Judges 9 (BOATCB)

1 Ɛda koro bi, Yerub-Baal babarima Abimelek kɔɔ Sekem kɔsraa ne wɔfanom a wɔyɛ ne maame nuanom mmarima. Ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne ne maame fiefoɔ nkaeɛfoɔ sɛ, 2 “Mommisa ɔmanfoɔ a wɔwɔ Sekem no sɛ, wɔpɛ sɛ Yerub-Baal mmammarima aduɔson no nyinaa di wɔn so anaasɛ wɔpɛ sɛ ɔbarima baako di wɔn so? Na monkae sɛ meyɛ mo bogyani!” 3 Enti, Abimelek wɔfanom gyinaa nʼanan mu kasa kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Sekem nyinaa. Na wɔtiee wɔn adwenkyerɛ no, wɔpenee so faa Abimelek, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wɔn busuani. 4 Wɔfaa dwetɛ sika pranpran aduɔson firi Baal-Berit asɔreeɛ so de maa Abimelek, na ɔde faa asraafoɔ a wɔpenee so sɛ wobɛdi nʼakyi. 5 Ɔde asraafoɔ no kɔɔ nʼagya kurom wɔ Ofra. Na ɛhɔ, ɛboɔ bi so, na ɔkunkumm nʼagya mmammarima aduɔson no nyinaa. Nanso ne nuanom mu akumaa koraa a wɔfrɛ no Yotam no dwane kɔtɛɛ baabi. 6 Enti, Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ yɛɛ nhyiamu wɔ odupɔn a ɛbɛn nkaeɛdum a ɛwɔ Sekem no ase. Wɔsii Abimelek wɔn so ɔhene. 7 Yotam tee asɛm yi no, ɔforo kɔɔ Gerisim bepɔ no atifi na ɔteaam ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sekemfoɔ montie me! Sɛ mopɛ sɛ Onyankopɔn tie mo deɛ a, montie me! 8 Ɛberɛ bi, nnua nyinaa pɛɛ sɛ wɔsi wɔn so ɔhene. Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔka kyerɛɛ ngo dua sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene!’ 9 “Nanso, wampene so kaa sɛ, ‘Adɛn? Mennyae me ngo a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa animuonyam no, na menkɔkyinkyin nnua a aka so anaa?’ 10 “Afei, wɔka kyerɛɛ borɔdɔma sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene!’ 11 “Borɔdɔma nso buaa sɛ, ‘Na mennyae aba so na menkyini nnua foforɔ so?’ 12 “Afei wɔka kyerɛɛ bobe sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene.’ 13 “Na bobe no buaa sɛ, ‘Sɛ megyae me nsa pa a ɛma anyame ne nnipa anigyeɛ no ma a, na afei na merebɛkyini nnua bi so?’ 14 “Ne korakora ne sɛ, nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nkasɛɛ sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene.’ 15 “Na nkasɛɛ buaa sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ mo adwene kann sɛ mode me bɛsi mo so ɔhene a, mommra mmɛhyɛ me nwunu yi ase. Sɛ ɛnte saa a, momma ogya mfiri nkasɛɛ mu mmɛhye Lebanon ntweneduro nyinaa.’ 16 “Afei mogye di sɛ moayɛ deɛ ɛho wɔ nyam, na ɛnam ne kwan mu sɛ mode Abimelek asi mo so ɔhene, na moayɛ Yerub-Baal ne nʼasefoɔ nyinaa apɛdeɛ. Moayɛ deɛ ɛfata ama mʼagya anaa? 17 Na ɔko maa mo de ne ho bɔɔ afɔdeɛ ɛberɛ a ɔgyee mo firii Midianfoɔ nsam no. 18 Na ɛnnɛ moasɔre atia mʼagya ne nʼasefoɔ, akunkum ne mmammarima aduɔson wɔ ɛboɔ baako so. Mode Abimelek a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ baa babarima asi Sekem manfoɔ so ɔhene, sɛ ɔyɛ mo busuani enti. 19 Sɛ moayɛ deɛ ɛho wɔ nyam na ɛnam ne kwan mu ama Yerub-Baal ne nʼasefoɔ a, ɛnneɛ mobɛnya ahosɛpɛ wɔ Abimelek mu na ɔno nso anya ahosɛpɛ wɔ mo mu. 20 Sɛ deɛ moayɛ no mfa ne kwan mu deɛ a, ɛnneɛ ogya mfiri Abimelek nkyɛn mmɛhye mo, Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ. Na ogya nso mfiri Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ nkyɛn mmɛhye Abimelek!” 21 Na ɛsiane Abimelek ho suro enti, ne nuabarima Yotam dwane kɔtenaa Beer. 22 Abimelek dii Israel so mfeɛ mmiɛnsa akyi no, 23 Onyankopɔn somaa honhom fi bi maa ɔde ɔhaw baa Abimelek ne Sekem mpanimfoɔ ntam na wɔtee atua. 24 Nsɛm a ɛsisii akyire no mu no, Onyankopɔn twee Abimelek ne Sekemfoɔ aso sɛ wɔkunkumm Yerub-Baal mmammarima aduɔson no. 25 Sekem mmarima bi kɔtɛɛ Abimelek wɔ mmepɔ atifi, na wɔbɔɔ obiara a ɔtwaam wɔ hɔ no apoo. Nnipa bi kɔɔ Abimelek nkyɛn kɔtii nʼase. 26 Saa ɛberɛ no, Ebed babarima Gaal ne ne nuammarima kɔɔ Sekem. Na Sekemfoɔ no nyaa wɔn mu awerɛhyɛmu. 27 Ɛberɛ a wɔredi otwa afahyɛ wɔ Sekem wɔ ɛhɔ nyame bi asɔreeɛ so no, bobesa buu so hɔ maa obiara hyɛɛ aseɛ domee Abimelek. 28 Ebed babarima Gaal teaam sɛ, “Hwan ne Abimelek? Ɔnyɛ Sekem aseni kann, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nʼasomfoɔ? Ɔyɛ Yerub-Baal babarima kɛkɛ na Sebul na ɔtoto ne ɔman ho nhyehyɛeɛ ma no. Monsom nnipa a wɔfiri Hamor, wɔn na wɔyɛ Sekem asefoɔ kann. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛsom Abimelek? 29 Sɛ mewɔ tumi a, anka mɛyi Abimelek afiri hɔ. Anka mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Pɛ asraafoɔ bebree bra bɛko!’ ” 30 Na Sebul a ɔtua kuro no ano tee deɛ Ebed babarima Gaal rekeka no, ne bo fuiɛ. 31 Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Abimelek nkyɛn wɔ Aruma, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ebed babarima Gaal ne ne nuammarima abɛtena Sekem na wɔretu ɔmanfoɔ no aso sɛ wɔnsɔre ntia wo. 32 Fa akodɔm bra anadwo bɛtɛ mfuo yi mu. 33 Adeɛ kyeeɛ ara pɛ, to hyɛ kuropɔn yi so. Na sɛ Gaal ne nʼapamfoɔ ba bɛtia wo a, deɛ wopɛ biara wotumi yɛ wɔn.” 34 Na Abimelek ne ne mmarima kɔɔ anadwo no, na wɔkyɛɛ wɔn mu akuo ɛnan de twaa Sekem ho hyiaeɛ. 35 Ɛberɛ a Abimelek ne nʼakodɔm pue firii atɛeɛ mu no, na Ebed babarima Gaal gyina kuro no ɛpono ano. 36 Ɛberɛ a Gaal hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ Sebul sɛ, “Hwɛ, nnipa bi firi bepɔ no so reba!”Sebul buaa sɛ, “Ɛyɛ mmepɔ no sunsum na ayɛ sɛ nnipa no.” 37 Nanso Gaal sane kaa sɛ, “Dabi, nnipa bi resiane mmepɔ no. Na ekuo foforɔ nso nam ɛkwan a ɛfa Akɔmfoɔ Dupɔn ho no reba.” 38 Afei, Sebul dane guu ne so sɛ, “Anosɛm a na woyeyɛ no aseɛ ne sɛn? Ɛnyɛ wo ara na wokaa sɛ ‘Hwan ne Abimelek, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nkoa’ no? Nnipa a wodii wɔn ho fɛ no, wɔaduru yɛn mfikyire ha yi ara! Kɔ na wo ne wɔn nkɔko!” 39 Enti Gaal dii Sekem mmarima anim sɛ wɔrekɔko atia Abimelek, 40 nanso, ɔdii nkoguo na ɔdwaneeɛ. Wɔkunkumm Sekem akofoɔ bebree sɛɛ wɔn afunu kɛtɛ wɔ ɛkwan a ɛkɔ kuropɔn no ɛpono ano no so. 41 Abimelek tenaa Aruma ɛnna Sebul pamoo Gaal ne ne nuanom mmarima firii Sekem. 42 Adeɛ kyeeɛ no, Sekemfoɔ no kɔɔ wira mu sɛ wɔrekɔko. Abimelek teeɛ no, 43 ɔkyɛɛ ne mmarima mu akuakuo mmiɛnsa ma wɔkɔtetɛɛ wira mu. Ɛberɛ a Abimelek hunuu sɛ nnipa no firi kuropɔn no mu reba no, ɔne ne mmarima no firii wɔn atɛeɛ mu to hyɛɛ wɔn so. 44 Abimelek ne ne kuo no kɔgyee kuropɔn no ɛpono ano hɔ faeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Sekemfoɔ rentumi nsane wɔn akyi. Afei, akuo mmienu to hyɛɛ Sekemfoɔ a wɔwɔ wiram hɔ no so kunkumm wɔn. 45 Ɔko no kɔɔ so ɛda mu no nyinaa ansa na Abimelek redi kuropɔn no so koraa. Ɔkunkumm nnipa no, sɛee kuropɔn no, na ɔpetee nkyene wɔ hɔ nyinaa. 46 Nnipa a wɔte Sekem abantenten mu tee asɛm a asi no, wɔkɔhintaa Baal-Berit asɔreeɛ so. 47 Obi kɔbɔɔ Abimelek amaneɛ sɛ nnipa no bi aboa wɔn ho ano wɔ asɔreeɛ so hɔ, 48 enti ɔdii nʼakodɔm anim kɔɔ Salmon Bepɔ so. Ɔfaa akuma twaa mman bi firii dua bi so na ɔde guu ne mmati so. Ɔka kyerɛɛ ne dɔm no sɛ, “Ntɛm, deɛ mayɛ yi, monyɛ bi!” 49 Enti, wɔn mu biara twitwaa dua mman no bi, sɛdeɛ Abimelek yɛeɛ no. Wɔboaa mman no ano wɔ asɔreeɛ no afasuo ho de ogya too mu. Enti, nnipa a na wɔte Sekem abantenten mu a wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima ne mmaa apem no nyinaa wuwuiɛ. 50 Afei Abimelek to hyɛɛ kuropɔn Tebes so dii so. 51 Nanso, na abandenden bi wɔ kuropɔn no mu. Ɛno enti, kuropɔn no mu nnipa nyinaa dwane kɔhyɛɛ mu. Wɔtoo wɔn ho ɛpono mu, foforo kɔɔ abandenden no atifi pɛɛ. 52 Abimelek toaa wɔn sɛ ɔrekɔto ahyɛ abandenden no so. Ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔreto mu ogya pɛ, 53 ɔbaa bi a ɔwɔ abandenden no atifi gyaa ayuyammoɔ mu ma ɛbɛbɔɔ Abimelek moma so na ɛpɛkyɛɛ ne ti kwankoraa. 54 Abimelek ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔkura nʼakodeɛ sɛ, “Twe wʼakofena na kum me! Na nnipa anka sɛ ɔbaabasia na ɔkumm Abimelek!” Enti, aberanteɛ no de nʼakofena wɔɔ no ma ɔwuiɛ. 55 Ɛberɛ a Abimelek nkurɔfoɔ hunuu sɛ wawuo no, wɔde wɔn akodeɛ guu hɔ sane kɔɔ wɔn afie mu. 56 Saa na Onyankopɔn twee Abimelek aso wɔ bɔne a ɔyɛ de tiaa nʼagya sɛ ɔkumm ne nuammarima aduɔson no. 57 Saa ara na Onyankopɔn twee mmarima a wɔwɔ Sekem aso wɔ wɔn bɔne ahodoɔ a wɔyɛeɛ no ho. Ɛno enti, Yerub-Baal babarima Yotam nnome no baa mu.

In Other Versions

Judges 9 in the ANGEFD

Judges 9 in the ANTPNG2D

Judges 9 in the AS21

Judges 9 in the BAGH

Judges 9 in the BBPNG

Judges 9 in the BBT1E

Judges 9 in the BDS

Judges 9 in the BEV

Judges 9 in the BHAD

Judges 9 in the BIB

Judges 9 in the BLPT

Judges 9 in the BNT

Judges 9 in the BNTABOOT

Judges 9 in the BNTLV

Judges 9 in the BOATCB2

Judges 9 in the BOBCV

Judges 9 in the BOCNT

Judges 9 in the BOECS

Judges 9 in the BOGWICC

Judges 9 in the BOHCB

Judges 9 in the BOHCV

Judges 9 in the BOHLNT

Judges 9 in the BOHNTLTAL

Judges 9 in the BOICB

Judges 9 in the BOILNTAP

Judges 9 in the BOITCV

Judges 9 in the BOKCV

Judges 9 in the BOKCV2

Judges 9 in the BOKHWOG

Judges 9 in the BOKSSV

Judges 9 in the BOLCB

Judges 9 in the BOLCB2

Judges 9 in the BOMCV

Judges 9 in the BONAV

Judges 9 in the BONCB

Judges 9 in the BONLT

Judges 9 in the BONUT2

Judges 9 in the BOPLNT

Judges 9 in the BOSCB

Judges 9 in the BOSNC

Judges 9 in the BOTLNT

Judges 9 in the BOVCB

Judges 9 in the BOYCB

Judges 9 in the BPBB

Judges 9 in the BPH

Judges 9 in the BSB

Judges 9 in the CCB

Judges 9 in the CUV

Judges 9 in the CUVS

Judges 9 in the DBT

Judges 9 in the DGDNT

Judges 9 in the DHNT

Judges 9 in the DNT

Judges 9 in the ELBE

Judges 9 in the EMTV

Judges 9 in the ESV

Judges 9 in the FBV

Judges 9 in the FEB

Judges 9 in the GGMNT

Judges 9 in the GNT

Judges 9 in the HARY

Judges 9 in the HNT

Judges 9 in the IRVA

Judges 9 in the IRVB

Judges 9 in the IRVG

Judges 9 in the IRVH

Judges 9 in the IRVK

Judges 9 in the IRVM

Judges 9 in the IRVM2

Judges 9 in the IRVO

Judges 9 in the IRVP

Judges 9 in the IRVT

Judges 9 in the IRVT2

Judges 9 in the IRVU

Judges 9 in the ISVN

Judges 9 in the JSNT

Judges 9 in the KAPI

Judges 9 in the KBT1ETNIK

Judges 9 in the KBV

Judges 9 in the KJV

Judges 9 in the KNFD

Judges 9 in the LBA

Judges 9 in the LBLA

Judges 9 in the LNT

Judges 9 in the LSV

Judges 9 in the MAAL

Judges 9 in the MBV

Judges 9 in the MBV2

Judges 9 in the MHNT

Judges 9 in the MKNFD

Judges 9 in the MNG

Judges 9 in the MNT

Judges 9 in the MNT2

Judges 9 in the MRS1T

Judges 9 in the NAA

Judges 9 in the NASB

Judges 9 in the NBLA

Judges 9 in the NBS

Judges 9 in the NBVTP

Judges 9 in the NET2

Judges 9 in the NIV11

Judges 9 in the NNT

Judges 9 in the NNT2

Judges 9 in the NNT3

Judges 9 in the PDDPT

Judges 9 in the PFNT

Judges 9 in the RMNT

Judges 9 in the SBIAS

Judges 9 in the SBIBS

Judges 9 in the SBIBS2

Judges 9 in the SBICS

Judges 9 in the SBIDS

Judges 9 in the SBIGS

Judges 9 in the SBIHS

Judges 9 in the SBIIS

Judges 9 in the SBIIS2

Judges 9 in the SBIIS3

Judges 9 in the SBIKS

Judges 9 in the SBIKS2

Judges 9 in the SBIMS

Judges 9 in the SBIOS

Judges 9 in the SBIPS

Judges 9 in the SBISS

Judges 9 in the SBITS

Judges 9 in the SBITS2

Judges 9 in the SBITS3

Judges 9 in the SBITS4

Judges 9 in the SBIUS

Judges 9 in the SBIVS

Judges 9 in the SBT

Judges 9 in the SBT1E

Judges 9 in the SCHL

Judges 9 in the SNT

Judges 9 in the SUSU

Judges 9 in the SUSU2

Judges 9 in the SYNO

Judges 9 in the TBIAOTANT

Judges 9 in the TBT1E

Judges 9 in the TBT1E2

Judges 9 in the TFTIP

Judges 9 in the TFTU

Judges 9 in the TGNTATF3T

Judges 9 in the THAI

Judges 9 in the TNFD

Judges 9 in the TNT

Judges 9 in the TNTIK

Judges 9 in the TNTIL

Judges 9 in the TNTIN

Judges 9 in the TNTIP

Judges 9 in the TNTIZ

Judges 9 in the TOMA

Judges 9 in the TTENT

Judges 9 in the UBG

Judges 9 in the UGV

Judges 9 in the UGV2

Judges 9 in the UGV3

Judges 9 in the VBL

Judges 9 in the VDCC

Judges 9 in the YALU

Judges 9 in the YAPE

Judges 9 in the YBVTP

Judges 9 in the ZBP