1 Kings 10 (BOATCB2)

1 Bere a Sebahemmea tee Salomo din a ahyeta na ɛhyɛ AWURADE din anuonyam no, ɔde nsɛmmisa a anoyi yɛ den bɛsɔɔ Salomo hwɛe. 2 Ɔde nʼasomfo a wɔdɔɔso yiye kaa ne ho baa Yerusalem. Na yoma a wɔsoso nnuhuam, sikakɔkɔɔ bebree ne aboɔden abo ka wɔn ho. Bere a ohyiaa Salomo no, wodwinnwen nsɛm bebree a na ɛwɔ ɔhemmea ani so no ho. 3 Salomo yii ne nsɛmmisa nyinaa ano sɛnea ɛsɛ. Asɛmmisa biara ankyere nʼadwene. 4 Bere a Sebahemmea huu sɛnea Salomo adwene mu dɔ, ne ahemfi a wasi no, 5 ne ho dwiriw no. Nnuan a ohuu sɛ esisi ne didipon so no yɛɛ no nwonwa. Sɛnea na wahyehyɛ ne fi so ahwɛfo no ne wɔn ntade papa bi a ɛhyehyɛ wɔn, ne sɛnea nkuruwakurafo ne wɔn ntade yuu ne ɔhyew afɔre a Salomo bɔɔ no AWURADE Asɔredan mu hɔ no yɛɛ no ahodwiriw. 6 Ɔhemmea no fii ahodwiriw mu ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Nsɛm a metee wɔ me man mu a ɛfa dwuma a woatumi adi ne wo nyansa ho no nyinaa yɛ nokware! 7 Na minnye nni kosii sɛ mibeduu ha a mʼankasa mede mʼani abehu yi. Nokware, sɛɛ na mante asɛm no mu fa mpo. Wo nyansa ne wo nkɔso no boro nea wɔka kyerɛɛ me no so koraa. 8 Migye di sɛ ɛsɛ sɛ wo nkurɔfo yi ani gye! Ɛyɛ adom ma wʼadwumayɛfo yi sɛ wotumi bɛn wo adekyee biara na wotie wo nyansasɛm. 9 AWURADE, wo Nyankopɔn no yɛ ɔkɛse ampa. Nʼani gye wo ho, na ɔde wo asi Israel ahengua so. Efisɛ ɔdɔ a AWURADE de dɔ Israel no yɛ ɔdɔ a ɛnsa da. Wasi wo hene sɛ wode atɛntrenee ne treneeyɛ bebu ɔman no.” 10 Na ɔkyɛɛ ɔhene no sikakɔkɔɔ tɔn anan ne fa, nnuhuam bebree ne aboɔden abo. Obiara amfa nnuhuam dodow saa ammɛkyɛ Salomo bio, sɛnea Sebahemmea de bɛkyɛɛ no no. 11 Huram ahyɛn no fi Ofir de sikakɔkɔɔ bae a na asamfono nnua bebree ne aboɔden abo ka ho. 12 Ɔhene de asamfono nnua no yɛɛ atrapoe wɔ AWURADE Asɔredan ne ahemfi no mu, na ɔde bi yɛɛ asanku ne mmɛnta maa nnwontofo. Ebesi saa bere no ne saa bere no, na obiara mfaa asamfono nnua a ɛyɛ fɛ saa nkɔɔ hɔ da, na akyiri no nso wɔanhu bi saa da. 13 Biribiara a Sebahemmea bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no kaa nea amanne nti, ɔnam ayamye so de maa no no ho. Ɛno akyi, Sebahemmea ne nʼasomfo no san kɔɔ wɔn kurom. 14 Afe biara, na sikakɔkɔɔ a ɛba Salomo nsam no yɛ tɔn aduonu anum, 15 a na sika a onya fi aguadifo, Arabia ahemfo ne asase no so amradofo no nkyɛn nka ho. 16 Ɔhene Salomo ma wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahannu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram ason. 17 Bio, ɔyɛɛ akyɛm nketewa bi a ɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛe a, emu biara mu duru bɛyɛ kilogram abiɛsa ne fa. Ɔhene no de saa akyɛm yi nyinaa kosiee ahemfi hɔ baabi bi a wɔfrɛ hɔ Lebanon Kwae Ahemfi. 18 Na ɔhene no de asonse yɛɛ ahengua kɛse bi, na ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. 19 Na ahengua no wɔ atrapoe ntiaso asia na nʼakyi yɛ kurukuruwa. Ahengua no wɔ nsa wɔ benkum ne nifa, na wɔayɛ gyata sɛso abien asisi hɔ. 20 Salomo san yɛɛ gyata sɛso dumien a ɔbaako biara gyina atrapoe ntiaso asia no mu biara benkum ne nifa. Ahengua biara nni wiase a wobetumi de atoto Salomo de no ho. 21 Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ na wɔde yɛe. Saa ara na nneɛma ahorow a ɛwɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu no nso te. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, efisɛ Salomo bere so no, na wobu dwetɛ ade teta bi. 22 Na ɔhene no wɔ po so aguadihyɛn bebree a ɛne Huram de no yɛ adwuma bɔ mu. Mfe abiɛsa biara, ahyɛn no ba prɛko a sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nsorommoa ne asibe ahyehyɛ wɔn ma. 23 Enti ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefo ne onyansafo sen ɔhene biara wɔ asase so nyinaa. 24 Na nnipa fifi aman ahorow so bɛsra no, na wotie nyansa a Onyankopɔn de adom no no bi. 25 Afe biara mu, obiara a ɔbɛba abɛsra no no brɛ no akyɛde te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntade, akode, nnuhuam, apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ. 26 Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahannan ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde emu fa kɛse guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so na ɔmaa bi nso kaa Yerusalem. 27 Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ abo wɔ Yerusalem. Na sida nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ ankye nnua a efifi wɔ mmepɔw ase wɔ Yuda asase so. 28 Na Salomo tɔɔ apɔnkɔ fii Misraim ne Kilikia, efisɛ na ɔhene no aguadifo nya wɔn fi Kilikia a wɔn bo no ye. 29 Saa bere no, na wotumi tɔ Misraim teaseɛnam a wɔde abedu Yerusalem no dwetɛ kilogram awotwe, na apɔnkɔ nso, na wotumi tɔ baako dwetɛ kilogram abien. Na wɔsan tɔn wɔn mu pii ma Hetifo ahemfo ne Aram ahemfo.

In Other Versions

1 Kings 10 in the ANGEFD

1 Kings 10 in the ANTPNG2D

1 Kings 10 in the AS21

1 Kings 10 in the BAGH

1 Kings 10 in the BBPNG

1 Kings 10 in the BBT1E

1 Kings 10 in the BDS

1 Kings 10 in the BEV

1 Kings 10 in the BHAD

1 Kings 10 in the BIB

1 Kings 10 in the BLPT

1 Kings 10 in the BNT

1 Kings 10 in the BNTABOOT

1 Kings 10 in the BNTLV

1 Kings 10 in the BOATCB

1 Kings 10 in the BOBCV

1 Kings 10 in the BOCNT

1 Kings 10 in the BOECS

1 Kings 10 in the BOGWICC

1 Kings 10 in the BOHCB

1 Kings 10 in the BOHCV

1 Kings 10 in the BOHLNT

1 Kings 10 in the BOHNTLTAL

1 Kings 10 in the BOICB

1 Kings 10 in the BOILNTAP

1 Kings 10 in the BOITCV

1 Kings 10 in the BOKCV

1 Kings 10 in the BOKCV2

1 Kings 10 in the BOKHWOG

1 Kings 10 in the BOKSSV

1 Kings 10 in the BOLCB

1 Kings 10 in the BOLCB2

1 Kings 10 in the BOMCV

1 Kings 10 in the BONAV

1 Kings 10 in the BONCB

1 Kings 10 in the BONLT

1 Kings 10 in the BONUT2

1 Kings 10 in the BOPLNT

1 Kings 10 in the BOSCB

1 Kings 10 in the BOSNC

1 Kings 10 in the BOTLNT

1 Kings 10 in the BOVCB

1 Kings 10 in the BOYCB

1 Kings 10 in the BPBB

1 Kings 10 in the BPH

1 Kings 10 in the BSB

1 Kings 10 in the CCB

1 Kings 10 in the CUV

1 Kings 10 in the CUVS

1 Kings 10 in the DBT

1 Kings 10 in the DGDNT

1 Kings 10 in the DHNT

1 Kings 10 in the DNT

1 Kings 10 in the ELBE

1 Kings 10 in the EMTV

1 Kings 10 in the ESV

1 Kings 10 in the FBV

1 Kings 10 in the FEB

1 Kings 10 in the GGMNT

1 Kings 10 in the GNT

1 Kings 10 in the HARY

1 Kings 10 in the HNT

1 Kings 10 in the IRVA

1 Kings 10 in the IRVB

1 Kings 10 in the IRVG

1 Kings 10 in the IRVH

1 Kings 10 in the IRVK

1 Kings 10 in the IRVM

1 Kings 10 in the IRVM2

1 Kings 10 in the IRVO

1 Kings 10 in the IRVP

1 Kings 10 in the IRVT

1 Kings 10 in the IRVT2

1 Kings 10 in the IRVU

1 Kings 10 in the ISVN

1 Kings 10 in the JSNT

1 Kings 10 in the KAPI

1 Kings 10 in the KBT1ETNIK

1 Kings 10 in the KBV

1 Kings 10 in the KJV

1 Kings 10 in the KNFD

1 Kings 10 in the LBA

1 Kings 10 in the LBLA

1 Kings 10 in the LNT

1 Kings 10 in the LSV

1 Kings 10 in the MAAL

1 Kings 10 in the MBV

1 Kings 10 in the MBV2

1 Kings 10 in the MHNT

1 Kings 10 in the MKNFD

1 Kings 10 in the MNG

1 Kings 10 in the MNT

1 Kings 10 in the MNT2

1 Kings 10 in the MRS1T

1 Kings 10 in the NAA

1 Kings 10 in the NASB

1 Kings 10 in the NBLA

1 Kings 10 in the NBS

1 Kings 10 in the NBVTP

1 Kings 10 in the NET2

1 Kings 10 in the NIV11

1 Kings 10 in the NNT

1 Kings 10 in the NNT2

1 Kings 10 in the NNT3

1 Kings 10 in the PDDPT

1 Kings 10 in the PFNT

1 Kings 10 in the RMNT

1 Kings 10 in the SBIAS

1 Kings 10 in the SBIBS

1 Kings 10 in the SBIBS2

1 Kings 10 in the SBICS

1 Kings 10 in the SBIDS

1 Kings 10 in the SBIGS

1 Kings 10 in the SBIHS

1 Kings 10 in the SBIIS

1 Kings 10 in the SBIIS2

1 Kings 10 in the SBIIS3

1 Kings 10 in the SBIKS

1 Kings 10 in the SBIKS2

1 Kings 10 in the SBIMS

1 Kings 10 in the SBIOS

1 Kings 10 in the SBIPS

1 Kings 10 in the SBISS

1 Kings 10 in the SBITS

1 Kings 10 in the SBITS2

1 Kings 10 in the SBITS3

1 Kings 10 in the SBITS4

1 Kings 10 in the SBIUS

1 Kings 10 in the SBIVS

1 Kings 10 in the SBT

1 Kings 10 in the SBT1E

1 Kings 10 in the SCHL

1 Kings 10 in the SNT

1 Kings 10 in the SUSU

1 Kings 10 in the SUSU2

1 Kings 10 in the SYNO

1 Kings 10 in the TBIAOTANT

1 Kings 10 in the TBT1E

1 Kings 10 in the TBT1E2

1 Kings 10 in the TFTIP

1 Kings 10 in the TFTU

1 Kings 10 in the TGNTATF3T

1 Kings 10 in the THAI

1 Kings 10 in the TNFD

1 Kings 10 in the TNT

1 Kings 10 in the TNTIK

1 Kings 10 in the TNTIL

1 Kings 10 in the TNTIN

1 Kings 10 in the TNTIP

1 Kings 10 in the TNTIZ

1 Kings 10 in the TOMA

1 Kings 10 in the TTENT

1 Kings 10 in the UBG

1 Kings 10 in the UGV

1 Kings 10 in the UGV2

1 Kings 10 in the UGV3

1 Kings 10 in the VBL

1 Kings 10 in the VDCC

1 Kings 10 in the YALU

1 Kings 10 in the YAPE

1 Kings 10 in the YBVTP

1 Kings 10 in the ZBP