Genesis 13 (BOATCB)
1 Abram tu firii Misraim. Ɔno, ne yere, Lot, nʼagyapadeɛ ne ne fiefoɔ nyinaa baa Negeb. 2 Saa ɛberɛ no na Abram anya ne ho a ɔwɔ nyɛmmoa, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii. 3 Ɔfirii Negeb hɔ no, ɔdii atutena ara kɔduruu Bet-El, baabi a ɔdii ɛkan sii ne ntomadan a ɛwɔ Bet-El ne Ai ntam no. 4 Ɛhɔ na kane no ɔsii nʼafɔrebukyia. Ɛhɔ nso na ɔkɔɔ so somm AWURADE. 5 Na Lot a ɔne Abram nam no nso yɛ ɔdefoɔ a ɔwɔ nnwan, anantwie ne asomfoɔ bebree. 6 Esiane sɛ saa ɛberɛ no na Abram ne Lot nyinaa anya wɔn ho, na wɔwɔ nnwan, anantwie ne asomfoɔ pii enti, na wɔnsene asase no so. 7 Na akasakasa taa baa Abram mmoahwɛfoɔ ne Lot mmoahwɛfoɔ no ntam. Saa ɛberɛ no na Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ nso tete asase no so. 8 Enti, Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ, “Mesrɛ wo, mma akasakasa mma me ne wo anaa me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, ɛfiri sɛ, yɛyɛ anuanom. 9 Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda wʼanim yi? Ma yɛnni mpaapaemu. Sɛ wokɔ benkum a, mɛkɔ nifa, na sɛ wokɔ nifa nso a, mɛkɔ benkum.” 10 Lot hwɛɛ ne ho hyiaeɛ, hunuu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebereɛ. Na nsuo wɔ mu baabiara te sɛ Eden turom anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa ɛberɛ no, na AWURADE nnya nsɛee Sodom ne Gomora. 11 Na Lot de nʼani kyerɛɛ apueeɛ fam, faa asase a ɛda Yordan ho no. Yei ne ɛkwan a Abram ne Lot faa so dii ntetemu no. 12 Abram tenaa Kanaan asase so. Ɛnna Lot nso dii atutena wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ nsase tamaa no so, na ɔkɔsii ne ntomadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom. 13 Na nnipa a wɔwɔ Sodom kuro no mu no yɛ amumuyɛfoɔ a daa wɔyɛ bɔne akɛseakɛseɛ de tia AWURADE. 14 Lot tee ne ho firii Abram ho akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Afei, ma wʼani so hwɛ atifi fam, anafoɔ fam, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam. 15 Mede asasetam a wʼani tua yi nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ afebɔɔ. 16 Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo a obiara ntumi nkan. 17 Sɔre, kɔ na kɔhwehwɛ asase no so nyinaa, ɛfiri sɛ, mede rema wo.” 18 Enti, Abram tutuu ne ntomadan bɛtenaa odum kwaeɛ bi a ɛyɛ Mamrɛ dea wɔ Hebron. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE.
In Other Versions
Genesis 13 in the ANGEFD
Genesis 13 in the ANTPNG2D
Genesis 13 in the AS21
Genesis 13 in the BAGH
Genesis 13 in the BBPNG
Genesis 13 in the BBT1E
Genesis 13 in the BDS
Genesis 13 in the BEV
Genesis 13 in the BHAD
Genesis 13 in the BIB
Genesis 13 in the BLPT
Genesis 13 in the BNT
Genesis 13 in the BNTABOOT
Genesis 13 in the BNTLV
Genesis 13 in the BOATCB2
Genesis 13 in the BOBCV
Genesis 13 in the BOCNT
Genesis 13 in the BOECS
Genesis 13 in the BOGWICC
Genesis 13 in the BOHCB
Genesis 13 in the BOHCV
Genesis 13 in the BOHLNT
Genesis 13 in the BOHNTLTAL
Genesis 13 in the BOICB
Genesis 13 in the BOILNTAP
Genesis 13 in the BOITCV
Genesis 13 in the BOKCV
Genesis 13 in the BOKCV2
Genesis 13 in the BOKHWOG
Genesis 13 in the BOKSSV
Genesis 13 in the BOLCB
Genesis 13 in the BOLCB2
Genesis 13 in the BOMCV
Genesis 13 in the BONAV
Genesis 13 in the BONCB
Genesis 13 in the BONLT
Genesis 13 in the BONUT2
Genesis 13 in the BOPLNT
Genesis 13 in the BOSCB
Genesis 13 in the BOSNC
Genesis 13 in the BOTLNT
Genesis 13 in the BOVCB
Genesis 13 in the BOYCB
Genesis 13 in the BPBB
Genesis 13 in the BPH
Genesis 13 in the BSB
Genesis 13 in the CCB
Genesis 13 in the CUV
Genesis 13 in the CUVS
Genesis 13 in the DBT
Genesis 13 in the DGDNT
Genesis 13 in the DHNT
Genesis 13 in the DNT
Genesis 13 in the ELBE
Genesis 13 in the EMTV
Genesis 13 in the ESV
Genesis 13 in the FBV
Genesis 13 in the FEB
Genesis 13 in the GGMNT
Genesis 13 in the GNT
Genesis 13 in the HARY
Genesis 13 in the HNT
Genesis 13 in the IRVA
Genesis 13 in the IRVB
Genesis 13 in the IRVG
Genesis 13 in the IRVH
Genesis 13 in the IRVK
Genesis 13 in the IRVM
Genesis 13 in the IRVM2
Genesis 13 in the IRVO
Genesis 13 in the IRVP
Genesis 13 in the IRVT
Genesis 13 in the IRVT2
Genesis 13 in the IRVU
Genesis 13 in the ISVN
Genesis 13 in the JSNT
Genesis 13 in the KAPI
Genesis 13 in the KBT1ETNIK
Genesis 13 in the KBV
Genesis 13 in the KJV
Genesis 13 in the KNFD
Genesis 13 in the LBA
Genesis 13 in the LBLA
Genesis 13 in the LNT
Genesis 13 in the LSV
Genesis 13 in the MAAL
Genesis 13 in the MBV
Genesis 13 in the MBV2
Genesis 13 in the MHNT
Genesis 13 in the MKNFD
Genesis 13 in the MNG
Genesis 13 in the MNT
Genesis 13 in the MNT2
Genesis 13 in the MRS1T
Genesis 13 in the NAA
Genesis 13 in the NASB
Genesis 13 in the NBLA
Genesis 13 in the NBS
Genesis 13 in the NBVTP
Genesis 13 in the NET2
Genesis 13 in the NIV11
Genesis 13 in the NNT
Genesis 13 in the NNT2
Genesis 13 in the NNT3
Genesis 13 in the PDDPT
Genesis 13 in the PFNT
Genesis 13 in the RMNT
Genesis 13 in the SBIAS
Genesis 13 in the SBIBS
Genesis 13 in the SBIBS2
Genesis 13 in the SBICS
Genesis 13 in the SBIDS
Genesis 13 in the SBIGS
Genesis 13 in the SBIHS
Genesis 13 in the SBIIS
Genesis 13 in the SBIIS2
Genesis 13 in the SBIIS3
Genesis 13 in the SBIKS
Genesis 13 in the SBIKS2
Genesis 13 in the SBIMS
Genesis 13 in the SBIOS
Genesis 13 in the SBIPS
Genesis 13 in the SBISS
Genesis 13 in the SBITS
Genesis 13 in the SBITS2
Genesis 13 in the SBITS3
Genesis 13 in the SBITS4
Genesis 13 in the SBIUS
Genesis 13 in the SBIVS
Genesis 13 in the SBT
Genesis 13 in the SBT1E
Genesis 13 in the SCHL
Genesis 13 in the SNT
Genesis 13 in the SUSU
Genesis 13 in the SUSU2
Genesis 13 in the SYNO
Genesis 13 in the TBIAOTANT
Genesis 13 in the TBT1E
Genesis 13 in the TBT1E2
Genesis 13 in the TFTIP
Genesis 13 in the TFTU
Genesis 13 in the TGNTATF3T
Genesis 13 in the THAI
Genesis 13 in the TNFD
Genesis 13 in the TNT
Genesis 13 in the TNTIK
Genesis 13 in the TNTIL
Genesis 13 in the TNTIN
Genesis 13 in the TNTIP
Genesis 13 in the TNTIZ
Genesis 13 in the TOMA
Genesis 13 in the TTENT
Genesis 13 in the UBG
Genesis 13 in the UGV
Genesis 13 in the UGV2
Genesis 13 in the UGV3
Genesis 13 in the VBL
Genesis 13 in the VDCC
Genesis 13 in the YALU
Genesis 13 in the YAPE
Genesis 13 in the YBVTP
Genesis 13 in the ZBP