Isaiah 15 (BOATCB)
1 Adehunu a ɛfa Moab ho:Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moabanadwo koro pɛ!Wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moabanadwo koro pɛ! 2 Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu,ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kɔ su;Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho.Wɔayi eti biara so nwina abɔgyesɛ biara nso wɔatwitwa. 3 Wɔfirafira ayitoma wɔ mmɔntene so;wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaeɛwɔn nyinaa retwa adwo,wɔdeda fam na wɔsu. 4 Hesbon ne Eleale teaam su,wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa.Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su,na wɔabotoboto. 5 Medi Moab ho awerɛhoɔ wɔ mʼakoma mu;nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar,ne Eglat Selisiya.Wɔforo kɔ Luhit,wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;Horonaim ɛkwan so nsowɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ. 6 Nimrim nsuwansuwa awewena ɛserɛ no ahyeafifideɛ nyinaa ayerana ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono. 7 Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu hɔ nowɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa. 8 Wɔn nkekamu gyegye wɔ Moab ahyeɛ so;wɔn agyaadwotwa kɔduru Eglaimna wɔn abubuobɔ kɔduru Beer Elim. 9 Dimon nsuo ayɛ mogya nkoaananso mɛkɔ so ne no adi.Gyata bɛba Moab adwanefoɔ no sone wɔn a wɔbɛka asase no so.