1 Kings 6 (BOATCB2)

1 Mfe ahannan aduɔwɔtwe a wogyee Israelfo fii nkoasom mu wɔ Misraim no a na Salomo nso adi Israel so hene mfe anan no ɔsram Sif mu no, ofii ase sii AWURADE Asɔredan no. 2 Asɔredan a ɔhene Salomo si maa AWURADE no tenten mu yɛ anammɔn aduɔkron, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduanan anum. 3 Ntwironoo a ɛda asɔredan no anim no tenten yɛ anammɔn aduasa, a ɛne asɔredan no ntrɛwmu yɛ pɛ. Na ne trɛw nso yɛ anammɔn dunum. 4 Salomo yɛɛ mfɛnsere wɔ ɔfasu no soro hyiae. 5 Asɔredan no fasu no akyi no nso, wosisii adan bebree bataa ho hyiae. 6 Na ɛyɛ aban a ɛtoa so abiɛsa a ase dan no trɛw mu yɛ anammɔn ason ne fa. Aban a ɛto so abien no trɛw yɛ anammɔn akron na apampamu dan no trɛw yɛ anammɔn du ne fa. Wɔde mpuran a egugu dannua bi a ɛhyehyɛ ɔfasu no mu na aka adan no abatabata ɔfasu no ho. Enti ɛkyerɛ sɛ wɔamfa mpuran no anhyehyɛ ɔfasu no ankasa mu. 7 Na abo a wɔde sii asɔredan no nso, wosiesiee ho wɔ abopaebea hɔ nti, ɔdan no si no, obi ante asae, pɛe anaa dade biara nnyigyei wɔ ɔdansibea hɔ. 8 Na ɔkwan a wɔde kɔ ase adan no mu no da Asɔredan no anafo fam. Atrapoe kyinkyimii na wɔforo kɔ ɔdan a ɛto so abien no so na foforo nso wɔ adan a ɛto so abien ne abiɛsa no ntam. 9 Wowiee asɔredan no si no, Salomo de nnua ne sida mpuran yɛɛ ani nsamso no. 10 Sɛnea wɔaka no, na adan wowɔ ɔdan no afanan nyinaa a wɔnam sida so de abata Asɔredan no afasu no ho. Ɔdan no mu biara sorokɔ yɛ anammɔn ason. 11 Na AWURADE de saa asɛm yi brɛɛ Salomo se, 12 “Saa Asɔredan a woresi yi de, sɛ woyɛ osetie ma me mmara nyinaa ne me nhyehyɛe, na wudi me hyɛ nsɛm so a, menam wo so bedi bɔ a mehyɛɛ wʼagya Dawid no so. 13 Mɛtena Israel manfo mu, na merempa me nkurɔfo akyi da.” 14 Na Salomo wiee asɔredan no si. 15 Na emu nyinaa, efi fam kosi nsamso no, wɔde nnua na ɛkataa fasu no anim. Wɔde sida na ɛkataa ɔfasu no anim, na wɔde ɔpepaw kataa abrannaa no so. 16 Otwaa mu, nyaa kronkronbea a ɛhɔ yɛ kronkron mu kronkron wɔ asɔredan no ti mu hɔ pɛɛ. Na ɛhɔ ntwemu yɛ anammɔn aduasa a wɔde sida asam fam hɔ, de kosi ani nsɛmee no so. 17 Asɔredan no ankasa a na ɛwɔ kronkron mu kronkron no akyi no, na ne tenten mu yɛ anammɔn aduosia. 18 Wɔde sida na ɛsam abo afasu a ɛwɔ asɔredan no nyinaa so, na wosen ntoa fɛfɛ ne nhwiren de dii nsɛmee no ani adwinni. 19 Salomo siesiee kronkron mu kronkron a ɛtoa asɔredan no so; faako a wɔde AWURADE Apam Adaka no besi. 20 Saa kronkron mu kronkron no, na ne tenten mu yɛ anammɔn aduasa na ne trɛw yɛ anammɔn aduasa, na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn aduasa. Na Salomo de sikakɔkɔɔ ankasa duraa nʼafasu ne ne nsamso no ho nyinaa. Saa ara na oduraa afɔremuka a wɔde sida ayɛ no ho. 21 Afei, asɔredan no mu nkae no, ɔde sikakɔkɔɔ ankasa sam hɔ nyinaa, na ɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn de guu ɔkwan a wɔde kɔ kronkron mu kronkron hɔ, de bɔɔ hɔ ano ban. 22 Enti ɔde sikakɔkɔɔ duraa Asɔredan no ho nyinaa, kronkron mu kronkron ne afɔremuka no nyinaa ho, de wiei. 23 Kronkronbea mu hɔ, ɔde ngodua sen kerubim abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn dunum, de sisii hɔ. 24 Kerubim baako biara ntaban mu trɛw yɛ anammɔn dunum a, ntaban baako biara tenten yɛ anammɔn ason ne fa. 25 Na kerubim abien no nyinaa tebea ne wɔn kɛse yɛ pɛ 26 a ɔbaako biara sorokɔ yɛ anammɔn dunum. 27 Salomo de wɔn sisi bɛnee wɔn ho wɔn ho wɔ asɔredan kronkronbea mu hɔ. Wɔn ntaban mu trɛw no fi ɔfasu baako kɔka ɔfasu baako. Na wɔn ntaban a ɛwɔ ntam no hyia ɔdan no mfimfini. 28 Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa kerubim abien no ho. 29 Na kronkronbea mu afasu ne ɔdan mu no, odii adwinni a ɛyɛ kerubim mmedua ne nhwiren guu ho. 30 Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa adan abien no abrannaa so. 31 Ɔkwan a wɔfa so kɔ kronkronbea mu hɔ no, Salomo de ngodua yɛɛ apon abien a emu biara wɔ twɔtwɔw anum. 32 Saa apon no ho nso, na wɔadi kerubim, mmedua ne nhwiren adwinni, na ne nyinaa nso, ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. 33 Afei, ɔde ngodua yɛɛ apongua a emu biara wɔ twɔtwɔw anan a wɔfa hɔ kɔ asɔredan no mu. 34 Ɔde ɔpepaw nnua yɛɛ apon abien a wɔbobɔw, na wosii ɔpon no biara wɔ ɔkwan bi so sɛ, emu biara tumi bobɔw gu ɛno ara so. 35 Wɔde kerubim, mmedua ne nhwiren adi saa apon yi ho adwinni, na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho. 36 Wosii adiwo hɔ afasu no a sida nnua mmeaso baako wɔ abo a wɔatwa ntotoso abiɛsa biara so. 37 Wɔtoo AWURADE Asɔredan fapem no ɔsram Sif (a ɛte sɛ Kɔtɔnimma) mfimfini a saa bere no na Salomo adi hene mfe anan no. 38 Wowiee ɔdan no ho biribiara ɔsram Bul mfimfini no a na wadi hene mfe dubaako. Enti mfe ason na wɔde sii asɔredan no.

In Other Versions

1 Kings 6 in the ANGEFD

1 Kings 6 in the ANTPNG2D

1 Kings 6 in the AS21

1 Kings 6 in the BAGH

1 Kings 6 in the BBPNG

1 Kings 6 in the BBT1E

1 Kings 6 in the BDS

1 Kings 6 in the BEV

1 Kings 6 in the BHAD

1 Kings 6 in the BIB

1 Kings 6 in the BLPT

1 Kings 6 in the BNT

1 Kings 6 in the BNTABOOT

1 Kings 6 in the BNTLV

1 Kings 6 in the BOATCB

1 Kings 6 in the BOBCV

1 Kings 6 in the BOCNT

1 Kings 6 in the BOECS

1 Kings 6 in the BOGWICC

1 Kings 6 in the BOHCB

1 Kings 6 in the BOHCV

1 Kings 6 in the BOHLNT

1 Kings 6 in the BOHNTLTAL

1 Kings 6 in the BOICB

1 Kings 6 in the BOILNTAP

1 Kings 6 in the BOITCV

1 Kings 6 in the BOKCV

1 Kings 6 in the BOKCV2

1 Kings 6 in the BOKHWOG

1 Kings 6 in the BOKSSV

1 Kings 6 in the BOLCB

1 Kings 6 in the BOLCB2

1 Kings 6 in the BOMCV

1 Kings 6 in the BONAV

1 Kings 6 in the BONCB

1 Kings 6 in the BONLT

1 Kings 6 in the BONUT2

1 Kings 6 in the BOPLNT

1 Kings 6 in the BOSCB

1 Kings 6 in the BOSNC

1 Kings 6 in the BOTLNT

1 Kings 6 in the BOVCB

1 Kings 6 in the BOYCB

1 Kings 6 in the BPBB

1 Kings 6 in the BPH

1 Kings 6 in the BSB

1 Kings 6 in the CCB

1 Kings 6 in the CUV

1 Kings 6 in the CUVS

1 Kings 6 in the DBT

1 Kings 6 in the DGDNT

1 Kings 6 in the DHNT

1 Kings 6 in the DNT

1 Kings 6 in the ELBE

1 Kings 6 in the EMTV

1 Kings 6 in the ESV

1 Kings 6 in the FBV

1 Kings 6 in the FEB

1 Kings 6 in the GGMNT

1 Kings 6 in the GNT

1 Kings 6 in the HARY

1 Kings 6 in the HNT

1 Kings 6 in the IRVA

1 Kings 6 in the IRVB

1 Kings 6 in the IRVG

1 Kings 6 in the IRVH

1 Kings 6 in the IRVK

1 Kings 6 in the IRVM

1 Kings 6 in the IRVM2

1 Kings 6 in the IRVO

1 Kings 6 in the IRVP

1 Kings 6 in the IRVT

1 Kings 6 in the IRVT2

1 Kings 6 in the IRVU

1 Kings 6 in the ISVN

1 Kings 6 in the JSNT

1 Kings 6 in the KAPI

1 Kings 6 in the KBT1ETNIK

1 Kings 6 in the KBV

1 Kings 6 in the KJV

1 Kings 6 in the KNFD

1 Kings 6 in the LBA

1 Kings 6 in the LBLA

1 Kings 6 in the LNT

1 Kings 6 in the LSV

1 Kings 6 in the MAAL

1 Kings 6 in the MBV

1 Kings 6 in the MBV2

1 Kings 6 in the MHNT

1 Kings 6 in the MKNFD

1 Kings 6 in the MNG

1 Kings 6 in the MNT

1 Kings 6 in the MNT2

1 Kings 6 in the MRS1T

1 Kings 6 in the NAA

1 Kings 6 in the NASB

1 Kings 6 in the NBLA

1 Kings 6 in the NBS

1 Kings 6 in the NBVTP

1 Kings 6 in the NET2

1 Kings 6 in the NIV11

1 Kings 6 in the NNT

1 Kings 6 in the NNT2

1 Kings 6 in the NNT3

1 Kings 6 in the PDDPT

1 Kings 6 in the PFNT

1 Kings 6 in the RMNT

1 Kings 6 in the SBIAS

1 Kings 6 in the SBIBS

1 Kings 6 in the SBIBS2

1 Kings 6 in the SBICS

1 Kings 6 in the SBIDS

1 Kings 6 in the SBIGS

1 Kings 6 in the SBIHS

1 Kings 6 in the SBIIS

1 Kings 6 in the SBIIS2

1 Kings 6 in the SBIIS3

1 Kings 6 in the SBIKS

1 Kings 6 in the SBIKS2

1 Kings 6 in the SBIMS

1 Kings 6 in the SBIOS

1 Kings 6 in the SBIPS

1 Kings 6 in the SBISS

1 Kings 6 in the SBITS

1 Kings 6 in the SBITS2

1 Kings 6 in the SBITS3

1 Kings 6 in the SBITS4

1 Kings 6 in the SBIUS

1 Kings 6 in the SBIVS

1 Kings 6 in the SBT

1 Kings 6 in the SBT1E

1 Kings 6 in the SCHL

1 Kings 6 in the SNT

1 Kings 6 in the SUSU

1 Kings 6 in the SUSU2

1 Kings 6 in the SYNO

1 Kings 6 in the TBIAOTANT

1 Kings 6 in the TBT1E

1 Kings 6 in the TBT1E2

1 Kings 6 in the TFTIP

1 Kings 6 in the TFTU

1 Kings 6 in the TGNTATF3T

1 Kings 6 in the THAI

1 Kings 6 in the TNFD

1 Kings 6 in the TNT

1 Kings 6 in the TNTIK

1 Kings 6 in the TNTIL

1 Kings 6 in the TNTIN

1 Kings 6 in the TNTIP

1 Kings 6 in the TNTIZ

1 Kings 6 in the TOMA

1 Kings 6 in the TTENT

1 Kings 6 in the UBG

1 Kings 6 in the UGV

1 Kings 6 in the UGV2

1 Kings 6 in the UGV3

1 Kings 6 in the VBL

1 Kings 6 in the VDCC

1 Kings 6 in the YALU

1 Kings 6 in the YAPE

1 Kings 6 in the YBVTP

1 Kings 6 in the ZBP