Ecclesiastes 8 (BOATCB)
1 Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ?Hwan na ɔnim sɛdeɛ nneɛma teɛ?Nimdeɛ te nnipa animna ɛbrɛ ne denyɛ ase. 2 Mese: Di ɔhene ɔhyɛ nsɛm so, ɛfiri sɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim. 3 Mpɛ ntɛm mfiri ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ, na onii no anyɛ deɛ ɔpɛ biara. 4 Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?” 5 Deɛ ɔdi ne nhyɛ nsɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu,na nyansa akoma bɛhunu ɛberɛ a ɛsɛ, ne ne kwan. 6 Adeyɛ biara wɔ ne ɛberɛ a ɛfata ne ɛkwan a wɔfa so yɛ,nanso onipa haw hyɛ no so bebree. 7 Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm enti,hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no deɛ ɛreba? 8 Obiara nni mframa so tumi na waboa ano;saa ara na obiara nni ne wuda so tumi.Na sɛdeɛ wɔmma obiara nkɔ ahomegyeɛ wɔ ɔko berɛ mu no,saa ara na amumuyɛ rennyaa wɔn a wɔdi amumuyɛsɛm. 9 Mehunuu yeinom nyinaa ɛberɛ a medwenee nneɛma a wɔyɛ wɔ owia yi ase ho. Ɛberɛ bi wɔ hɔ a onipa hyɛ afoforɔ so ma ɛdane ɔhaw ma no. 10 Bio, mehunuu sɛ wɔasie amumuyɛfoɔ, wɔn a anka wɔdi akɔneaba wɔ kronkronbea hɔ de gye nkamfo wɔ kuropɔn a wɔyɛɛ saa no mu. Yei nso yɛ ahuhudeɛ. 11 Sɛ bɔne bi ho asotwe amma ntɛm a, nnipa dwene nhyehyɛeɛ a wɔde yɛ bɔne ho. 12 Ɛwom sɛ omumuyɛfoɔ bi yɛ bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn no yie, wɔn a wɔdi Onyankopɔn ni no. 13 Nanso ɛsiane sɛ amumuyɛfoɔ nsuro Onyankopɔn enti, ɛrensi wɔn yie na wɔn nna renware sɛ sunsumma. 14 Adeɛ bi nso a ɛyɛ ahuhudeɛ a ɛsi wɔ asase so, ɛne sɛ, ateneneefoɔ bi nya akatua a ɛfata amumuyɛfoɔ, na amumuyɛfoɔ bi nya akatua a ɛfata ateneneefoɔ. Yei nso, mese ɛyɛ ahuhudeɛ. 15 Enti mekamfo ewiase mu anigyeɛ, ɛfiri sɛ biribiara nni owia yi ase a ɛyɛ ma onipa sene sɛ ɔbɛdidi, anom ama nʼani agye. Na afei ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nʼadwumayɛ mu wɔ nna a Onyankopɔn ama no wɔ owia yi ase nyinaa. 16 Ɛberɛ a mepɛ sɛ mɛte nimdeɛ ase ne ɔbrɛ adwuma a onipa yɛ wɔ asase so a ɔnna awia anaa anadwo no, 17 mehunuu deɛ Onyankopɔn ayɛ nyinaa. Obiara rentumi nte deɛ ɛkɔ so wɔ owia yi ase no ase. Ne mmɔdemmɔ nyinaa akyi, onipa rentumi nhunu asekyerɛ da. Sɛ mpo onyansafoɔ bi ka sɛ ɔnim a, ɔrentumi nte aseɛ yie da.
In Other Versions
Ecclesiastes 8 in the ANGEFD
Ecclesiastes 8 in the ANTPNG2D
Ecclesiastes 8 in the AS21
Ecclesiastes 8 in the BAGH
Ecclesiastes 8 in the BBPNG
Ecclesiastes 8 in the BBT1E
Ecclesiastes 8 in the BDS
Ecclesiastes 8 in the BEV
Ecclesiastes 8 in the BHAD
Ecclesiastes 8 in the BIB
Ecclesiastes 8 in the BLPT
Ecclesiastes 8 in the BNT
Ecclesiastes 8 in the BNTABOOT
Ecclesiastes 8 in the BNTLV
Ecclesiastes 8 in the BOATCB2
Ecclesiastes 8 in the BOBCV
Ecclesiastes 8 in the BOCNT
Ecclesiastes 8 in the BOECS
Ecclesiastes 8 in the BOGWICC
Ecclesiastes 8 in the BOHCB
Ecclesiastes 8 in the BOHCV
Ecclesiastes 8 in the BOHLNT
Ecclesiastes 8 in the BOHNTLTAL
Ecclesiastes 8 in the BOICB
Ecclesiastes 8 in the BOILNTAP
Ecclesiastes 8 in the BOITCV
Ecclesiastes 8 in the BOKCV
Ecclesiastes 8 in the BOKCV2
Ecclesiastes 8 in the BOKHWOG
Ecclesiastes 8 in the BOKSSV
Ecclesiastes 8 in the BOLCB
Ecclesiastes 8 in the BOLCB2
Ecclesiastes 8 in the BOMCV
Ecclesiastes 8 in the BONAV
Ecclesiastes 8 in the BONCB
Ecclesiastes 8 in the BONLT
Ecclesiastes 8 in the BONUT2
Ecclesiastes 8 in the BOPLNT
Ecclesiastes 8 in the BOSCB
Ecclesiastes 8 in the BOSNC
Ecclesiastes 8 in the BOTLNT
Ecclesiastes 8 in the BOVCB
Ecclesiastes 8 in the BOYCB
Ecclesiastes 8 in the BPBB
Ecclesiastes 8 in the BPH
Ecclesiastes 8 in the BSB
Ecclesiastes 8 in the CCB
Ecclesiastes 8 in the CUV
Ecclesiastes 8 in the CUVS
Ecclesiastes 8 in the DBT
Ecclesiastes 8 in the DGDNT
Ecclesiastes 8 in the DHNT
Ecclesiastes 8 in the DNT
Ecclesiastes 8 in the ELBE
Ecclesiastes 8 in the EMTV
Ecclesiastes 8 in the ESV
Ecclesiastes 8 in the FBV
Ecclesiastes 8 in the FEB
Ecclesiastes 8 in the GGMNT
Ecclesiastes 8 in the GNT
Ecclesiastes 8 in the HARY
Ecclesiastes 8 in the HNT
Ecclesiastes 8 in the IRVA
Ecclesiastes 8 in the IRVB
Ecclesiastes 8 in the IRVG
Ecclesiastes 8 in the IRVH
Ecclesiastes 8 in the IRVK
Ecclesiastes 8 in the IRVM
Ecclesiastes 8 in the IRVM2
Ecclesiastes 8 in the IRVO
Ecclesiastes 8 in the IRVP
Ecclesiastes 8 in the IRVT
Ecclesiastes 8 in the IRVT2
Ecclesiastes 8 in the IRVU
Ecclesiastes 8 in the ISVN
Ecclesiastes 8 in the JSNT
Ecclesiastes 8 in the KAPI
Ecclesiastes 8 in the KBT1ETNIK
Ecclesiastes 8 in the KBV
Ecclesiastes 8 in the KJV
Ecclesiastes 8 in the KNFD
Ecclesiastes 8 in the LBA
Ecclesiastes 8 in the LBLA
Ecclesiastes 8 in the LNT
Ecclesiastes 8 in the LSV
Ecclesiastes 8 in the MAAL
Ecclesiastes 8 in the MBV
Ecclesiastes 8 in the MBV2
Ecclesiastes 8 in the MHNT
Ecclesiastes 8 in the MKNFD
Ecclesiastes 8 in the MNG
Ecclesiastes 8 in the MNT
Ecclesiastes 8 in the MNT2
Ecclesiastes 8 in the MRS1T
Ecclesiastes 8 in the NAA
Ecclesiastes 8 in the NASB
Ecclesiastes 8 in the NBLA
Ecclesiastes 8 in the NBS
Ecclesiastes 8 in the NBVTP
Ecclesiastes 8 in the NET2
Ecclesiastes 8 in the NIV11
Ecclesiastes 8 in the NNT
Ecclesiastes 8 in the NNT2
Ecclesiastes 8 in the NNT3
Ecclesiastes 8 in the PDDPT
Ecclesiastes 8 in the PFNT
Ecclesiastes 8 in the RMNT
Ecclesiastes 8 in the SBIAS
Ecclesiastes 8 in the SBIBS
Ecclesiastes 8 in the SBIBS2
Ecclesiastes 8 in the SBICS
Ecclesiastes 8 in the SBIDS
Ecclesiastes 8 in the SBIGS
Ecclesiastes 8 in the SBIHS
Ecclesiastes 8 in the SBIIS
Ecclesiastes 8 in the SBIIS2
Ecclesiastes 8 in the SBIIS3
Ecclesiastes 8 in the SBIKS
Ecclesiastes 8 in the SBIKS2
Ecclesiastes 8 in the SBIMS
Ecclesiastes 8 in the SBIOS
Ecclesiastes 8 in the SBIPS
Ecclesiastes 8 in the SBISS
Ecclesiastes 8 in the SBITS
Ecclesiastes 8 in the SBITS2
Ecclesiastes 8 in the SBITS3
Ecclesiastes 8 in the SBITS4
Ecclesiastes 8 in the SBIUS
Ecclesiastes 8 in the SBIVS
Ecclesiastes 8 in the SBT
Ecclesiastes 8 in the SBT1E
Ecclesiastes 8 in the SCHL
Ecclesiastes 8 in the SNT
Ecclesiastes 8 in the SUSU
Ecclesiastes 8 in the SUSU2
Ecclesiastes 8 in the SYNO
Ecclesiastes 8 in the TBIAOTANT
Ecclesiastes 8 in the TBT1E
Ecclesiastes 8 in the TBT1E2
Ecclesiastes 8 in the TFTIP
Ecclesiastes 8 in the TFTU
Ecclesiastes 8 in the TGNTATF3T
Ecclesiastes 8 in the THAI
Ecclesiastes 8 in the TNFD
Ecclesiastes 8 in the TNT
Ecclesiastes 8 in the TNTIK
Ecclesiastes 8 in the TNTIL
Ecclesiastes 8 in the TNTIN
Ecclesiastes 8 in the TNTIP
Ecclesiastes 8 in the TNTIZ
Ecclesiastes 8 in the TOMA
Ecclesiastes 8 in the TTENT
Ecclesiastes 8 in the UBG
Ecclesiastes 8 in the UGV
Ecclesiastes 8 in the UGV2
Ecclesiastes 8 in the UGV3
Ecclesiastes 8 in the VBL
Ecclesiastes 8 in the VDCC
Ecclesiastes 8 in the YALU
Ecclesiastes 8 in the YAPE
Ecclesiastes 8 in the YBVTP
Ecclesiastes 8 in the ZBP