Psalms 130 (BOATCB)
undefined Ɔsorokorɔ dwom. 1 Ao AWURADE, mefiri ebunu mu resu frɛ wo; 2 Ao AWURADE tie me nne.Wɛn wʼasoma me nkotosrɛ. 3 Ao AWURADE, sɛ wobu yɛn bɔne ho nkonta a,anka hwan na ɔbɛtumi agyina ano? 4 Nanso, wowɔ bɔnefakyɛ;ɛno enti wɔsuro wo. 5 Metwɛn AWURADE, me kra twɛn,na nʼasɛm mu na mede mʼanidasoɔ ahyɛ. 6 Me kra twɛne AWURADEsene sɛdeɛ awɛmfoɔ twɛne adekyeɛ,sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twene adekyeɛ. 7 Ao Israel, ma wʼani nna AWURADE so,ɛfiri sɛ AWURADE wɔ adɔeɛ a ɛwɔ hɔ daana ɔgyeɛ amapa wɔ ne mu. 8 Ɔno ankasa bɛgye Israelafiri wɔn bɔne nyinaa mu.