Psalms 46 (BOATCB)
undefined Kora mma dwom. Wɔto no “alamot” sankuo nne so. 1 Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden,amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ hɔ ɛberɛ biara. 2 Enti sɛ asase ani dane butuna mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro, 3 sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuruna ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro. 4 Asutene bi wɔ hɔ ane nsuwansuwa de anigyeɛ ba Onyankopɔn kuropɔn mu,beaeɛ kronkron a Ɔsorosoroni no teɛ. 5 Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase;Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema. 6 Amanaman yɛ hoo, na ahennie hwehwe ase;ɔma ne nne so ma asase nane. 7 Otumfoɔ AWURADE ka yɛn ho.Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban. 8 Bra bɛhwɛ AWURADE nnwuma,ɔsɛeɛ a ɔde aba asase no so. 9 Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano.Ɔbubu agyan mu na ɔsɛe pea;ɔde ogya hye nkataboɔ. 10 Monyɛ komm na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn;wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu,wɔbɛma me so wɔ asase so. 11 Otumfoɔ AWURADE ka yɛn ho;Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.