Judges 9 (BOATCB2)

1 Da koro bi, Yerub-Baal babarima Abimelek kɔɔ Sekem kɔsraa ne wɔfanom a wɔyɛ ne na nuabarimanom. Ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne na fifo nkae no se, 2 “Mummisa ɔmanfo a wɔwɔ Sekem no se, wɔpɛ sɛ Yerub-Baal mmabarima aduɔson no nyinaa di wɔn so anaasɛ wɔpɛ sɛ ɔbarima baako di wɔn so? Na monkae sɛ meyɛ mo bogya!” 3 Enti Abimelek wɔfanom gyinaa nʼanan mu kasa kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Sekem nyinaa. Na wotiee wɔn adwenkyerɛ no, wɔpenee so faa Abimelek, efisɛ ɔyɛ wɔn busuani. 4 Wɔfaa dwetɛ sika nnwetɛbona aduɔson fi Baal-Berit nsɔre so de maa Abimelek, na ɔde faa asraafo a wɔpenee so sɛ wubedi nʼakyi. 5 Ɔde asraafo no kɔɔ nʼagya kurom wɔ Ofra. Na ɛhɔ, ɔbo bi so, na okunkum nʼagya mmabarima aduɔson no nyinaa. Nanso ne nuanom mu akumaa koraa a wɔfrɛ no Yotam no guan kɔtɛwee baabi. 6 Enti Sekemfo ne Bet-Milofo yɛɛ nhyiamu wɔ odupɔn a ɛbɛn nkaedum a ɛwɔ Sekem no ase. Wosii Abimelek wɔn so hene. 7 Yotam tee asɛm yi no, ɔforo kɔɔ Gerisim bepɔw no atifi na ɔteɛɛ mu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sekemfo muntie me! Sɛ mopɛ sɛ Onyankopɔn tie mo de a, muntie me! 8 Bere bi, nnua nyinaa pɛɛ sɛ wosi wɔn so hene. Nea edi kan no, wɔka kyerɛɛ ngodua se, ‘Bedi yɛn so hene!’ 9 “Nanso, wampene so kae se, ‘Adɛn? Minnyae me ngo a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa anuonyam no, na minkokyinkyin nnua a aka so ana?’ 10 “Afei, wɔka kyerɛɛ borɔdɔma se ‘Bedi yɛn so hene!’ 11 “Borɔdɔma nso buae se, ‘Na minnyae aba sow na minkyin nnua afoforo so?’ 12 “Afei wɔka kyerɛɛ bobe se, ‘Bedi yɛn so hene.’ 13 “Na bobe no buae se, ‘Sɛ migyae me nsa pa a ɛma anyame ne nnipa anigye no ma a, na afei na merebekyin nnua bi so ana?’ 14 “Ne korakora ne sɛ, nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nsɔe se, ‘Bedi yɛn so hene.’ 15 “Na nsɔe buae se, ‘Sɛ ɛyɛ mo adwene kann sɛ mode me besi mo so hene a, mommra mmɛhyɛ me nwini yi ase. Sɛ ɛnte saa a, momma ogya mfi nsɔe mu mmɛhyew Lebanon sida nyinaa.’ 16 “Afei mugye di sɛ moayɛ nea ɛho wɔ nyam, na ɛnam ne kwan mu sɛ mode Abimelek asi mo so hene, na moayɛ Yerub-Baal ne nʼasefo nyinaa apɛde. Moayɛ nea ɛfata ama mʼagya ana? 17 Na ɔko maa mo de ne ho bɔɔ afɔre bere a ogyee mo fii Midianfo nsam no. 18 Na nnɛ, moasɔre atia mʼagya ne nʼasefo, akunkum ne mmabarima aduɔson wɔ ɔbo baako so. Mode Abimelek a ɔyɛ ne somfobea babarima asi Sekem manfo so hene, sɛ ɔyɛ mo busuani nti. 19 Sɛ moayɛ nea ɛho wɔ nyam na ɛnam ne kwan mu ama Yerub-Baal ne nʼasefo a, ɛno de mubenya ahosɛpɛw wɔ Abimelek mu na ɔno nso anya ahosɛpɛw wɔ mo mu. 20 Sɛ nea moayɛ no mfa ne kwan mu de a, ɛno de, ogya mfi Abimelek nkyɛn mmɛhyew mo, Sekemfo ne Bet-Milofo. Na ogya nso mfi Sekemfo ne Bet-Milofo nkyɛn mmɛhyew Abimelek!” 21 Na esiane Abimelek ho suro nti, ne nuabarima Yotam guan kɔtenaa Beer. 22 Abimelek dii Israel so mfe abiɛsa akyi no, 23 Onyankopɔn somaa honhom fi bi ma ɔde ɔhaw baa Abimelek ne Sekem mpanyimfo ntam na wɔtew atua. 24 Nsɛm a esisii akyi yi mu no, Onyankopɔn twee Abimelek ne Sekemfo aso sɛ wokunkum Yerub-Baal mmabarima aduɔson no. 25 Sekem mmarima bi kɔtɛwee Abimelek wɔ mmepɔw atifi, na wɔbɔɔ obiara a otwaa mu wɔ hɔ no apoo. Nnipa bi kɔɔ Abimelek nkyɛn kotii nʼase. 26 Saa bere no, Ebed babarima Gaal ne ne nuabarimanom kɔɔ Sekem. Na Sekemfo no nyaa wɔn mu awerehyɛmu. 27 Bere a wɔredi Otwabere Afahyɛ wɔ Sekem wɔ ɛhɔ nyame bi nsɔree so no, bobesa buu so wɔ hɔ maa obiara fitii ase domee Abimelek. 28 Gaal teɛɛ mu se, “Hena ne Abimelek? Ɔnyɛ Sekem aseni kann, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nʼasomfo? Ɔyɛ Yerub-Baal babarima kɛkɛ na Sebul na ɔtoto ne man ho nhyehyɛe ma no. Monsom nnipa a wofi Hamor, wɔn na wɔyɛ Sekem asefo kann. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsom Abimelek? 29 Sɛ mewɔ tumi a, anka meyi Abimelek afi hɔ. Anka mɛka akyerɛ no se, ‘Pɛ asraafo bebree bra bɛko!’ ” 30 Na Sebul a otua kurow no ano tee nea Gaal rekeka no, ne bo fuwii. 31 Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Abimelek nkyɛn wɔ Aruma, kɔka kyerɛɛ no se, “Ebed babarima Gaal ne ne nuabarimanom abɛtena Sekem na wɔretu ɔmanfo no aso sɛ wɔnsɔre ntia wo. 32 Fa asraafo bra anadwo bɛtɛw mfuw yi mu. 33 Ade kyee ara pɛ, tow hyɛ kuropɔn yi so. Na sɛ Gaal ne nʼapamfo ba betia wo a, nea wopɛ biara wutumi yɛ wɔn.” 34 Na Abimelek ne ne mmarima kɔɔ anadwo no, na wɔkyɛɛ wɔn mu akuw anan de twaa Sekem ho hyiae. 35 Bere a Abimelek ne nʼakofo pue fii ahintawee mu no, na Gaal gyina kurow no pon ano. 36 Bere a Gaal huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ Sebul se, “Hwɛ, nnipa bi fi bepɔw no so reba!”Sebul buae se, “Ɛyɛ mmepɔw no sunsuma na ayɛ sɛ nnipa no.” 37 Nanso Gaal san kae se, “Dabi, nnipa bi resian mmepɔw no. Na kuw foforo nso nam ɔkwan a ɛfa Akɔmfo Dupɔn ho no reba.” 38 Afei, Sebul dan guu ne so se, “Anosɛm a na woyɛ no ase ne dɛn? Ɛnyɛ wo ara na wokae se ‘Hena ne Abimelek, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nkoa’ no? Ɛnyɛ nnipa yi na wudii wɔn ho fɛw no? Kɔ na wo ne wɔn nkɔko!” 39 Enti Gaal dii Sekem mmarima anim sɛ wɔrekɔko atia Abimelek, 40 nanso odii nkogu na oguanee. Wokunkum Sekem akofo bebree sɛw wɔn afunu kɛtɛ wɔ ɔkwan a ɛkɔ kuropɔn no pon ano no so. 41 Abimelek tenaa Aruma na Sebul pam Gaal ne ne nuanom mmarima fii Sekem. 42 Ade kyee no, Sekemfo no kɔɔ wura mu sɛ wɔrekɔko. Abimelek tee no, 43 ɔkyɛɛ ne mmarima mu akuwakuw abiɛsa ma wɔkɔtetɛw wura mu. Bere a Abimelek huu sɛ nnipa no fi kuropɔn no mu reba no, ɔne ne mmarima no fii wɔn ahintawee mu tow hyɛɛ wɔn so. 44 Abimelek ne ne kuw no kogyee kuropɔn no pon ano hɔ fae sɛnea ɛbɛyɛ a Sekemfo rentumi nsan wɔn akyi. Afei, akuw abien tow hyɛɛ Sekemfo a wɔwɔ wuram hɔ no so kunkum wɔn. 45 Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa ansa na Abimelek redi kuropɔn no so koraa. Okunkum nnipa no, sɛee kuropɔn no, na ɔpetee nkyene wɔ hɔ nyinaa. 46 Nnipa a wɔte Sekem abantenten mu tee asɛm a asi no, wokohintaw Baal-Berit nsɔree so. 47 Obi kɔbɔɔ Abimelek amanneɛ sɛ nnipa no bi aboa wɔn ho ano wɔ nsɔree so hɔ, 48 enti odii nʼakofo anim kɔɔ Salmon Bepɔw so. Ɔfaa abonnua twaa mman bi fii dua bi so na ɔde guu ne mmati so. Ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Ntɛm, nea mayɛ yi, monyɛ bi!” 49 Enti wɔn mu biara twitwaa dua mman no bi, sɛnea Abimelek yɛe no. Wɔboaa mman no ano wɔ nsɔree so no afasu ho de ogya too mu. Enti nnipa a na wɔte Sekem abantenten mu a wɔn dodow bɛyɛ mmarima ne mmea apem no nyinaa wuwui. 50 Afei Abimelek tow hyɛɛ kuropɔn Tebes so dii so. 51 Nanso na abandennen bi wɔ kuropɔn no mu. Ɛno nti, kuropɔn no mu nnipa nyinaa guan kɔhyɛɛ mu. Wɔtoo wɔn ho pon mu, foforo kɔɔ abandennen no atifi pɛɛ. 52 Abimelek toaa wɔn sɛ ɔrekɔtow ahyɛ abandennen no so. Ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔreto mu gya pɛ, 53 ɔbea bi a ɔwɔ abandennen no atifi gyaa awiyammo mu ma ɛbɛbɔɔ Abimelek moma so na ɛpɛtɛw ne ti koraa. 54 Abimelek ka kyerɛɛ aberante a okura nʼakode no se, “Twe wʼafoa na kum me! Na nnipa anka sɛ ɔbeabasia na okum Abimelek!” Enti aberante no de nʼafoa wɔɔ no maa owui. 55 Bere a Abimelek nkurɔfo huu sɛ wawu no, wɔde wɔn akode guu hɔ san kɔɔ wɔn afi mu. 56 Saa na Onyankopɔn twee Abimelek aso wɔ bɔne a ɔyɛ de tiaa nʼagya sɛ okum ne nuabarimanom aduɔson no. 57 Saa ara na Onyankopɔn twee mmarima a wɔwɔ Sekem aso wɔ wɔn bɔne ahorow a wɔyɛɛ no ho. Ɛno nti, Yerub-Baal babarima Yotam nnome no baa mu.

In Other Versions

Judges 9 in the ANGEFD

Judges 9 in the ANTPNG2D

Judges 9 in the AS21

Judges 9 in the BAGH

Judges 9 in the BBPNG

Judges 9 in the BBT1E

Judges 9 in the BDS

Judges 9 in the BEV

Judges 9 in the BHAD

Judges 9 in the BIB

Judges 9 in the BLPT

Judges 9 in the BNT

Judges 9 in the BNTABOOT

Judges 9 in the BNTLV

Judges 9 in the BOATCB

Judges 9 in the BOBCV

Judges 9 in the BOCNT

Judges 9 in the BOECS

Judges 9 in the BOGWICC

Judges 9 in the BOHCB

Judges 9 in the BOHCV

Judges 9 in the BOHLNT

Judges 9 in the BOHNTLTAL

Judges 9 in the BOICB

Judges 9 in the BOILNTAP

Judges 9 in the BOITCV

Judges 9 in the BOKCV

Judges 9 in the BOKCV2

Judges 9 in the BOKHWOG

Judges 9 in the BOKSSV

Judges 9 in the BOLCB

Judges 9 in the BOLCB2

Judges 9 in the BOMCV

Judges 9 in the BONAV

Judges 9 in the BONCB

Judges 9 in the BONLT

Judges 9 in the BONUT2

Judges 9 in the BOPLNT

Judges 9 in the BOSCB

Judges 9 in the BOSNC

Judges 9 in the BOTLNT

Judges 9 in the BOVCB

Judges 9 in the BOYCB

Judges 9 in the BPBB

Judges 9 in the BPH

Judges 9 in the BSB

Judges 9 in the CCB

Judges 9 in the CUV

Judges 9 in the CUVS

Judges 9 in the DBT

Judges 9 in the DGDNT

Judges 9 in the DHNT

Judges 9 in the DNT

Judges 9 in the ELBE

Judges 9 in the EMTV

Judges 9 in the ESV

Judges 9 in the FBV

Judges 9 in the FEB

Judges 9 in the GGMNT

Judges 9 in the GNT

Judges 9 in the HARY

Judges 9 in the HNT

Judges 9 in the IRVA

Judges 9 in the IRVB

Judges 9 in the IRVG

Judges 9 in the IRVH

Judges 9 in the IRVK

Judges 9 in the IRVM

Judges 9 in the IRVM2

Judges 9 in the IRVO

Judges 9 in the IRVP

Judges 9 in the IRVT

Judges 9 in the IRVT2

Judges 9 in the IRVU

Judges 9 in the ISVN

Judges 9 in the JSNT

Judges 9 in the KAPI

Judges 9 in the KBT1ETNIK

Judges 9 in the KBV

Judges 9 in the KJV

Judges 9 in the KNFD

Judges 9 in the LBA

Judges 9 in the LBLA

Judges 9 in the LNT

Judges 9 in the LSV

Judges 9 in the MAAL

Judges 9 in the MBV

Judges 9 in the MBV2

Judges 9 in the MHNT

Judges 9 in the MKNFD

Judges 9 in the MNG

Judges 9 in the MNT

Judges 9 in the MNT2

Judges 9 in the MRS1T

Judges 9 in the NAA

Judges 9 in the NASB

Judges 9 in the NBLA

Judges 9 in the NBS

Judges 9 in the NBVTP

Judges 9 in the NET2

Judges 9 in the NIV11

Judges 9 in the NNT

Judges 9 in the NNT2

Judges 9 in the NNT3

Judges 9 in the PDDPT

Judges 9 in the PFNT

Judges 9 in the RMNT

Judges 9 in the SBIAS

Judges 9 in the SBIBS

Judges 9 in the SBIBS2

Judges 9 in the SBICS

Judges 9 in the SBIDS

Judges 9 in the SBIGS

Judges 9 in the SBIHS

Judges 9 in the SBIIS

Judges 9 in the SBIIS2

Judges 9 in the SBIIS3

Judges 9 in the SBIKS

Judges 9 in the SBIKS2

Judges 9 in the SBIMS

Judges 9 in the SBIOS

Judges 9 in the SBIPS

Judges 9 in the SBISS

Judges 9 in the SBITS

Judges 9 in the SBITS2

Judges 9 in the SBITS3

Judges 9 in the SBITS4

Judges 9 in the SBIUS

Judges 9 in the SBIVS

Judges 9 in the SBT

Judges 9 in the SBT1E

Judges 9 in the SCHL

Judges 9 in the SNT

Judges 9 in the SUSU

Judges 9 in the SUSU2

Judges 9 in the SYNO

Judges 9 in the TBIAOTANT

Judges 9 in the TBT1E

Judges 9 in the TBT1E2

Judges 9 in the TFTIP

Judges 9 in the TFTU

Judges 9 in the TGNTATF3T

Judges 9 in the THAI

Judges 9 in the TNFD

Judges 9 in the TNT

Judges 9 in the TNTIK

Judges 9 in the TNTIL

Judges 9 in the TNTIN

Judges 9 in the TNTIP

Judges 9 in the TNTIZ

Judges 9 in the TOMA

Judges 9 in the TTENT

Judges 9 in the UBG

Judges 9 in the UGV

Judges 9 in the UGV2

Judges 9 in the UGV3

Judges 9 in the VBL

Judges 9 in the VDCC

Judges 9 in the YALU

Judges 9 in the YAPE

Judges 9 in the YBVTP

Judges 9 in the ZBP