2 Chronicles 9 (BOATCB2)

1 Bere a Seba hemmea tee Salomo nka no, ɔbaa Yerusalem sɛ ɔde nsɛm a anoyi yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Ɔne nʼasomfo bebree, yoma pii a wɔahyehyɛ nnuhuam, sikakɔkɔɔ bebree ne mpempranne wɔ wɔn so na ɛbae. 2 Ohyiaa Salomo no, wodii biribiara a enti ɔbaa saa nsrahwɛ no ho nkɔmmɔ, maa Salomo yii ne nsɛmmisa nyinaa ano sɛnea ɛsɛ. 3 Bere a Sebahemmea huu sɛnea Salomo adwene mu dɔ, ne ahemfi a wasi no, 4 ne ho dwiriw no. Ohuu nnuan a esisi ne didipon so no, sɛnea watoto nʼadwumayɛfo ne ntade fɛɛfɛ a wɔhyehyɛ, kuruwakurafo ne wɔn ntade yuu ne ɔhyew afɔre a Salomo abɔ wɔ AWURADE Asɔredan mu no, ɛyɛɛ no nwonwa. 5 Ofi ahodwiriw mu ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Biribiara a metee wɔ me kurom a ɛfa nea woatumi ayɛ ne wo nyansa ho no yɛ nokware. 6 Mannye anni kosii sɛ mʼankasa mebaa ha de mʼani kann abehu. Nokware, mante emu fa mpo. Wo nyansa no boro nea wɔka kyerɛɛ me no so koraa. 7 Migye di sɛ ɛsɛ sɛ wo nkurɔfo yi ani gye! Ɛyɛ adom ma wʼadwumayɛfo yi sɛ wotumi bɛn wo adekyee biara na wotie wo nyansasɛm. 8 AWURADE, wo Nyankopɔn yɛ ɔkɛse ampa. Nʼani gye wo ho nti, ɔde wo asi ahengua so sɛ di hene ma no. Efisɛ Onyankopɔn pɛ Israel asɛm dodo, na ɔpɛ sɛ saa ahenni yi tena afebɔɔ; wasi wo hene sɛnea wode nokware ne atɛntrenee bebu ɔman no.” 9 Afei, ɔmaa ɔhene no sikakɔkɔɔ akyɛde a ɛkari tɔn 4 ne nnuhuam pii ne aboɔden mpempranne. Seba hemmea nnuhuam a ɔde maa Salomo no so bi mmaa da. 10 Bere a Huram hyɛn mufo ne Salomo nkurɔfo de sikakɔkɔɔ fi Ofir bae no, wɔde ɔbako nnua pa bebree ne mpempranne kaa ho bae. 11 Ɔhene no de ɔbako nnua no yɛɛ AWURADE Asɔredan ne ahemfi no atrapoe. Ɔde bi nso yɛɛ asankuten ne mmɛnta maa nnwom ho nimdefo no. Na saa nnwontode no so bi mmaa da wɔ Yuda. 12 Biribiara a Seba hemmea bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no. Na ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo pa ara, na ɛboro nea ɔhemmea de brɛɛ no no so. Afei, ɔhemmea no ne nʼasomfo no san kɔɔ wɔn ankasa asase so. 13 Afe biara, na sikakɔkɔɔ a ɛba Salomo nsam no yɛ tɔn aduonu anum. 14 Na sika a onya fi aguadifo nkyɛn no nka eyi ho. Na Arabia ahemfo nyinaa ne amradofo a wɔwɔ asase no so nyinaa brɛ Salomo sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. 15 Ɔhene Salomo ma wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahannu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram ason. 16 Ɔsan yɛɛ sikakɔkɔɔ nkatabo nketewa ahaasa a wɔde asae aboro a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram abiɛsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa nkatabo no wɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu. 17 Afei, ɔhene no de asonse yɛɛ ahengua kɛse bi, na ɔde sikakɔkɔɔ ankasa guu ho. 18 Na ahengua no wɔ atrapoe asia a wɔde sikakɔkɔɔ ntiasode afam ho. Ahengua no wɔ nsa wɔ benkum. Ne nifa na gyata sɛso nso gyinagyina afa ne fa wɔ ahengua no ho. 19 Salomo san yɛɛ gyata sɛso dumien a ɔbaako biara gyina atrapoe ntiaso asia no mu biara benkum ne nifa. Ahengua biara nni wiase a wobetumi de atoto Salomo de no ho. 20 Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ na wɔde yɛe. Saa ara na nneɛma ahorow a ɛwɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu no nso te. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, efisɛ Salomo bere so no, na wobu dwetɛ ade teta bi. 21 Na ɔhene no wɔ aguadi ahyɛn a emu adwumayɛfo yɛ Huram asomfo. Mfe abiɛsa biara, ahyɛn no ba a, wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nsoroboa ne asibe brɛ ɔhene no. 22 Enti ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefo ne onyansafo sen ɔhene biara wɔ asase so nyinaa. 23 Ahemfo fifi aman nyinaa so bɛsraa no, tiee ne nyansasɛm a Onyankopɔn de adom no no bi. 24 Afe biara, obiara a ɔbɛba abɛsra no no, ɔbrɛ no akyɛde te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntade, akode, nnuhuam, apɔnkɔ ne funumpɔnkɔ. 25 Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem anan a ne nteaseɛnam apɔnkɔ da mu ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde mu fa kɛse no kɔɔ nkurow a ne nteaseɛnam wɔ mu, na ɔmaa bi nso bɛn no wɔ Yerusalem. 26 Odii hene bunkam faa ahemfo nyinaa so, fi Asubɔnten Eufrate ano de kosi Filistifo asase ne Misraim hye so. 27 Ɔhene no maa dwetɛ buu so ma ɛyɛɛ sɛ abo wɔ Yerusalem. Sida nnua nso, onya ma ebuu ne so te sɛ ankye nnua a enyin wɔ Yuda mmepɔw ase no. 28 Na wɔtɔ Salomo apɔnkɔ fi Misraim ne aman ahorow bebree so. 29 Salomo ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔankyerɛw angu odiyifo Natan nhoma, Ahiya a ofi Silon adiyisɛm ne nhumuni Ido anisoadehu a ɛfa Nebat babarima Yeroboam ho no mu ana? 30 Salomo tenaa Yerusalem dii Israel nyinaa so hene mfirihyia aduanan. 31 Owui no, wosiee no wɔ nʼagya Dawid kurom. Ne babarima Rehoboam na odii nʼade sɛ ɔhene.

In Other Versions

2 Chronicles 9 in the ANGEFD

2 Chronicles 9 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 9 in the AS21

2 Chronicles 9 in the BAGH

2 Chronicles 9 in the BBPNG

2 Chronicles 9 in the BBT1E

2 Chronicles 9 in the BDS

2 Chronicles 9 in the BEV

2 Chronicles 9 in the BHAD

2 Chronicles 9 in the BIB

2 Chronicles 9 in the BLPT

2 Chronicles 9 in the BNT

2 Chronicles 9 in the BNTABOOT

2 Chronicles 9 in the BNTLV

2 Chronicles 9 in the BOATCB

2 Chronicles 9 in the BOBCV

2 Chronicles 9 in the BOCNT

2 Chronicles 9 in the BOECS

2 Chronicles 9 in the BOGWICC

2 Chronicles 9 in the BOHCB

2 Chronicles 9 in the BOHCV

2 Chronicles 9 in the BOHLNT

2 Chronicles 9 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 9 in the BOICB

2 Chronicles 9 in the BOILNTAP

2 Chronicles 9 in the BOITCV

2 Chronicles 9 in the BOKCV

2 Chronicles 9 in the BOKCV2

2 Chronicles 9 in the BOKHWOG

2 Chronicles 9 in the BOKSSV

2 Chronicles 9 in the BOLCB

2 Chronicles 9 in the BOLCB2

2 Chronicles 9 in the BOMCV

2 Chronicles 9 in the BONAV

2 Chronicles 9 in the BONCB

2 Chronicles 9 in the BONLT

2 Chronicles 9 in the BONUT2

2 Chronicles 9 in the BOPLNT

2 Chronicles 9 in the BOSCB

2 Chronicles 9 in the BOSNC

2 Chronicles 9 in the BOTLNT

2 Chronicles 9 in the BOVCB

2 Chronicles 9 in the BOYCB

2 Chronicles 9 in the BPBB

2 Chronicles 9 in the BPH

2 Chronicles 9 in the BSB

2 Chronicles 9 in the CCB

2 Chronicles 9 in the CUV

2 Chronicles 9 in the CUVS

2 Chronicles 9 in the DBT

2 Chronicles 9 in the DGDNT

2 Chronicles 9 in the DHNT

2 Chronicles 9 in the DNT

2 Chronicles 9 in the ELBE

2 Chronicles 9 in the EMTV

2 Chronicles 9 in the ESV

2 Chronicles 9 in the FBV

2 Chronicles 9 in the FEB

2 Chronicles 9 in the GGMNT

2 Chronicles 9 in the GNT

2 Chronicles 9 in the HARY

2 Chronicles 9 in the HNT

2 Chronicles 9 in the IRVA

2 Chronicles 9 in the IRVB

2 Chronicles 9 in the IRVG

2 Chronicles 9 in the IRVH

2 Chronicles 9 in the IRVK

2 Chronicles 9 in the IRVM

2 Chronicles 9 in the IRVM2

2 Chronicles 9 in the IRVO

2 Chronicles 9 in the IRVP

2 Chronicles 9 in the IRVT

2 Chronicles 9 in the IRVT2

2 Chronicles 9 in the IRVU

2 Chronicles 9 in the ISVN

2 Chronicles 9 in the JSNT

2 Chronicles 9 in the KAPI

2 Chronicles 9 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 9 in the KBV

2 Chronicles 9 in the KJV

2 Chronicles 9 in the KNFD

2 Chronicles 9 in the LBA

2 Chronicles 9 in the LBLA

2 Chronicles 9 in the LNT

2 Chronicles 9 in the LSV

2 Chronicles 9 in the MAAL

2 Chronicles 9 in the MBV

2 Chronicles 9 in the MBV2

2 Chronicles 9 in the MHNT

2 Chronicles 9 in the MKNFD

2 Chronicles 9 in the MNG

2 Chronicles 9 in the MNT

2 Chronicles 9 in the MNT2

2 Chronicles 9 in the MRS1T

2 Chronicles 9 in the NAA

2 Chronicles 9 in the NASB

2 Chronicles 9 in the NBLA

2 Chronicles 9 in the NBS

2 Chronicles 9 in the NBVTP

2 Chronicles 9 in the NET2

2 Chronicles 9 in the NIV11

2 Chronicles 9 in the NNT

2 Chronicles 9 in the NNT2

2 Chronicles 9 in the NNT3

2 Chronicles 9 in the PDDPT

2 Chronicles 9 in the PFNT

2 Chronicles 9 in the RMNT

2 Chronicles 9 in the SBIAS

2 Chronicles 9 in the SBIBS

2 Chronicles 9 in the SBIBS2

2 Chronicles 9 in the SBICS

2 Chronicles 9 in the SBIDS

2 Chronicles 9 in the SBIGS

2 Chronicles 9 in the SBIHS

2 Chronicles 9 in the SBIIS

2 Chronicles 9 in the SBIIS2

2 Chronicles 9 in the SBIIS3

2 Chronicles 9 in the SBIKS

2 Chronicles 9 in the SBIKS2

2 Chronicles 9 in the SBIMS

2 Chronicles 9 in the SBIOS

2 Chronicles 9 in the SBIPS

2 Chronicles 9 in the SBISS

2 Chronicles 9 in the SBITS

2 Chronicles 9 in the SBITS2

2 Chronicles 9 in the SBITS3

2 Chronicles 9 in the SBITS4

2 Chronicles 9 in the SBIUS

2 Chronicles 9 in the SBIVS

2 Chronicles 9 in the SBT

2 Chronicles 9 in the SBT1E

2 Chronicles 9 in the SCHL

2 Chronicles 9 in the SNT

2 Chronicles 9 in the SUSU

2 Chronicles 9 in the SUSU2

2 Chronicles 9 in the SYNO

2 Chronicles 9 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 9 in the TBT1E

2 Chronicles 9 in the TBT1E2

2 Chronicles 9 in the TFTIP

2 Chronicles 9 in the TFTU

2 Chronicles 9 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 9 in the THAI

2 Chronicles 9 in the TNFD

2 Chronicles 9 in the TNT

2 Chronicles 9 in the TNTIK

2 Chronicles 9 in the TNTIL

2 Chronicles 9 in the TNTIN

2 Chronicles 9 in the TNTIP

2 Chronicles 9 in the TNTIZ

2 Chronicles 9 in the TOMA

2 Chronicles 9 in the TTENT

2 Chronicles 9 in the UBG

2 Chronicles 9 in the UGV

2 Chronicles 9 in the UGV2

2 Chronicles 9 in the UGV3

2 Chronicles 9 in the VBL

2 Chronicles 9 in the VDCC

2 Chronicles 9 in the YALU

2 Chronicles 9 in the YAPE

2 Chronicles 9 in the YBVTP

2 Chronicles 9 in the ZBP