1 Chronicles 12 (BOATCB2)

1 Bere a Dawid guan fii Kis babarima Saulo anim kohintaw wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔm no. Na wɔka dɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodi mu no ho. 2 Na wɔn nyinaa yɛ agyantowfo antoamfomfo. Na wotumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa tow agyan ne ahwimmo. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafo a wofi Benyamin abusuakuw mu. 3 Na nea otua wɔn ano yɛ Semaia a ofi Gibea no babarima Ahieser. Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabediakyiri. Eyinom ne dɔmmarima no nkae:Asmawet mmabarima Yesiel ne Pelet;Beraka ne Yehu a wofi Anatot; 4 Ismaia a ofi Gibeon, ɔkofo kɛse ne ntuanoni wɔ Aduasa no mu;Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Yosabad a wofi Gedera; 5 Elusai, Yerimot, Bealia, Semaria, ne Sefatia a ofi Harif; 6 Elkana, Yesia, Asarel, Yoeser, Yasobeam a wɔyɛ Korafo; 7 Yoela, Sebadia, Yeroham mmabarima a wofi Gedor. 8 Gadfo akofo akokodurufo bi a wɔakwadaw akodi mu guan kɔɔ Dawid afa bere a na ɔwɔ aguaabɔ mu wɔ sare so no. Na wɔyɛ nimdefo wɔ nkatabo ne peaw akodi mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔw so atwe. 9 Eser na na otua wɔn ano.Obadia yɛ abediakyiri.Eliab na ɔto so abiɛsa. 10 Nea ɔto so anan ne Mismana.Nea ɔto so anum ne Yeremia. 11 Atai to so asia, Eliel to so ason. 12 Yohanan to so awotwe, Elsabad to so akron. 13 Yeremia to so du, Makbanai to so dubaako. 14 Saa dɔmmarima a wofi Gad yi yɛ asahene. Nea ɔnyɛ den koraa no, otumi ne asraafo ɔha ko, na nea ɔyɛ den no tumi ne asraafo apem ko. 15 Afe no mfiase a Asubɔnten Yordan ayiri no, wotwa kɔpam nnipa a wɔtete tataw so wɔ nʼapuei ne nʼatɔe konkɔn so nyinaa fii hɔ. 16 Afoforo a wofi Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ hintabea hɔ. 17 Dawid kohyiaa wɔn kae se, “Sɛ moaba asomdwoe so sɛ morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo. Na sɛ moaba sɛ morebeyi me ama mʼatamfo wɔ bere a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Nyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn.” 18 Na honhom no sii Amasai a akyiri no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panyin no so, na ɔkae se,“Yɛyɛ wo dea, Dawid!Yɛwɔ wʼafa, Yisai ba;Asomdwoe ne nkɔso nyɛ wo kyɛfana wʼaboafo nyinaa nya nkɔso,efisɛ wo Nyankopɔn ne nea ɔboa wo.”Enti Dawid ma wɔbɛkaa ne ho, na ɔyɛɛ wɔn mpanyimfo wɔ nʼakofo mu. 19 Manase mmarima no bi tew wɔn ho kɔdɔm Dawid, bere a na ɔne Filistifo no rekɔko atia Saulo no. Nanso asɛm no ani dan a Filistifo ntuanofo ampene so sɛ Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ. Wodwinnwen ho ara no, wɔma wɔsan wɔn akyi kae se, “Sɛ Dawid dan nʼani kɔ Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde betwa so.” 20 Manase mmarima a wɔtew wɔn ho kɔɔ Dawid afa, bere a na ɔresan akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai. Na wɔn mu biara da asraafo apem ano. 21 Wɔboaa Dawid ma ɔtaa afowfo no, efisɛ na wɔyɛ akokodurufo ne akofo akɛse a wɔbɛyɛɛ asahene wɔ nʼakofo mu. 22 Adekyee biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kosii sɛ onyaa asraafodɔm a ɛso te sɛ Onyankopɔn de. 23 Eyinom ne akofo akɛse dodow a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di hene, sɛnea AWURADE ahyɛ ato hɔ no. 24 Akofo akɛse a wofi Yuda abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem asia ne ahanwɔtwe a wokurakura nkatabo ne mpeaw. 25 Akofo akɛse a wofi Simeon abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem ason ne ɔha. 26 Asraafo a na wofi Lewi abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem anan ne ahansia. 27 Na Yehoiada a otua Aaron abusua no ano no wɔ asraafo mpem abiɛsa ne ahanson a wɔhyɛ nʼase. 28 Saa ara nso na na Sadok, ɔbabun ɔkofo kɛse ne nʼabusuafo aduonu abien a wɔn nyinaa yɛ asraafo mpanyimfo ka ho. 29 Akofo akɛse a wofi Benyamin abusuakuw mu a wɔyɛ Saulo abusuafo no, na wɔn dodow yɛ mpem abiɛsa (3,000). Na Benyaminfo no mu fa kɛse no taa Saulo akyi ara. 30 Akofo akɛse a wofi Efraim abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu ne ahanwɔtwe (20,800) a wɔn mu biara agye din wɔ nʼabusua mu. 31 Manase abusuakuw fa a na ɛwɔ Yordan atɔe fam no nso, wotuu mmarima mpem dunwɔtwe (18,000) a wɔn botae ara ne sɛ wɔbɛboaa Dawid ma wadi hene. 32 Ntuanofo a wofi Isakar abusuakuw mu ne wɔn abusuafo dodow yɛ ahannu. Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa bere no ase, na wonim ɔkwan pa a eye ma Israel nso. 33 Akofo a wɔakwadaw akodi mu a wofi Sebulon abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonum (50,000). Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodi, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn. 34 Wɔn a wofi Naftali abusuakuw mu no yɛ asraafo mpanyimfo apem (1,000) ne akofo akɛse mpem aduasa ason (37,000) a wokurakura nkatabo ne mpeaw. 35 Akofo a wofi Dan abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu awotwe ne ahansia (28,600) a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. 36 Akofo akɛse a wɔatetew wɔn yiye a wofi Aser abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduanan (40,000) a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko. 37 Ruben, Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apuei fam no maa asraafo mpem ɔha ne aduonu (120,000) a wɔwɔ akode ahorow nyinaa. 38 Saa asraafo yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botae ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene. Nokware, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn hene. 39 Wɔne Dawid didi nomee nnansa, efisɛ na wɔn abusuafo no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn kwan. 40 Nnipa bi a wofi akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuan tenaa wɔn mfurum, yoma ne anantwi so bae. Wɔde asikresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsa, ngo, anantwi ne nguan bebree baa afahyɛ no ase. Anigye a enni kabea baa Israel asase so.

In Other Versions

1 Chronicles 12 in the ANGEFD

1 Chronicles 12 in the ANTPNG2D

1 Chronicles 12 in the AS21

1 Chronicles 12 in the BAGH

1 Chronicles 12 in the BBPNG

1 Chronicles 12 in the BBT1E

1 Chronicles 12 in the BDS

1 Chronicles 12 in the BEV

1 Chronicles 12 in the BHAD

1 Chronicles 12 in the BIB

1 Chronicles 12 in the BLPT

1 Chronicles 12 in the BNT

1 Chronicles 12 in the BNTABOOT

1 Chronicles 12 in the BNTLV

1 Chronicles 12 in the BOATCB

1 Chronicles 12 in the BOBCV

1 Chronicles 12 in the BOCNT

1 Chronicles 12 in the BOECS

1 Chronicles 12 in the BOGWICC

1 Chronicles 12 in the BOHCB

1 Chronicles 12 in the BOHCV

1 Chronicles 12 in the BOHLNT

1 Chronicles 12 in the BOHNTLTAL

1 Chronicles 12 in the BOICB

1 Chronicles 12 in the BOILNTAP

1 Chronicles 12 in the BOITCV

1 Chronicles 12 in the BOKCV

1 Chronicles 12 in the BOKCV2

1 Chronicles 12 in the BOKHWOG

1 Chronicles 12 in the BOKSSV

1 Chronicles 12 in the BOLCB

1 Chronicles 12 in the BOLCB2

1 Chronicles 12 in the BOMCV

1 Chronicles 12 in the BONAV

1 Chronicles 12 in the BONCB

1 Chronicles 12 in the BONLT

1 Chronicles 12 in the BONUT2

1 Chronicles 12 in the BOPLNT

1 Chronicles 12 in the BOSCB

1 Chronicles 12 in the BOSNC

1 Chronicles 12 in the BOTLNT

1 Chronicles 12 in the BOVCB

1 Chronicles 12 in the BOYCB

1 Chronicles 12 in the BPBB

1 Chronicles 12 in the BPH

1 Chronicles 12 in the BSB

1 Chronicles 12 in the CCB

1 Chronicles 12 in the CUV

1 Chronicles 12 in the CUVS

1 Chronicles 12 in the DBT

1 Chronicles 12 in the DGDNT

1 Chronicles 12 in the DHNT

1 Chronicles 12 in the DNT

1 Chronicles 12 in the ELBE

1 Chronicles 12 in the EMTV

1 Chronicles 12 in the ESV

1 Chronicles 12 in the FBV

1 Chronicles 12 in the FEB

1 Chronicles 12 in the GGMNT

1 Chronicles 12 in the GNT

1 Chronicles 12 in the HARY

1 Chronicles 12 in the HNT

1 Chronicles 12 in the IRVA

1 Chronicles 12 in the IRVB

1 Chronicles 12 in the IRVG

1 Chronicles 12 in the IRVH

1 Chronicles 12 in the IRVK

1 Chronicles 12 in the IRVM

1 Chronicles 12 in the IRVM2

1 Chronicles 12 in the IRVO

1 Chronicles 12 in the IRVP

1 Chronicles 12 in the IRVT

1 Chronicles 12 in the IRVT2

1 Chronicles 12 in the IRVU

1 Chronicles 12 in the ISVN

1 Chronicles 12 in the JSNT

1 Chronicles 12 in the KAPI

1 Chronicles 12 in the KBT1ETNIK

1 Chronicles 12 in the KBV

1 Chronicles 12 in the KJV

1 Chronicles 12 in the KNFD

1 Chronicles 12 in the LBA

1 Chronicles 12 in the LBLA

1 Chronicles 12 in the LNT

1 Chronicles 12 in the LSV

1 Chronicles 12 in the MAAL

1 Chronicles 12 in the MBV

1 Chronicles 12 in the MBV2

1 Chronicles 12 in the MHNT

1 Chronicles 12 in the MKNFD

1 Chronicles 12 in the MNG

1 Chronicles 12 in the MNT

1 Chronicles 12 in the MNT2

1 Chronicles 12 in the MRS1T

1 Chronicles 12 in the NAA

1 Chronicles 12 in the NASB

1 Chronicles 12 in the NBLA

1 Chronicles 12 in the NBS

1 Chronicles 12 in the NBVTP

1 Chronicles 12 in the NET2

1 Chronicles 12 in the NIV11

1 Chronicles 12 in the NNT

1 Chronicles 12 in the NNT2

1 Chronicles 12 in the NNT3

1 Chronicles 12 in the PDDPT

1 Chronicles 12 in the PFNT

1 Chronicles 12 in the RMNT

1 Chronicles 12 in the SBIAS

1 Chronicles 12 in the SBIBS

1 Chronicles 12 in the SBIBS2

1 Chronicles 12 in the SBICS

1 Chronicles 12 in the SBIDS

1 Chronicles 12 in the SBIGS

1 Chronicles 12 in the SBIHS

1 Chronicles 12 in the SBIIS

1 Chronicles 12 in the SBIIS2

1 Chronicles 12 in the SBIIS3

1 Chronicles 12 in the SBIKS

1 Chronicles 12 in the SBIKS2

1 Chronicles 12 in the SBIMS

1 Chronicles 12 in the SBIOS

1 Chronicles 12 in the SBIPS

1 Chronicles 12 in the SBISS

1 Chronicles 12 in the SBITS

1 Chronicles 12 in the SBITS2

1 Chronicles 12 in the SBITS3

1 Chronicles 12 in the SBITS4

1 Chronicles 12 in the SBIUS

1 Chronicles 12 in the SBIVS

1 Chronicles 12 in the SBT

1 Chronicles 12 in the SBT1E

1 Chronicles 12 in the SCHL

1 Chronicles 12 in the SNT

1 Chronicles 12 in the SUSU

1 Chronicles 12 in the SUSU2

1 Chronicles 12 in the SYNO

1 Chronicles 12 in the TBIAOTANT

1 Chronicles 12 in the TBT1E

1 Chronicles 12 in the TBT1E2

1 Chronicles 12 in the TFTIP

1 Chronicles 12 in the TFTU

1 Chronicles 12 in the TGNTATF3T

1 Chronicles 12 in the THAI

1 Chronicles 12 in the TNFD

1 Chronicles 12 in the TNT

1 Chronicles 12 in the TNTIK

1 Chronicles 12 in the TNTIL

1 Chronicles 12 in the TNTIN

1 Chronicles 12 in the TNTIP

1 Chronicles 12 in the TNTIZ

1 Chronicles 12 in the TOMA

1 Chronicles 12 in the TTENT

1 Chronicles 12 in the UBG

1 Chronicles 12 in the UGV

1 Chronicles 12 in the UGV2

1 Chronicles 12 in the UGV3

1 Chronicles 12 in the VBL

1 Chronicles 12 in the VDCC

1 Chronicles 12 in the YALU

1 Chronicles 12 in the YAPE

1 Chronicles 12 in the YBVTP

1 Chronicles 12 in the ZBP