Exodus 10 (BOATCB)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sane kɔ Farao nkyɛn na kɔbisa no deɛ mahyɛ sɛ ɔnyɛ mma wo no. Nanso, mapirim ɔne ne mpanimfoɔ nyinaa akoma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi ayɛ anwanwadeɛ bebree akyerɛ wɔn ama wɔahunu me tumi. 2 Na ɛnam so ma woatumi aka anwanwadeɛ a mayɛ wɔ Misraim asase so no akyerɛ wo mma ne wo mmanananom. Ka sɛdeɛ memaa Misraimfoɔ no yɛɛ wɔn adeɛ sɛ nkwaseafoɔ wɔ mʼanim no ne sɛdeɛ mema wɔhunuu sɛ mene AWURADE no kyerɛ wɔn.” 3 Enti, Mose ne Aaron kɔhunuu Farao ka kyerɛɛ no sɛ, “AWURADE a ɔyɛ Hebrifoɔ Onyankopɔn se memmisa wo sɛ, ‘Nna dodoɔ sɛn na wopɛ sɛ wode bu me animtia? Ma me nkurɔfoɔ nkɔ na wɔnkɔsom me. 4 Na sɛ woamma wɔn ankɔ a, ɔkyena nko ara mɛma ntutummɛ aba wʼasase yi so. 5 Wɔbɛkata asase no ani nyinaa. Na wɔbɛsɛe biribiara a ɛkaeɛ a asukɔtweaa a ɛtɔeɛ no ansɛe no no nyinaa a wiram nnua nyinaa ka ho. 6 Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfie hɔ, wo mpanimfoɔ afie mu ne Misraimfoɔ afie nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, ɛfiri ɛberɛ a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de bɛsi ɛnnɛ no, ebi nsii saa da.’ ” Na Mose firii Farao anim kɔeɛ. 7 Afei, mpanimfoɔ a wɔwɔ Farao asɛnniiɛ no bɛbisaa no sɛ, “Nkɔsi da bɛn na wobɛma saa ɔbarima yi afa yɛn nnommum? Wonhunuu sɛ Misraim nyinaa adane amamfo? Ma nnipa no ɛkwan na wɔnkɔ nkɔsom AWURADE wɔn Onyankopɔn!” 8 Enti, wɔsane de Mose ne Aaron baa Farao anim bio bɛbisaa Farao ɛkwan. Farao kaa sɛ, “Ɛyɛ, monkɔsom AWURADE, mo Onyankopɔn no. Na ɛhefoɔ na mo ne wɔn bɛkɔ?” 9 Mose buaa Farao sɛ, “Yɛde mmɔfra ne mpanin, yɛn mmammarima, yɛn mmammaa, yɛn nnwan ne yɛn anantwie na ɛbɛkɔ. Yɛde yɛn agyapadeɛ nyinaa na ɛbɛtu saa ɛkwan no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ AWURADE afahyɛ no.” 10 Farao de abufuo buaa sɛ, “Sɛ mɛma mode mmɔfra nketewa yi kɔ a, ɛnneɛ AWURADE ankasa nka mo ho. Mahunu sɛ mowɔ adwemmɔne. 11 Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Mo mmarima no, monkɔsom AWURADE, ɛfiri sɛ, ɛno na mobisaa me.” Farao pamoo wɔn firii nʼahemfie hɔ. 12 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa wɔ Misraim so na ntutummɛ mmɛkata asase no nyinaa so, na wɔnni biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no no.” 13 Enti Mose maa ne poma so kyerɛɛ Misraim asase so maa AWURADE bɔɔ mframa bi firii apueeɛ fam awia ne anadwo. Adeɛ kyeeɛ no, na apueeɛ mframa no de ntutummɛ no abɛgu asase no so nyinaa. 14 Ntutummɛ no kataa Misraim asase no so mmaa nyinaa. Misraim abakɔsɛm kyerɛ sɛ, ntutummɛ mmaa ɔman no mu saa da na ebi nso remma saa bio. 15 Mmoa no kataa asase ani nyinaa ma wɔsii owia ani enti wɔmaa esum duruu asase no so. Wɔwee biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no no; biribiara a ɛyɛ ahahammono anka; sɛ ɛyɛ dua anaa afifideɛ a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no. 16 Ntɛm pa ara Farao tuu abɔfoɔ kɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mayɛ bɔne atia AWURADE, mo Onyankopɔn no, ne mo nyinaa. 17 Me nkotosrɛ a ɛdi akyire nie; momfa saa bɔne no nkyɛ me na monsrɛ AWURADE mo Onyankopɔn sɛ ɔnyi owuo yi mfiri yɛn so.” 18 Enti, Mose firii Farao anim kɔsrɛɛ AWURADE. 19 AWURADE bɔɔ atɔeɛ fam mframa denden bi ma ɛpiaa ntutummɛ no nyinaa kɔguu Ɛpo Kɔkɔɔ no mu, a anka ɔbaako pɛ koraa wɔ Misraim asase no so. 20 Nanso, AWURADE pirim Farao akoma enti wamma Israelfoɔ no ankɔ. 21 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa kyerɛ ɔsoro ma esum kabii mmɛduru Misraim asase so.” 22 Enti, Mose tenee ne nsa hwɛɛ soro maa esum kabii bɛduruu Misraim asase no so nnansa. 23 Esum no duruu saa no, na obiara ntumi ntu ne nan, nanso Israelfoɔ no deɛ, na deɛ wɔte hɔ yɛ hann. 24 Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔsom AWURADE. Wobɛtumi de wo mma aka wo ho akɔ; nanso wo nnwan ne wʼanantwie no deɛ, ma wɔnka ha.” 25 Nanso, Mose buaa sɛ, “Dabi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nnwan ne yɛn anantwie kɔ na yɛde wɔn mu bi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE yɛn Onyankopɔn. 26 Aboa tɔte koraa yɛrennya wɔ ha; ɛsɛ sɛ yɛbɔ AWURADE, yɛn Onyankopɔn no afɔdeɛ. Yɛnnim deɛ ɔbɛpɛ gye sɛ yɛduru hɔ.” 27 Nanso, AWURADE pirim Farao akoma enti wamma wɔn ankɔ. 28 Farao teateaa Mose sɛ, “Firi ha kɔ ntɛm. Mma menhunu wo ha bio. Ɛda a wobɛba ha bio no, wobɛwu.” 29 Mose buaa sɛ, “Ɛyɛ, merenhunu wo bio.”

In Other Versions

Exodus 10 in the ANGEFD

Exodus 10 in the ANTPNG2D

Exodus 10 in the AS21

Exodus 10 in the BAGH

Exodus 10 in the BBPNG

Exodus 10 in the BBT1E

Exodus 10 in the BDS

Exodus 10 in the BEV

Exodus 10 in the BHAD

Exodus 10 in the BIB

Exodus 10 in the BLPT

Exodus 10 in the BNT

Exodus 10 in the BNTABOOT

Exodus 10 in the BNTLV

Exodus 10 in the BOATCB2

Exodus 10 in the BOBCV

Exodus 10 in the BOCNT

Exodus 10 in the BOECS

Exodus 10 in the BOGWICC

Exodus 10 in the BOHCB

Exodus 10 in the BOHCV

Exodus 10 in the BOHLNT

Exodus 10 in the BOHNTLTAL

Exodus 10 in the BOICB

Exodus 10 in the BOILNTAP

Exodus 10 in the BOITCV

Exodus 10 in the BOKCV

Exodus 10 in the BOKCV2

Exodus 10 in the BOKHWOG

Exodus 10 in the BOKSSV

Exodus 10 in the BOLCB

Exodus 10 in the BOLCB2

Exodus 10 in the BOMCV

Exodus 10 in the BONAV

Exodus 10 in the BONCB

Exodus 10 in the BONLT

Exodus 10 in the BONUT2

Exodus 10 in the BOPLNT

Exodus 10 in the BOSCB

Exodus 10 in the BOSNC

Exodus 10 in the BOTLNT

Exodus 10 in the BOVCB

Exodus 10 in the BOYCB

Exodus 10 in the BPBB

Exodus 10 in the BPH

Exodus 10 in the BSB

Exodus 10 in the CCB

Exodus 10 in the CUV

Exodus 10 in the CUVS

Exodus 10 in the DBT

Exodus 10 in the DGDNT

Exodus 10 in the DHNT

Exodus 10 in the DNT

Exodus 10 in the ELBE

Exodus 10 in the EMTV

Exodus 10 in the ESV

Exodus 10 in the FBV

Exodus 10 in the FEB

Exodus 10 in the GGMNT

Exodus 10 in the GNT

Exodus 10 in the HARY

Exodus 10 in the HNT

Exodus 10 in the IRVA

Exodus 10 in the IRVB

Exodus 10 in the IRVG

Exodus 10 in the IRVH

Exodus 10 in the IRVK

Exodus 10 in the IRVM

Exodus 10 in the IRVM2

Exodus 10 in the IRVO

Exodus 10 in the IRVP

Exodus 10 in the IRVT

Exodus 10 in the IRVT2

Exodus 10 in the IRVU

Exodus 10 in the ISVN

Exodus 10 in the JSNT

Exodus 10 in the KAPI

Exodus 10 in the KBT1ETNIK

Exodus 10 in the KBV

Exodus 10 in the KJV

Exodus 10 in the KNFD

Exodus 10 in the LBA

Exodus 10 in the LBLA

Exodus 10 in the LNT

Exodus 10 in the LSV

Exodus 10 in the MAAL

Exodus 10 in the MBV

Exodus 10 in the MBV2

Exodus 10 in the MHNT

Exodus 10 in the MKNFD

Exodus 10 in the MNG

Exodus 10 in the MNT

Exodus 10 in the MNT2

Exodus 10 in the MRS1T

Exodus 10 in the NAA

Exodus 10 in the NASB

Exodus 10 in the NBLA

Exodus 10 in the NBS

Exodus 10 in the NBVTP

Exodus 10 in the NET2

Exodus 10 in the NIV11

Exodus 10 in the NNT

Exodus 10 in the NNT2

Exodus 10 in the NNT3

Exodus 10 in the PDDPT

Exodus 10 in the PFNT

Exodus 10 in the RMNT

Exodus 10 in the SBIAS

Exodus 10 in the SBIBS

Exodus 10 in the SBIBS2

Exodus 10 in the SBICS

Exodus 10 in the SBIDS

Exodus 10 in the SBIGS

Exodus 10 in the SBIHS

Exodus 10 in the SBIIS

Exodus 10 in the SBIIS2

Exodus 10 in the SBIIS3

Exodus 10 in the SBIKS

Exodus 10 in the SBIKS2

Exodus 10 in the SBIMS

Exodus 10 in the SBIOS

Exodus 10 in the SBIPS

Exodus 10 in the SBISS

Exodus 10 in the SBITS

Exodus 10 in the SBITS2

Exodus 10 in the SBITS3

Exodus 10 in the SBITS4

Exodus 10 in the SBIUS

Exodus 10 in the SBIVS

Exodus 10 in the SBT

Exodus 10 in the SBT1E

Exodus 10 in the SCHL

Exodus 10 in the SNT

Exodus 10 in the SUSU

Exodus 10 in the SUSU2

Exodus 10 in the SYNO

Exodus 10 in the TBIAOTANT

Exodus 10 in the TBT1E

Exodus 10 in the TBT1E2

Exodus 10 in the TFTIP

Exodus 10 in the TFTU

Exodus 10 in the TGNTATF3T

Exodus 10 in the THAI

Exodus 10 in the TNFD

Exodus 10 in the TNT

Exodus 10 in the TNTIK

Exodus 10 in the TNTIL

Exodus 10 in the TNTIN

Exodus 10 in the TNTIP

Exodus 10 in the TNTIZ

Exodus 10 in the TOMA

Exodus 10 in the TTENT

Exodus 10 in the UBG

Exodus 10 in the UGV

Exodus 10 in the UGV2

Exodus 10 in the UGV3

Exodus 10 in the VBL

Exodus 10 in the VDCC

Exodus 10 in the YALU

Exodus 10 in the YAPE

Exodus 10 in the YBVTP

Exodus 10 in the ZBP