1 Kings 18 (BOATCB)

1 Mfeɛ mmiɛnsa akyi, AWURADE asɛm baa Elia nkyɛn sɛ, “Fa wo ho kɔkyerɛ ɔhene Ahab na ka kyerɛ no sɛ ɛnkyɛre biara, mɛma osuo atɔ asase no so.” 2 Elia de ne ho kɔkyerɛɛ ɔhene Ahab.Na ɛkɔm no ano yɛɛ den yie wɔ Samaria. 3 Ahab frɛɛ Obadia a na ɔhwɛ nʼahemfie so no. Na Obadia gye AWURADE di yie. 4 Ɛberɛ a na Isebel rekunkum AWURADE adiyifoɔ no, Obadia faa adiyifoɔ no ɔha de wɔn kɔsiee abodan mmienu mu a, wɔn mu aduonum biara da ɔbodan baako mu. Na ɔmaa wɔn aduane ne nsuo. 5 Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ asase no so nsuwa ne bɔnhwa nyinaa sɛ ebia yɛbɛnya ɛserɛ ama apɔnkɔ ne mfunumu yi awe sɛdeɛ wɔrenwu.” 6 Enti, wɔkyɛɛ asase no mu maa wɔn ho. Ahab faa ɛfa na Obadia nso faa ɛfa. 7 Obadia nam, nam no, Elia hyiaa no. Obadia hunuu no, kaee no enti, ɔkotoo no wɔ fam kaa sɛ, “Enti, wo nie, me wura Elia?” 8 Elia buaa sɛ, “Aane, kɔka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Elia wɔ ha.’ ” 9 Obadia bisaa sɛ, “Me wura, ɛdeɛn bɔne na mayɛ a enti woresoma me Ahab nkyɛn ama wɔakum me? 10 Mmerɛ dodoɔ a AWURADE, wo Onyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahemman biara nni hɔ a me wura nsomaa obi wɔ so sɛ ɔnhwehwɛ wo. Na ɔman anaa ahemman biara a wɔbɛka sɛ wonni soɔ no, ɔma wɔka ntam, ka sɛ wɔanhunu wo. 11 Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Elia wɔ ha.’ 12 Mennim baabi a sɛ megya wo hɔ kɔ a, AWURADE honhom bɛpagya wo akɔsi. Sɛ mekɔka kyerɛ Ahab, na wanhunu wo a, ɔbɛkum me. Nanso, me, wo ɔsomfoɔ, masom AWURADE firi me mmɔfraase. 13 Me wura, wontee deɛ meyɛɛ ɛberɛ a na Isebel rekunkum AWURADE adiyifoɔ no anaa? Mede AWURADE adiyifoɔ no ɔha siee abodan mmienu mu a, na wɔn mu aduonum wɔ ɔbodan baako biara mu. Memaa wɔn aduane ne nsuo nso. 14 Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Elia wɔ ha!’ Ɔbɛkum me!” 15 Elia kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a AWURADE a mesom no te ase yi, deɛ ɛbɛyɛ biara, mede me ho bɛma Ahab ɛnnɛ.” 16 Enti, Obadia kɔhyiaa Ahab, ka kyerɛɛ no, na Ahab kɔhyiaa Elia. 17 Ɔhunuu Elia no, ɔbisaa no sɛ, “Wo nie, wo a woha Israelfoɔ?” 18 Elia buaa sɛ, “Menhaa Israel ɛkwan biara so. Na mmom, wo ne wʼagya fiefoɔ na moaha Israel. Moagyae AWURADE mmara so die, akɔdi Baal akyi. 19 Enti, frɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmɛhyia me Karmel bepɔ so. Na fa Baal adiyifoɔ ahanan aduonum ne Asera adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Isebel didipono so no nso bra.” 20 Na Ahab soma kɔɔ Israel nyinaa kɔboaboaa adiyifoɔ no ano wɔ Karmel bepɔ so. 21 Elia dii nnipa no anim kaa sɛ, “Moadwene bɛyɛ ntanta wɔ saa asɛm yi ho akɔsi da bɛn? Sɛ AWURADE yɛ Onyankopɔn a, monni nʼakyi, na sɛ Baal nso yɛ Onyankopɔn a, monni nʼakyi.” Nanso, nnipa no yɛɛ dinn. 22 Elia ka kyerɛɛ ɔman no sɛ, “Me nko ara ne AWURADE odiyifoɔ a maka, nanso Baal wɔ adiyifoɔ ahanan aduonum. 23 Momma yɛn anantwinini mmienu. Momma wɔnyi mu baako, na wɔntwitwa no asinasini mfa ngu gyenyina so, nsɔ wɔn mu ogya. Nantwinini baako a aka no, mɛyɛ ne ho adwuma, de agu gyenyina so a merento mu ogya. 24 Na mobɛfrɛ mo nyame na me nso mafrɛ AWURADE. Onyame a ɔnam ogya so gye so no, ɔno ne Onyankopɔn.”Ɔmanfoɔ no nyinaa penee so. 25 Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no sɛ, “Momfa anantwinini no baako, na monni ɛkan nsiesie no, ɛfiri sɛ, mo dɔɔso. Momfrɛ mo nyame a monnto mu ogya.” 26 Enti, wɔfaa nantwinini a wɔkaa sɛ wɔmfa no no, siesiee no too afɔrebukyia no so. Afei, wɔfrɛɛ Baal, frɛɛ no, frɛɛ no firi anɔpa mu nyinaa sɛ, “Ao, Baal! Tie yɛn oo!” Wɔteateaam saa ara, nanso wɔannya mmuaeɛ biara! Afei wɔde anibereɛ sa faa afɔrebukyia a wɔasi no ho hyiaeɛ. 27 Ɛduruu owigyinaeɛ no, Elia dii wɔn ho fɛ sɛ, “Monteateam den! Ɔyɛ onyame! Ebia, ɔredwene biribi ho dendeenden anaa ɔregye nʼahome, ɔnnyaa adagyeɛ anaa watu ɛkwan. Ebi nso a, wada a ɛsɛ sɛ wɔnyane no.” 28 Enti, wɔteateaam den, de asekan twitwaa wɔn ho wɔn ho, wowɔɔ wɔn ho wɔn ho pea sɛdeɛ wɔn amanneɛ teɛ, maa mogya pram wɔn. 29 Owigyinaeɛ no twaa mu mpo no wɔtoaa wɔn nkɔmhyɛ no so, kɔsii anwummerɛ afɔrebɔ berɛ no mu. Nanso, mmuaeɛ biara amma. Wɔante obiara nne na obiara annye wɔn so. 30 Afei, Elia ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Mommra me nkyɛn ha.” Wɔkɔɔ ne nkyɛn, na ɔsiesiee AWURADE afɔrebukyia a na abubuo no. 31 Elia faa aboɔ dumienu a baako biara gyina hɔ ma Israel abusuakuo baako, 32 na ɔde aboɔ no sane sii AWURADE afɔrebukyia no. Na ɔtwaa amena a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmiɛnsa faa afɔrebukyia no ho hyiaeɛ. 33 Ɔde nnyensin guu afɔrebukyia no so, twitwaa nantwinini no asinasini guu so. Afei, ɔkaa sɛ, “Monhyɛ pɔre akɛseɛ no nsuo ma ma, na monhwie ngu afɔrebɔdeɛ no ne nnyensin no so.”Wɔyɛɛ deɛ ɔkaeɛ no wieeɛ no, 34 ɔkaa sɛ, “Monyɛ saa ara bio!”Na wɔyɛɛ saa wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Monyɛ saa ne mprɛnsa so.” Wɔyɛɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, 35 maa nsuo no tene faa afɔrebukyia no ho, maa mpo, ɛbu faa amena no so. 36 Ɛduruu ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ anwummerɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ wɔn amanneɛ kyerɛ no, odiyifoɔ Elia kɔɔ afɔrebukyia no so, bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, AWURADE, Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn, kyerɛ ɛnnɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ wo ɔsomfoɔ. Kyerɛ sɛ, deɛ mereyɛ yi nyinaa firi wo. 37 Ao, AWURADE, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhunu sɛ, Ao, AWURADE, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asane aba wo nkyɛn.” 38 Nʼano siiɛ pɛ, na ogya a ɛfiri AWURADE nkyɛn te firii soro bɛhyee nantwinini ba no, nnyensin no, aboɔ no ne mfuturo no. Mpo, ɛwee amena no mu nsuo no nyinaa. 39 Nnipa no hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam, teateaam sɛ, “AWURADE yɛ Onyankopɔn! AWURADE yɛ Onyankopɔn!” 40 Na Elia hyɛɛ sɛ, “Monkyere Baal adiyifoɔ no nyinaa. Mommma wɔn mu baako koraa nnwane.” Enti, ɔmanfoɔ no kyekyeree wɔn nyinaa. Na Elia de wɔn kɔɔ Kison bɔnhwa mu kɔkunkumm wɔn wɔ hɔ. 41 Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Kɔ na kɔdi aduane pa, ma wo ho ntɔ wo! Na mate sɛ osu kɛseɛ bi rebɛtɔ.” 42 Enti, Ahab too ɛpono. Na Elia foro kɔɔ Karmel bepɔ atifi, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ. 43 Na ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ sɛ, “Kɔ na fa wʼani kyerɛ ɛpo so.”Ɔsomfoɔ no kɔ kɔhwɛɛ hɔ, na ɔba bɛka kyerɛɛ Elia sɛ, “Manhunu hwee.”Elia kaa saa kyerɛɛ no mprɛnson sɛ ɔmfa nʼani nkɔkyerɛ hɔ. Ɔno nso kɔɔ mprɛnson. 44 Ne mprɛnson so no, ne ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Mehunuu omununkum bi a ɛte sɛ onipa abasa a, apue afiri ɛpo no so reforo.”Ɛhɔ ara na Elia teaam sɛ, “Ntɛm! Kɔ Ahab nkyɛn kɔka kyerɛ no. ‘Foro wo teaseɛnam no, na sane kɔ efie. Sɛ woanka wo ho a, osuo no bɛsi wo ɛkwan.’ ” 45 Ankyɛre biara na osuo munaa tumm. Osuframa bɔeɛ, na osu kɛseɛ tɔeɛ, na ntɛm so, Ahab kɔɔ Yesreel. 46 Afei, AWURADE maa Elia ahoɔden sononko bi. Ɔkekaa nʼatadeɛ hyɛɛ nʼabɔsoɔ mu, na ɔdii Ahab teaseɛnam no ɛkan ara kɔsii Yesreel ɛkwan ano.

In Other Versions

1 Kings 18 in the ANGEFD

1 Kings 18 in the ANTPNG2D

1 Kings 18 in the AS21

1 Kings 18 in the BAGH

1 Kings 18 in the BBPNG

1 Kings 18 in the BBT1E

1 Kings 18 in the BDS

1 Kings 18 in the BEV

1 Kings 18 in the BHAD

1 Kings 18 in the BIB

1 Kings 18 in the BLPT

1 Kings 18 in the BNT

1 Kings 18 in the BNTABOOT

1 Kings 18 in the BNTLV

1 Kings 18 in the BOATCB2

1 Kings 18 in the BOBCV

1 Kings 18 in the BOCNT

1 Kings 18 in the BOECS

1 Kings 18 in the BOGWICC

1 Kings 18 in the BOHCB

1 Kings 18 in the BOHCV

1 Kings 18 in the BOHLNT

1 Kings 18 in the BOHNTLTAL

1 Kings 18 in the BOICB

1 Kings 18 in the BOILNTAP

1 Kings 18 in the BOITCV

1 Kings 18 in the BOKCV

1 Kings 18 in the BOKCV2

1 Kings 18 in the BOKHWOG

1 Kings 18 in the BOKSSV

1 Kings 18 in the BOLCB

1 Kings 18 in the BOLCB2

1 Kings 18 in the BOMCV

1 Kings 18 in the BONAV

1 Kings 18 in the BONCB

1 Kings 18 in the BONLT

1 Kings 18 in the BONUT2

1 Kings 18 in the BOPLNT

1 Kings 18 in the BOSCB

1 Kings 18 in the BOSNC

1 Kings 18 in the BOTLNT

1 Kings 18 in the BOVCB

1 Kings 18 in the BOYCB

1 Kings 18 in the BPBB

1 Kings 18 in the BPH

1 Kings 18 in the BSB

1 Kings 18 in the CCB

1 Kings 18 in the CUV

1 Kings 18 in the CUVS

1 Kings 18 in the DBT

1 Kings 18 in the DGDNT

1 Kings 18 in the DHNT

1 Kings 18 in the DNT

1 Kings 18 in the ELBE

1 Kings 18 in the EMTV

1 Kings 18 in the ESV

1 Kings 18 in the FBV

1 Kings 18 in the FEB

1 Kings 18 in the GGMNT

1 Kings 18 in the GNT

1 Kings 18 in the HARY

1 Kings 18 in the HNT

1 Kings 18 in the IRVA

1 Kings 18 in the IRVB

1 Kings 18 in the IRVG

1 Kings 18 in the IRVH

1 Kings 18 in the IRVK

1 Kings 18 in the IRVM

1 Kings 18 in the IRVM2

1 Kings 18 in the IRVO

1 Kings 18 in the IRVP

1 Kings 18 in the IRVT

1 Kings 18 in the IRVT2

1 Kings 18 in the IRVU

1 Kings 18 in the ISVN

1 Kings 18 in the JSNT

1 Kings 18 in the KAPI

1 Kings 18 in the KBT1ETNIK

1 Kings 18 in the KBV

1 Kings 18 in the KJV

1 Kings 18 in the KNFD

1 Kings 18 in the LBA

1 Kings 18 in the LBLA

1 Kings 18 in the LNT

1 Kings 18 in the LSV

1 Kings 18 in the MAAL

1 Kings 18 in the MBV

1 Kings 18 in the MBV2

1 Kings 18 in the MHNT

1 Kings 18 in the MKNFD

1 Kings 18 in the MNG

1 Kings 18 in the MNT

1 Kings 18 in the MNT2

1 Kings 18 in the MRS1T

1 Kings 18 in the NAA

1 Kings 18 in the NASB

1 Kings 18 in the NBLA

1 Kings 18 in the NBS

1 Kings 18 in the NBVTP

1 Kings 18 in the NET2

1 Kings 18 in the NIV11

1 Kings 18 in the NNT

1 Kings 18 in the NNT2

1 Kings 18 in the NNT3

1 Kings 18 in the PDDPT

1 Kings 18 in the PFNT

1 Kings 18 in the RMNT

1 Kings 18 in the SBIAS

1 Kings 18 in the SBIBS

1 Kings 18 in the SBIBS2

1 Kings 18 in the SBICS

1 Kings 18 in the SBIDS

1 Kings 18 in the SBIGS

1 Kings 18 in the SBIHS

1 Kings 18 in the SBIIS

1 Kings 18 in the SBIIS2

1 Kings 18 in the SBIIS3

1 Kings 18 in the SBIKS

1 Kings 18 in the SBIKS2

1 Kings 18 in the SBIMS

1 Kings 18 in the SBIOS

1 Kings 18 in the SBIPS

1 Kings 18 in the SBISS

1 Kings 18 in the SBITS

1 Kings 18 in the SBITS2

1 Kings 18 in the SBITS3

1 Kings 18 in the SBITS4

1 Kings 18 in the SBIUS

1 Kings 18 in the SBIVS

1 Kings 18 in the SBT

1 Kings 18 in the SBT1E

1 Kings 18 in the SCHL

1 Kings 18 in the SNT

1 Kings 18 in the SUSU

1 Kings 18 in the SUSU2

1 Kings 18 in the SYNO

1 Kings 18 in the TBIAOTANT

1 Kings 18 in the TBT1E

1 Kings 18 in the TBT1E2

1 Kings 18 in the TFTIP

1 Kings 18 in the TFTU

1 Kings 18 in the TGNTATF3T

1 Kings 18 in the THAI

1 Kings 18 in the TNFD

1 Kings 18 in the TNT

1 Kings 18 in the TNTIK

1 Kings 18 in the TNTIL

1 Kings 18 in the TNTIN

1 Kings 18 in the TNTIP

1 Kings 18 in the TNTIZ

1 Kings 18 in the TOMA

1 Kings 18 in the TTENT

1 Kings 18 in the UBG

1 Kings 18 in the UGV

1 Kings 18 in the UGV2

1 Kings 18 in the UGV3

1 Kings 18 in the VBL

1 Kings 18 in the VDCC

1 Kings 18 in the YALU

1 Kings 18 in the YAPE

1 Kings 18 in the YBVTP

1 Kings 18 in the ZBP