Numbers 14 (BOATCB)

1 Afei, nnipa no nyinaa firii aseɛ suu dendeenden anadwo no nyinaa. 2 Wɔde nne korɔ kasa tiaa Mose ne Aaron. Wɔsuu sɛ, “Sɛ yɛwuwuu wɔ Misraim anaa ɛserɛ so ha a, anka yɛpɛ no saa ara 3 sen sɛ wɔde yɛn bɛkɔ kuro a ɛwɔ yɛn anim no so. AWURADE bɛkum yɛn wɔ hɔ na yɛn yerenom ne yɛn mma ayɛ nkoa wɔ hɔ. Momma yɛmfiri ha na yɛnkɔ Misraim!” 4 Saa asɛm yi dii wɔn nyinaa tirim dɛm. Enti wɔteaam sɛ, “Momma yɛnyi ɔpanin bi na ɔnni yɛn anim nsane mfa yɛn nkɔ Misraim.” 5 Afei, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Israelfoɔ no anim. 6 Akwansrafoɔ baanu, a wɔn ne Nun babarima Yosua ne Yefune babarima Kaleb sunsuanee wɔn ntadeɛ mu 7 na wɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Asase a ɛda yɛn anim no yɛ asase pa. 8 Na sɛ yɛsɔ AWURADE ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so dwoodwoo na ɔde hɔ ahyɛ yɛn nsa. Ɛyɛ asase bereɛ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sen wɔ soɔ, na ɔde bɛma yɛn. 9 Ao, monnyɛ dɔm ntia AWURADE, na monnsuro nnipa a wɔwɔ asase no so no nso. Na wɔte sɛ burodo bi a yɛdie ma yɛn! AWURADE ne yɛn wɔ hɔ na wɔn deɛ, wayi ne nsa afiri wɔn so! Monnsuro wɔn!” 10 Nanso mmuaeɛ a nnipa no maeɛ ara ne sɛ, wɔbɛsi wɔn aboɔ. Afei, AWURADE animuonyam baeɛ 11 na AWURADE bisaa Mose sɛ, “Nnipa yi bɛbu me animtia akɔsi da bɛn? Anwanwadeɛ dodoɔ a mayɛ akyerɛ wɔn yi nyinaa akyi no, wɔnnye me nni? 12 Mɛgye wɔn nsam nneɛma a mede ama wɔn nyinaa na mama ɔyaredɔm asɛe wɔn na mayɛ mo ɔman kɛseɛ a ɛso sene wɔn!” 13 Mose srɛɛ AWURADE sɛ, “Na sɛ Misraimfoɔ yi te a, ɛdeɛn asɛm na wɔbɛdwene? Wɔn nyinaa hunuu tumi a wonam so de gyee wo nkurɔfoɔ. 14 Wɔaka saa asɛm yi akyerɛ wɔn a wɔte asase yi so a wɔnim, AWURADE, sɛ wowɔ Israel afa, na wo ne wɔn kasa anim ne anim. Wɔhunu omununkum dum ne ogya sɛ ɛgyina yɛn atifi, na wɔnim sɛ wodi yɛn anim bɔ yɛn ho ban awia ne anadwo. 15 Na sɛ wokum wo nkurɔfoɔ nyinaa a, aman a wɔate wo din no bɛka sɛ, 16 ‘ɛsɛ sɛ AWURADE kum wɔn, ɛfiri sɛ, wantumi anhwɛ wɔn so wɔ ɛserɛ so hɔ. Ɔnni ahoɔden a ɔnam so bɛtumi de wɔn aba asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.’ 17 “Ao, mesrɛ wo, fa wo tumi kɛseɛ a ntoboaseɛ wɔ mu no so fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, na dɔ yɛn yie. Ɛwom sɛ woaka sɛ, 18 ‘AWURADE bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso. Nanso ɔbɔnefoɔ remfa ne ho nni a wɔntwe nʼaso; nanso, fa yɛn bɔne kyɛ yɛn. Yɛnim sɛ wonam agyanom bɔne so twee wɔn mma a wɔwɔ awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nan mu no aso.’ 19 Ao, mesrɛ wo, fa saa nnipa yi bɔne kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, wo dɔ enti, wode wɔn bɔne akyɛ wɔn firi Misraim abɛsi saa ɛberɛ yi.” 20 AWURADE kaa sɛ, “Ɛyɛ, mede bɛkyɛ wɔn sɛdeɛ woabisa no. 21 Nanso, sɛ mete ase yi, na AWURADE animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma yi, 22 saa nnipa yi mu biara rensi asase no so ɛda biara da. Wɔahunu mʼanimuonyam ne anwanwadeɛ a meyɛɛ wɔ Misraim ne ɛserɛ so no, nanso ɛberɛ biara wɔyɛ asoɔden de sɔ me hwɛ. 23 Wɔrenhunu asase a mede hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn a wɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ me no mu biara rensi hɔ. 24 Nanso, mʼakoa Kaleb yɛ onipa sononko. Wadi me nsɛm so pɛpɛɛpɛ. Mede no bɛkɔ asase a ɔkɔɔ so sɛ ɔkwansrafoɔ no, na nʼasefoɔ anya ɛhɔ mu kyɛfa. 25 Nanso, ɛsiane sɛ Israelfoɔ suro Amalekfoɔ na Kanaanfoɔ tete bɔnhwa mu no enti, ɔkyena, ɛsɛ sɛ mosane de mo ani kyerɛ Po Kɔkɔɔ no kɔ ɛserɛ so.” 26 AWURADE bisaa Mose ne Aaron sɛ, 27 “Da bɛn na saa nnipa bɔnefoɔ yi bɛgyae me ho nkɔmmɔdie? Na mate nsɛm a wɔka fa me ho nyinaa. 28 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘AWURADE ka ntam sɛ ɔbɛyɛ deɛ mosuro. 29 Mo nyinaa mobɛwuwu wɔ ɛserɛ so ha: Ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ no a wɔadi me ho nkɔmmɔ no, 30 wɔn mu biara renkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔn a wɔbɛkɔ hɔ ara ne Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua. 31 Moka sɛ mo mma bɛyɛ nnipa a wɔte asase no so no nkoa. Ɛyɛ, mede wɔn bɛkɔ asase no so dwoodwoo ama wɔakɔfa deɛ mose mompɛ no. 32 Na mo deɛ, mo amu na ɛbɛka ɛserɛ so ha. 33 Ɛsɛ sɛ mokyini ɛserɛ so ha sɛ atutenafoɔ mfeɛ aduanan. Saa ɛkwan yi so na mobɛfa atua mo gyidie a monni ho ka kɔsi sɛ onipa a ɔtwa toɔ no bɛwu atɔ ɛserɛ so ha. 34 Esiane sɛ akwansrafoɔ no tenaa asase no so adaduanan no enti, ɛsɛ sɛ mo nso mokyinkyini ɛserɛ no so mfeɛ aduanan a afe biara gyina hɔ ma ɛda koro a ɛyɛ mo bɔne so akatua. Sɛ meyɛ obi ɔtamfoɔ a mobɛhunu sɛdeɛ ɛteɛ.’ 35 Me, AWURADE, na makasa. Mo mu biara a wayɛ dɔm atia me no bɛwu wɔ ɛserɛ so ha.” 36 Akwansrafoɔ edu no a wɔbɔɔ nnipa no hu ma wɔyɛɛ dɔm tiaa AWURADE no, 37 wɔkunkumm wɔn wɔ AWURADE anim. 38 Akwansrafoɔ no nyinaa, Kaleb ne Yosua nko ara na wɔtenaa ase. 39 Mose kɔkaa nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no no, wɔn nyinaa werɛ hoeɛ. 40 Wɔsɔree anɔpahema sɛ wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔkaa sɛ, “Yɛahunu sɛ yɛayɛ bɔne, nanso, yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ asase a AWURADE hyɛɛ yɛn ho bɔ no so.” 41 Nanso, Mose kaa sɛ, “Aka akyi. Afei, morebu AWURADE asɛm a ɔkaa sɛ monsane nkɔ ɛserɛ so no so. 42 Monnkɔ sɛdeɛ moasusu no, anyɛ saa a, atamfoɔ no bɛdi mo so, ɛfiri sɛ, AWURADE nni mo afa. 43 Mo werɛ afiri sɛ Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ hɔ? Moapa AWURADE enti ɔno nso bɛpa mo.” 44 Nanso, wɔtoaa so foro kɔɔ bepɔ no so a ɛmfa wɔn ho sɛ AWURADE adaka no ne Mose mu biara amfiri atenaeɛ hɔ. 45 Afei, Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no so no siane baa fam bɛto hyɛɛ wɔn so boroo wɔn ara kɔsii Horma.

In Other Versions

Numbers 14 in the ANGEFD

Numbers 14 in the ANTPNG2D

Numbers 14 in the AS21

Numbers 14 in the BAGH

Numbers 14 in the BBPNG

Numbers 14 in the BBT1E

Numbers 14 in the BDS

Numbers 14 in the BEV

Numbers 14 in the BHAD

Numbers 14 in the BIB

Numbers 14 in the BLPT

Numbers 14 in the BNT

Numbers 14 in the BNTABOOT

Numbers 14 in the BNTLV

Numbers 14 in the BOATCB2

Numbers 14 in the BOBCV

Numbers 14 in the BOCNT

Numbers 14 in the BOECS

Numbers 14 in the BOGWICC

Numbers 14 in the BOHCB

Numbers 14 in the BOHCV

Numbers 14 in the BOHLNT

Numbers 14 in the BOHNTLTAL

Numbers 14 in the BOICB

Numbers 14 in the BOILNTAP

Numbers 14 in the BOITCV

Numbers 14 in the BOKCV

Numbers 14 in the BOKCV2

Numbers 14 in the BOKHWOG

Numbers 14 in the BOKSSV

Numbers 14 in the BOLCB

Numbers 14 in the BOLCB2

Numbers 14 in the BOMCV

Numbers 14 in the BONAV

Numbers 14 in the BONCB

Numbers 14 in the BONLT

Numbers 14 in the BONUT2

Numbers 14 in the BOPLNT

Numbers 14 in the BOSCB

Numbers 14 in the BOSNC

Numbers 14 in the BOTLNT

Numbers 14 in the BOVCB

Numbers 14 in the BOYCB

Numbers 14 in the BPBB

Numbers 14 in the BPH

Numbers 14 in the BSB

Numbers 14 in the CCB

Numbers 14 in the CUV

Numbers 14 in the CUVS

Numbers 14 in the DBT

Numbers 14 in the DGDNT

Numbers 14 in the DHNT

Numbers 14 in the DNT

Numbers 14 in the ELBE

Numbers 14 in the EMTV

Numbers 14 in the ESV

Numbers 14 in the FBV

Numbers 14 in the FEB

Numbers 14 in the GGMNT

Numbers 14 in the GNT

Numbers 14 in the HARY

Numbers 14 in the HNT

Numbers 14 in the IRVA

Numbers 14 in the IRVB

Numbers 14 in the IRVG

Numbers 14 in the IRVH

Numbers 14 in the IRVK

Numbers 14 in the IRVM

Numbers 14 in the IRVM2

Numbers 14 in the IRVO

Numbers 14 in the IRVP

Numbers 14 in the IRVT

Numbers 14 in the IRVT2

Numbers 14 in the IRVU

Numbers 14 in the ISVN

Numbers 14 in the JSNT

Numbers 14 in the KAPI

Numbers 14 in the KBT1ETNIK

Numbers 14 in the KBV

Numbers 14 in the KJV

Numbers 14 in the KNFD

Numbers 14 in the LBA

Numbers 14 in the LBLA

Numbers 14 in the LNT

Numbers 14 in the LSV

Numbers 14 in the MAAL

Numbers 14 in the MBV

Numbers 14 in the MBV2

Numbers 14 in the MHNT

Numbers 14 in the MKNFD

Numbers 14 in the MNG

Numbers 14 in the MNT

Numbers 14 in the MNT2

Numbers 14 in the MRS1T

Numbers 14 in the NAA

Numbers 14 in the NASB

Numbers 14 in the NBLA

Numbers 14 in the NBS

Numbers 14 in the NBVTP

Numbers 14 in the NET2

Numbers 14 in the NIV11

Numbers 14 in the NNT

Numbers 14 in the NNT2

Numbers 14 in the NNT3

Numbers 14 in the PDDPT

Numbers 14 in the PFNT

Numbers 14 in the RMNT

Numbers 14 in the SBIAS

Numbers 14 in the SBIBS

Numbers 14 in the SBIBS2

Numbers 14 in the SBICS

Numbers 14 in the SBIDS

Numbers 14 in the SBIGS

Numbers 14 in the SBIHS

Numbers 14 in the SBIIS

Numbers 14 in the SBIIS2

Numbers 14 in the SBIIS3

Numbers 14 in the SBIKS

Numbers 14 in the SBIKS2

Numbers 14 in the SBIMS

Numbers 14 in the SBIOS

Numbers 14 in the SBIPS

Numbers 14 in the SBISS

Numbers 14 in the SBITS

Numbers 14 in the SBITS2

Numbers 14 in the SBITS3

Numbers 14 in the SBITS4

Numbers 14 in the SBIUS

Numbers 14 in the SBIVS

Numbers 14 in the SBT

Numbers 14 in the SBT1E

Numbers 14 in the SCHL

Numbers 14 in the SNT

Numbers 14 in the SUSU

Numbers 14 in the SUSU2

Numbers 14 in the SYNO

Numbers 14 in the TBIAOTANT

Numbers 14 in the TBT1E

Numbers 14 in the TBT1E2

Numbers 14 in the TFTIP

Numbers 14 in the TFTU

Numbers 14 in the TGNTATF3T

Numbers 14 in the THAI

Numbers 14 in the TNFD

Numbers 14 in the TNT

Numbers 14 in the TNTIK

Numbers 14 in the TNTIL

Numbers 14 in the TNTIN

Numbers 14 in the TNTIP

Numbers 14 in the TNTIZ

Numbers 14 in the TOMA

Numbers 14 in the TTENT

Numbers 14 in the UBG

Numbers 14 in the UGV

Numbers 14 in the UGV2

Numbers 14 in the UGV3

Numbers 14 in the VBL

Numbers 14 in the VDCC

Numbers 14 in the YALU

Numbers 14 in the YAPE

Numbers 14 in the YBVTP

Numbers 14 in the ZBP