Psalms 112 (BOATCB)
1 Monkamfo AWURADE. Nhyira nka onipa a ɔsuro AWURADEna ɔnya nʼahyɛdeɛ mu anigyeɛ pii. 2 Ne mma bɛyɛ atumfoɔ wɔ asase no so;teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ bɛnya nhyira. 3 Ahonya ne sika wɔ ne fie,na ne tenenee tena hɔ daa. 4 Esum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔtene,ma ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ. 5 Yiedie bɛba deɛ ne tirim yɛ mmrɛ na ɔde fɛm kwa.Yiedie bɛba deɛ ɔde atɛntenenee yɛ ne nneɛma so. 6 Ampa ara, ɔrenhinhim da biara da;wɔbɛkae onipa tenenee daa. 7 Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu;nʼakoma atim wɔ AWURADE mu ahotosoɔ mu. 8 Nʼakoma wɔ banbɔ, na ɔnsuro;awieeɛ no, ɔde nkonimdie bɛhyia nʼatamfoɔ. 9 Ɔto nʼakyɛdeɛ pete aman so ma ahiafoɔ,ne tenenee wɔ hɔ daa;wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn animuonyam. 10 Omumuyɛfoɔ bɛhunu ama ayɛ no yea,ɔbɛtwere ne se na wafɔn;omumuyɛfoɔ tirimpɔ bɛyɛ kwa.