Leviticus 4 (BOATCB)

1 Afei AWURADE hyɛɛ mmara foforɔ maa Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘saa mmara yi na ɛwɔ hɔ ma obiara a wanhyɛ da na ɔbɛbu AWURADE mmara no bi so. 3 “ ‘Sɛ ɔsɔfoɔ bi anhyɛ da na ɔfom mmara bi na ɛnam so de afɔbuo ba nnipa no so a, ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ma AWURADE. 4 Ɛsɛ sɛ ɔde aboa no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɔde ne nsa gu nʼapampam na ɔkum no wɔ hɔ wɔ AWURADE anim. 5 Ɔsɔfoɔ no de aboa no mogya bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 6 Ɔde ne nsateaa baako bɛbɔ mogya no mu apete no mprɛnson wɔ AWURADE anim wɔ ntoma a ɛsɛn kronkron mu kronkron no anim. 7 Afei, ɔsɔfoɔ no de mogya no bi bɛgu aduhwam no toa a ɛsi afɔrebukyia no so no wɔ AWURADE anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu; mogya no a ɛbɛka no, wɔbɛhwie agu afɔrebukyia no ase de abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. 8 Afei ɔbɛtete sradeɛ a ɛwɔ ne nsono no ho nyinaa, 9 ne sawa mmienu no ne sisia sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo, 10 na wahye no wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so te sɛ nantwinini anaa nantwibereɛ a wɔde no bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no pɛ. 11 Nanso nantwie ba no ho nneɛma a ɛbɛka a ɛyɛ ne nhoma, ne nam, ne ti, ne nan, nʼayamdeɛ, ne ne nsono no deɛ, 12 wɔmfa nkɔ afahyɛbea bi a ɛhɔ te wɔ akyiri baabi a wɔde nsõ firi afɔrebukyia no so kɔ hɔ kɔhye no nnyensin so no. 13 “ ‘Sɛ Israelfoɔ nyinaa yɛ bɔne a ɛtia AWURADE, na sɛ ɛnyɛ boapa yɛ a, nnipa no nyinaa bɛdi ho fɔ. 14 Na sɛ wɔhunu wɔn bɔne a, wɔde nantwie ba bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 15 Sɛ wɔrebɔ saa afɔdeɛ no a, ɔman no mu mpanimfoɔ de wɔn nsa bɛgu aboa no apampam na wɔakum no wɔ AWURADE anim. 16 Na ɔsɔfoɔ no de ne mogya aba Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, 17 na ɔde ne nsateaa baako abɔ mogya no mu apete no mprɛnson wɔ AWURADE ne ntoma a ɛtwa ɛdan no mu no anim. 18 Ɔde mogya bɛgu mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu wɔ AWURADE anim. Afei ɔbɛhwie mogya a aka wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no afɔrebukyia no ase no agu wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. 19 Sradeɛ a ɛwɔ aboa no mu nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔyi na wɔhye no wɔ afɔrebukyia no so. 20 Ɔbɛfa ɛkwan a wɔfa so bɔ bɔne ho afɔdeɛ no so pɛpɛɛpɛ. Yei bɛma ɔsɔfoɔ no abɛyɛ mpatadeɛ ama ɔman no na wɔde obiara bɔne bɛkyɛ no. 21 Afei asɔfoɔ no bɛtwe nantwinini ba no de no akɔ beaeɛ foforɔ bi so akɔhye no wɔ hɔ te sɛ deɛ ɔrebɔ ɔbaakofoɔ bɔne ho afɔdeɛ no. Nanso yei deɛ, ɛyɛ ɔman mu no nyinaa afɔrebɔdeɛ. 22 “ ‘Sɛ mpanimfoɔ no bi yɛ bɔne a ɔnnim sɛ wafom AWURADE Onyankopɔn mmara no baako 23 na wɔma no te ne ho ase a, ɛsɛ sɛ ɔde ɔpapo a ne ho nni dɛm ba sɛ nʼafɔrebɔdeɛ. 24 Ɔde ne nsa bɛgu aboa no apampam na wakum no wɔ beaeɛ a wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ mmoa no de ama AWURADE no. Yei yɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. 25 Afei, ɔsɔfoɔ no de ne nsateaa baako bɛbɔ afɔrebɔdeɛ mogya no mu na ɔde afɔre afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so no mmɛn no ho; na afei wɔahwie mogya no nkaeɛ agu afɔrebukyia no ase. 26 Wɔbɛhye sradeɛ no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so te sɛ deɛ wɔhye asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no ara pɛ; ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama ɔpanin ko no wɔ ne bɔne no ho na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. 27 “ ‘Sɛ ɔpapahwekwaa bi yɛ bɔne a ɔnnim sɛ wafom a, ɔdi ho fɔ. 28 Nanso ɔnya te ne ho ase ara pɛ a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibereɛ a ne ho nni dɛm ba ma wɔde pata ne bɔne no. 29 Ɔde no bɛba beaeɛ a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wɔkum wɔn de wɔn bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔdeɛ no apampam na wakum no. 30 Na ɔsɔfoɔ no de mogya no bi afɔre ne nsateaa baako ho na ɔde afɔre ɔhyeɛ afɔrebukyia mmɛn no ho. Afei, ɔsɔfoɔ no bɛhwie mogya no nkaeɛ no agu afɔrebukyia no ase. 31 Wɔbɛyi sradeɛ no nyinaa afiri mu te sɛ deɛ wɔfa bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no ara. Na ɔsɔfoɔ no bɛhye no wɔ afɔrebukyia no so. Na AWURADE ani bɛsɔ. Ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama saa onipa no na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no. 32 “ ‘Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔde odwammaa bɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ nso a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbereɛ a ɛdɛm biara nni ne ho. 33 Ɔde no bɛba beaeɛ a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wɔkum wɔn de wɔn bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne no afɔrebɔdeɛ no apampam na wakum no sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ. 34 Na ɔsɔfoɔ no de mogya no bi afɔre ne nsateaa baako ho na ɔde afɔre ɔhyeɛ afɔrebukyia mmɛn no ho. Na wahwie mogya no nkaeɛ no agu afɔrebukyia no ase. 35 Wɔbɛyɛ sradeɛ no sɛdeɛ wɔyɛ asomdwoeɛ odwammaa sradeɛ no. Ɔsɔfoɔ no bɛhye sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so te sɛ afɔdeɛ ahodoɔ a wɔde ogya bɔ ma AWURADE no ara pɛ. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa ko no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.

In Other Versions

Leviticus 4 in the ANGEFD

Leviticus 4 in the ANTPNG2D

Leviticus 4 in the AS21

Leviticus 4 in the BAGH

Leviticus 4 in the BBPNG

Leviticus 4 in the BBT1E

Leviticus 4 in the BDS

Leviticus 4 in the BEV

Leviticus 4 in the BHAD

Leviticus 4 in the BIB

Leviticus 4 in the BLPT

Leviticus 4 in the BNT

Leviticus 4 in the BNTABOOT

Leviticus 4 in the BNTLV

Leviticus 4 in the BOATCB2

Leviticus 4 in the BOBCV

Leviticus 4 in the BOCNT

Leviticus 4 in the BOECS

Leviticus 4 in the BOGWICC

Leviticus 4 in the BOHCB

Leviticus 4 in the BOHCV

Leviticus 4 in the BOHLNT

Leviticus 4 in the BOHNTLTAL

Leviticus 4 in the BOICB

Leviticus 4 in the BOILNTAP

Leviticus 4 in the BOITCV

Leviticus 4 in the BOKCV

Leviticus 4 in the BOKCV2

Leviticus 4 in the BOKHWOG

Leviticus 4 in the BOKSSV

Leviticus 4 in the BOLCB

Leviticus 4 in the BOLCB2

Leviticus 4 in the BOMCV

Leviticus 4 in the BONAV

Leviticus 4 in the BONCB

Leviticus 4 in the BONLT

Leviticus 4 in the BONUT2

Leviticus 4 in the BOPLNT

Leviticus 4 in the BOSCB

Leviticus 4 in the BOSNC

Leviticus 4 in the BOTLNT

Leviticus 4 in the BOVCB

Leviticus 4 in the BOYCB

Leviticus 4 in the BPBB

Leviticus 4 in the BPH

Leviticus 4 in the BSB

Leviticus 4 in the CCB

Leviticus 4 in the CUV

Leviticus 4 in the CUVS

Leviticus 4 in the DBT

Leviticus 4 in the DGDNT

Leviticus 4 in the DHNT

Leviticus 4 in the DNT

Leviticus 4 in the ELBE

Leviticus 4 in the EMTV

Leviticus 4 in the ESV

Leviticus 4 in the FBV

Leviticus 4 in the FEB

Leviticus 4 in the GGMNT

Leviticus 4 in the GNT

Leviticus 4 in the HARY

Leviticus 4 in the HNT

Leviticus 4 in the IRVA

Leviticus 4 in the IRVB

Leviticus 4 in the IRVG

Leviticus 4 in the IRVH

Leviticus 4 in the IRVK

Leviticus 4 in the IRVM

Leviticus 4 in the IRVM2

Leviticus 4 in the IRVO

Leviticus 4 in the IRVP

Leviticus 4 in the IRVT

Leviticus 4 in the IRVT2

Leviticus 4 in the IRVU

Leviticus 4 in the ISVN

Leviticus 4 in the JSNT

Leviticus 4 in the KAPI

Leviticus 4 in the KBT1ETNIK

Leviticus 4 in the KBV

Leviticus 4 in the KJV

Leviticus 4 in the KNFD

Leviticus 4 in the LBA

Leviticus 4 in the LBLA

Leviticus 4 in the LNT

Leviticus 4 in the LSV

Leviticus 4 in the MAAL

Leviticus 4 in the MBV

Leviticus 4 in the MBV2

Leviticus 4 in the MHNT

Leviticus 4 in the MKNFD

Leviticus 4 in the MNG

Leviticus 4 in the MNT

Leviticus 4 in the MNT2

Leviticus 4 in the MRS1T

Leviticus 4 in the NAA

Leviticus 4 in the NASB

Leviticus 4 in the NBLA

Leviticus 4 in the NBS

Leviticus 4 in the NBVTP

Leviticus 4 in the NET2

Leviticus 4 in the NIV11

Leviticus 4 in the NNT

Leviticus 4 in the NNT2

Leviticus 4 in the NNT3

Leviticus 4 in the PDDPT

Leviticus 4 in the PFNT

Leviticus 4 in the RMNT

Leviticus 4 in the SBIAS

Leviticus 4 in the SBIBS

Leviticus 4 in the SBIBS2

Leviticus 4 in the SBICS

Leviticus 4 in the SBIDS

Leviticus 4 in the SBIGS

Leviticus 4 in the SBIHS

Leviticus 4 in the SBIIS

Leviticus 4 in the SBIIS2

Leviticus 4 in the SBIIS3

Leviticus 4 in the SBIKS

Leviticus 4 in the SBIKS2

Leviticus 4 in the SBIMS

Leviticus 4 in the SBIOS

Leviticus 4 in the SBIPS

Leviticus 4 in the SBISS

Leviticus 4 in the SBITS

Leviticus 4 in the SBITS2

Leviticus 4 in the SBITS3

Leviticus 4 in the SBITS4

Leviticus 4 in the SBIUS

Leviticus 4 in the SBIVS

Leviticus 4 in the SBT

Leviticus 4 in the SBT1E

Leviticus 4 in the SCHL

Leviticus 4 in the SNT

Leviticus 4 in the SUSU

Leviticus 4 in the SUSU2

Leviticus 4 in the SYNO

Leviticus 4 in the TBIAOTANT

Leviticus 4 in the TBT1E

Leviticus 4 in the TBT1E2

Leviticus 4 in the TFTIP

Leviticus 4 in the TFTU

Leviticus 4 in the TGNTATF3T

Leviticus 4 in the THAI

Leviticus 4 in the TNFD

Leviticus 4 in the TNT

Leviticus 4 in the TNTIK

Leviticus 4 in the TNTIL

Leviticus 4 in the TNTIN

Leviticus 4 in the TNTIP

Leviticus 4 in the TNTIZ

Leviticus 4 in the TOMA

Leviticus 4 in the TTENT

Leviticus 4 in the UBG

Leviticus 4 in the UGV

Leviticus 4 in the UGV2

Leviticus 4 in the UGV3

Leviticus 4 in the VBL

Leviticus 4 in the VDCC

Leviticus 4 in the YALU

Leviticus 4 in the YAPE

Leviticus 4 in the YBVTP

Leviticus 4 in the ZBP