Isaiah 15 (BOATCB2)
1 Adehu a ɛfa Moab ho:Wɔasɛe Ar a ɛwɔ MoabDa koro anadwo bi,wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moabda koro anadwo bi! 2 Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu,ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kosu;Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho.Wɔayi eti biara so nwina abogyesɛ biara nso wɔatwitwa. 3 Wofurafura atweaatam wɔ mmɔnten so;wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaewɔn nyinaa retwa adwo,wɔdeda fam na wosu. 4 Hesbon ne Eleale teɛ mu su,wɔte wɔn nne kodu Yahas nohɔ.Enti Moab mmarima akofo teɛ mu su,na wɔbotobotow. 5 Midi Moab ho awerɛhow wɔ me koma mu;nʼaguanfo guan kodu Soar,ne Eglat Selisiya.Wɔforo kɔ Luhit,wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;Horonaim kwan so nsowodi wɔn sɛe ho awerɛhow. 6 Nimrim nsuwansuwa ayoyowna sare no ahyewafifide nyinaa ayerana ɛnkaa wura biara a ɛyɛ amono. 7 Enti ahonyade a wɔapɛ agu hɔ nowɔsoa de kotwa mpampuro bon. 8 Wɔn nkekawmu gyigye wɔ Moab ahye so;wɔn agyaadwotwa kodu Eglaimna wɔn abubuwbɔ kodu Beer Elim. 9 Dimon nsu ayɛ mogya nko arananso mɛkɔ so ne no adigyata bɛba Moab aguanfo sone wɔn a wɔbɛka asase no so no so.