Numbers 29 (BOATCB)

1 “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan wɔ afe biara mu no, monhyɛ totorobɛnto afahyɛ no. Nnipa no nyinaa de kommyɛ bɛhyia na obiara renyɛ adwuma biara. 2 Saa ɛda no, mode nantwie ba baako, odwennini baako ne nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yeinom yɛ afɔrebɔdeɛ a AWURADE ani bɛsɔ na nʼani nso bɛgye ho. 3 Mode aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ no a nantwie no ka ho. Wɔde lita ɛnan bɛka odwennini no ho 4 ɛnna lita mmienu ne fa nso ka nnwammaa no baako biara ho. 5 Ɛsɛ sɛ mosane de ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de yei yɛ mo mpatadeɛ. 6 Saa afɔrebɔ sononko yi ka ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no bosome biara ne ɛda no deɛ no ho; afei nso, ɛka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ a aburoo ne nsã afɔrebɔ ka ho no ho sɛdeɛ afɔrebɔ no ho mmara teɛ no. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ AWURADE ani. 7 “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛyɛ ɛda a ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa yɛ komm ahobrɛaseɛ mu wɔ AWURADE anim, na ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara yɛ adwuma biara. 8 Saa ɛda no, mobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama AWURADE—nʼani bɛsɔ. Afɔrebɔdeɛ no yɛ nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara. 9 Fa nantwie ba no siesie atokoɔ afɔdeɛ a mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu ne ngo lita nsia ne fa afra. 10 Lita ɛnan na mode bɛka odwennini no ho ɛnna mode lita mmienu ne fa aka odwammaa baako biara ho. 11 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ. Yei ka bɔne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ de pata ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no daadaa a aduane afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ ka ho. 12 “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛnsɛ sɛ ɛda no, obiara yɛ adwuma. Ɛyɛ nnanson afahyɛ ahyɛaseɛ wɔ AWURADE anim. 13 Nneɛma a mode bɛbɔ saa afɔdeɛ sononko yi ama AWURADE ani asɔ no bɛyɛ nantwie mma dumiɛnsa, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan. 14 Ɛsɛ sɛ, sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia ne fa ka anantwie mma dumiɛnsa no biara ho. Lita ɛnan ka nnwennini no baako biara ho 15 ɛnna lita mmienu ne fa aka nnwammaa dunan no baako biara ho. 16 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no ho a aburoo ne nsã afɔdeɛ ka ho. 17 “ ‘Ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ saa nnanson afahyɛ no mu no, mode anantwie mma dumienu, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe dunan a wɔnnii dɛm biara bɛbɔ afɔdeɛ. 18 Saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara, mode anantwinini, nnwennini ne nnwammaa no ho aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔahyɛ no bɛka ho. 19 Ɔhyeɛ afɔrebɔ a mobɔ no daa akyi no, mode ɔpapo bɛka atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ no ho abɔ bɔne ho afɔdeɛ. 20 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no so no, mode anantwie mmaa dubaako, nnwennini mmienu, nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara 21 a sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode anantwie, nnwennini ne nnwammaa no ne aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka afɔrebɔdeɛ biara ho. 22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ka daa ɔhyeɛ afɔrebɔ no ho a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho. 23 “ ‘Afahyɛ a ɛtɔ so nan no, mode anantwie mma edu, nnwennini mmienu, ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara 24 a mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho. 25 Afei, momfa ɔpapo a sɛdeɛ moyɛ daa no atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho nka afɔrebɔ a mobɔ no daa no ho. 26 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so enum no, momfa anantwie mma nkron, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara. 27 Sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka ho. 28 Momfa ɔpapo a aburoo afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sononko nka afɔdeɛ ahodoɔ a mobɔ no daa no ho. 29 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nsia no, mode anantwie mma nwɔtwe, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan 30 bɛka wɔn atokoɔ ne wɔn nsã afɔrebɔdeɛ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no. 31 Momfa ɔpapo a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛdeɛ moyɛ no daa no. 32 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nson no, mode anantwie mma nson, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan 33 a mode atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho bɛbɔ afɔdeɛ. 34 Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho aka daa afɔrebɔ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no. 35 “ ‘Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, frɛ nnipa no nyinaa na wɔnhyia kommyɛ so. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa ɛda no. 36 Mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. AWURADE ani sɔ saa afɔdeɛ no. Momfa nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm nson mmɔ afɔdeɛ. 37 Na sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ nka ho. 38 Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho a daa afɔdeɛ a mobɔ no nso ka ho. 39 “ ‘Sɛ mohyia didi afirinhyia no mu a, twa ara na ɛtwa sɛ mobɔ saa afɔdeɛ yi ma AWURADE. Na ɛka mo afɔrebɔ a mobɔ fa ɛbɔ a moahyɛ anaa deɛ ɛfiri mo pɛ mu a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ, nsã afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no ho.’ ” 40 Mose kaa saa mmara yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.

In Other Versions

Numbers 29 in the ANGEFD

Numbers 29 in the ANTPNG2D

Numbers 29 in the AS21

Numbers 29 in the BAGH

Numbers 29 in the BBPNG

Numbers 29 in the BBT1E

Numbers 29 in the BDS

Numbers 29 in the BEV

Numbers 29 in the BHAD

Numbers 29 in the BIB

Numbers 29 in the BLPT

Numbers 29 in the BNT

Numbers 29 in the BNTABOOT

Numbers 29 in the BNTLV

Numbers 29 in the BOATCB2

Numbers 29 in the BOBCV

Numbers 29 in the BOCNT

Numbers 29 in the BOECS

Numbers 29 in the BOGWICC

Numbers 29 in the BOHCB

Numbers 29 in the BOHCV

Numbers 29 in the BOHLNT

Numbers 29 in the BOHNTLTAL

Numbers 29 in the BOICB

Numbers 29 in the BOILNTAP

Numbers 29 in the BOITCV

Numbers 29 in the BOKCV

Numbers 29 in the BOKCV2

Numbers 29 in the BOKHWOG

Numbers 29 in the BOKSSV

Numbers 29 in the BOLCB

Numbers 29 in the BOLCB2

Numbers 29 in the BOMCV

Numbers 29 in the BONAV

Numbers 29 in the BONCB

Numbers 29 in the BONLT

Numbers 29 in the BONUT2

Numbers 29 in the BOPLNT

Numbers 29 in the BOSCB

Numbers 29 in the BOSNC

Numbers 29 in the BOTLNT

Numbers 29 in the BOVCB

Numbers 29 in the BOYCB

Numbers 29 in the BPBB

Numbers 29 in the BPH

Numbers 29 in the BSB

Numbers 29 in the CCB

Numbers 29 in the CUV

Numbers 29 in the CUVS

Numbers 29 in the DBT

Numbers 29 in the DGDNT

Numbers 29 in the DHNT

Numbers 29 in the DNT

Numbers 29 in the ELBE

Numbers 29 in the EMTV

Numbers 29 in the ESV

Numbers 29 in the FBV

Numbers 29 in the FEB

Numbers 29 in the GGMNT

Numbers 29 in the GNT

Numbers 29 in the HARY

Numbers 29 in the HNT

Numbers 29 in the IRVA

Numbers 29 in the IRVB

Numbers 29 in the IRVG

Numbers 29 in the IRVH

Numbers 29 in the IRVK

Numbers 29 in the IRVM

Numbers 29 in the IRVM2

Numbers 29 in the IRVO

Numbers 29 in the IRVP

Numbers 29 in the IRVT

Numbers 29 in the IRVT2

Numbers 29 in the IRVU

Numbers 29 in the ISVN

Numbers 29 in the JSNT

Numbers 29 in the KAPI

Numbers 29 in the KBT1ETNIK

Numbers 29 in the KBV

Numbers 29 in the KJV

Numbers 29 in the KNFD

Numbers 29 in the LBA

Numbers 29 in the LBLA

Numbers 29 in the LNT

Numbers 29 in the LSV

Numbers 29 in the MAAL

Numbers 29 in the MBV

Numbers 29 in the MBV2

Numbers 29 in the MHNT

Numbers 29 in the MKNFD

Numbers 29 in the MNG

Numbers 29 in the MNT

Numbers 29 in the MNT2

Numbers 29 in the MRS1T

Numbers 29 in the NAA

Numbers 29 in the NASB

Numbers 29 in the NBLA

Numbers 29 in the NBS

Numbers 29 in the NBVTP

Numbers 29 in the NET2

Numbers 29 in the NIV11

Numbers 29 in the NNT

Numbers 29 in the NNT2

Numbers 29 in the NNT3

Numbers 29 in the PDDPT

Numbers 29 in the PFNT

Numbers 29 in the RMNT

Numbers 29 in the SBIAS

Numbers 29 in the SBIBS

Numbers 29 in the SBIBS2

Numbers 29 in the SBICS

Numbers 29 in the SBIDS

Numbers 29 in the SBIGS

Numbers 29 in the SBIHS

Numbers 29 in the SBIIS

Numbers 29 in the SBIIS2

Numbers 29 in the SBIIS3

Numbers 29 in the SBIKS

Numbers 29 in the SBIKS2

Numbers 29 in the SBIMS

Numbers 29 in the SBIOS

Numbers 29 in the SBIPS

Numbers 29 in the SBISS

Numbers 29 in the SBITS

Numbers 29 in the SBITS2

Numbers 29 in the SBITS3

Numbers 29 in the SBITS4

Numbers 29 in the SBIUS

Numbers 29 in the SBIVS

Numbers 29 in the SBT

Numbers 29 in the SBT1E

Numbers 29 in the SCHL

Numbers 29 in the SNT

Numbers 29 in the SUSU

Numbers 29 in the SUSU2

Numbers 29 in the SYNO

Numbers 29 in the TBIAOTANT

Numbers 29 in the TBT1E

Numbers 29 in the TBT1E2

Numbers 29 in the TFTIP

Numbers 29 in the TFTU

Numbers 29 in the TGNTATF3T

Numbers 29 in the THAI

Numbers 29 in the TNFD

Numbers 29 in the TNT

Numbers 29 in the TNTIK

Numbers 29 in the TNTIL

Numbers 29 in the TNTIN

Numbers 29 in the TNTIP

Numbers 29 in the TNTIZ

Numbers 29 in the TOMA

Numbers 29 in the TTENT

Numbers 29 in the UBG

Numbers 29 in the UGV

Numbers 29 in the UGV2

Numbers 29 in the UGV3

Numbers 29 in the VBL

Numbers 29 in the VDCC

Numbers 29 in the YALU

Numbers 29 in the YAPE

Numbers 29 in the YBVTP

Numbers 29 in the ZBP