Psalms 149 (BOATCB)
1 Monkamfo AWURADE. Monto dwom foforɔ mma AWURADE,monkamfo no wɔ ahotefoɔ asafo mu. 2 Ma Israel ani nnye ne Yɛfoɔ mu.Ma Sion mma ani nnye wɔn Ɔhene mu. 3 Ma wɔmfa asa nkamfo ne dinna wɔmfa sankuo ne akasaeɛ nto dwom mma no. 4 Na AWURADE ani sɔ ne nkurɔfoɔ;ɔde nkwagyeɛ kyɛ hyɛ ahobrɛasefoɔ. 5 Momma ahotefoɔ nni ahurisie wɔ animuonyam yi mu;na wɔnto ahosɛpɛ dwom wɔ wɔn mpa so. 6 Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anomuna ɛnyɛ akofena anofanu wɔ wɔn nsam, 7 sɛ wɔmfa ntɔ werɛ wɔ amanaman no sone asotwe wɔ nnipa no so, 8 sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo,ne dadeɛ mpɔkyerɛ ngu wɔn atitire, 9 sɛ wɔmfa mmu atɛn sɛdeɛ wɔatwerɛ atia wɔn no.Yei ne nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam. Monkamfo AWURADE.