1 Samuel 14 (BOATCB2)

1 Da bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberante a ɔsoa nʼakode se, “Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifo no apee so wɔ hɔ no.” Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya. 2 Saa bere no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere nsraban wɔ Gibea nkwantia wɔ atoaa dua a ɛwɔ Migron no ase. 3 (Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade sɔfo a na ɔhyɛ sirikyi asɔfotade no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nena nso. Na Eli yɛ Awurade sɔfo a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afi Israel nsraban mu hɔ. 4 Ansa na Yonatan beduu Filistifo nsraban mu no, na ɛsɛ sɛ osian fa abotan mmepɔw abien bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam. 5 Ɔbotan a etweri hɔ a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na nea ɛwɔ anafo fam no nso ɛkyerɛ Geba anim. 6 Yonatan ka kyerɛɛ aberante a ɔyɛ nʼakodekurafo no se, “Ma yentwa mu nkɔ abosonsomfo no nkyɛn. Ebia, AWURADE bɛboa yɛn, efisɛ biribiara ntumi nsiw AWURADE kwan. Obetumi adi ɔko mu nkonim a ɛmfa ho sɛ nʼakofo dɔɔso anaa wosua.” 7 Aberante no kae se, “Yɛ nea wugye di sɛ eye biara. Gyinae biara a wubesi no, metaa wʼakyi pintinn.” 8 Yonatan kae se, “Eye, yebetwa mu akɔ hɔ, na yɛama wɔahu yɛn. 9 Na sɛ wɔka se, ‘Munnyina faako a moadu hɔ ara na anyɛ saa a, yebekum mo’ a, ɛno de, yebegyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn. 10 Na sɛ wɔka se, ‘Momforo mmra mmɛko’ a, ɛno de, yɛbɛforo akɔ soro. Ɛbɛyɛ AWURADE nsɛnkyerɛnne sɛ ɔbɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.” 11 Bere a Filistifo no huu sɛ wɔreba no, wɔteɛɛ mu se, “Monhwɛ o! Hebrifo no na wɔreweawea afi wɔn abon mu no!” 12 Na wɔteɛɛ mu frɛɛ Yonatan se, “Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!” Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Bra; foro di mʼakyi na AWURADE bɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.” 13 Enti wɔde wɔn nsa abien ne wɔn anan foroe, na Yonatan ne nʼakodekurafo no kunkum Filistifo no benkum ne nifa. 14 Wokunkum mmarima bɛyɛ aduonu maa wɔn amu no dedaa asase a ne trɛw bɛyɛ sɛ eka fa so. 15 Ɛhɔ ara, ehu bɔɔ Filistifo asraafo no wɔ nsraban no mu ne akono hɔ nyinaa, na ɛkaa afowfo no mpo. Ɛhɔ ara asase wosow maa obiara koma tui. 16 Saulo awɛmfo a wɔwɔ Gibea no huu biribi a ɛyɛ wɔn nwonwa. Ɛno ara ne sɛ, Filistifo asraafo no abɔ ahwete mmaa nyinaa. 17 Afei, Saulo ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no se, “Monhwɛ asraafo no mu nhwɛ sɛ obi nni hɔ ana.” Wɔhwehwɛ huu sɛ Yonatan ne nʼakodekurafo no na na wonni hɔ. 18 Saulo ka kyerɛɛ Ahiya se, “Kɔfa Onyankopɔn Apam Adaka no bra.” (Saa bere no na ɛwɔ Israelfo nkyɛn.) 19 Bere a Saulo rekasa akyerɛ ɔsɔfo no, na basabasa a asi Filistifo nsraban no mu no ano den ara na ɛreyɛ. Enti Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfo no se, “Gyae! Ma yɛnkɔ.” 20 Afei, Saulo ne ne mmarima ahansia no kaa wɔn ho ntɛm so fii akono hɔ kohuu sɛ, Filistifo no atwa wɔn ho rekunkum wɔn ho wɔn ho. Na ɛhɔ nyinaa ayɛ kitikiti ne basabasa nko ara. 21 Mpo, Hebrifo a na wɔdɔm Filistifo asraafo no kɔdɔm Saulo, Yonatan ne Israelfo nkae no. 22 Saa ara na mmarima a na wɔakɔtetɛw wɔ mmepɔw mu no huu sɛ Filistifo no reguan no, bɛkaa ho taa wɔn bi. 23 Enti AWURADE gyee Israel da no. Na ɔko no kɔɔ so ara traa Bet-Awen. 24 Afei, saa da no na Israelfo no abrɛbrɛ, efisɛ na Saulo ama wɔaka ntam se, “Nnome mmra obiara a obedidi ansa na onwini atɔ, anaasɛ ansa matɔ mʼatamfo no so were.” Enti obiara amfa hwee anka nʼano da mu no nyinaa, 25 ɛwɔ mu, wohuu sɛ ɛwo kyɛm da fam wɔ kwae no ase. 26 Wɔamfa wɔn nsa anso ɛwo no mu mpo, efisɛ na wɔn nyinaa suro ntam a wɔaka no. 27 Nanso na Yonatan de, ɔntee nʼagya ntam no ho hwee. Ɔde abaa bi nuu ɛwo kyɛm no mu, dii ɛwo no bi. Odi wiee no, ne ho bae no. 28 Nanso mmarima no mu baako huu no, ka kyerɛɛ no se, “Wʼagya maa asraafo no kaa ntam a emu yɛ den sɛ, obiara a obedidi nnɛ no, nnome bɛba ne so. Ɛno nti, na obiara ahodwow no.” 29 Na Yonatan teɛɛ mu se, “Mʼagya de ɔhaw abɛto yɛn nyinaa so. Mmara a ɛte sɛɛ no pira yɛn. Monhwɛ sɛ ɛwo kakra a midii yi, me ho asisi me ho so. 30 Sɛ mmarima no nyaa kwan dii nnuan a wohuu wɔ yɛn atamfo no nkyɛn a, anka mo ara mubehu wɔn dodow a yebekum aka ho.” 31 Nanso ɔkɔm no nyinaa akyi, wɔtaa Filistifo no da mu no nyinaa fi Mikmas, kosii Ayalon. Na afei, wɔbrɛbrɛɛ mmoroso. 32 Anwummere no, wɔtow guu asade no so, faa nguan, anantwi ne anantwi mma. Wokunkum wɔn, wee wɔn nam ne wɔn mogya nyinaa frae. 33 Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo se, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia AWURADE, efisɛ wɔrewe nam a mogya fra mu.”Na Saulo kae se, “Ɛyɛ bɔne pa ara. Mumpirew ɔbo kɛse bi mmɛto ha. 34 Na afei monkɔ mmarima no mu nkɔka nkyerɛ wɔn se, ‘Momfa anantwi no ne nguan no mmra ha mmekum wɔn na monsɔn wɔn mogya mfi wɔn mu. Monnnwe nam a mogya da so wɔ mu mmfa so nyɛ bɔne ntia AWURADE.’ ”Enti anadwo no, asraafo no de wɔn anantwi bae, bekunkum wɔn wɔ hɔ. 35 Na Saulo sii afɔremuka wɔ hɔ, de maa AWURADE, nea edi kan a osii. 36 Na Saulo kae se, “Momma yɛnkɔ Filistifo no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkosi ahemadakye a yɛrennyaw wɔn mu baako koraa.” Na wobuae se, “Biribiara a wugye di sɛ eye no, yɛbɛyɛ.”Nanso ɔsɔfo no kae se, “Momma yenni kan mmisa AWURADE ansa.” 37 Enti Saulo bisaa AWURADE se, “Menkɔ so ntaa Filistifo no? Na wobɛboa yɛn ama yɛadi wɔn so ana?” Nanso AWURADE amma wɔn mmuae biara saa da no. 38 Enti Saulo ka kyerɛɛ ntuanofo no se, “Biribi atɔ kyima, enti mehwehwɛ mʼasahene nyinaa. Ɛsɛ sɛ yehu bɔne a yɛayɛ nnɛ. 39 Mede AWURADE a oyii Israel din ka ntam sɛ nea wayɛ bɔne no bewu, mpo sɛ ɔyɛ me babarima Yonatan!” Na mmarima no mu baako mpo antumi anka hwee. 40 Afei, Saulo ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Munnyina nohɔ; me ne me babarima Yonatan nso begyina ha.” Nnipa no penee so. 41 Enti Saulo bɔɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn, mpae se, “Ao AWURADE Israel Nyankopɔn, yɛsrɛ wo kyerɛ yɛn nea odi fɔ ne nea odi bem. Mene Yonatan di fɔ anaasɛ bɔne no wɔ nkurɔfo no mu? Mfomso no bɛtɔɔ Yonatan ne Saulo so, na nnipa no dii bem.” 42 Na Saulo kae se, “Mommɔ me ne me babarima Yonatan so ntonto.” Na ntonto no bɔɔ Yonatan sɛ odi fɔ. 43 Saulo bisaa Yonatan se, “Ka nea woayɛ kyerɛ me.”Yonatan gye too mu se, “Mede ɛwo kakra kaa mʼano. Ɛyɛ kakraa bi a na ɛwɔ abaa bi ti so. Na eyi yɛ owu asɛm?” 44 Saulo kae se, “Yiw, Yonatan, ɛsɛ sɛ wuwu. Sɛ woanwu wɔ saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na minwu.” 45 Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teɛɛ mu ka kyerɛɛ Saulo se, “Enti ɛfata sɛ Yonatan a ogyee Israel nnɛ no wu ana? Onyame mpa ngu. Bere dodow no a AWURADE te ase yi, ne tinwi baako koraa ho nka, efisɛ Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwonwade nnɛ.” Enti nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no. 46 Na Saulo frɛɛ asraafo no sɛ wɔnntaa Filistifo no bio. Enti Filistifo no san kɔɔ fie. 47 Saulo nyaa Israel ahengua no so tenae a ɔhaw biara mma no, ɔko tiaa nʼatamfo wɔ afanan nyinaa. Ɔko tiaa Moab, Amon, Edom Soba ne Filistifo ahemfo. Na baabiara a ɔkɔe no, odii nkonim. 48 Ɔkoo mmarima so, dii Amalekfo so, gyee Israelfo fii wɔn afowfo nyinaa nsam. 49 Na Saulo mmabarima ne Yonatan, Iswi ne Malki-Sua na ne mmabea baanu nso ne Merab a ɔyɛ panyin ne Mikal nso a ɔyɛ akumaa. 50 Na Saulo yere din de Ahinoam a na ɔyɛ Ahimaas ba. Na ne sahene din de Abner a na ɔyɛ Saulo agya nua Ner babarima. 51 Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ anuanom a wɔyɛ Abiel mma. 52 Bere a Saulo dii ade nyinaa, na Filistifo taa ne Israelfo di ako. Enti bere biara a Saulo behu aberante biara a ne koko yɛ duru na ɔwɔ ahoɔden no, ɔtwe no de no fra nʼasraafo mu.

In Other Versions

1 Samuel 14 in the ANGEFD

1 Samuel 14 in the ANTPNG2D

1 Samuel 14 in the AS21

1 Samuel 14 in the BAGH

1 Samuel 14 in the BBPNG

1 Samuel 14 in the BBT1E

1 Samuel 14 in the BDS

1 Samuel 14 in the BEV

1 Samuel 14 in the BHAD

1 Samuel 14 in the BIB

1 Samuel 14 in the BLPT

1 Samuel 14 in the BNT

1 Samuel 14 in the BNTABOOT

1 Samuel 14 in the BNTLV

1 Samuel 14 in the BOATCB

1 Samuel 14 in the BOBCV

1 Samuel 14 in the BOCNT

1 Samuel 14 in the BOECS

1 Samuel 14 in the BOGWICC

1 Samuel 14 in the BOHCB

1 Samuel 14 in the BOHCV

1 Samuel 14 in the BOHLNT

1 Samuel 14 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 14 in the BOICB

1 Samuel 14 in the BOILNTAP

1 Samuel 14 in the BOITCV

1 Samuel 14 in the BOKCV

1 Samuel 14 in the BOKCV2

1 Samuel 14 in the BOKHWOG

1 Samuel 14 in the BOKSSV

1 Samuel 14 in the BOLCB

1 Samuel 14 in the BOLCB2

1 Samuel 14 in the BOMCV

1 Samuel 14 in the BONAV

1 Samuel 14 in the BONCB

1 Samuel 14 in the BONLT

1 Samuel 14 in the BONUT2

1 Samuel 14 in the BOPLNT

1 Samuel 14 in the BOSCB

1 Samuel 14 in the BOSNC

1 Samuel 14 in the BOTLNT

1 Samuel 14 in the BOVCB

1 Samuel 14 in the BOYCB

1 Samuel 14 in the BPBB

1 Samuel 14 in the BPH

1 Samuel 14 in the BSB

1 Samuel 14 in the CCB

1 Samuel 14 in the CUV

1 Samuel 14 in the CUVS

1 Samuel 14 in the DBT

1 Samuel 14 in the DGDNT

1 Samuel 14 in the DHNT

1 Samuel 14 in the DNT

1 Samuel 14 in the ELBE

1 Samuel 14 in the EMTV

1 Samuel 14 in the ESV

1 Samuel 14 in the FBV

1 Samuel 14 in the FEB

1 Samuel 14 in the GGMNT

1 Samuel 14 in the GNT

1 Samuel 14 in the HARY

1 Samuel 14 in the HNT

1 Samuel 14 in the IRVA

1 Samuel 14 in the IRVB

1 Samuel 14 in the IRVG

1 Samuel 14 in the IRVH

1 Samuel 14 in the IRVK

1 Samuel 14 in the IRVM

1 Samuel 14 in the IRVM2

1 Samuel 14 in the IRVO

1 Samuel 14 in the IRVP

1 Samuel 14 in the IRVT

1 Samuel 14 in the IRVT2

1 Samuel 14 in the IRVU

1 Samuel 14 in the ISVN

1 Samuel 14 in the JSNT

1 Samuel 14 in the KAPI

1 Samuel 14 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 14 in the KBV

1 Samuel 14 in the KJV

1 Samuel 14 in the KNFD

1 Samuel 14 in the LBA

1 Samuel 14 in the LBLA

1 Samuel 14 in the LNT

1 Samuel 14 in the LSV

1 Samuel 14 in the MAAL

1 Samuel 14 in the MBV

1 Samuel 14 in the MBV2

1 Samuel 14 in the MHNT

1 Samuel 14 in the MKNFD

1 Samuel 14 in the MNG

1 Samuel 14 in the MNT

1 Samuel 14 in the MNT2

1 Samuel 14 in the MRS1T

1 Samuel 14 in the NAA

1 Samuel 14 in the NASB

1 Samuel 14 in the NBLA

1 Samuel 14 in the NBS

1 Samuel 14 in the NBVTP

1 Samuel 14 in the NET2

1 Samuel 14 in the NIV11

1 Samuel 14 in the NNT

1 Samuel 14 in the NNT2

1 Samuel 14 in the NNT3

1 Samuel 14 in the PDDPT

1 Samuel 14 in the PFNT

1 Samuel 14 in the RMNT

1 Samuel 14 in the SBIAS

1 Samuel 14 in the SBIBS

1 Samuel 14 in the SBIBS2

1 Samuel 14 in the SBICS

1 Samuel 14 in the SBIDS

1 Samuel 14 in the SBIGS

1 Samuel 14 in the SBIHS

1 Samuel 14 in the SBIIS

1 Samuel 14 in the SBIIS2

1 Samuel 14 in the SBIIS3

1 Samuel 14 in the SBIKS

1 Samuel 14 in the SBIKS2

1 Samuel 14 in the SBIMS

1 Samuel 14 in the SBIOS

1 Samuel 14 in the SBIPS

1 Samuel 14 in the SBISS

1 Samuel 14 in the SBITS

1 Samuel 14 in the SBITS2

1 Samuel 14 in the SBITS3

1 Samuel 14 in the SBITS4

1 Samuel 14 in the SBIUS

1 Samuel 14 in the SBIVS

1 Samuel 14 in the SBT

1 Samuel 14 in the SBT1E

1 Samuel 14 in the SCHL

1 Samuel 14 in the SNT

1 Samuel 14 in the SUSU

1 Samuel 14 in the SUSU2

1 Samuel 14 in the SYNO

1 Samuel 14 in the TBIAOTANT

1 Samuel 14 in the TBT1E

1 Samuel 14 in the TBT1E2

1 Samuel 14 in the TFTIP

1 Samuel 14 in the TFTU

1 Samuel 14 in the TGNTATF3T

1 Samuel 14 in the THAI

1 Samuel 14 in the TNFD

1 Samuel 14 in the TNT

1 Samuel 14 in the TNTIK

1 Samuel 14 in the TNTIL

1 Samuel 14 in the TNTIN

1 Samuel 14 in the TNTIP

1 Samuel 14 in the TNTIZ

1 Samuel 14 in the TOMA

1 Samuel 14 in the TTENT

1 Samuel 14 in the UBG

1 Samuel 14 in the UGV

1 Samuel 14 in the UGV2

1 Samuel 14 in the UGV3

1 Samuel 14 in the VBL

1 Samuel 14 in the VDCC

1 Samuel 14 in the YALU

1 Samuel 14 in the YAPE

1 Samuel 14 in the YBVTP

1 Samuel 14 in the ZBP