Psalms 36 (BOATCB)
undefined AWURADE ɔsomfoɔ Dawid dwom. 1 Nkɔmhyɛ bi da mʼakoma soa ɛfa omumuyɛfoɔ mmarato ho.Wɔnnsuro Onyankopɔn. 2 Na ɔno ankasa ani so no, ɔdaadaa ne ho dodoenti mma ɔnhunu ne bɔne nnyae yɛ. 3 Nʼanom nsɛm yɛ atirimuɔden ne nnaadaa;ɔnnim nyansa bio, na wayɛ papa. 4 Ɔda ne mpa so mpo a, ɔbɔ pɔ bɔne;na ɔgyaa ne ho ma bɔne ɛkwanna ɔmpo deɛ ɛnyɛ. 5 AWURADE, wʼadɔeɛ duru sorosorowo nokorɛdie duru ewiem tɔnn. 6 Wo tenenee te sɛ mmepɔ akɛseɛ.Wʼatɛntenenee mu dɔ sɛ ɛpo bunu.Ao AWURADE, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so. 7 Wʼadɔeɛ a ɛnsa da no som bo!Nnipa mu akɛseɛ ne nketewanya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase. 8 Wɔdi deɛ abu soɔ wɔ wo fiewoma wɔnom firi wʼanika asutene no mu. 9 Wo nkyɛn na nkwa asutire wɔ;wo hann mu na yɛhunu hann. 10 Kɔ so dɔ wɔn a wɔnim wo,ma wo tenenee ntena wɔn a wɔtene akoma mu. 11 Mma ɔhantanni nan ntia meanaa omumuyɛfoɔ nsa nnsunsum me. 12 Hwɛ sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ ahwehwe ase,wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.