Judges 7 (BOATCB)

1 Anɔpahema, Yerubaal (a ɔne Gideon) ne nʼakodɔm kɔɔ ara kɔsii Harod nsuo ho. Midian akodɔm nso bɔɔ dɔmpem wɔ atifi fam wɔ bɔnhwa bi a ɛbɛn More bepɔ no. 2 AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Akofoɔ a wɔka wo ho no dɔɔso dodo. Sɛ mema mo nyinaa ko tia Midianfoɔ a, Israelfoɔ no bɛhoahoa wɔn ho akyerɛ me sɛ wɔn ara nam wɔn ahoɔden so na wɔgyee wɔn ho sii hɔ. 3 Ɛno enti, ka kyerɛ nnipa no sɛ, ‘Obiara a ɔyɛ tebɔɔ anaa ɔsuro no, ɔnyi ne ho mfiri mu na ɔnkɔ efie.’ ” Wɔn mu ɔpeduonu mmienu na wɔkɔɔ fie, ɛnna ɛkaa wɔn mu ɔpedu a wɔpɛɛ sɛ wɔbɛko. 4 Nanso, AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Wɔdɔɔso ara. Fa wɔn bra asuo no ho na mɛsa wɔn mu ayi wɔn a wo ne wɔn bɛkɔ ne wɔn a wɔne wo renkɔ.” 5 Ɛberɛ a Gideon de nʼakofoɔ no kɔɔ nsuo no ho no, AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyɛ nnipa no mu akuo mmienu. Fa nnipa a wɔbɔ nsuo gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma tafere no sɛ nkraman no kɔ ekuo baako mu. Ekuo a ɛtɔ so mmienu no nso, fa wɔn a wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo wɔ asuwa mu no hyɛ mu.” 6 Mmarima no mu ahasa pɛ na na wɔnom nsuo firi wɔn nsa mu. Wɔn a aka no nyinaa nso, na wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo firi asuwa no mu. 7 AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Menam saa mmarima ahasa yi so bɛgye mo, na mama moadi Midianfoɔ no so nkonim. Ma wɔn a aka no nyinaa nkɔ fie.” 8 Enti, Gideon gyegyee wɔn akwansoduane ne ntotorobɛnto firii akofoɔ no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahasa no kaa ne nkyɛn.Na Midianfoɔ no atenaeɛ wɔ bɔnhwa a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ. 9 Anadwo no, AWURADE kaa sɛ, “Sɔre! Kɔ Midianfoɔ no atenaeɛ no mu wɔ aseɛ hɔ, na mɛma mo adi wɔn so nkonim! 10 Na sɛ wosuro sɛ wobɛkoto ahyɛ wɔn so a, wo ne wo ɔsomfoɔ Pura nkɔ hɔ. 11 Tie deɛ Midianfoɔ no reka na ɛbɛhyɛ wo nkuran. Na wo ho bɛpere wo ama woato ahyɛ wɔn so.”Enti, Gideon faa Pura kaa ne ho ne no kɔɔ atamfoɔ no atenaeɛ no mfikyire. 12 Saa ɛberɛ no na Midianfoɔ, Amalekfoɔ ne nnipa no nkaeɛ a wɔfifiri apueeɛ fam no abɛyɛ bitibiti te sɛ ntutummɛ wɔ bɔnhwa no mu. Na wɔn nyoma nso dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Wɔdɔɔso dodo! 13 Gideon weaweaa kɔduruu hɔ no, na ɔbarima bi reka ne daeɛ a ɔsoeɛ akyerɛ nʼadamfo bi sɛ, “Mesoo daeɛ na burodo kurukuruwa bi ate abɛhwe Midianfoɔ atenaeɛ. Ɛkɔpem ntomadan no bi na ɛbu faa so ma ɛkɔhwee ase!” 14 Nʼadamfo no kaa sɛ, “Wo daeɛ no kyerɛ adeɛ baako pɛ. Onyankopɔn de Midian ne ne mpamfoɔ nyinaa so nkonimdie ahyɛ Yoas babarima Gideon, Israelni no nsa.” 15 Ɛberɛ a Gideon tee daeɛ no ne nʼasekyerɛ no, ɔkoto sɔree Onyankopɔn. Ɔsane baa Israel atenaeɛ mu teaam sɛ, “Monsɔre! AWURADE de Midianfoɔ ahyɛ mo nsa.” 16 Ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuakuo mmiɛnsa. Ɔde ntotorobɛnto ne dɔteɛ kuruwa a ogyatɛn hyehyɛ mu maa wɔn. 17 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ me. Monni mʼakyi. Sɛ meduru atenaeɛ no mfikyire a, deɛ mɛyɛ biara no, monyɛ bi. 18 Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho nyinaa hyɛn ntotorobɛnto no a, mo a moatwa atenaeɛ no ho ahyia no nyinaa, mo nso monhyɛn mo deɛ na monteam sɛ, ‘Yɛko ma AWURADE ne Gideon.’ ” 19 Anadwo dasuo mu a wɔasesa awɛmfoɔ no awie pɛ, na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no kɔduruu Midianfoɔ atenaeɛ mfikyire. Mpofirim wɔhyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, bobɔɔ dɔteɛ nkuruwa a na ɛhyehyɛ wɔn nsam no. 20 Afei akuo mmiɛnsa no nyinaa hyɛnee wɔn ntotorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wɔkurakura ogyatɛn a ɛrederɛ no wɔ wɔn nsa benkum mu na wɔkurakura ntotorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteaam sɛ, “AWURADE akofena yɛ Gideon akofena!” 21 Ɔbarima biara gyinaa nʼafa wɔ atenaeɛ no ho, hwɛɛ Midianfoɔ no sɛ wɔabɔ huboa reteateam na wɔredwane. 22 Ɛberɛ a Israelfoɔ ahasa no hyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, AWURADE maa wɔn atamfoɔ akofoɔ a wɔwɔ atenaeɛ hɔ no twaa wɔn ho de akofena ne wɔn ho koeɛ. Wɔn a wɔanwu no dwane kɔduruu Bet-Sita a ɛbɛn Serera ne Abel-Mehola hyeɛ a ɛbɛn Tabat so. 23 Afei, Gideon soma kɔfaa Naftali, Aser ne Manase akofoɔ a wɔbɛboa ma wɔtaa Midian akodɔm a wɔredwane no. 24 Gideon tuu abɔfoɔ kɔɔ Efraim mmepɔ aman no so kɔkaa sɛ “Mommra mmɛto nhyɛ Midianfoɔ so. Montware wɔn wɔ Yordan aworɔso a ɛwɔ Bet-Bera hɔ no.”Na Efraim mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no. 25 Wɔkyeree Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene. Wɔkumm Oreb wɔ Oreb botan so ɛnna wɔkumm Seeb nso wɔ Seeb nsakyiamena ho. Na wɔkɔɔ so taa Midianfoɔ no. Akyire no, Israelfoɔ no de Oreb ne Seeb tiri no brɛɛ Gideon a na saa ɛberɛ no ɔwɔ Yordan ho no.

In Other Versions

Judges 7 in the ANGEFD

Judges 7 in the ANTPNG2D

Judges 7 in the AS21

Judges 7 in the BAGH

Judges 7 in the BBPNG

Judges 7 in the BBT1E

Judges 7 in the BDS

Judges 7 in the BEV

Judges 7 in the BHAD

Judges 7 in the BIB

Judges 7 in the BLPT

Judges 7 in the BNT

Judges 7 in the BNTABOOT

Judges 7 in the BNTLV

Judges 7 in the BOATCB2

Judges 7 in the BOBCV

Judges 7 in the BOCNT

Judges 7 in the BOECS

Judges 7 in the BOGWICC

Judges 7 in the BOHCB

Judges 7 in the BOHCV

Judges 7 in the BOHLNT

Judges 7 in the BOHNTLTAL

Judges 7 in the BOICB

Judges 7 in the BOILNTAP

Judges 7 in the BOITCV

Judges 7 in the BOKCV

Judges 7 in the BOKCV2

Judges 7 in the BOKHWOG

Judges 7 in the BOKSSV

Judges 7 in the BOLCB

Judges 7 in the BOLCB2

Judges 7 in the BOMCV

Judges 7 in the BONAV

Judges 7 in the BONCB

Judges 7 in the BONLT

Judges 7 in the BONUT2

Judges 7 in the BOPLNT

Judges 7 in the BOSCB

Judges 7 in the BOSNC

Judges 7 in the BOTLNT

Judges 7 in the BOVCB

Judges 7 in the BOYCB

Judges 7 in the BPBB

Judges 7 in the BPH

Judges 7 in the BSB

Judges 7 in the CCB

Judges 7 in the CUV

Judges 7 in the CUVS

Judges 7 in the DBT

Judges 7 in the DGDNT

Judges 7 in the DHNT

Judges 7 in the DNT

Judges 7 in the ELBE

Judges 7 in the EMTV

Judges 7 in the ESV

Judges 7 in the FBV

Judges 7 in the FEB

Judges 7 in the GGMNT

Judges 7 in the GNT

Judges 7 in the HARY

Judges 7 in the HNT

Judges 7 in the IRVA

Judges 7 in the IRVB

Judges 7 in the IRVG

Judges 7 in the IRVH

Judges 7 in the IRVK

Judges 7 in the IRVM

Judges 7 in the IRVM2

Judges 7 in the IRVO

Judges 7 in the IRVP

Judges 7 in the IRVT

Judges 7 in the IRVT2

Judges 7 in the IRVU

Judges 7 in the ISVN

Judges 7 in the JSNT

Judges 7 in the KAPI

Judges 7 in the KBT1ETNIK

Judges 7 in the KBV

Judges 7 in the KJV

Judges 7 in the KNFD

Judges 7 in the LBA

Judges 7 in the LBLA

Judges 7 in the LNT

Judges 7 in the LSV

Judges 7 in the MAAL

Judges 7 in the MBV

Judges 7 in the MBV2

Judges 7 in the MHNT

Judges 7 in the MKNFD

Judges 7 in the MNG

Judges 7 in the MNT

Judges 7 in the MNT2

Judges 7 in the MRS1T

Judges 7 in the NAA

Judges 7 in the NASB

Judges 7 in the NBLA

Judges 7 in the NBS

Judges 7 in the NBVTP

Judges 7 in the NET2

Judges 7 in the NIV11

Judges 7 in the NNT

Judges 7 in the NNT2

Judges 7 in the NNT3

Judges 7 in the PDDPT

Judges 7 in the PFNT

Judges 7 in the RMNT

Judges 7 in the SBIAS

Judges 7 in the SBIBS

Judges 7 in the SBIBS2

Judges 7 in the SBICS

Judges 7 in the SBIDS

Judges 7 in the SBIGS

Judges 7 in the SBIHS

Judges 7 in the SBIIS

Judges 7 in the SBIIS2

Judges 7 in the SBIIS3

Judges 7 in the SBIKS

Judges 7 in the SBIKS2

Judges 7 in the SBIMS

Judges 7 in the SBIOS

Judges 7 in the SBIPS

Judges 7 in the SBISS

Judges 7 in the SBITS

Judges 7 in the SBITS2

Judges 7 in the SBITS3

Judges 7 in the SBITS4

Judges 7 in the SBIUS

Judges 7 in the SBIVS

Judges 7 in the SBT

Judges 7 in the SBT1E

Judges 7 in the SCHL

Judges 7 in the SNT

Judges 7 in the SUSU

Judges 7 in the SUSU2

Judges 7 in the SYNO

Judges 7 in the TBIAOTANT

Judges 7 in the TBT1E

Judges 7 in the TBT1E2

Judges 7 in the TFTIP

Judges 7 in the TFTU

Judges 7 in the TGNTATF3T

Judges 7 in the THAI

Judges 7 in the TNFD

Judges 7 in the TNT

Judges 7 in the TNTIK

Judges 7 in the TNTIL

Judges 7 in the TNTIN

Judges 7 in the TNTIP

Judges 7 in the TNTIZ

Judges 7 in the TOMA

Judges 7 in the TTENT

Judges 7 in the UBG

Judges 7 in the UGV

Judges 7 in the UGV2

Judges 7 in the UGV3

Judges 7 in the VBL

Judges 7 in the VDCC

Judges 7 in the YALU

Judges 7 in the YAPE

Judges 7 in the YBVTP

Judges 7 in the ZBP