Exodus 9 (BOATCB2)

1 AWURADE hyɛɛ Mose se, “San kɔ Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛnea AWURADE a ɔyɛ Hebrifo Nyankopɔn no se ni,’ Ma me nkurɔfo no nkɔ na wɔatumi abɔ afɔre ama me.” 2 Sɛ wampene amma wɔn ankɔ a, 3 Onyankopɔn nsa de ɔyaredɔm bɛba abekum mo apɔnkɔ, mo mfurum, mo yoma, mo anantwi, mo nguan ne mo mmirekyi nyinaa. 4 Nanso AWURADE de nsonoe bɛto Israelfo mmoa ne Misraimfo mmoa ntam. Israelfo mmoa de, ɔbaako mpo renwu. 5 AWURADE ahyɛ bere pɔtee na ɔkae se, Ɔkyena, AWURADE bɛyɛ eyi wɔ asase no so. 6 Na ade kyee no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no wuwui, nanso Israelfo no ayɛmmoa baako mpo koraa anwu. 7 Farao somaa nnipa kɔɔ Israel kɔhwɛɛ sɛ ampa ara ɛhɔ nyɛmmoa no bi anwu koraa ana. Nnipa no bɛbɔɔ Farao amanneɛ se Israelfo nyɛmmoa baako mpo koraa anwu, nanso nʼadwene ansesa. Wamma nnipa no ankɔ. 8 Enti AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Monkɔsaw nso mfi fononoo mu, na Mose ntow mpete wim wɔ Farao anim. 9 Na ɛbɛbɔ apete Misraim asase so nyinaa sɛ mfutuma ama mpɔmpɔnini abobɔ nnipa ne mmoa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa.” 10 Enti wɔkɔsaw nso fii fononoo mu de kɔɔ Farao anim, na ɔrehwɛ no, Mose tow petee wim na ɛdan mpɔmpɔnini bobɔɔ nnipa ne mmoa a wɔwɔ Misraim nyinaa. 11 Ɛbaa saa no, nkonyaayifo no antumi ne Mose anni asi, efisɛ na mpɔmpɔnini no bi asisi wɔn nyinaa. 12 Nanso Farao pirim ne koma ara, enti wantie asɛm a AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ no no. 13 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no se, Hebrifo AWURADE Nyankopɔn no se, Ma me nkurɔfo nkɔsom me, 14 anyɛ saa a, mede ɔhaw na ɛbɛto mo so na ɛno na ɛbɛma wo ne wʼadwumayɛfo ne Misraimfo nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn biara nni asase yi so ka me ho. 15 Sɛ mepɛ a anka matɔre mo nyinaa ase, anka mede ɔyaredɔm bekum mo nyinaa. 16 Nanso manyɛ no saa, efisɛ na mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo ne asase sofo nyinaa. 17 Woayɛ kyenkyenee wɔ me nkurɔfo so a ɛno nti, womma wɔnkɔ. 18 Ɔkyena saa bere yi ara mu, mɛma mparuwbo a ano yɛ den a bi ntɔɔ Misraimman mu da atɔ. 19 Ntɛm! Monka mo anantwi a mode wɔn kɔ adidi no mmra fie. Efisɛ mparuwbo no bekum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wuram no nyinaa.” 20 Misraimfo a asɛm no bɔɔ wɔn hu no de wɔn anantwi ne wɔn asomfo nyinaa baa fie. 21 Na wɔn a wɔammu AWURADE asɛm a ɔkae no gyaw wɔn anantwi ne wɔn asomfo wɔ wuram maa mparuwbo no kaa wɔn. 22 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa kyerɛ soro na ma mparuwbo no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraim nyinaa so.” 23 Enti Mose de ne nsa kyerɛɛ wim maa AWURADE maa anyinam ne aprannaa twitwae. 24 Na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu yiye. Efisɛ efi Misraim abɔse de kosi saa bere no, na aprannaa mmobɔɔ saa da. 25 Misraimman sɛee pasaa. Biribiara a ɛkaa wuram, sɛ ɛyɛ nnipa anaa mmoa no, wɔn nyinaa wuwui. Nnua nso bubu maa nnɔbae sɛesɛee. 26 Faako a mparuwbo no antɔ wɔ ɔman no mu no yɛ Gosen asase so a na Israelfo no te hɔ no. 27 Afei, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, mahu me mfomso. AWURADE di bem na me ne me nkurɔfo ayɛ bɔne ama atra so. 28 Monsrɛ AWURADE mma me, na ɔmma aprannaa ne mparuwbo dodow yi to ntwa na mɛma mo akɔ ntɛm so.” 29 Mose kae se, “Sɛ mifi kuropɔn yi mu ara pɛ a, mɛma me nsa so abɔ AWURADE mpae na aprannaa no ne mparuwbo no agyae. Eyi bɛma mo ahu sɛ AWURADE na asase nyinaa hyɛ ne nsa. 30 Nanso minim yiye sɛ wo ne wo mpanyimfo de, eyinom nyinaa akyi no, mubepirim mo koma.” 31 Aprannaa no sɛee wɔn awi ne wɔn asaawa a na ɛresow aba no nyinaa. 32 Nanso atoko ne aburow de, ansɛe, efisɛ na emfifii ɛ. 33 Enti Mose fii Farao anim wɔ kurow no mu maa ne nsa so kyerɛɛ AWURADE maa aprannaa no ne mparuwbo no ne osu no gyaee tɔ. 34 Farao ne ne mpanyimfo huu sɛ biribiara ayɛ yiye wɔ hɔ no, wɔkɔɔ so pirim wɔn koma yɛɛ bɔne de buu bɔ a wɔhyɛɛ AWURADE no so. 35 Enti Farao amma nkurɔfo no ankɔ sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ ho nkɔm kyerɛɛ Mose no.

In Other Versions

Exodus 9 in the ANGEFD

Exodus 9 in the ANTPNG2D

Exodus 9 in the AS21

Exodus 9 in the BAGH

Exodus 9 in the BBPNG

Exodus 9 in the BBT1E

Exodus 9 in the BDS

Exodus 9 in the BEV

Exodus 9 in the BHAD

Exodus 9 in the BIB

Exodus 9 in the BLPT

Exodus 9 in the BNT

Exodus 9 in the BNTABOOT

Exodus 9 in the BNTLV

Exodus 9 in the BOATCB

Exodus 9 in the BOBCV

Exodus 9 in the BOCNT

Exodus 9 in the BOECS

Exodus 9 in the BOGWICC

Exodus 9 in the BOHCB

Exodus 9 in the BOHCV

Exodus 9 in the BOHLNT

Exodus 9 in the BOHNTLTAL

Exodus 9 in the BOICB

Exodus 9 in the BOILNTAP

Exodus 9 in the BOITCV

Exodus 9 in the BOKCV

Exodus 9 in the BOKCV2

Exodus 9 in the BOKHWOG

Exodus 9 in the BOKSSV

Exodus 9 in the BOLCB

Exodus 9 in the BOLCB2

Exodus 9 in the BOMCV

Exodus 9 in the BONAV

Exodus 9 in the BONCB

Exodus 9 in the BONLT

Exodus 9 in the BONUT2

Exodus 9 in the BOPLNT

Exodus 9 in the BOSCB

Exodus 9 in the BOSNC

Exodus 9 in the BOTLNT

Exodus 9 in the BOVCB

Exodus 9 in the BOYCB

Exodus 9 in the BPBB

Exodus 9 in the BPH

Exodus 9 in the BSB

Exodus 9 in the CCB

Exodus 9 in the CUV

Exodus 9 in the CUVS

Exodus 9 in the DBT

Exodus 9 in the DGDNT

Exodus 9 in the DHNT

Exodus 9 in the DNT

Exodus 9 in the ELBE

Exodus 9 in the EMTV

Exodus 9 in the ESV

Exodus 9 in the FBV

Exodus 9 in the FEB

Exodus 9 in the GGMNT

Exodus 9 in the GNT

Exodus 9 in the HARY

Exodus 9 in the HNT

Exodus 9 in the IRVA

Exodus 9 in the IRVB

Exodus 9 in the IRVG

Exodus 9 in the IRVH

Exodus 9 in the IRVK

Exodus 9 in the IRVM

Exodus 9 in the IRVM2

Exodus 9 in the IRVO

Exodus 9 in the IRVP

Exodus 9 in the IRVT

Exodus 9 in the IRVT2

Exodus 9 in the IRVU

Exodus 9 in the ISVN

Exodus 9 in the JSNT

Exodus 9 in the KAPI

Exodus 9 in the KBT1ETNIK

Exodus 9 in the KBV

Exodus 9 in the KJV

Exodus 9 in the KNFD

Exodus 9 in the LBA

Exodus 9 in the LBLA

Exodus 9 in the LNT

Exodus 9 in the LSV

Exodus 9 in the MAAL

Exodus 9 in the MBV

Exodus 9 in the MBV2

Exodus 9 in the MHNT

Exodus 9 in the MKNFD

Exodus 9 in the MNG

Exodus 9 in the MNT

Exodus 9 in the MNT2

Exodus 9 in the MRS1T

Exodus 9 in the NAA

Exodus 9 in the NASB

Exodus 9 in the NBLA

Exodus 9 in the NBS

Exodus 9 in the NBVTP

Exodus 9 in the NET2

Exodus 9 in the NIV11

Exodus 9 in the NNT

Exodus 9 in the NNT2

Exodus 9 in the NNT3

Exodus 9 in the PDDPT

Exodus 9 in the PFNT

Exodus 9 in the RMNT

Exodus 9 in the SBIAS

Exodus 9 in the SBIBS

Exodus 9 in the SBIBS2

Exodus 9 in the SBICS

Exodus 9 in the SBIDS

Exodus 9 in the SBIGS

Exodus 9 in the SBIHS

Exodus 9 in the SBIIS

Exodus 9 in the SBIIS2

Exodus 9 in the SBIIS3

Exodus 9 in the SBIKS

Exodus 9 in the SBIKS2

Exodus 9 in the SBIMS

Exodus 9 in the SBIOS

Exodus 9 in the SBIPS

Exodus 9 in the SBISS

Exodus 9 in the SBITS

Exodus 9 in the SBITS2

Exodus 9 in the SBITS3

Exodus 9 in the SBITS4

Exodus 9 in the SBIUS

Exodus 9 in the SBIVS

Exodus 9 in the SBT

Exodus 9 in the SBT1E

Exodus 9 in the SCHL

Exodus 9 in the SNT

Exodus 9 in the SUSU

Exodus 9 in the SUSU2

Exodus 9 in the SYNO

Exodus 9 in the TBIAOTANT

Exodus 9 in the TBT1E

Exodus 9 in the TBT1E2

Exodus 9 in the TFTIP

Exodus 9 in the TFTU

Exodus 9 in the TGNTATF3T

Exodus 9 in the THAI

Exodus 9 in the TNFD

Exodus 9 in the TNT

Exodus 9 in the TNTIK

Exodus 9 in the TNTIL

Exodus 9 in the TNTIN

Exodus 9 in the TNTIP

Exodus 9 in the TNTIZ

Exodus 9 in the TOMA

Exodus 9 in the TTENT

Exodus 9 in the UBG

Exodus 9 in the UGV

Exodus 9 in the UGV2

Exodus 9 in the UGV3

Exodus 9 in the VBL

Exodus 9 in the VDCC

Exodus 9 in the YALU

Exodus 9 in the YAPE

Exodus 9 in the YBVTP

Exodus 9 in the ZBP