Nehemiah 12 (BOATCB2)

1 Saa nnipa yi ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanyin Yesua san wɔn akyi no: Seraia, Yeremia, Ɛsra, 2 Amaria, Maluk, Hatus, 3 Sekania, Rehum, Meremot, 4 Ido, Ginetoi, Abia, 5 Miamin, Maadia, Bilga, 6 Semaia, Yoiarib, Yedaia, 7 Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia. Yesua bere so no, na eyinom ne asɔfo ntuanofo ne wɔn mfɛfo. 8 Lewifo a wɔne wɔn san wɔn akyi no ni: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfo na na wɔhwɛ aseda nnwom so no. 9 Na sɛ wɔresom a, wɔn mfɛfo Bakbukia ne Uni sɔre gyina ne wɔn di nhwɛanim. 10 Ɔsɔfopanyin Yesua woo Yoiakim,Yoiakim woo Eliasib,Eliasib woo Yoiada, 11 na Yoiada woo Yonatan,na Yonatan woo Yadua. 12 Bere a Yoiakim yɛ ɔsɔfopanyin no, na asɔfo mmusua mu ntuanofo no ne: Meraia a otua Seraia abusua ano.Hanania a otua Yeremia abusua ano. 13 Mesulam a otua Ɛsra abusua ano.Yehohanan a otua Amaria abusua ano. 14 Yonatan a otua Maluki abusua ano.Yosef a otua Sebania abusua ano. 15 Adna a otua Harim abusua ano.Helkai a otua Meraiot abusua ano. 16 Sakaria a otua Ido abusua ano.Mesulam a otua Gineton abusua ano. 17 Sikri a otua Abia abusua ano.Miniamin abusua nso na obi tua ano.Piltai tua Moadia abusua ano. 18 Samua a otua Bilga abusua ano.Yehonatan a otua Semaia abusua ano. 19 Matenai a otua Yoiarib abusua ano.Usi a otua Yedaia abusua ano. 20 Kalai a otua Salai abusua ano.Eber a otua Amok abusua ano. 21 Hasabia a otua Hilkia abusua ano.Netanel a otua Yedaia abusua ano. 22 Persiahene Dario a ɔto so abien bere so no, wɔkyerɛw Lewifo ne asɔfo mmusua mu ntuanofo no nyinaa din wɔ saa asɔfo mpanyimfo yi bere so: Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua. 23 Wɔkyerɛw Lewifo mmusua ntuanofo no din guu Abakɔsɛm Nhoma mu kosii Eliasib nena Yohanan bere so. 24 Eyinom ne Lewifo mmusua ntuanofo: Hasabia, Serebia, Yesua, Binui, Kadmiel ne wɔn mfɛfo bi a sɛ edu ayeyi ne aseda afahyɛ so a, wogyina hɔ ne wɔn di nhwɛanim, na ɔfa gye ɔfa so wɔ nnwonto mu, sɛnea Dawid, Onyankopɔn nipa, kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. 25 Na Matania, Bakbukia ne Obadia nso ka ho. Mesulam, Talmon ne Akub na wɔyɛ aponanohwɛfo a wɔhwɛ adekoradan a ɛwɔ apon no ano no so. 26 Na eyinom nyinaa som wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nena ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfo ne mmara no kyerɛkyerɛfo bere so. 27 Bere a wɔredwira Yerusalem fasu foforo no, wɔka kyerɛɛ Lewifo a wɔwɔ asase no so nyinaa se, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadi no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigye fa no. 28 Wɔde nnwontofo no fi Yerusalem ne ne nkuraa ne Netofafo nkuraa nyinaa bɔɔ mu bae. 29 Ebi nso fi Bet-Gilgal ne Geba pɔw mu hɔ ne Asmawet, efisɛ na nnwontofo no ara akyekyere wɔn ankasa nkuraa afa Yerusalem ho ahyia. 30 Asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, afei wodwiraa ɔmanfo no, dwiraa apon no ne fasu no nso. 31 Midii Yuda ntuanofo no anim kɔɔ ɔfasu no atifi, na meboaboaa nnwontofo akuw akɛse abien ano ma wɔbɛdaa ase. Nnwontofo kuw no mu baako kɔɔ anafo wɔ ɔfasu no atifi kosii Sumina Pon no. 32 Hosaia ne Yuda ntuanofo no mu fa dii wɔn akyi, 33 na Asaria, Ɛsra, Mesulam, 34 Yuda, Benyamin, Semaia, Yeremia 35 ne asɔfo no bi a wɔhyɛn torobɛnto no dii wɔn akyi. Ɛno akyi na Yonatan babarima Sakaria, Semaia babarima, Matania babarima, Mikaia babarima, Sakur babarima a ɔyɛ Asaf aseni no di. 36 Ne korakora no, Sakaria mfɛfo a wɔne Semaia, Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel, Yuda ne Hanani dii wɔn so. Wɔfaa nnwontode a Dawid a ɔyɛ Onyankopɔn nipa akyerɛ sɛ wɔmfa no. Na Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no na odii santen no anim. 37 Wɔfaa Asu Aniwa Pon no ho, kɔɔ tee kɔforoo kuropɔn no fasu antweri a ɛkyerɛ Dawid kuropɔn no. Wɔfaa Dawid fi ho, kosii Nsu Pon a ɛwɔ apuei fam no ho. 38 Nnwontofo a wɔto so abien no faa atifi kwan kohyiaa wɔn. Me ne ɔmanfo no mu fa dii wɔn akyi. Yɛfaa ɔfasu no so nam Fononoo Abantenten no ho kosii Ɔfasu Tɛtrɛɛ no, 39 afei yetwaa Efraim Pon no ho, kosii Kuropɔn Dedaw Pon no, yɛfaa Mpataa Pon no ho, kosii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nguan Pon no ho, na yekogyinaa Ɔwɛn Pon no ano. 40 Nnwontokuw abien a na wɔreda ase no kɔɔ Awurade Asɔredan mu kɔtenatenaa ase. Me nso me ne akuw ntuanofo a na wɔka me ho no yɛɛ saa ara. 41 Yɛne asɔfo a na wɔhyɛn torobɛnto a wɔne Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania 42 ne nnwontofo Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser na yɛbɔɔ mu kɔe. Wɔtoo nnwom a na dwonkyerɛfo Yisrahia rema wɔn akwankyerɛ. 43 Saa anigye da no, wɔbɔɔ afɔre bebree, efisɛ na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Mmea ne mmofra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duu akyirikyiri. 44 Da no, woyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛde, otwakan ne ntotoso du du gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wokogyigye fi mfuw mu, sɛnea asɔfo ne Lewifo mmara kyerɛ no, efisɛ na asɔfo ne Lewifo ne wɔn dwumadi no ho hia Yudafo nyinaa yiye. 45 Wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn som no ne ahodwira som no pɛpɛɛpɛ, sɛnea Dawid ne ne babarima Salomo mmara kyerɛ no, na saa ara nso na nnwontofo no ne aponanohwɛfo no yɛe. 46 Amanne a wɔma nnwontofo akwankyerɛfo di nnwontofo no anim wɔ nkamfo ne aseda nnwom a wɔto de ma Onyankopɔn no fii ase fi Dawid ne Asaf bere so. 47 Enti efi Serubabel ne Nehemia bere so no, na daa ɔmanfo brɛ nnwontofo no ne aponanohwɛfo ne Lewifo no nnuan. Na Lewifo no nso de nea wonya no mu bi ma asɔfo a wɔyɛ Aaron asefo no.

In Other Versions

Nehemiah 12 in the ANGEFD

Nehemiah 12 in the ANTPNG2D

Nehemiah 12 in the AS21

Nehemiah 12 in the BAGH

Nehemiah 12 in the BBPNG

Nehemiah 12 in the BBT1E

Nehemiah 12 in the BDS

Nehemiah 12 in the BEV

Nehemiah 12 in the BHAD

Nehemiah 12 in the BIB

Nehemiah 12 in the BLPT

Nehemiah 12 in the BNT

Nehemiah 12 in the BNTABOOT

Nehemiah 12 in the BNTLV

Nehemiah 12 in the BOATCB

Nehemiah 12 in the BOBCV

Nehemiah 12 in the BOCNT

Nehemiah 12 in the BOECS

Nehemiah 12 in the BOGWICC

Nehemiah 12 in the BOHCB

Nehemiah 12 in the BOHCV

Nehemiah 12 in the BOHLNT

Nehemiah 12 in the BOHNTLTAL

Nehemiah 12 in the BOICB

Nehemiah 12 in the BOILNTAP

Nehemiah 12 in the BOITCV

Nehemiah 12 in the BOKCV

Nehemiah 12 in the BOKCV2

Nehemiah 12 in the BOKHWOG

Nehemiah 12 in the BOKSSV

Nehemiah 12 in the BOLCB

Nehemiah 12 in the BOLCB2

Nehemiah 12 in the BOMCV

Nehemiah 12 in the BONAV

Nehemiah 12 in the BONCB

Nehemiah 12 in the BONLT

Nehemiah 12 in the BONUT2

Nehemiah 12 in the BOPLNT

Nehemiah 12 in the BOSCB

Nehemiah 12 in the BOSNC

Nehemiah 12 in the BOTLNT

Nehemiah 12 in the BOVCB

Nehemiah 12 in the BOYCB

Nehemiah 12 in the BPBB

Nehemiah 12 in the BPH

Nehemiah 12 in the BSB

Nehemiah 12 in the CCB

Nehemiah 12 in the CUV

Nehemiah 12 in the CUVS

Nehemiah 12 in the DBT

Nehemiah 12 in the DGDNT

Nehemiah 12 in the DHNT

Nehemiah 12 in the DNT

Nehemiah 12 in the ELBE

Nehemiah 12 in the EMTV

Nehemiah 12 in the ESV

Nehemiah 12 in the FBV

Nehemiah 12 in the FEB

Nehemiah 12 in the GGMNT

Nehemiah 12 in the GNT

Nehemiah 12 in the HARY

Nehemiah 12 in the HNT

Nehemiah 12 in the IRVA

Nehemiah 12 in the IRVB

Nehemiah 12 in the IRVG

Nehemiah 12 in the IRVH

Nehemiah 12 in the IRVK

Nehemiah 12 in the IRVM

Nehemiah 12 in the IRVM2

Nehemiah 12 in the IRVO

Nehemiah 12 in the IRVP

Nehemiah 12 in the IRVT

Nehemiah 12 in the IRVT2

Nehemiah 12 in the IRVU

Nehemiah 12 in the ISVN

Nehemiah 12 in the JSNT

Nehemiah 12 in the KAPI

Nehemiah 12 in the KBT1ETNIK

Nehemiah 12 in the KBV

Nehemiah 12 in the KJV

Nehemiah 12 in the KNFD

Nehemiah 12 in the LBA

Nehemiah 12 in the LBLA

Nehemiah 12 in the LNT

Nehemiah 12 in the LSV

Nehemiah 12 in the MAAL

Nehemiah 12 in the MBV

Nehemiah 12 in the MBV2

Nehemiah 12 in the MHNT

Nehemiah 12 in the MKNFD

Nehemiah 12 in the MNG

Nehemiah 12 in the MNT

Nehemiah 12 in the MNT2

Nehemiah 12 in the MRS1T

Nehemiah 12 in the NAA

Nehemiah 12 in the NASB

Nehemiah 12 in the NBLA

Nehemiah 12 in the NBS

Nehemiah 12 in the NBVTP

Nehemiah 12 in the NET2

Nehemiah 12 in the NIV11

Nehemiah 12 in the NNT

Nehemiah 12 in the NNT2

Nehemiah 12 in the NNT3

Nehemiah 12 in the PDDPT

Nehemiah 12 in the PFNT

Nehemiah 12 in the RMNT

Nehemiah 12 in the SBIAS

Nehemiah 12 in the SBIBS

Nehemiah 12 in the SBIBS2

Nehemiah 12 in the SBICS

Nehemiah 12 in the SBIDS

Nehemiah 12 in the SBIGS

Nehemiah 12 in the SBIHS

Nehemiah 12 in the SBIIS

Nehemiah 12 in the SBIIS2

Nehemiah 12 in the SBIIS3

Nehemiah 12 in the SBIKS

Nehemiah 12 in the SBIKS2

Nehemiah 12 in the SBIMS

Nehemiah 12 in the SBIOS

Nehemiah 12 in the SBIPS

Nehemiah 12 in the SBISS

Nehemiah 12 in the SBITS

Nehemiah 12 in the SBITS2

Nehemiah 12 in the SBITS3

Nehemiah 12 in the SBITS4

Nehemiah 12 in the SBIUS

Nehemiah 12 in the SBIVS

Nehemiah 12 in the SBT

Nehemiah 12 in the SBT1E

Nehemiah 12 in the SCHL

Nehemiah 12 in the SNT

Nehemiah 12 in the SUSU

Nehemiah 12 in the SUSU2

Nehemiah 12 in the SYNO

Nehemiah 12 in the TBIAOTANT

Nehemiah 12 in the TBT1E

Nehemiah 12 in the TBT1E2

Nehemiah 12 in the TFTIP

Nehemiah 12 in the TFTU

Nehemiah 12 in the TGNTATF3T

Nehemiah 12 in the THAI

Nehemiah 12 in the TNFD

Nehemiah 12 in the TNT

Nehemiah 12 in the TNTIK

Nehemiah 12 in the TNTIL

Nehemiah 12 in the TNTIN

Nehemiah 12 in the TNTIP

Nehemiah 12 in the TNTIZ

Nehemiah 12 in the TOMA

Nehemiah 12 in the TTENT

Nehemiah 12 in the UBG

Nehemiah 12 in the UGV

Nehemiah 12 in the UGV2

Nehemiah 12 in the UGV3

Nehemiah 12 in the VBL

Nehemiah 12 in the VDCC

Nehemiah 12 in the YALU

Nehemiah 12 in the YAPE

Nehemiah 12 in the YBVTP

Nehemiah 12 in the ZBP