2 Kings 2 (BOATCB2)
1 Bere a AWURADE pɛɛ sɛ ɔnam ahum so fa Elia kɔ soro no, na Elia ne Elisa nam Gilgal kwan so. 2 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha na AWURADE aka akyerɛ me se, menkɔ Bet-El.” Na Elisa buae se, “Mmere dodow a AWURADE te ase, na wo nso wote ase no, merennyaw wo da.” Enti wɔnantew kɔɔ Bet-El. 3 Adiyifo kuw a wofi Bet-El no baa Elisa nkyɛn bebisaa no se, “Na wunim sɛ AWURADE rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn nnɛ?”Elisa buae se, “Yiw, minim saa. Enti monyɛ komm.” 4 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha, na AWURADE aka akyerɛ me se, menkɔ Yeriko.”Nanso Elisa buaa bio se, “Mmere dodow a AWURADE te ase, na wo nso wote ase yi, merennyaw wo da.” Enti wɔnantew kɔɔ Yeriko. 5 Na adiyifo kuw a wofi Yeriko baa Elisa nkyɛn bebisaa no se, “Na wunim sɛ AWURADE rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn nnɛ ana?”Obuaa bio se, “Yiw, minim. Enti monyɛ komm.” 6 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha, na AWURADE aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Asubɔnten Yordan ho.”Nanso, Elisa buaa bio se, “Mmere dodow a AWURADE te ase, na wo nso wote ase yi, merennyaw wo.” Enti wɔtoaa so kɔe. 7 Mmarima aduonum fi adiyifo kuw no mu nso kɔ kogyinaa akyirikyiri baabi, de wɔn ani kyerɛɛ faako a na Elia ne Elisa gyina wɔ Asubɔnten Yordan ho hɔ no. 8 Na Elia bobɔw nʼatade, de bɔɔ nsu no ani. Nsu no mu kyɛɛ abien, ma wɔfaa asase kesee so twae. 9 Wotwa wiei no, Elia bisaa Elisa se, “Dɛn na menyɛ mma wo ansa na wɔahwim me akɔ?”Na Elisa buae se, “Mesrɛ wo, ma minnya wo honhom tumi no mmɔho.” 10 Elia kae se, “Woabisa ade a ne yɛ yɛ den. Na sɛ wuhu sɛ wɔrefa me afi wo nkyɛn a, wo nsa bɛka wʼabisade no. Na sɛ amma saa de a, wo nsa renka.” 11 Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko pɛ, ogya teaseɛnam bae a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam tetewee, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro. 12 Elisa huruw, teɛɛ mu se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!” Na Elisa anhu no bio, Elisa suanee nʼatade mu abien. 13 Na Elisa faa Elia atade nguguso a efii ne ho gui no, na ɔsan kɔɔ Asubɔnten Yordan konkɔn no so. 14 Ɔde atade nguguso no bɔɔ asu no ani teɛɛ mu se, “AWURADE, Elia Nyankopɔn wɔ he?” Ɛhɔ ara asu no mu paee abien maa Elisa faa mu. 15 Bere a adiyifo kuw a wɔwɔ Yeriko huu asɛm a asi no, wɔteɛɛ mu se, “Elisa abedi Elia ade!” Na wokohyiaa no, kotow no. 16 Wɔkae se, “Owura, ka biribi, na yɛn mu ahoɔdenfo aduonum bekyinkyin sare no so, ahwehwɛ wo wura. Ebia na AWURADE honhom agyaa no asi bepɔw bi so anaa obon bi mu.”Elisa kae se, “Dabi, monnsoma wɔn.” 17 Nanso wɔkɔɔ so haw no ara, kosii sɛ, onhu nea ɔnyɛ ne ho, nti akyiri no ɔkaa se, “Eye, monsoma wɔn.” Enti, mmarima aduonum, de nnansa kyinkyin, hwehwɛe, nanso wɔanhu Elia. 18 Bere a wɔsan wɔn akyi no, na Elisa da so wɔ Yeriko. Obisaa wɔn se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnkɔ?” 19 Afei, Yeriko mpanyimfo kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no se, “Ɔdɛɛfo, yɛwɔ dadwen bi. Saa kurow yi dabea ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛnea wuhu no. Nanso nsu no nye, na asase no nso mma nnɔbae.” 20 Elisa kae se, “momma me nsukorade foforo a wɔde nkyene agu mu.” Na wɔde bae. 21 Afei, ɔkɔɔ asu no a kurom hɔfo no saw nom no mu, kɔtow nkyene no guu mu. Na ɔkae se, “Sɛɛ na AWURADE se: Mayɛ asu yi yiye. Ɛremma owu, na asase no bɛma ne nnɔbae.” 22 Na ampa ara, efi saa bere no, asu no ayɛ asu pa sɛnea Elisa kae no. 23 Elisa fii Yeriko kɔɔ Bet-El. Ɔrekɔ no, mmarimaa bi a wofi kurow no mu dii ne ho fɛw, serew no se, “Tipae, foro kɔ ɛ! Tipae, foro kɔ ɛ!” 24 Elisa dan ne ho hwɛɛ wɔn na ɔde AWURADE din domee wɔn. Na sisi abien pue fii wuram, bekunkum wɔn mu aduanan abien. 25 Elisa fii hɔ no, ɔkɔɔ bepɔw Karmel so, na ofii hɔ kɔɔ Samaria.
In Other Versions
2 Kings 2 in the ANGEFD
2 Kings 2 in the ANTPNG2D
2 Kings 2 in the AS21
2 Kings 2 in the BAGH
2 Kings 2 in the BBPNG
2 Kings 2 in the BBT1E
2 Kings 2 in the BDS
2 Kings 2 in the BEV
2 Kings 2 in the BHAD
2 Kings 2 in the BIB
2 Kings 2 in the BLPT
2 Kings 2 in the BNT
2 Kings 2 in the BNTABOOT
2 Kings 2 in the BNTLV
2 Kings 2 in the BOATCB
2 Kings 2 in the BOBCV
2 Kings 2 in the BOCNT
2 Kings 2 in the BOECS
2 Kings 2 in the BOGWICC
2 Kings 2 in the BOHCB
2 Kings 2 in the BOHCV
2 Kings 2 in the BOHLNT
2 Kings 2 in the BOHNTLTAL
2 Kings 2 in the BOICB
2 Kings 2 in the BOILNTAP
2 Kings 2 in the BOITCV
2 Kings 2 in the BOKCV
2 Kings 2 in the BOKCV2
2 Kings 2 in the BOKHWOG
2 Kings 2 in the BOKSSV
2 Kings 2 in the BOLCB
2 Kings 2 in the BOLCB2
2 Kings 2 in the BOMCV
2 Kings 2 in the BONAV
2 Kings 2 in the BONCB
2 Kings 2 in the BONLT
2 Kings 2 in the BONUT2
2 Kings 2 in the BOPLNT
2 Kings 2 in the BOSCB
2 Kings 2 in the BOSNC
2 Kings 2 in the BOTLNT
2 Kings 2 in the BOVCB
2 Kings 2 in the BOYCB
2 Kings 2 in the BPBB
2 Kings 2 in the BPH
2 Kings 2 in the BSB
2 Kings 2 in the CCB
2 Kings 2 in the CUV
2 Kings 2 in the CUVS
2 Kings 2 in the DBT
2 Kings 2 in the DGDNT
2 Kings 2 in the DHNT
2 Kings 2 in the DNT
2 Kings 2 in the ELBE
2 Kings 2 in the EMTV
2 Kings 2 in the ESV
2 Kings 2 in the FBV
2 Kings 2 in the FEB
2 Kings 2 in the GGMNT
2 Kings 2 in the GNT
2 Kings 2 in the HARY
2 Kings 2 in the HNT
2 Kings 2 in the IRVA
2 Kings 2 in the IRVB
2 Kings 2 in the IRVG
2 Kings 2 in the IRVH
2 Kings 2 in the IRVK
2 Kings 2 in the IRVM
2 Kings 2 in the IRVM2
2 Kings 2 in the IRVO
2 Kings 2 in the IRVP
2 Kings 2 in the IRVT
2 Kings 2 in the IRVT2
2 Kings 2 in the IRVU
2 Kings 2 in the ISVN
2 Kings 2 in the JSNT
2 Kings 2 in the KAPI
2 Kings 2 in the KBT1ETNIK
2 Kings 2 in the KBV
2 Kings 2 in the KJV
2 Kings 2 in the KNFD
2 Kings 2 in the LBA
2 Kings 2 in the LBLA
2 Kings 2 in the LNT
2 Kings 2 in the LSV
2 Kings 2 in the MAAL
2 Kings 2 in the MBV
2 Kings 2 in the MBV2
2 Kings 2 in the MHNT
2 Kings 2 in the MKNFD
2 Kings 2 in the MNG
2 Kings 2 in the MNT
2 Kings 2 in the MNT2
2 Kings 2 in the MRS1T
2 Kings 2 in the NAA
2 Kings 2 in the NASB
2 Kings 2 in the NBLA
2 Kings 2 in the NBS
2 Kings 2 in the NBVTP
2 Kings 2 in the NET2
2 Kings 2 in the NIV11
2 Kings 2 in the NNT
2 Kings 2 in the NNT2
2 Kings 2 in the NNT3
2 Kings 2 in the PDDPT
2 Kings 2 in the PFNT
2 Kings 2 in the RMNT
2 Kings 2 in the SBIAS
2 Kings 2 in the SBIBS
2 Kings 2 in the SBIBS2
2 Kings 2 in the SBICS
2 Kings 2 in the SBIDS
2 Kings 2 in the SBIGS
2 Kings 2 in the SBIHS
2 Kings 2 in the SBIIS
2 Kings 2 in the SBIIS2
2 Kings 2 in the SBIIS3
2 Kings 2 in the SBIKS
2 Kings 2 in the SBIKS2
2 Kings 2 in the SBIMS
2 Kings 2 in the SBIOS
2 Kings 2 in the SBIPS
2 Kings 2 in the SBISS
2 Kings 2 in the SBITS
2 Kings 2 in the SBITS2
2 Kings 2 in the SBITS3
2 Kings 2 in the SBITS4
2 Kings 2 in the SBIUS
2 Kings 2 in the SBIVS
2 Kings 2 in the SBT
2 Kings 2 in the SBT1E
2 Kings 2 in the SCHL
2 Kings 2 in the SNT
2 Kings 2 in the SUSU
2 Kings 2 in the SUSU2
2 Kings 2 in the SYNO
2 Kings 2 in the TBIAOTANT
2 Kings 2 in the TBT1E
2 Kings 2 in the TBT1E2
2 Kings 2 in the TFTIP
2 Kings 2 in the TFTU
2 Kings 2 in the TGNTATF3T
2 Kings 2 in the THAI
2 Kings 2 in the TNFD
2 Kings 2 in the TNT
2 Kings 2 in the TNTIK
2 Kings 2 in the TNTIL
2 Kings 2 in the TNTIN
2 Kings 2 in the TNTIP
2 Kings 2 in the TNTIZ
2 Kings 2 in the TOMA
2 Kings 2 in the TTENT
2 Kings 2 in the UBG
2 Kings 2 in the UGV
2 Kings 2 in the UGV2
2 Kings 2 in the UGV3
2 Kings 2 in the VBL
2 Kings 2 in the VDCC
2 Kings 2 in the YALU
2 Kings 2 in the YAPE
2 Kings 2 in the YBVTP
2 Kings 2 in the ZBP