Leviticus 23 (BOATCB)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Ma Israelfoɔ nte sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wɔdi AWURADE afahyɛ ahodoɔ no mmerɛ a Israelfoɔ nyinaa bɛhyia asom me no. 3 “ ‘Mowɔ nna nsia a mode yɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ Homeda a mode home, ɛda a moyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara wɔ baabi a moteɛ. Ɛyɛ Homeda ma AWURADE. 4 “ ‘Yeinom ne AWURADE apontoɔ, nhyiamu kronkron a ɛsɛ sɛ mobɔ ho dawuro wɔ ɛberɛ a wɔahyɛ: 5 Wɔfiri AWURADE Twam Afahyɛ no ase wɔ ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. 6 AWURADE Apiti Afahyɛ nso, wɔfiri aseɛ saa ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so dunum; na mobɛdi apiti nnanson. 7 Ɛda a ɛdi saa afahyɛ yi ɛkan no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron, na monnyɛ adwuma biara. 8 Nnanson no mu no, mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE ɛda biara. Na ɛda a ɛtɔ so nson no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron a obiara renyɛ adwuma.’ ” 9 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 10 “Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ moduru asase a mede bɛma mo no so na motwa mo nnɔbaeɛ a, momfa nnɔbaeɛ afiafi no mu baako nkɔma ɔsɔfoɔ. 11 Ɔbɛhim no wɔ AWURADE anim de akyerɛ sɛ ɔde rema no na Awurade bɛgye sɛ mo akyɛdeɛ. 12 Ɛda no ara, mode odwennini a wadi afe a ɔnnii dɛm bɛbɔ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ, 13 ne nʼaduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ esiam kilogram mmiɛnsa a wɔde ngo afra. Ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa dɛɛdɛ ma AWURADE. Wɔde nsã lita ɛnan ne fa afɔrebɔdeɛ bɛka ho. 14 Ɛnsɛ sɛ modi burodo biara, sɛ ɛyɛ aduane a wɔato anaa ɛyɛ foforɔ, kɔsi ɛda a mode saa afɔrebɔdeɛ yi bɛbrɛ mo Onyankopɔn. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena. 15 “ ‘Homeda no akyi ɛda a ɛdi ɛkan a wɔmaa atokoɔ afiafi mu baako so him no AWURADE anim sɛ afɔrebɔdeɛ no, mobɛfiti aseɛ abubu nnawɔtwe nson. 16 Monkan adaduonum a ɛkɔsi homeda a ɛtɔ so nson no akyi ɛda koro na momfa atokoɔ foforɔ mmɛbɔ afɔdeɛ mma AWURADE. 17 Yei bɛyɛ burodo mmienu a mode bɛfiri mo afie mu bɛba. Na wɔbɛhim no wɔ AWURADE anim sɛ afɔrebɔ no. Momfa asikyiresiam lita ɛnan a wɔde mmɔreka afra nto saa burodo yi. Ɛyɛ mo aduane a ɛdi ɛkan afɔrebɔdeɛ a mode rema Awurade. 18 Mode burodo ne nsã bɛka nnwan mma nson a wɔadi afe a ɛdɛm biara nni wɔn ho ne nantwie ba baako ne nnwennini mmienu ho abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama AWURADE. Yeinom nyinaa yɛ ogya afɔrebɔdeɛ a ɛsɔ AWURADE ani yie. 19 Mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne afɔdeɛ. Na mode nnwammaa mmienu a wɔn mu biara adi afe no abɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ. 20 Asɔfoɔ no bɛhim saa afɔrebɔdeɛ yi ne burodo mmienu a ɛsi mo mfudeɛ a ɛdi akyire no ananmu no wɔ AWURADE anim. Ɛyɛ kronkron ma AWURADE na wɔde bɛma asɔfoɔ no sɛ wɔn aduane. 21 Ɛda no, ɛsɛ sɛ mobɔ nhyiamu kronkron ho dawuro, na monnyɛ adwuma biara. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena. 22 “ ‘Sɛ motwa mo mfuo mu nnɔbaeɛ a, monntwa ntu aseɛ nnɔbaeɛ no, na deɛ aporo agu fam no nso, monntase. Monnya mma ahiafoɔ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔnni asase bi a wɔdidi so no. Mene AWURADE mo Onyankopɔn!’ ” 23 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 24 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: ‘Ɔbosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ mohome ɛda no, na moyɛ nhyiamu kronkron na mohyɛn totorobɛnto dendeenden de kae. 25 Saa ɛda no, obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔyɛ adwuma, na mmom, mommɔ ogya so afɔdeɛ mma AWURADE.’ ” 26 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 27 “Saa bosome a ɛtɔ so nson yi ɛda a ɛtɔ so edu ne Mpata Ɛda no. Monyɛ nhyiamu kronkron, monni abuada na mommɔ ogya so afɔdeɛ mma AWURADE 28 Monnyɛ adwuma biara saa ɛda no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Mpata Ɛda, ɛberɛ a wɔpata ma mo wɔ AWURADE mo Onyankopɔn anim. 29 Obiara a wanni ɛda no ahonu ne awerɛhoɔ so wɔ ne bɔne ho no, wɔbɛyi no afiri ne nkurɔfoɔ mu. 30 Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa ɛda no, mɛsɛe no. 31 Monnyɛ adwuma biara koraa. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no, wɔ baabiara a mobɛtena. 32 Ɛyɛ Homeda a wɔde home ma mo. Ɛsɛ sɛ mobrɛ mo kra ase. Ɛfiri ɛda a ɛtɔ so nkron kɔsi ɛda edu no anwummerɛ no, ɛsɛ sɛ modi mo Homeda.” 33 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 34 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, wɔnhyɛ AWURADE Asese Afahyɛ no ase, na mode nnanson na ɛbɛdi. 35 Ɛda a ɛdi ɛkan no yɛ nhyiamu kronkron ɛda; monnyɛ adwuma biara. 36 Ɛda biara wɔ nnanson no mu, ɛsɛ sɛ mobɔ ogya so afɔdeɛ ma AWURADE. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron na moabɔ ogya so afɔdeɛ ama AWURADE. Ɛyɛ nhyiamu a ɛtwa toɔ. Monnyɛ adwuma biara. 37 “ ‘Yeinom ne afahyɛ ahodoɔ a AWURADE ahyehyɛ sɛ mommɔ ho dawuro sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron a wɔde afɔrebɔdeɛ a wɔhye no ogya so ma AWURADE no ba: ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ, afɔrebɔdeɛ ahodoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ a ɛho hia ɛda biara. 38 Monni saa afahyɛ yi nka AWURADE Homeda no ho. Na mode saa afɔrebɔdeɛ nso bɛka mo ankasa ayɛyɛdeɛ, ɛbɔ a moahyɛ ne deɛ mofiri mo pɛ mu de ma AWURADE ho. 39 “ ‘Enti ɛfiri bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɔtɔ so dunum no a moatwa asase no so nnɔbaeɛ no, momfa nnanson nni afahyɛ mma AWURADE. Ɛda a ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so nnwɔtwe yɛ ahomegyeɛ nna. 40 Ɛda a ɛdi ɛkan no, montwitwa nnuaba mman a aba wɔ so, ne mmerɛnkɛnsono ne mman a nhahan wɔ so na momfa mmɔ asese na momma mo ani nnye wɔ mo AWURADE Onyankopɔn anim nnanson. 41 Ɛsɛ sɛ saa afe biara mu nnanson adidie mmara yi tena hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. 42 Saa nnanson no mu, mo a moyɛ Israelfoɔ mma no, ɛsɛ sɛ motena asese no ase. 43 Nkyerɛaseɛ a ɛwɔ mu ara ne sɛ, ɛkae Israelfoɔ no firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so sɛ, me na megyee mo firii Misraim ma mobɛtenaa asese ase. Mene AWURADE mo Onyankopɔn.’ ” 44 Yeinom ne AWURADE afahyɛ ahodoɔ a wahyehyɛ a Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no. Enti, Mose kyerɛɛ afahyɛ ahodoɔ a Israelfoɔ no bɛbɔ ama AWURADE.

In Other Versions

Leviticus 23 in the ANGEFD

Leviticus 23 in the ANTPNG2D

Leviticus 23 in the AS21

Leviticus 23 in the BAGH

Leviticus 23 in the BBPNG

Leviticus 23 in the BBT1E

Leviticus 23 in the BDS

Leviticus 23 in the BEV

Leviticus 23 in the BHAD

Leviticus 23 in the BIB

Leviticus 23 in the BLPT

Leviticus 23 in the BNT

Leviticus 23 in the BNTABOOT

Leviticus 23 in the BNTLV

Leviticus 23 in the BOATCB2

Leviticus 23 in the BOBCV

Leviticus 23 in the BOCNT

Leviticus 23 in the BOECS

Leviticus 23 in the BOGWICC

Leviticus 23 in the BOHCB

Leviticus 23 in the BOHCV

Leviticus 23 in the BOHLNT

Leviticus 23 in the BOHNTLTAL

Leviticus 23 in the BOICB

Leviticus 23 in the BOILNTAP

Leviticus 23 in the BOITCV

Leviticus 23 in the BOKCV

Leviticus 23 in the BOKCV2

Leviticus 23 in the BOKHWOG

Leviticus 23 in the BOKSSV

Leviticus 23 in the BOLCB

Leviticus 23 in the BOLCB2

Leviticus 23 in the BOMCV

Leviticus 23 in the BONAV

Leviticus 23 in the BONCB

Leviticus 23 in the BONLT

Leviticus 23 in the BONUT2

Leviticus 23 in the BOPLNT

Leviticus 23 in the BOSCB

Leviticus 23 in the BOSNC

Leviticus 23 in the BOTLNT

Leviticus 23 in the BOVCB

Leviticus 23 in the BOYCB

Leviticus 23 in the BPBB

Leviticus 23 in the BPH

Leviticus 23 in the BSB

Leviticus 23 in the CCB

Leviticus 23 in the CUV

Leviticus 23 in the CUVS

Leviticus 23 in the DBT

Leviticus 23 in the DGDNT

Leviticus 23 in the DHNT

Leviticus 23 in the DNT

Leviticus 23 in the ELBE

Leviticus 23 in the EMTV

Leviticus 23 in the ESV

Leviticus 23 in the FBV

Leviticus 23 in the FEB

Leviticus 23 in the GGMNT

Leviticus 23 in the GNT

Leviticus 23 in the HARY

Leviticus 23 in the HNT

Leviticus 23 in the IRVA

Leviticus 23 in the IRVB

Leviticus 23 in the IRVG

Leviticus 23 in the IRVH

Leviticus 23 in the IRVK

Leviticus 23 in the IRVM

Leviticus 23 in the IRVM2

Leviticus 23 in the IRVO

Leviticus 23 in the IRVP

Leviticus 23 in the IRVT

Leviticus 23 in the IRVT2

Leviticus 23 in the IRVU

Leviticus 23 in the ISVN

Leviticus 23 in the JSNT

Leviticus 23 in the KAPI

Leviticus 23 in the KBT1ETNIK

Leviticus 23 in the KBV

Leviticus 23 in the KJV

Leviticus 23 in the KNFD

Leviticus 23 in the LBA

Leviticus 23 in the LBLA

Leviticus 23 in the LNT

Leviticus 23 in the LSV

Leviticus 23 in the MAAL

Leviticus 23 in the MBV

Leviticus 23 in the MBV2

Leviticus 23 in the MHNT

Leviticus 23 in the MKNFD

Leviticus 23 in the MNG

Leviticus 23 in the MNT

Leviticus 23 in the MNT2

Leviticus 23 in the MRS1T

Leviticus 23 in the NAA

Leviticus 23 in the NASB

Leviticus 23 in the NBLA

Leviticus 23 in the NBS

Leviticus 23 in the NBVTP

Leviticus 23 in the NET2

Leviticus 23 in the NIV11

Leviticus 23 in the NNT

Leviticus 23 in the NNT2

Leviticus 23 in the NNT3

Leviticus 23 in the PDDPT

Leviticus 23 in the PFNT

Leviticus 23 in the RMNT

Leviticus 23 in the SBIAS

Leviticus 23 in the SBIBS

Leviticus 23 in the SBIBS2

Leviticus 23 in the SBICS

Leviticus 23 in the SBIDS

Leviticus 23 in the SBIGS

Leviticus 23 in the SBIHS

Leviticus 23 in the SBIIS

Leviticus 23 in the SBIIS2

Leviticus 23 in the SBIIS3

Leviticus 23 in the SBIKS

Leviticus 23 in the SBIKS2

Leviticus 23 in the SBIMS

Leviticus 23 in the SBIOS

Leviticus 23 in the SBIPS

Leviticus 23 in the SBISS

Leviticus 23 in the SBITS

Leviticus 23 in the SBITS2

Leviticus 23 in the SBITS3

Leviticus 23 in the SBITS4

Leviticus 23 in the SBIUS

Leviticus 23 in the SBIVS

Leviticus 23 in the SBT

Leviticus 23 in the SBT1E

Leviticus 23 in the SCHL

Leviticus 23 in the SNT

Leviticus 23 in the SUSU

Leviticus 23 in the SUSU2

Leviticus 23 in the SYNO

Leviticus 23 in the TBIAOTANT

Leviticus 23 in the TBT1E

Leviticus 23 in the TBT1E2

Leviticus 23 in the TFTIP

Leviticus 23 in the TFTU

Leviticus 23 in the TGNTATF3T

Leviticus 23 in the THAI

Leviticus 23 in the TNFD

Leviticus 23 in the TNT

Leviticus 23 in the TNTIK

Leviticus 23 in the TNTIL

Leviticus 23 in the TNTIN

Leviticus 23 in the TNTIP

Leviticus 23 in the TNTIZ

Leviticus 23 in the TOMA

Leviticus 23 in the TTENT

Leviticus 23 in the UBG

Leviticus 23 in the UGV

Leviticus 23 in the UGV2

Leviticus 23 in the UGV3

Leviticus 23 in the VBL

Leviticus 23 in the VDCC

Leviticus 23 in the YALU

Leviticus 23 in the YAPE

Leviticus 23 in the YBVTP

Leviticus 23 in the ZBP