Judges 18 (BOATCB2)

1 Saa bere no mu na Israel nni ɔhene. Na Dan abusuakuw rehwehwɛ baabi atena, efisɛ na wontumi mpam nnipa a wɔte asase a wɔde maa wɔn no so. 2 Enti mmarima a wofi Dan abusuakuw yii akofo baanum a na wɔte Sora ne Estaol sɛ wɔnkɔhwehwɛ asase a wobetumi atena so.Bere a saa akofo yi duu Efraim bepɔw asase so no, wɔkɔɔ Mika fi kɔdaa hɔ anadwo no. 3 Wotiee Lewini aberante no sɛnea na ɔrekasa no, wɔde no kɔɔ nkyɛn bisaa no se, “Hena na ɔde wo baa ha na dɛn na woreyɛ? Na adɛn nti na wowɔ ha?” 4 Ɔkaa nhyehyɛe a ɔne Mika ayɛ kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔyɛ ɔsɔfo ma Mika. 5 Na wɔkae se, “Bisa Awurade ma yɛn sɛ yɛn akwantu yi besi yiye anaasɛ ɛrensi yiye.” 6 Ɔsɔfo no kae se, “Monkɔ no asomdwoe mu, efisɛ, Awurade bedi mo anim wɔ mo akwantu no mu.” 7 Na mmarima baanum no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Lais mu. Wohuu sɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho te sɛ Sidonfo na wɔte hɔ. Na wɔwɔ asomdwoe ne bammɔ. Na nnipa no wɔ sika, efisɛ na wɔn asase no yɛ asase bere. Na wɔne Sidon ntam twe yiye, na wɔne obiara nni twaka. 8 Bere a wɔsan kɔɔ Sora ne Estaol no, wɔn nuanom bisaa wɔn se, “Dɛn na muhui?” 9 Na wobuae se, “Momma yɛnkɔtow nhyɛ wɔn so! Yɛahu asase no na eye pa ara. Monntwentwɛn mo anan ase koraa, monkɔfa asase no. 10 Sɛ mudu hɔ a, mubehu nnipa a hwee mfa wɔn ho wɔ hɔ. Onyankopɔn ama yɛn asase bere yantamm a biribiara wɔ so.” 11 Enti akofo ahansia a wofi Dan abusuakuw mu sii mu fii Sora ne Estaol. 12 Wɔkyeree nsraban wɔ beae bi a ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔe fam wɔ Yuda asase so. Wɔfrɛ hɔ Mahane Dan besi nnɛ. 13 Wofi hɔ no, wɔkɔɔ Efraim bepɔw asase no so, baa Mika fi. 14 Enti mmarima baanum a wɔkɔsraa Lais asase no ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no se, “Nsɔree so bi wɔ ha a asɔfotade kronkron, abusua ahoni, ne ohoni a wɔagu ho wɔ hɔ. Munim nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” 15 Enti mmarima baanum no kɔɔ Mika fi, faako a Lewini aberante no te na wokyiaa no fɛw so. 16 Saa bere no na akofo ahansia a wofi Dan abusuakuw mu no gyinagyina abɔntenpon no ano pɛɛ, 17 na akwansrafo baanum no kɔɔ nsɔree so hɔ, kɔfaa ohoni, asɔfotade kronkron, ne abusua ahoni no. 18 Bere a ɔsɔfo no huu sɛ mmarima no retwe akronkronne no afi Mika nsɔree so hɔ no, obisaa wɔn se, “Dɛn na moreyɛ yi?” 19 Wobuaa no se, “Mua wʼano! Di yɛn akyi na bɛyɛ yɛn nyinaa agya ne yɛn sɔfo. Wunnye nni sɛ eye sɛ wobɛyɛ Israel abusuakuw bi sɔfo sen sɛ wobɛyɛ onipa baako fi mu sɔfo?” 20 Ɔsɔfo aberante no ani gyei sɛ ɔne wɔn bɛkɔ. Enti ɔfaa asɔfotade kronkron no, abusua ahoni ne ohoni a wɔagu no. 21 Wosii mu bio de wɔn mma, nyɛmmoa ne wɔn agyapade, dii wɔn anim. 22 Bere a Dan abusuakuw mu nnipa no afi Mika fi kɔ akyirikyiri no, Mika ne nʼafipamfo mu bi tiw wɔn. 23 Wɔbɛn wɔn no wɔteɛteɛɛ mu. Na Dan mmarima no dan wɔn ani kae se, “Dɛn na morehwehwɛ? Adɛn nti na woafrɛ nnipa yi aboa ano na moretaa yɛn sɛɛ?” 24 Mika buae se, “Wubisa sɛ dɛn na worehwehwɛ a na wokyerɛ dɛn? Moafa mʼanyame nyinaa ne me sɔfo, na minni hwee bio!” 25 Dan mmarima no buae se, “Hwɛ nea woreka no yiye! Yɛn mu bi bo nkyɛ fuw, anhwɛ a wɔn bo befuw na wɔakum wo ne wʼabusuafo.” 26 Enti Dan mmarima no toaa so kɔɔ wɔn kwan. Mika huu sɛ nnipa no dɔɔso a enti ontumi ntow nhyɛ wɔn so no, ɔdan ne ho kɔɔ fie. 27 Dan mmarima faa Mika ahoni ne ne sɔfo no de wɔn baa kurow Lais a emu nnipa wɔ asomdwoe ne bammɔ no mu. Wɔtow hyɛɛ emu nnipa no so, kunkum wɔn nyinaa, hyew kurow no dwerɛbee. 28 Na obiara nni hɔ a obegye kurow no mufo, efisɛ na nea wɔte no ne Sidon mu twe na wonni adɔfo a wɔbɛn nso. Saa asɛm yi sii wɔ obon a ɛbɛn Bet-Rehob no mu.Afei, Dan abusuakuw no mma san kyekyeree kurow no, na wɔtenaa hɔ. 29 Wɔde kurow no too Dan a ɔyɛ wɔn tete agya Israel no ba, na kan no wɔfrɛ hɔ Lais. 30 Afei, wogyinaa ohoni a wɔagu no na wɔfaa Gersom babarima Yonatan a ɔyɛ Mose aseni sɛ wɔn sɔfo. Saa ofi yi mu nnipa kɔɔ so yɛɛ asɔfo maa Dan abusuakuw kosii Otukɔ bere. 31 Enti Dan abusuakuw no toaa so som ohoni a ɛyɛ Mika dea no wɔ bere tenten a na Onyankopɔn Ahyiae Ntamadan no wɔ Silo.

In Other Versions

Judges 18 in the ANGEFD

Judges 18 in the ANTPNG2D

Judges 18 in the AS21

Judges 18 in the BAGH

Judges 18 in the BBPNG

Judges 18 in the BBT1E

Judges 18 in the BDS

Judges 18 in the BEV

Judges 18 in the BHAD

Judges 18 in the BIB

Judges 18 in the BLPT

Judges 18 in the BNT

Judges 18 in the BNTABOOT

Judges 18 in the BNTLV

Judges 18 in the BOATCB

Judges 18 in the BOBCV

Judges 18 in the BOCNT

Judges 18 in the BOECS

Judges 18 in the BOGWICC

Judges 18 in the BOHCB

Judges 18 in the BOHCV

Judges 18 in the BOHLNT

Judges 18 in the BOHNTLTAL

Judges 18 in the BOICB

Judges 18 in the BOILNTAP

Judges 18 in the BOITCV

Judges 18 in the BOKCV

Judges 18 in the BOKCV2

Judges 18 in the BOKHWOG

Judges 18 in the BOKSSV

Judges 18 in the BOLCB

Judges 18 in the BOLCB2

Judges 18 in the BOMCV

Judges 18 in the BONAV

Judges 18 in the BONCB

Judges 18 in the BONLT

Judges 18 in the BONUT2

Judges 18 in the BOPLNT

Judges 18 in the BOSCB

Judges 18 in the BOSNC

Judges 18 in the BOTLNT

Judges 18 in the BOVCB

Judges 18 in the BOYCB

Judges 18 in the BPBB

Judges 18 in the BPH

Judges 18 in the BSB

Judges 18 in the CCB

Judges 18 in the CUV

Judges 18 in the CUVS

Judges 18 in the DBT

Judges 18 in the DGDNT

Judges 18 in the DHNT

Judges 18 in the DNT

Judges 18 in the ELBE

Judges 18 in the EMTV

Judges 18 in the ESV

Judges 18 in the FBV

Judges 18 in the FEB

Judges 18 in the GGMNT

Judges 18 in the GNT

Judges 18 in the HARY

Judges 18 in the HNT

Judges 18 in the IRVA

Judges 18 in the IRVB

Judges 18 in the IRVG

Judges 18 in the IRVH

Judges 18 in the IRVK

Judges 18 in the IRVM

Judges 18 in the IRVM2

Judges 18 in the IRVO

Judges 18 in the IRVP

Judges 18 in the IRVT

Judges 18 in the IRVT2

Judges 18 in the IRVU

Judges 18 in the ISVN

Judges 18 in the JSNT

Judges 18 in the KAPI

Judges 18 in the KBT1ETNIK

Judges 18 in the KBV

Judges 18 in the KJV

Judges 18 in the KNFD

Judges 18 in the LBA

Judges 18 in the LBLA

Judges 18 in the LNT

Judges 18 in the LSV

Judges 18 in the MAAL

Judges 18 in the MBV

Judges 18 in the MBV2

Judges 18 in the MHNT

Judges 18 in the MKNFD

Judges 18 in the MNG

Judges 18 in the MNT

Judges 18 in the MNT2

Judges 18 in the MRS1T

Judges 18 in the NAA

Judges 18 in the NASB

Judges 18 in the NBLA

Judges 18 in the NBS

Judges 18 in the NBVTP

Judges 18 in the NET2

Judges 18 in the NIV11

Judges 18 in the NNT

Judges 18 in the NNT2

Judges 18 in the NNT3

Judges 18 in the PDDPT

Judges 18 in the PFNT

Judges 18 in the RMNT

Judges 18 in the SBIAS

Judges 18 in the SBIBS

Judges 18 in the SBIBS2

Judges 18 in the SBICS

Judges 18 in the SBIDS

Judges 18 in the SBIGS

Judges 18 in the SBIHS

Judges 18 in the SBIIS

Judges 18 in the SBIIS2

Judges 18 in the SBIIS3

Judges 18 in the SBIKS

Judges 18 in the SBIKS2

Judges 18 in the SBIMS

Judges 18 in the SBIOS

Judges 18 in the SBIPS

Judges 18 in the SBISS

Judges 18 in the SBITS

Judges 18 in the SBITS2

Judges 18 in the SBITS3

Judges 18 in the SBITS4

Judges 18 in the SBIUS

Judges 18 in the SBIVS

Judges 18 in the SBT

Judges 18 in the SBT1E

Judges 18 in the SCHL

Judges 18 in the SNT

Judges 18 in the SUSU

Judges 18 in the SUSU2

Judges 18 in the SYNO

Judges 18 in the TBIAOTANT

Judges 18 in the TBT1E

Judges 18 in the TBT1E2

Judges 18 in the TFTIP

Judges 18 in the TFTU

Judges 18 in the TGNTATF3T

Judges 18 in the THAI

Judges 18 in the TNFD

Judges 18 in the TNT

Judges 18 in the TNTIK

Judges 18 in the TNTIL

Judges 18 in the TNTIN

Judges 18 in the TNTIP

Judges 18 in the TNTIZ

Judges 18 in the TOMA

Judges 18 in the TTENT

Judges 18 in the UBG

Judges 18 in the UGV

Judges 18 in the UGV2

Judges 18 in the UGV3

Judges 18 in the VBL

Judges 18 in the VDCC

Judges 18 in the YALU

Judges 18 in the YAPE

Judges 18 in the YBVTP

Judges 18 in the ZBP