1 Kings 9 (BOATCB)
1 Ɛberɛ a Salomo wiee AWURADE asɔredan no ne ahemfie no sie no, ɔhunuu sɛ wayɛ deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ no nyinaa awie. 2 AWURADE daa ne ho adi kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛdeɛ na wada ne ho adi akyerɛ no wɔ Gibeon dada no. 3 AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ:“Mate wo mpaeɛbɔ ne wʼadesrɛ. Mate saa asɔredan yi a woasi no ho, sɛdeɛ wɔbɛhyɛ me din animuonyam wɔ hɔ afebɔɔ. Mɛhwɛ so na mama mʼani aku ho. 4 “Na wo, sɛ wode nokorɛ ne nyamesuro di mʼakyi, sɛdeɛ wʼagya Dawid yɛeɛ, na ɔdii me mmara ne mʼahyɛdeɛ nyinaa so no a, 5 mɛtim wʼahennie nnidisoɔ ase wɔ Israel afebɔɔ, sɛdeɛ meka kyerɛɛ wʼagya Dawid sɛ, ‘Ɛremma sɛ worennya ɔbarima bi nntena Israel ahennwa no so da no.’ 6 “Na sɛ wo anaa wo mmammarima dane firi me ho, na wɔbu me mmara ne mʼahyɛdeɛ a mede ama mo no so, na sɛ wɔfiri akyire kɔsom anyame afoforɔ sɔre wɔn a, 7 ɛnneɛ, mɛtwa Israel afiri asase a mede ama wɔn no so, na mapo saa asɔredan a mate ho wɔ me din mu no. Ɛbɛma Israel atɔ sin, na ayɛ aseredeɛ wɔ nnipa nyinaa mu. 8 Na ɛwom sɛ saa Asɔredan yi yɛ fɛ deɛ, nanso, wɔn a wɔbɛtwam wɔ ho no bɛtwiri no, adi ho abooboo, abisa sɛ, ‘Adɛn enti na AWURADE ayɛ asase yi ne Asɔredan yi saa?’ 9 Nnipa bɛbua sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔapa AWURADE, wɔn Onyankopɔn, a ɔyii wɔn agyanom firii Misraim no akyi, na wɔde wɔn ho akɔdan anyame afoforɔ a wɔresom wɔn, sɔre wɔn. Ɛno enti na AWURADE ama saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi aba wɔn so no.’ ” 10 Mfeɛ aduonu a Salomo de sii AWURADE asɔredan no ne ahemfie no akyi, 11 ɔhene Salomo de nkurotoɔ aduonu a ɛwɔ Galilea maa Tirohene Huram, ɛfiri sɛ, Huram maa no ntweneduro nnua ne pepeaa nnua ne sikakɔkɔɔ a na ɔhia. 12 Huram firii Tiro kɔhwɛɛ nkuro a Salomo de ama no no, nanso nʼani ansɔ koraa. 13 Ɔbisaa sɛ, “Me nua, na nkuro bɛn na wode ama me yi? Saa nkuro yi nni mu!” Enti, ɔfrɛɛ hɔ Kabul, “Deɛ ɛnni mu” de bɛsi ɛnnɛ. 14 Na Huram asoma ma wɔde sikakɔkɔɔ tɔno 4 akɔma Salomo. 15 Ɛkwan a ɔhene Salomo faa so tintim, hyɛɛ nnipa, ma wɔsii AWURADE asɔredan no ne nʼahemfie, Milo, Yerusalem ɔfasuo ne Hasor, Megido ne Geser nkuro no nie: 16 Misraimhene kɔtuaa Geser, gyee hɔ faeɛ. Ɔkumm Kanaanfoɔ a wɔte kuro no mu nyinaa, hyee hɔ pasaa. Ɔde kuropɔn no maa ne babaa no sɛ akyɛdeɛ ɛberɛ a ɔwaree Salomo no. 17 Enti, Salomo sane kyekyeree Geser kuropɔn no. Afei, ɔsane kyekyeree nkuro a ɛwɔ Bet-Horon anafoɔ, 18 Baalat ne Tamar wɔ ɛserɛ so, nʼasase so. 19 Ɔkyekyeree nkuro a na wɔkora nnuane wɔ hɔ, kyekyeree nkuropɔn nso a na wɔkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree Yerusalem ne Lebanon ne nʼahemman nyinaa, sɛdeɛ nʼakoma pɛ. 20 Na nnipa bi da so te asase no so a wɔnyɛ Israelfoɔ. Wɔne Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. 21 Yeinom ne aman a na Israel nwiee wɔn asetɔre korakora no asefoɔ. Enti, Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ nʼadwumayɛfoɔ, na wɔda so yɛ de bɛsi ɛnnɛ. 22 Nanso, Salomo anhyɛ Israelfoɔ amma wɔanyɛ ɔhyɛ nnwuma. Mmom, ɔmaa wɔyɛɛ asraafoɔ, aban adwumayɛfoɔ. Ɔmaa ebinom yɛɛ nʼakodɔm, ne nteaseɛnam ne ne nteaseɛnamkafoɔ so asahene. 23 Afei, ɔyii wɔn mu ahanum ne aduonum maa wɔhwɛɛ ne nkɔso nnwuma ahodoɔ so. 24 Ɛberɛ a Salomo yii ne yere a ɛyɛ Farao babaa no firii Dawid kuro no mu, de no kɔɔ ahemfie foforɔ a wasi ama no no mu no, ɔsii Milo. 25 Afe biara mu, na Salomo bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ma AWURADE wɔ afɔrebukyia a ɔsiiɛ no so mprɛnsa. Na ɔhye aduhwam nso ma AWURADE. Enti, ɔde wiee asɔredan no si. 26 Akyire no, ɔhene Salomo yɛɛ ɛpo so ahyɛn wɔ Esion-Geber, hyɛngyinabea a ɛbɛn Elot a ɛwɔ Edom asase so hɔ a ɛwɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mpoano. 27 Na Huram maa nʼahyɛn mu adwumayɛfoɔ a wɔnim hyɛn mu adwuma yie no, ne Salomo nkurɔfoɔ de ahyɛn no yɛɛ adwuma. 28 Wɔyɛɛ adwuma kɔɔ Ofir, na wɔsane de sikakɔkɔɔ tɔno 16 brɛɛ Salomo.
In Other Versions
1 Kings 9 in the ANGEFD
1 Kings 9 in the ANTPNG2D
1 Kings 9 in the AS21
1 Kings 9 in the BAGH
1 Kings 9 in the BBPNG
1 Kings 9 in the BBT1E
1 Kings 9 in the BDS
1 Kings 9 in the BEV
1 Kings 9 in the BHAD
1 Kings 9 in the BIB
1 Kings 9 in the BLPT
1 Kings 9 in the BNT
1 Kings 9 in the BNTABOOT
1 Kings 9 in the BNTLV
1 Kings 9 in the BOATCB2
1 Kings 9 in the BOBCV
1 Kings 9 in the BOCNT
1 Kings 9 in the BOECS
1 Kings 9 in the BOGWICC
1 Kings 9 in the BOHCB
1 Kings 9 in the BOHCV
1 Kings 9 in the BOHLNT
1 Kings 9 in the BOHNTLTAL
1 Kings 9 in the BOICB
1 Kings 9 in the BOILNTAP
1 Kings 9 in the BOITCV
1 Kings 9 in the BOKCV
1 Kings 9 in the BOKCV2
1 Kings 9 in the BOKHWOG
1 Kings 9 in the BOKSSV
1 Kings 9 in the BOLCB
1 Kings 9 in the BOLCB2
1 Kings 9 in the BOMCV
1 Kings 9 in the BONAV
1 Kings 9 in the BONCB
1 Kings 9 in the BONLT
1 Kings 9 in the BONUT2
1 Kings 9 in the BOPLNT
1 Kings 9 in the BOSCB
1 Kings 9 in the BOSNC
1 Kings 9 in the BOTLNT
1 Kings 9 in the BOVCB
1 Kings 9 in the BOYCB
1 Kings 9 in the BPBB
1 Kings 9 in the BPH
1 Kings 9 in the BSB
1 Kings 9 in the CCB
1 Kings 9 in the CUV
1 Kings 9 in the CUVS
1 Kings 9 in the DBT
1 Kings 9 in the DGDNT
1 Kings 9 in the DHNT
1 Kings 9 in the DNT
1 Kings 9 in the ELBE
1 Kings 9 in the EMTV
1 Kings 9 in the ESV
1 Kings 9 in the FBV
1 Kings 9 in the FEB
1 Kings 9 in the GGMNT
1 Kings 9 in the GNT
1 Kings 9 in the HARY
1 Kings 9 in the HNT
1 Kings 9 in the IRVA
1 Kings 9 in the IRVB
1 Kings 9 in the IRVG
1 Kings 9 in the IRVH
1 Kings 9 in the IRVK
1 Kings 9 in the IRVM
1 Kings 9 in the IRVM2
1 Kings 9 in the IRVO
1 Kings 9 in the IRVP
1 Kings 9 in the IRVT
1 Kings 9 in the IRVT2
1 Kings 9 in the IRVU
1 Kings 9 in the ISVN
1 Kings 9 in the JSNT
1 Kings 9 in the KAPI
1 Kings 9 in the KBT1ETNIK
1 Kings 9 in the KBV
1 Kings 9 in the KJV
1 Kings 9 in the KNFD
1 Kings 9 in the LBA
1 Kings 9 in the LBLA
1 Kings 9 in the LNT
1 Kings 9 in the LSV
1 Kings 9 in the MAAL
1 Kings 9 in the MBV
1 Kings 9 in the MBV2
1 Kings 9 in the MHNT
1 Kings 9 in the MKNFD
1 Kings 9 in the MNG
1 Kings 9 in the MNT
1 Kings 9 in the MNT2
1 Kings 9 in the MRS1T
1 Kings 9 in the NAA
1 Kings 9 in the NASB
1 Kings 9 in the NBLA
1 Kings 9 in the NBS
1 Kings 9 in the NBVTP
1 Kings 9 in the NET2
1 Kings 9 in the NIV11
1 Kings 9 in the NNT
1 Kings 9 in the NNT2
1 Kings 9 in the NNT3
1 Kings 9 in the PDDPT
1 Kings 9 in the PFNT
1 Kings 9 in the RMNT
1 Kings 9 in the SBIAS
1 Kings 9 in the SBIBS
1 Kings 9 in the SBIBS2
1 Kings 9 in the SBICS
1 Kings 9 in the SBIDS
1 Kings 9 in the SBIGS
1 Kings 9 in the SBIHS
1 Kings 9 in the SBIIS
1 Kings 9 in the SBIIS2
1 Kings 9 in the SBIIS3
1 Kings 9 in the SBIKS
1 Kings 9 in the SBIKS2
1 Kings 9 in the SBIMS
1 Kings 9 in the SBIOS
1 Kings 9 in the SBIPS
1 Kings 9 in the SBISS
1 Kings 9 in the SBITS
1 Kings 9 in the SBITS2
1 Kings 9 in the SBITS3
1 Kings 9 in the SBITS4
1 Kings 9 in the SBIUS
1 Kings 9 in the SBIVS
1 Kings 9 in the SBT
1 Kings 9 in the SBT1E
1 Kings 9 in the SCHL
1 Kings 9 in the SNT
1 Kings 9 in the SUSU
1 Kings 9 in the SUSU2
1 Kings 9 in the SYNO
1 Kings 9 in the TBIAOTANT
1 Kings 9 in the TBT1E
1 Kings 9 in the TBT1E2
1 Kings 9 in the TFTIP
1 Kings 9 in the TFTU
1 Kings 9 in the TGNTATF3T
1 Kings 9 in the THAI
1 Kings 9 in the TNFD
1 Kings 9 in the TNT
1 Kings 9 in the TNTIK
1 Kings 9 in the TNTIL
1 Kings 9 in the TNTIN
1 Kings 9 in the TNTIP
1 Kings 9 in the TNTIZ
1 Kings 9 in the TOMA
1 Kings 9 in the TTENT
1 Kings 9 in the UBG
1 Kings 9 in the UGV
1 Kings 9 in the UGV2
1 Kings 9 in the UGV3
1 Kings 9 in the VBL
1 Kings 9 in the VDCC
1 Kings 9 in the YALU
1 Kings 9 in the YAPE
1 Kings 9 in the YBVTP
1 Kings 9 in the ZBP