Psalms 36 (BOATCB2)
undefined AWURADE somfo Dawid dwom. 1 Nkɔmhyɛ bi wɔ me koma mu a efi Onyankopɔn hɔa ɛfa omumɔyɛfo mmarato ho.Onyankopɔn suro nni wɔn ani so. 2 Na ɔno ankasa ani so no ɔdaadaa no ho dodo,nti ɛmma onhu ne bɔne nnyae yɛ. 3 Nʼanom nsɛm yɛ atirimɔden ne nnaadaa;onnim nyansa bio na wayɛ papa. 4 Ɔda ne mpa so mpo a ɔbɔ pɔw bɔne;na ogyaa ne ho ma bɔne kwanna ɔmpo nea enye. 5 AWURADE, wʼadɔe du ɔsorosorowo nokwaredi du wim tɔnn. 6 Wo trenee te sɛ mmepɔw akɛse.Wʼatɛntrenee mu dɔ sɛ po bun.Ao AWURADE, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so. 7 Wʼadɔe a ɛnsa da no som bo!Nnipa mu akɛse ne nketewanya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase. 8 Wodi nea abu so wɔ wo fi,woma wɔnom fi wʼanika asuten no mu. 9 Wo nkyɛn na nkwa asuti wɔ;wo hann mu na yehu hann. 10 Kɔ so dɔ wɔn a wonim wo,ma wo trenee ntena wɔn a wɔteɛ, koma mu. 11 Mma ɔhantanni nan ntia meanaa omumɔyɛfo nsa nnsunsum me. 12 Hwɛ sɛnea nnebɔneyɛfo ahwehwe ase,wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.