Nehemiah 12 (BOATCB)

1 Saa nnipa yi ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanin Yesua sanee wɔn akyi no: Seraia, Yeremia, Ɛsra, 2 Amaria, Maluk, Hatus, 3 Sekania, Rehum, Meremot, 4 Ido, Ginetoi, Abia, 5 Miamin, Maadia, Bilga, 6 Semaia, Yoiarib, Yedaia, 7 Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia. Yesua ɛberɛ so no, na yeinom ne asɔfoɔ ntuanofoɔ ne wɔn mfɛfoɔ. 8 Lewifoɔ a wɔne wɔn sanee wɔn akyi no nie: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfoɔ na na wɔhwɛ aseda nnwom so no. 9 Na sɛ wɔresom a, wɔn mfɛfoɔ Bakbukia ne Uni sɔre gyina ne wɔn di nhwɛanimu. 10 Ɔsɔfopanin Yesua woo Yoiakim,Yoiakim woo Eliasib,Eliasib woo Yoiada, 11 na Yoiada woo Yonatan,na Yonatan woo Yadua. 12 Ɛberɛ a Yoiakim yɛ ɔsɔfopanin no, na asɔfoɔ mmusua mu ntuanofoɔ no ne: Meraia a ɔtua Seraia abusua ano.Hanania a ɔtua Yeremia abusua ano. 13 Mesulam a ɔtua Ɛsra abusua ano.Yehohanan a ɔtua Amaria abusua ano. 14 Yonatan a ɔtua Maluki abusua ano.Yosef a ɔtua Sebania abusua ano. 15 Adna a ɔtua Harim abusua ano.Helkai a ɔtua Meraiot abusua ano. 16 Sakaria a ɔtua Ido abusua ano.Mesulam a ɔtua Gineton abusua ano. 17 Sikri a ɔtua Abia abusua ano.Miniamin ne Moadia abusua nso yɛ Piltai. 18 Samua a ɔtua Bilga abusua ano.Yehonatan a ɔtua Semaia abusua ano. 19 Matenai a ɔtua Yoiarib abusua ano.Usi a ɔtua Yedaia abusua ano. 20 Kalai a ɔtua Salai abusua ano.Eber a ɔtua Amok abusua ano. 21 Hasabia a ɔtua Hilkia abusua ano.Netanel a ɔtua Yedaia abusua ano. 22 Persiahene Dario a ɔtɔ so mmienu ɛberɛ so no, wɔtwerɛɛ Lewifoɔ ne asɔfoɔ mmusua mu ntuanofoɔ no nyinaa din wɔ saa asɔfoɔ mpanimfoɔ yi pɛn so: Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua. 23 Wɔtwerɛɛ Lewifoɔ mmusua ntuanofoɔ no din guu Abakɔsɛm Nwoma mu kɔsii Eliasib nana Yohanan ɛberɛ so. 24 Yeinom ne Lewifoɔ mmusua ntuanofoɔ: Hasabia, Serebia, Yesua, Binui, Kadmiel ne wɔn mfɛfoɔ bi a, sɛ ɛduru ayɛyie ne aseda afahyɛ so a, wɔgyina hɔ ne wɔn di nhwɛanimu, na ɛfa gye ɛfa so wɔ nnwontoɔ mu, sɛdeɛ Dawid, Onyankopɔn onipa, kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. 25 Na Matania, Bakbukia ne Obadia nso ka ho. Mesulam, Talmon ne Akub na wɔyɛ aponoanohwɛfoɔ a wɔhwɛ adekoradan a ɛwɔ apono no ano no so. 26 Na yeinom nyinaa somm wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nana ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ ne mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ berɛ so. 27 Ɛberɛ a wɔredwira Yerusalem ɔfasuo foforɔ no ho no, wɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa sɛ, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadie no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyankyan, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigyeɛ fa no. 28 Wɔde nnwomtofoɔ no firi Yerusalem ne ne nkuraaseɛ ne Netofafoɔ nkuraaseɛ nyinaa bɔɔ mu baeɛ. 29 Ebi nso firi Bet-Gilgal ne Geba pɔ mu hɔ ne Asmawet, ɛfiri sɛ, na nnwomtofoɔ no ara akyekyere wɔn ankasa nkuraa afa Yerusalem ho ahyia. 30 Asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, afei wɔdwiraa ɔmanfoɔ no ho, dwiraa apono no ne ɔfasuo no nso ho. 31 Medii Yuda ntuanofoɔ no anim kɔɔ ɔfasuo no atifi, na meboaboaa nnwomtofoɔ akuo akɛseɛ mmienu ano, ma wɔbɛdaa ase. Nnwontofoɔ ekuo no mu baako kɔɔ anafoɔ wɔ ɔfasuo no atifi kɔsii Sumina Ɛpono no. 32 Hosaia ne Yuda ntuanofoɔ no mu fa dii wɔn akyi, 33 na Asaria, Ɛsra, Mesulam, 34 Yuda, Benyamin, Semaia, Yeremia 35 ne asɔfoɔ no bi a wɔhyɛne totorobɛnto no dii wɔn akyi. Ɛno akyi na Yonatan babarima Sakaria, Semaia babarima, Matania babarima, Mikaia babarima, Sakur babarima a ɔyɛ Asaf aseni no di hɔ. 36 Ne korakora no, Sakaria mfɛfoɔ a wɔne Semaia, Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel, Yuda ne Hanani dii wɔn so. Wɔfaa nnwontodeɛ a Dawid a ɔyɛ Onyankopɔn onipa akyerɛ sɛ wɔmfa no. Na Ɛsra a ɔyɛ mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ no na ɔdii santen no anim. 37 Wɔfaa nsuo Aniwa Ɛpono no ho, kɔɔ tee kɔforoo kuropɔn no ɔfasuo atwedeɛ a ɛkyerɛ Dawid kuropɔn no. Wɔfaa Dawid efie ho, kɔsii Nsuo Ɛpono a ɛwɔ apueeɛ fam no ho. 38 Nnwontofoɔ a wɔtɔ so mmienu no faa atifi ɛkwan kɔhyiaa wɔn. Me ne ɔmanfoɔ no mu fa dii wɔn akyi. Yɛfaa ɔfasuo no so nam Fononoo Abantenten no ho kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no, 39 afei yɛtwaa Efraim Ɛpono no ho, kɔsii Kuropɔn Dada Ɛpono no, yɛfaa Mpataa Ɛpono no ho, kɔsii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nnwan Ɛpono no ho, na yɛkɔgyinaa Ɔwɛn Ɛpono ano. 40 Nnwontokuo mmienu a na wɔreda ase no kɔɔ Awurade Asɔredan mu kɔtenatenaa ase. Me nso me ne akuo ntuanofoɔ a na wɔka me ho no yɛɛ saa ara. 41 Yɛne asɔfoɔ a na wɔhyɛn totorobɛnto a wɔne Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania 42 ne nnwomtofoɔ Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser na yɛbɔɔ mu kɔeɛ. Wɔtoo nnwom denden so a na dwomkyerɛfoɔ Yisrahia rema wɔn akwankyerɛ. 43 Saa anigyeɛ da no, wɔbɔɔ afɔdeɛ bebree, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gyeɛ. Mmaa ne mmɔfra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duruu akyirikyiri. 44 Ɛda no, wɔyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛdeɛ, otwakane ne ntotosoɔ dudu gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔkɔgyegye firi mfuo mu, sɛdeɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmara kyerɛ no, ɛfiri sɛ, na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn dwumadie no ho hia Yudafoɔ nyinaa yie. 45 Wɔyɛɛ wɔn Onyankopɔn som no ne ahodwira som no pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Dawid ne ne babarima Salomo mmara kyerɛ no, na saa ara nso na nnwomtofoɔ no ne aponoanohwɛfoɔ no yɛeɛ. 46 Amammerɛ a wɔma nnwomtofoɔ akwankyerɛfoɔ di nnwomtofoɔ no anim wɔ nkamfo ne aseda nnwom a wɔto de ma Onyankopɔn no hyɛɛ aseɛ firii Dawid ne Asaf berɛ so. 47 Enti, ɛfiri Serubabel ne Nehemia berɛ so no, na daa ɔmanfoɔ brɛ nnwomtofoɔ no ne aponoanohwɛfoɔ ne Lewifoɔ no nnuane. Na Lewifoɔ no nso de deɛ wɔnya no mu bi ma asɔfoɔ a wɔyɛ Aaron asefoɔ no.

In Other Versions

Nehemiah 12 in the ANGEFD

Nehemiah 12 in the ANTPNG2D

Nehemiah 12 in the AS21

Nehemiah 12 in the BAGH

Nehemiah 12 in the BBPNG

Nehemiah 12 in the BBT1E

Nehemiah 12 in the BDS

Nehemiah 12 in the BEV

Nehemiah 12 in the BHAD

Nehemiah 12 in the BIB

Nehemiah 12 in the BLPT

Nehemiah 12 in the BNT

Nehemiah 12 in the BNTABOOT

Nehemiah 12 in the BNTLV

Nehemiah 12 in the BOATCB2

Nehemiah 12 in the BOBCV

Nehemiah 12 in the BOCNT

Nehemiah 12 in the BOECS

Nehemiah 12 in the BOGWICC

Nehemiah 12 in the BOHCB

Nehemiah 12 in the BOHCV

Nehemiah 12 in the BOHLNT

Nehemiah 12 in the BOHNTLTAL

Nehemiah 12 in the BOICB

Nehemiah 12 in the BOILNTAP

Nehemiah 12 in the BOITCV

Nehemiah 12 in the BOKCV

Nehemiah 12 in the BOKCV2

Nehemiah 12 in the BOKHWOG

Nehemiah 12 in the BOKSSV

Nehemiah 12 in the BOLCB

Nehemiah 12 in the BOLCB2

Nehemiah 12 in the BOMCV

Nehemiah 12 in the BONAV

Nehemiah 12 in the BONCB

Nehemiah 12 in the BONLT

Nehemiah 12 in the BONUT2

Nehemiah 12 in the BOPLNT

Nehemiah 12 in the BOSCB

Nehemiah 12 in the BOSNC

Nehemiah 12 in the BOTLNT

Nehemiah 12 in the BOVCB

Nehemiah 12 in the BOYCB

Nehemiah 12 in the BPBB

Nehemiah 12 in the BPH

Nehemiah 12 in the BSB

Nehemiah 12 in the CCB

Nehemiah 12 in the CUV

Nehemiah 12 in the CUVS

Nehemiah 12 in the DBT

Nehemiah 12 in the DGDNT

Nehemiah 12 in the DHNT

Nehemiah 12 in the DNT

Nehemiah 12 in the ELBE

Nehemiah 12 in the EMTV

Nehemiah 12 in the ESV

Nehemiah 12 in the FBV

Nehemiah 12 in the FEB

Nehemiah 12 in the GGMNT

Nehemiah 12 in the GNT

Nehemiah 12 in the HARY

Nehemiah 12 in the HNT

Nehemiah 12 in the IRVA

Nehemiah 12 in the IRVB

Nehemiah 12 in the IRVG

Nehemiah 12 in the IRVH

Nehemiah 12 in the IRVK

Nehemiah 12 in the IRVM

Nehemiah 12 in the IRVM2

Nehemiah 12 in the IRVO

Nehemiah 12 in the IRVP

Nehemiah 12 in the IRVT

Nehemiah 12 in the IRVT2

Nehemiah 12 in the IRVU

Nehemiah 12 in the ISVN

Nehemiah 12 in the JSNT

Nehemiah 12 in the KAPI

Nehemiah 12 in the KBT1ETNIK

Nehemiah 12 in the KBV

Nehemiah 12 in the KJV

Nehemiah 12 in the KNFD

Nehemiah 12 in the LBA

Nehemiah 12 in the LBLA

Nehemiah 12 in the LNT

Nehemiah 12 in the LSV

Nehemiah 12 in the MAAL

Nehemiah 12 in the MBV

Nehemiah 12 in the MBV2

Nehemiah 12 in the MHNT

Nehemiah 12 in the MKNFD

Nehemiah 12 in the MNG

Nehemiah 12 in the MNT

Nehemiah 12 in the MNT2

Nehemiah 12 in the MRS1T

Nehemiah 12 in the NAA

Nehemiah 12 in the NASB

Nehemiah 12 in the NBLA

Nehemiah 12 in the NBS

Nehemiah 12 in the NBVTP

Nehemiah 12 in the NET2

Nehemiah 12 in the NIV11

Nehemiah 12 in the NNT

Nehemiah 12 in the NNT2

Nehemiah 12 in the NNT3

Nehemiah 12 in the PDDPT

Nehemiah 12 in the PFNT

Nehemiah 12 in the RMNT

Nehemiah 12 in the SBIAS

Nehemiah 12 in the SBIBS

Nehemiah 12 in the SBIBS2

Nehemiah 12 in the SBICS

Nehemiah 12 in the SBIDS

Nehemiah 12 in the SBIGS

Nehemiah 12 in the SBIHS

Nehemiah 12 in the SBIIS

Nehemiah 12 in the SBIIS2

Nehemiah 12 in the SBIIS3

Nehemiah 12 in the SBIKS

Nehemiah 12 in the SBIKS2

Nehemiah 12 in the SBIMS

Nehemiah 12 in the SBIOS

Nehemiah 12 in the SBIPS

Nehemiah 12 in the SBISS

Nehemiah 12 in the SBITS

Nehemiah 12 in the SBITS2

Nehemiah 12 in the SBITS3

Nehemiah 12 in the SBITS4

Nehemiah 12 in the SBIUS

Nehemiah 12 in the SBIVS

Nehemiah 12 in the SBT

Nehemiah 12 in the SBT1E

Nehemiah 12 in the SCHL

Nehemiah 12 in the SNT

Nehemiah 12 in the SUSU

Nehemiah 12 in the SUSU2

Nehemiah 12 in the SYNO

Nehemiah 12 in the TBIAOTANT

Nehemiah 12 in the TBT1E

Nehemiah 12 in the TBT1E2

Nehemiah 12 in the TFTIP

Nehemiah 12 in the TFTU

Nehemiah 12 in the TGNTATF3T

Nehemiah 12 in the THAI

Nehemiah 12 in the TNFD

Nehemiah 12 in the TNT

Nehemiah 12 in the TNTIK

Nehemiah 12 in the TNTIL

Nehemiah 12 in the TNTIN

Nehemiah 12 in the TNTIP

Nehemiah 12 in the TNTIZ

Nehemiah 12 in the TOMA

Nehemiah 12 in the TTENT

Nehemiah 12 in the UBG

Nehemiah 12 in the UGV

Nehemiah 12 in the UGV2

Nehemiah 12 in the UGV3

Nehemiah 12 in the VBL

Nehemiah 12 in the VDCC

Nehemiah 12 in the YALU

Nehemiah 12 in the YAPE

Nehemiah 12 in the YBVTP

Nehemiah 12 in the ZBP