Genesis 27 (BOATCB)

1 Isak bɔɔ akɔkoraa a nʼani so ayɛ no wisiwisi na ɔnhunu adeɛ papa no, ɛda koro bi, ɔfrɛɛ ne babarima panin Esau. “Me ba.”Ɛnna Esau gyee so sɛ, “Agya, menie.” 2 Isak kaa sɛ, “Seesei mabɔ akɔkoraa, na mennim ɛda a mɛwu. 3 Fa wʼagyan ne wo bɛmma, na kɔ wiram kɔpɛ hanam bi brɛ me. 4 Fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo ansa na mawu.” 5 Ɛberɛ a Isak ne ne ba Esau rekasa no, na Rebeka retie. Enti, ɛberɛ a Esau kɔɔ sɛ ɔrekɔkum ɛnam no aba pɛ, ɛnna 6 Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ, “Yakob tie! Metee sɛ wʼagya reka akyerɛ wo nua Esau sɛ, 7 ‘Kɔpɛ hanam bi fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo wɔ AWURADE anim, ansa na mawu.’ 8 Afei, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie, na di so. 9 Kɔ nnwankuo no mu, na kɔkyere nnwan mmienu a wɔadɔre sradeɛ brɛ me, na memfa nnoa akɔnnɔduane, sɛdeɛ wʼagya pɛ no pɛpɛɛpɛ mma no. 10 Sɛ menoa wie a, fa kɔma no, na ɔnni, na ɔnhyira wo ansa na wawu.” 11 Yakob ka kyerɛɛ ne maame Rebeka sɛ, “Wonim sɛ me nua Esau ho wɔ nwi, na me nso, me ho yɛ toromtorom. 12 Sɛ ɛba sɛ mʼagya de ne nsa fa me ho, na ɔhunu sɛ ɛnyɛ Esau a, ɛbɛyɛ sɛ gyama meredaadaa no, na wadome me mmom, sene sɛ anka ɔbɛhyira me.” 13 Yakob maame ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, ma nnome no mmra me so. Wo deɛ, yɛ deɛ maka akyerɛ wo no ara. Kɔ na kɔkyere nnwan no brɛ me.” 14 Enti, Yakob tiee ne maame Rebeka asɛm, kɔkyeree nnwan no brɛɛ no. Na ɔkumm wɔn, de noaa akɔnnɔduane bi, sɛdeɛ Isak pɛ no pɛpɛɛpɛ. 15 Ɛno akyiri no, Rebeka faa ne ba panin Esau atadeɛ papa bi a ɛwɔ fie hɔ de maa ne ba Yakob hyɛeɛ. 16 Afei, ɔde nnwan a wɔkumm wɔn no nwoma yɛɛ ahyɛnsa, kataa Yakob nsa ho. Ɔde bi kataa ne kɔn ho nyinaa. 17 Ɔde burodo a wato no foforɔ kaa akɔnnɔduane a wanoa no ho, de maa ne ba Yakob. 18 Yakob de aduane no kɔmaa nʼagya Isak wɔ ne dan mu. Ɔduruu hɔ no, ɔkaa sɛ, “Agya!”Isak buaa sɛ, “Mewɔ hɔ na wo hwan a?” 19 Yakob ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ deɛ woka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduane no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na sɛ wodidi wie a, woahyira me.” 20 Isak bisaa ne ba no sɛ, “Ɛyɛɛ sɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?”Yakob buaa sɛ, “AWURADE, wo Onyankopɔn no, na ɔgyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm.” 21 Afei, Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba, twe bɛn me, na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ, wo ne me ba Esau no ampa anaa.” 22 Yakob twe bɛn nʼagya Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho kaa sɛ, “Nne yi yɛ Yakob nne, nanso nsa yi yɛ Esau deɛ.” 23 Isak anhunu sɛ ɛyɛ Yakob, ɛfiri sɛ, na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau pɛpɛɛpɛ. Enti, ɔhyiraa no. 24 Isak sane bisaa Yakob sɛ, “Enti, ampa ara sɛ wo ne me ba Esau no?”Yakob buaa sɛ, “Aane, me ne Esau.” 25 Afei, Isak kaa sɛ, “Me ba, fa wʼaduane no brɛ me na menni, na medi wie a, mahyira wo.”Yakob de aduane no brɛɛ nʼagya Isak, na ɔdiiɛ; ɔsane de nsã brɛɛ no ma ɔnomeeɛ. 26 Isak wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba, bra bɛfe mʼano!” 27 Enti, Yakob kɔɔ nʼagya Isak nkyɛn kɔfee nʼano. Ɛberɛ a Isak huaa Yakob atadeɛ mu, na ɔgye too mu sɛ, ɛyɛ ne ba Esau no, ɔhyiraa no sɛ,“Ampa ara! Me ba ho hwa te sɛehwa a ɛfiri afuoa AWURADE ahyira so no mu. 28 Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo ne asase mu sradeɛ,na afuom aduane ne nsã mmu wo so. 29 Amanaman bɛsom wo,na nnipa nyinaa abu wo nkotodwe.Wobɛdi wo nuanom so, na wo maame mma nso akoto wo.Wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo nyinaa,na wɔn a wɔhyira wo nyinaa nso,wɔbɛhyira wɔn.” 30 Isak hyiraa Yakob wieeɛ, na ɔfirii nʼagya nkyɛn kɔeɛ ara pɛ, na ne nua Esau firi nʼahayɔ baeɛ. 31 Ɔno nso noaa akɔnnɔduane brɛɛ nʼagya. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Agya, sɔre na di me hanamduane no, na hyira me.” 32 Nʼagya Isak bisaa no sɛ, “Na hwan nie?”Esau buaa sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau.” 33 Isak tee saa asɛm yi pɛ, ne ho hyɛɛ aseɛ wosoo biribiribiri, na ɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na hwan na ɔkɔɔ ahayɔ kɔkumm ɛnam de noaa aduane brɛɛ me yi. Medidi wieeɛ hyiraa onipa ko no pɛ na wobaeɛ yi? Nokorɛ mu ni, nhyira a mahyira no no, sɛ mesane mʼano a, ɛrenyɛ yie!” 34 Ɛberɛ a Esau tee asɛm a nʼagya kaeɛ no, ɔno nso de awerɛhoɔ teaam dendeenden, ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!” 35 Nanso, Isak kaa sɛ, “Ɛnneɛ, na wo nua na ɔde nnaadaa abɛgye wo nhyira kɔ!” 36 Esau kaa sɛ, “Ɛnyɛ nwanwa sɛ wɔfrɛ no Yakob a aseɛ kyerɛ nantitwitwafoɔ. Yei ne ne mprenu so a wadaadaa me. Deɛ ɛdi ɛkan ne sɛ, ɔdaadaa me gyee me panin. Deɛ ɛtɔ so mmienu nso ne sɛ, ɔde nnaadaa agye me nhyira!” Afei, Esau bisaa nʼagya sɛ, “Enti, woannya me nhyira no bi a wode bɛhyira me nso?” 37 Isak buaa Esau sɛ, “Manya de no ayɛ wo wura dada. Mede ne nuanom nyinaa ayɛ ne nkoa. Mahyira no sɛ, ɔbɛnya afuom nnuane ne nsã foforɔ bebree. Na afei, ɛdeɛn bio na aka a mɛtumi ayɛ ama wo, me ba?” 38 Esau bisaa nʼagya sɛ, “Agya, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Ao, agya, hyira me nso bi!” 39 Afei, nʼagya Isak buaa no sɛ,“Tie! Asase kesee so na wobɛtena,na ɛsoro bosuo rentɔ wɔ so. 40 Wode wo akofena na ɛbɛtena ase,na woasom wo nua kumaa.Nanso, daakye bi,sɛ wokentene wo ho a,wobɛfiri wo nua no som ase.” 41 Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyeeɛ no enti, Esau tanee Yakob. Esau kaa wɔ ne tirim sɛ, “Ɛrenkyɛre, na mʼagya Isak awu. Sɛ ɔnya wu a, mɛkum me nua Yakob.” 42 Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn maame Rebeka amanneɛ. Enti, Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ ɔnya wo a, ɔbɛkum wo ansa na ne bo atɔ ne yam. 43 Enti, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie. Dwane ntɛm kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran. 44 Tena ne nkyɛn kakra wɔ hɔ, kɔsi sɛ, wo nua Esau bo bɛdwo. 45 Sɛ wo nua akoma tɔ ne yam, na ne werɛ firi deɛ woyɛɛ no, na ɔgyaa mu ma ɛka a, mɛsoma abɛka akyerɛ wo, na woafiri Haran aba. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ metena hɔ hwɛ, na me mma baanu bom wu ɛda koro?” 46 Enti, Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Saa Hetifoɔ mmabaawa yi koraa ama asetena afono me. Sɛ ɛkɔba sɛ Yakob nso kɔware Hetifoɔ asase so mmabaawa yi bi a, mmaa te sɛ yeinom bi a, ɛnneɛ, na mewuiɛ koraa a, anka ɛyɛ.”

In Other Versions

Genesis 27 in the ANGEFD

Genesis 27 in the ANTPNG2D

Genesis 27 in the AS21

Genesis 27 in the BAGH

Genesis 27 in the BBPNG

Genesis 27 in the BBT1E

Genesis 27 in the BDS

Genesis 27 in the BEV

Genesis 27 in the BHAD

Genesis 27 in the BIB

Genesis 27 in the BLPT

Genesis 27 in the BNT

Genesis 27 in the BNTABOOT

Genesis 27 in the BNTLV

Genesis 27 in the BOATCB2

Genesis 27 in the BOBCV

Genesis 27 in the BOCNT

Genesis 27 in the BOECS

Genesis 27 in the BOGWICC

Genesis 27 in the BOHCB

Genesis 27 in the BOHCV

Genesis 27 in the BOHLNT

Genesis 27 in the BOHNTLTAL

Genesis 27 in the BOICB

Genesis 27 in the BOILNTAP

Genesis 27 in the BOITCV

Genesis 27 in the BOKCV

Genesis 27 in the BOKCV2

Genesis 27 in the BOKHWOG

Genesis 27 in the BOKSSV

Genesis 27 in the BOLCB

Genesis 27 in the BOLCB2

Genesis 27 in the BOMCV

Genesis 27 in the BONAV

Genesis 27 in the BONCB

Genesis 27 in the BONLT

Genesis 27 in the BONUT2

Genesis 27 in the BOPLNT

Genesis 27 in the BOSCB

Genesis 27 in the BOSNC

Genesis 27 in the BOTLNT

Genesis 27 in the BOVCB

Genesis 27 in the BOYCB

Genesis 27 in the BPBB

Genesis 27 in the BPH

Genesis 27 in the BSB

Genesis 27 in the CCB

Genesis 27 in the CUV

Genesis 27 in the CUVS

Genesis 27 in the DBT

Genesis 27 in the DGDNT

Genesis 27 in the DHNT

Genesis 27 in the DNT

Genesis 27 in the ELBE

Genesis 27 in the EMTV

Genesis 27 in the ESV

Genesis 27 in the FBV

Genesis 27 in the FEB

Genesis 27 in the GGMNT

Genesis 27 in the GNT

Genesis 27 in the HARY

Genesis 27 in the HNT

Genesis 27 in the IRVA

Genesis 27 in the IRVB

Genesis 27 in the IRVG

Genesis 27 in the IRVH

Genesis 27 in the IRVK

Genesis 27 in the IRVM

Genesis 27 in the IRVM2

Genesis 27 in the IRVO

Genesis 27 in the IRVP

Genesis 27 in the IRVT

Genesis 27 in the IRVT2

Genesis 27 in the IRVU

Genesis 27 in the ISVN

Genesis 27 in the JSNT

Genesis 27 in the KAPI

Genesis 27 in the KBT1ETNIK

Genesis 27 in the KBV

Genesis 27 in the KJV

Genesis 27 in the KNFD

Genesis 27 in the LBA

Genesis 27 in the LBLA

Genesis 27 in the LNT

Genesis 27 in the LSV

Genesis 27 in the MAAL

Genesis 27 in the MBV

Genesis 27 in the MBV2

Genesis 27 in the MHNT

Genesis 27 in the MKNFD

Genesis 27 in the MNG

Genesis 27 in the MNT

Genesis 27 in the MNT2

Genesis 27 in the MRS1T

Genesis 27 in the NAA

Genesis 27 in the NASB

Genesis 27 in the NBLA

Genesis 27 in the NBS

Genesis 27 in the NBVTP

Genesis 27 in the NET2

Genesis 27 in the NIV11

Genesis 27 in the NNT

Genesis 27 in the NNT2

Genesis 27 in the NNT3

Genesis 27 in the PDDPT

Genesis 27 in the PFNT

Genesis 27 in the RMNT

Genesis 27 in the SBIAS

Genesis 27 in the SBIBS

Genesis 27 in the SBIBS2

Genesis 27 in the SBICS

Genesis 27 in the SBIDS

Genesis 27 in the SBIGS

Genesis 27 in the SBIHS

Genesis 27 in the SBIIS

Genesis 27 in the SBIIS2

Genesis 27 in the SBIIS3

Genesis 27 in the SBIKS

Genesis 27 in the SBIKS2

Genesis 27 in the SBIMS

Genesis 27 in the SBIOS

Genesis 27 in the SBIPS

Genesis 27 in the SBISS

Genesis 27 in the SBITS

Genesis 27 in the SBITS2

Genesis 27 in the SBITS3

Genesis 27 in the SBITS4

Genesis 27 in the SBIUS

Genesis 27 in the SBIVS

Genesis 27 in the SBT

Genesis 27 in the SBT1E

Genesis 27 in the SCHL

Genesis 27 in the SNT

Genesis 27 in the SUSU

Genesis 27 in the SUSU2

Genesis 27 in the SYNO

Genesis 27 in the TBIAOTANT

Genesis 27 in the TBT1E

Genesis 27 in the TBT1E2

Genesis 27 in the TFTIP

Genesis 27 in the TFTU

Genesis 27 in the TGNTATF3T

Genesis 27 in the THAI

Genesis 27 in the TNFD

Genesis 27 in the TNT

Genesis 27 in the TNTIK

Genesis 27 in the TNTIL

Genesis 27 in the TNTIN

Genesis 27 in the TNTIP

Genesis 27 in the TNTIZ

Genesis 27 in the TOMA

Genesis 27 in the TTENT

Genesis 27 in the UBG

Genesis 27 in the UGV

Genesis 27 in the UGV2

Genesis 27 in the UGV3

Genesis 27 in the VBL

Genesis 27 in the VDCC

Genesis 27 in the YALU

Genesis 27 in the YAPE

Genesis 27 in the YBVTP

Genesis 27 in the ZBP