2 Chronicles 7 (BOATCB)

1 Salomo wiee ne mpaeɛbɔ no, ogya firi ɔsoro bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔrebɔdeɛ, na AWURADE animuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma. 2 Asɔfoɔ no mpo antumi anhyɛne AWURADE Asɔredan no mu, ɛfiri sɛ, na AWURADE animuonyam ahyɛ hɔ ma. 3 Ɛberɛ a Israelfoɔ nyinaa hunuu sɛ ogya no reba fam, na AWURADE animuonyam rehyɛ Asɔredan no ma no, wɔn nyinaa hwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ, sɔree AWURADE kamfoo no sɛ,“Ɔyɛ;na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!” 4 Afei, ɔhene no ne ne nkurɔfoɔ no nyinaa bɔɔ afɔdeɛ maa AWURADE. 5 Ɔhene Salomo de anantwie ɔpeduonu mmienu ne nnwan ɔpeha aduonu baeɛ sɛ nʼafɔrebɔdeɛ. Enti, ɔhene no ne ɔmanfoɔ no nyinaa buee Onyankopɔn Asɔredan no ano. 6 Asɔfoɔ no gyinagyinaa wɔn afa, na saa ara na Lewifoɔ a wɔreto dwom sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!” no nso yɛeɛ. Wɔde nnwontodeɛ a Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nkamfo AWURADE no gyegyee nnwontoɔ no ho. Asɔfoɔ a wɔne Lewifoɔ no di nhwɛanimu no hyɛnee ntotorobɛnto wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ nyinaa gyinagyina hɔ. 7 Na afei, Salomo buee adihɔ mfimfini a ɛwɔ AWURADE Asɔredan no anim ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔahye sradeɛ a ɛfiri asomdwoeɛ afɔdeɛ mu no wɔ hɔ. Ɔyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a na wasi no, na ɛsua ma ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ ne sradeɛ afɔdeɛ nyinaa no. 8 Nnanson a ɛdi soɔ no mu, wɔdii Dwanekɔbea Afahyɛ, na nipadɔm fifiri Israel mmusuakuo no nyinaa mu baeɛ. Wɔfifiri akyirikyiri te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kɔsi Misraim asuwa anafoɔ fam no. 9 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔde afahyɛ no kɔɔ nʼawieeɛ, ɛfiri sɛ na wɔde nnanson abue afɔrebukyia no ano na wɔde nnanson nso adi Dwanekɔbea Afahyɛ no. 10 Afahyɛ no awieeɛ no, Salomo maa obiara kɔɔ ne kurom. Wɔn nyinaa ani gyeeɛ, ɛfiri sɛ, na AWURADE ne Dawid, Salomo ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ adi no yie. 11 Na Salomo wiee AWURADE Asɔredan no ne ahemfie no sie. Ɔwiee biribiara a ɔhyehyɛ too hɔ sɛ ɔbɛyɛ no. 12 Afei, da bi anadwo, AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ,“Mate wo mpaeɛbɔ, na mayi saa Asɔredan yi sɛ beaeɛ a wɔmmɔ afɔdeɛ. 13 “Ɛtɔ ɛda a, ebia mɛto ɔsorosoro mu, enti osuo rentɔ, anaa ebia mɛma ntutummɛ abɛsɛe mo mfudeɛ anaa ebia mɛma ɔyaredɔm aba mo so. 14 Na sɛ me nkurɔfoɔ a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpaeɛ, ahwehwɛ me, na wɔadane afiri wɔn amumuyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yadeɛ. 15 Mpaeɛ biara a wɔbɛbɔ wɔ ha no, mɛtie, 16 ɛfiri sɛ, mayi saa Asɔredan yi asi hɔ sɛ me fie daa daa. Mʼaniwa ne mʼakoma bɛtena ha daa. 17 “Na wo deɛ, sɛ wodi mʼakyi sɛdeɛ wʼagya Dawid yɛeɛ, na wotie mʼahyɛdeɛ, di me mmara nyinaa so a, 18 meremma obiara mfa wʼahennwa nkɔ. Saa bɔ korɔ yi ara na mehyɛɛ wʼagya Dawid wɔ ɛberɛ a mekaa sɛ, ‘Meremma onipa a ɔbɛdi Israel so ɔhene mmɔ no no.’ 19 “Nanso, sɛ wogya me, na wobu mmara ne ahyɛdeɛ a mahyɛ wo no so, na wokɔsom anyame foforɔ a, 20 ɛnneɛ, mɛtutu Israelfoɔ ase afiri mʼasase a mede ama wɔn yi so. Mɛpo saa Asɔredan a mayi asi hɔ a mede hyɛ me din animuonyam no. Mɛyɛ no ahohoradeɛ ama aman nyinaa ahunu. 21 Ɛwom, saa asɔredan yi yɛ fɛ deɛ, nanso ɛbɛyɛ atantanneɛ ama wɔn a wɔtwa mu hɔ no. Wɔbɛbisa sɛ, ‘Adɛn enti na AWURADE ama nneɛma a ɛyɛ hu sei aba nʼasase ne nʼAsɔredan yi so?’ 22 Na mmuaeɛ bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, ne nkurɔfoɔ poo AWURADE, wɔn agyanom Onyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim, kɔsomm anyame foforɔ. Ɛno enti, na ɔmaa saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.’ ”

In Other Versions

2 Chronicles 7 in the ANGEFD

2 Chronicles 7 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 7 in the AS21

2 Chronicles 7 in the BAGH

2 Chronicles 7 in the BBPNG

2 Chronicles 7 in the BBT1E

2 Chronicles 7 in the BDS

2 Chronicles 7 in the BEV

2 Chronicles 7 in the BHAD

2 Chronicles 7 in the BIB

2 Chronicles 7 in the BLPT

2 Chronicles 7 in the BNT

2 Chronicles 7 in the BNTABOOT

2 Chronicles 7 in the BNTLV

2 Chronicles 7 in the BOATCB2

2 Chronicles 7 in the BOBCV

2 Chronicles 7 in the BOCNT

2 Chronicles 7 in the BOECS

2 Chronicles 7 in the BOGWICC

2 Chronicles 7 in the BOHCB

2 Chronicles 7 in the BOHCV

2 Chronicles 7 in the BOHLNT

2 Chronicles 7 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 7 in the BOICB

2 Chronicles 7 in the BOILNTAP

2 Chronicles 7 in the BOITCV

2 Chronicles 7 in the BOKCV

2 Chronicles 7 in the BOKCV2

2 Chronicles 7 in the BOKHWOG

2 Chronicles 7 in the BOKSSV

2 Chronicles 7 in the BOLCB

2 Chronicles 7 in the BOLCB2

2 Chronicles 7 in the BOMCV

2 Chronicles 7 in the BONAV

2 Chronicles 7 in the BONCB

2 Chronicles 7 in the BONLT

2 Chronicles 7 in the BONUT2

2 Chronicles 7 in the BOPLNT

2 Chronicles 7 in the BOSCB

2 Chronicles 7 in the BOSNC

2 Chronicles 7 in the BOTLNT

2 Chronicles 7 in the BOVCB

2 Chronicles 7 in the BOYCB

2 Chronicles 7 in the BPBB

2 Chronicles 7 in the BPH

2 Chronicles 7 in the BSB

2 Chronicles 7 in the CCB

2 Chronicles 7 in the CUV

2 Chronicles 7 in the CUVS

2 Chronicles 7 in the DBT

2 Chronicles 7 in the DGDNT

2 Chronicles 7 in the DHNT

2 Chronicles 7 in the DNT

2 Chronicles 7 in the ELBE

2 Chronicles 7 in the EMTV

2 Chronicles 7 in the ESV

2 Chronicles 7 in the FBV

2 Chronicles 7 in the FEB

2 Chronicles 7 in the GGMNT

2 Chronicles 7 in the GNT

2 Chronicles 7 in the HARY

2 Chronicles 7 in the HNT

2 Chronicles 7 in the IRVA

2 Chronicles 7 in the IRVB

2 Chronicles 7 in the IRVG

2 Chronicles 7 in the IRVH

2 Chronicles 7 in the IRVK

2 Chronicles 7 in the IRVM

2 Chronicles 7 in the IRVM2

2 Chronicles 7 in the IRVO

2 Chronicles 7 in the IRVP

2 Chronicles 7 in the IRVT

2 Chronicles 7 in the IRVT2

2 Chronicles 7 in the IRVU

2 Chronicles 7 in the ISVN

2 Chronicles 7 in the JSNT

2 Chronicles 7 in the KAPI

2 Chronicles 7 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 7 in the KBV

2 Chronicles 7 in the KJV

2 Chronicles 7 in the KNFD

2 Chronicles 7 in the LBA

2 Chronicles 7 in the LBLA

2 Chronicles 7 in the LNT

2 Chronicles 7 in the LSV

2 Chronicles 7 in the MAAL

2 Chronicles 7 in the MBV

2 Chronicles 7 in the MBV2

2 Chronicles 7 in the MHNT

2 Chronicles 7 in the MKNFD

2 Chronicles 7 in the MNG

2 Chronicles 7 in the MNT

2 Chronicles 7 in the MNT2

2 Chronicles 7 in the MRS1T

2 Chronicles 7 in the NAA

2 Chronicles 7 in the NASB

2 Chronicles 7 in the NBLA

2 Chronicles 7 in the NBS

2 Chronicles 7 in the NBVTP

2 Chronicles 7 in the NET2

2 Chronicles 7 in the NIV11

2 Chronicles 7 in the NNT

2 Chronicles 7 in the NNT2

2 Chronicles 7 in the NNT3

2 Chronicles 7 in the PDDPT

2 Chronicles 7 in the PFNT

2 Chronicles 7 in the RMNT

2 Chronicles 7 in the SBIAS

2 Chronicles 7 in the SBIBS

2 Chronicles 7 in the SBIBS2

2 Chronicles 7 in the SBICS

2 Chronicles 7 in the SBIDS

2 Chronicles 7 in the SBIGS

2 Chronicles 7 in the SBIHS

2 Chronicles 7 in the SBIIS

2 Chronicles 7 in the SBIIS2

2 Chronicles 7 in the SBIIS3

2 Chronicles 7 in the SBIKS

2 Chronicles 7 in the SBIKS2

2 Chronicles 7 in the SBIMS

2 Chronicles 7 in the SBIOS

2 Chronicles 7 in the SBIPS

2 Chronicles 7 in the SBISS

2 Chronicles 7 in the SBITS

2 Chronicles 7 in the SBITS2

2 Chronicles 7 in the SBITS3

2 Chronicles 7 in the SBITS4

2 Chronicles 7 in the SBIUS

2 Chronicles 7 in the SBIVS

2 Chronicles 7 in the SBT

2 Chronicles 7 in the SBT1E

2 Chronicles 7 in the SCHL

2 Chronicles 7 in the SNT

2 Chronicles 7 in the SUSU

2 Chronicles 7 in the SUSU2

2 Chronicles 7 in the SYNO

2 Chronicles 7 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 7 in the TBT1E

2 Chronicles 7 in the TBT1E2

2 Chronicles 7 in the TFTIP

2 Chronicles 7 in the TFTU

2 Chronicles 7 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 7 in the THAI

2 Chronicles 7 in the TNFD

2 Chronicles 7 in the TNT

2 Chronicles 7 in the TNTIK

2 Chronicles 7 in the TNTIL

2 Chronicles 7 in the TNTIN

2 Chronicles 7 in the TNTIP

2 Chronicles 7 in the TNTIZ

2 Chronicles 7 in the TOMA

2 Chronicles 7 in the TTENT

2 Chronicles 7 in the UBG

2 Chronicles 7 in the UGV

2 Chronicles 7 in the UGV2

2 Chronicles 7 in the UGV3

2 Chronicles 7 in the VBL

2 Chronicles 7 in the VDCC

2 Chronicles 7 in the YALU

2 Chronicles 7 in the YAPE

2 Chronicles 7 in the YBVTP

2 Chronicles 7 in the ZBP