daniel 4 in the UBG

Daniel 4 in the UGV

Daniel 4 in the UGV2

Daniel 4 in the UGV3

Daniel 4 in the VBL

Daniel 4 in the VDCC

Daniel 4 in the YALU

Daniel 4 in the YAPE

Daniel 4 in the YBVTP

Daniel 4 in the ZBP