Psalms 67 (BOATCB)
undefined Dwom. 1 Onyankopɔn nnom yɛn na ɔnhyira yɛnɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so, 2 na ɔmma wɔnhunu nʼakwan wɔ asase so,ne ne nkwagyeɛ wɔ amanaman no nyinaa mu. 3 Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn;ma nnipa nyinaa nkamfo wo. 4 Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom,ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee muna woma asase so amanaman no akwankyerɛ. 5 Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn;ma nnipa nyinaa nkamfo wo! 6 Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbaeɛ,na Onyankopɔn, yɛn Onyankopɔn ahyira yɛn. 7 Onyankopɔn bɛhyira yɛn,na wɔn a wɔte asase ano nyinaa bɛsuro no.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.