Deuteronomy 2 (BOATCB)

1 Afei, yɛsane yɛn akyi de yɛn ani kyerɛɛ ɛserɛ so wɔ baabi a Ɛpo Kɔkɔɔ no da hɔ sɛdeɛ AWURADE kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Yɛnantenante faa Seir bepɔ ho nna bebree. 2 Akyire no, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ, 3 “Moatwa afa saa bepɔ yi ho akyɛre yie enti monnane mo ani nkyerɛ atifi fam. 4 Hyɛ ɔman no sɛ, ‘Mobɛfa mo nuanom Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no asase so. Edomfoɔ no bɛsuro mo, nanso monhwɛ yie. 5 Monnhyɛ wɔn abufuo a ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo; mpo, baabi a mode mo nan bɛtia, ɛfiri sɛ, mede Seir bepɔ kuro ama Esau sɛ nʼatenaeɛ. 6 Aduane biara a mobɛdi ne nsuo biara a mobɛnom no, montua wɔn ho ka.’ ” 7 AWURADE ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa. Wahwɛ mo so wɔ mo akwantuo wɔ ɛserɛ kakraa yi nyinaa so. Saa mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, AWURADE aka mo ho na hwee ho anhia mo. 8 Yɛtwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no ho. Yɛfaa Araba subɔnhwa ɛkwan no a ɛfiri Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab ɛserɛ so ɛkwan no so. 9 AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ, “Monnha Moabfoɔ no anaa monnteetee wɔn sɛdeɛ ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo. Ɛfiri sɛ, mede Ar ama Lot asefoɔ sɛ agyapadeɛ.” 10 Kane no na Emifoɔ na wɔte hɔ. Na wɔsoso na wɔdɔɔso a wɔwoware te sɛ Anakfoɔ no. 11 Wɔn nso, na wɔyɛ abrane sɛ Anakfoɔ no ara pɛ, a na wɔfrɛ wɔn Refaimfoɔ, nanso Moabfoɔ deɛ, na wɔfrɛ wɔn Emifoɔ. 12 Kane no na Horifoɔ na wɔte Seir, nanso Esau asefoɔ tuu wɔn firii hɔ. Wɔsɛee Horifoɔ no tenaa wɔn ananmu sɛdeɛ Israel yɛɛ wɔ asase a AWURADE de maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ no so no pɛpɛɛpɛ. 13 AWURADE kaa sɛ, “Afei, sɔre na kɔtwa asuwa Sered no.” Na yɛkɔtwaa asuwa Sered. 14 Na nna dodoɔ a yɛde nante firi Kades-Barnea bɛsii sɛ yɛtwaa asuwa Sered no yɛ mfirinhyia aduasa nwɔtwe. Saa ɛberɛ no, na mmarima a wɔanyinyini yie a wɔbɛtumi akɔ ɔko no nyinaa awuwu wɔ ɛserɛ no so sɛdeɛ Awurade kaeɛ no. 15 Na AWURADE nsa tiaa wɔn ara kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛwuwuu wɔ wɔn atenaeɛ hɔ. 16 Akofoɔ no nyinaa wuwu firii nnipa no mu pɛ, 17 AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ, 18 “Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ wofa Ar kɔsi Moab mantam mu. 19 Na sɛ woduru Amonfoɔ mu a, nha wɔn anaa nhyɛ wɔn ahometeɛ a ɛde wɔn bɛkɔ ɔko mu, ɛfiri sɛ, meremma mo Amorifoɔ nsase no bi. Mede ama Lot asefoɔ sɛ agyapadeɛ.” 20 Saa beaeɛ hɔ na abrane akɛseɛ a na Amonfoɔ frɛ wɔn Samsumin no na wɔte kane no. 21 Na wɔyɛ nnipa ahoɔdenfoɔ a wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfoɔ no. Na AWURADE sɛee Samsumifoɔ no wɔ Amonfoɔ anim ma wɔtuu wɔn tenaa wɔn anan mu. 22 Saa ara na AWURADE sɛee Horifoɔ wɔ Esau asefoɔ a na wɔte Seir no anim ma wɔtuu wɔn, tenaa wɔn anan mu de bɛsi ɛnnɛ yi. 23 Na Awifoɔ nso a wɔtenaa nkuraa nkuraa hwete kɔduruu Gasa no nso, Kaftorfoɔ a wɔfiri Kaftor bɛsɛee wɔn, tenaa wɔn anan mu. 24 “Sɔre kɔtwa Arnon subonhwa. Mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne nʼasase ahyɛ wo nsa. Kɔto hyɛ ne so, na monko, na fa nʼasase no. 25 Ɛfiri ɛnnɛ yi ara, mede mo ho suro ne hu bɛhyɛ aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa mu. Wɔbɛte mo ho nsɛm na wɔn ho bɛpopo na mo enti, wɔanya adwenemhaw.” 26 Metuu abɔfoɔ firii Kedemot ɛserɛ so kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn asomdwoeɛ so kɔka kyerɛɛ no sɛ, 27 “Ma yɛntwam wʼasase so ha. Yɛbɛfa ɛkwan tempɔn mu a yɛremmane mfa benkum anaa nifa so baabiara. 28 Tɔn aduane ma yɛnni na tɔn nsuo nso ma yɛnnom. Deɛ yɛrehwehwɛ ara ne ɛkwan a wobɛma yɛn ama yɛatwam wɔ wʼasase so, 29 sɛdeɛ Esau asefoɔ a na wɔte Seir ne Moabfoɔ a na wɔte Ar yɛɛ yɛn no. Ma yɛntwam nkɔsi sɛ yɛbɛtwam Yordan akɔsi asase a AWURADE de ama yɛn no so.” 30 Nanso, Hesbonhene Sihon amma yɛamfa nʼasase so antwam. Ɛfiri sɛ, AWURADE yɛɛ ne honhom sisirii, pirim nʼakoma sɛdeɛ ɔnam so de no bɛhyɛ wo nsam nam so adi wɔn so nkonim sɛdeɛ wayɛ no ɛnnɛ yi. 31 AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ, “Mafiti aseɛ de Sihon ne ne ɔman ahyɛ wo nsam. Afei, fiti aseɛ na di wɔn so, na fa nʼasase no.” 32 Ɛberɛ a Sihon ne ne dɔm bɛhyiaa yɛn ɔko so wɔ Yahas no, 33 AWURADE de no maa yɛn ma yɛdii ɔno, ne ne manfoɔ nyinaa so. 34 Na yɛfaa ne nkuro nyinaa saa ɛberɛ no sɛee ne mmarima, mmaa ne mmɔfra a wɔwɔ kuropɔn biara mu a yɛannya obiara, 35 gye afieboa nko na yɛfomm wɔn faeɛ, ɛnna nkuro a yɛfaeɛ no mu asadeɛ. 36 Ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subɔnhwa ano ne kuro a ɛda subɔnhwa no mu no so de kɔsi Gilead no, kuro biara nni hɔ a na ɛsodie yɛ den ma yɛn; AWURADE de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. 37 Nanso, yɛammɛn Amorifoɔ a na wɔwɔ Asubɔnten Yabok ho ne mmepɔ no so nkuro no baabiara a AWURADE yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnnkɔ no.

In Other Versions

Deuteronomy 2 in the ANGEFD

Deuteronomy 2 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 2 in the AS21

Deuteronomy 2 in the BAGH

Deuteronomy 2 in the BBPNG

Deuteronomy 2 in the BBT1E

Deuteronomy 2 in the BDS

Deuteronomy 2 in the BEV

Deuteronomy 2 in the BHAD

Deuteronomy 2 in the BIB

Deuteronomy 2 in the BLPT

Deuteronomy 2 in the BNT

Deuteronomy 2 in the BNTABOOT

Deuteronomy 2 in the BNTLV

Deuteronomy 2 in the BOATCB2

Deuteronomy 2 in the BOBCV

Deuteronomy 2 in the BOCNT

Deuteronomy 2 in the BOECS

Deuteronomy 2 in the BOGWICC

Deuteronomy 2 in the BOHCB

Deuteronomy 2 in the BOHCV

Deuteronomy 2 in the BOHLNT

Deuteronomy 2 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 2 in the BOICB

Deuteronomy 2 in the BOILNTAP

Deuteronomy 2 in the BOITCV

Deuteronomy 2 in the BOKCV

Deuteronomy 2 in the BOKCV2

Deuteronomy 2 in the BOKHWOG

Deuteronomy 2 in the BOKSSV

Deuteronomy 2 in the BOLCB

Deuteronomy 2 in the BOLCB2

Deuteronomy 2 in the BOMCV

Deuteronomy 2 in the BONAV

Deuteronomy 2 in the BONCB

Deuteronomy 2 in the BONLT

Deuteronomy 2 in the BONUT2

Deuteronomy 2 in the BOPLNT

Deuteronomy 2 in the BOSCB

Deuteronomy 2 in the BOSNC

Deuteronomy 2 in the BOTLNT

Deuteronomy 2 in the BOVCB

Deuteronomy 2 in the BOYCB

Deuteronomy 2 in the BPBB

Deuteronomy 2 in the BPH

Deuteronomy 2 in the BSB

Deuteronomy 2 in the CCB

Deuteronomy 2 in the CUV

Deuteronomy 2 in the CUVS

Deuteronomy 2 in the DBT

Deuteronomy 2 in the DGDNT

Deuteronomy 2 in the DHNT

Deuteronomy 2 in the DNT

Deuteronomy 2 in the ELBE

Deuteronomy 2 in the EMTV

Deuteronomy 2 in the ESV

Deuteronomy 2 in the FBV

Deuteronomy 2 in the FEB

Deuteronomy 2 in the GGMNT

Deuteronomy 2 in the GNT

Deuteronomy 2 in the HARY

Deuteronomy 2 in the HNT

Deuteronomy 2 in the IRVA

Deuteronomy 2 in the IRVB

Deuteronomy 2 in the IRVG

Deuteronomy 2 in the IRVH

Deuteronomy 2 in the IRVK

Deuteronomy 2 in the IRVM

Deuteronomy 2 in the IRVM2

Deuteronomy 2 in the IRVO

Deuteronomy 2 in the IRVP

Deuteronomy 2 in the IRVT

Deuteronomy 2 in the IRVT2

Deuteronomy 2 in the IRVU

Deuteronomy 2 in the ISVN

Deuteronomy 2 in the JSNT

Deuteronomy 2 in the KAPI

Deuteronomy 2 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 2 in the KBV

Deuteronomy 2 in the KJV

Deuteronomy 2 in the KNFD

Deuteronomy 2 in the LBA

Deuteronomy 2 in the LBLA

Deuteronomy 2 in the LNT

Deuteronomy 2 in the LSV

Deuteronomy 2 in the MAAL

Deuteronomy 2 in the MBV

Deuteronomy 2 in the MBV2

Deuteronomy 2 in the MHNT

Deuteronomy 2 in the MKNFD

Deuteronomy 2 in the MNG

Deuteronomy 2 in the MNT

Deuteronomy 2 in the MNT2

Deuteronomy 2 in the MRS1T

Deuteronomy 2 in the NAA

Deuteronomy 2 in the NASB

Deuteronomy 2 in the NBLA

Deuteronomy 2 in the NBS

Deuteronomy 2 in the NBVTP

Deuteronomy 2 in the NET2

Deuteronomy 2 in the NIV11

Deuteronomy 2 in the NNT

Deuteronomy 2 in the NNT2

Deuteronomy 2 in the NNT3

Deuteronomy 2 in the PDDPT

Deuteronomy 2 in the PFNT

Deuteronomy 2 in the RMNT

Deuteronomy 2 in the SBIAS

Deuteronomy 2 in the SBIBS

Deuteronomy 2 in the SBIBS2

Deuteronomy 2 in the SBICS

Deuteronomy 2 in the SBIDS

Deuteronomy 2 in the SBIGS

Deuteronomy 2 in the SBIHS

Deuteronomy 2 in the SBIIS

Deuteronomy 2 in the SBIIS2

Deuteronomy 2 in the SBIIS3

Deuteronomy 2 in the SBIKS

Deuteronomy 2 in the SBIKS2

Deuteronomy 2 in the SBIMS

Deuteronomy 2 in the SBIOS

Deuteronomy 2 in the SBIPS

Deuteronomy 2 in the SBISS

Deuteronomy 2 in the SBITS

Deuteronomy 2 in the SBITS2

Deuteronomy 2 in the SBITS3

Deuteronomy 2 in the SBITS4

Deuteronomy 2 in the SBIUS

Deuteronomy 2 in the SBIVS

Deuteronomy 2 in the SBT

Deuteronomy 2 in the SBT1E

Deuteronomy 2 in the SCHL

Deuteronomy 2 in the SNT

Deuteronomy 2 in the SUSU

Deuteronomy 2 in the SUSU2

Deuteronomy 2 in the SYNO

Deuteronomy 2 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 2 in the TBT1E

Deuteronomy 2 in the TBT1E2

Deuteronomy 2 in the TFTIP

Deuteronomy 2 in the TFTU

Deuteronomy 2 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 2 in the THAI

Deuteronomy 2 in the TNFD

Deuteronomy 2 in the TNT

Deuteronomy 2 in the TNTIK

Deuteronomy 2 in the TNTIL

Deuteronomy 2 in the TNTIN

Deuteronomy 2 in the TNTIP

Deuteronomy 2 in the TNTIZ

Deuteronomy 2 in the TOMA

Deuteronomy 2 in the TTENT

Deuteronomy 2 in the UBG

Deuteronomy 2 in the UGV

Deuteronomy 2 in the UGV2

Deuteronomy 2 in the UGV3

Deuteronomy 2 in the VBL

Deuteronomy 2 in the VDCC

Deuteronomy 2 in the YALU

Deuteronomy 2 in the YAPE

Deuteronomy 2 in the YBVTP

Deuteronomy 2 in the ZBP