1 Kings 2 (BOATCB2)

1 Dawid rebewu no, ɔde adwuma hyɛɛ Salomo nsa sɛ: 2 “Merekɔ faako a ɛsɛ sɛ da bi ɔteasefo biara kɔ, enti yɛ den na kyerɛ wo mmaninyɛ, 3 na yɛ nea AWURADE, wo Nyankopɔn, hwehwɛ sɛ woyɛ. Nantew nʼakwan so, na di ne mmara ne nʼahyɛde so sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so wɔ biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkɔ nso. 4 Sɛ woyɛ eyi a na AWURADE bedi ne bɔ a ɔhyɛɛ me no so se, ‘Sɛ wʼasefo hwɛ wɔn asetena, na wofi wɔn koma ne wɔn kra nyinaa mu nantew nokware mu wɔ mʼanim a, wɔn mu baako bɛtena Israel ahengua no so.’ 5 “Wunim se Seruia babarima Yoab kum mʼakofo asahene baanu no a ɛyɛ Ner babarima Abner ne Yeter babarima Amasa no. Okunkum wɔn, hwiee wɔn mogya gui, asomdwoe bere mu a ɛnyɛ ɔko bere mu, na ɔde wɔn mogya kekaa nʼabɔso a ɛbɔ nʼasen mu ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan so. 6 Wo ne no nni, na mma no mfa ne ti dwen nkɔ ɔda mu asomdwoe mu. 7 “Na yɛ Barsilai a ofi Gilead no mmabarima adɔe, na ma wɔnka wɔn a wodidi wɔ wo didipon so no ho. Bere a miguan fii wo nuabarima Absalom ho no, wɔyɛɛ me adɔe. 8 “Kae Gera Benyaminni a ofi Bahurim no babarima Simei. Ɔdomee me denneennen, da a mereguan akɔ Mahanaim no. Na obehyiaa me wɔ Yordan no, mede AWURADE din kaa ntam sɛ, Merenkum no. 9 Nanso ntam no mma onni bem. Woyɛ onyansafo na wubehu ɔkwan a wobɛfa so aka ne mogya agu.” 10 Na Dawid wui, na wosiee no wɔ Dawid kurom. 11 Odii hene wɔ Israel mfe aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, odii Hebron so mfe ason na Yerusalem nso, odii ade mfe aduasa abiɛsa. 12 Enti Salomo tenaa nʼagya Dawid ahengua so, na nʼadedi ase timii yiye. 13 Na Hagit babarima Adoniya kɔɔ Salomo ne na Batseba nkyɛn. Batseba bisaa no se, “Wobaa no asomdwoe so ana?”Obuaa no se, “Ɛyɛ asomdwoe so.” 14 Na ɔka kaa ho se, “Mepɛ sɛ woyɛ me adɔe bi.”Na Batseba bisae se, “Adɔe bɛn.” 15 Adoniya kae se, “Sɛnea wunim no, na ahemman no yɛ me dea. Na Israel nyinaa hwɛ me kwan sɛ wɔn hene. Nanso nneɛma sesae, na ahemman no kɔɔ me nuabarima nkyɛn, efisɛ AWURADE pɛ no saa. 16 Mprempren, ade baako na mepɛ sɛ mesrɛ wo. Mfa nkame me.”Ɔkae se, “Wutumi ka.” 17 Na ɔtoaa so se, “Kɔsrɛ ɔhene Salomo ma me, na ɔremfa dekode no nkame wo. Ka na ɔmfa Abisag Sunamni no mma me sɛ me yere.” 18 Na Batseba buae se, “Eye mɛka ho asɛm akyerɛ ɔhene ama wo.” 19 Enti Batseba kɔɔ ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔrekɔkasa ama Adoniya. Ɔhene no sɔree sɛ ɔrebehyia no, bɔɔ ne mu ase ansa na ɔretena nʼahengua so. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa agua mmrɛ ɔhene na, na ɔtenaa ɔhene nifa so. 20 Ɔka kyerɛɛ ɔhene se, “Mewɔ ade ketewaa bi srɛ wo, na mfa nkame me.”Ɔhene no buaa no se, “Ka, me na. Meyɛ ama wo.” 21 Enti ɔkae se, “Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nuabarima Adoniya aware.” 22 Ɔhene Salomo bisaa ne na se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ Adoniya ware Sunamni Abisag? Ɛno de, sɛ wubebisa ahemman nso ama no. Wunim sɛ ɔyɛ me nua panyin na ɔsɔfo Abiatar ne Seruia babarima Yoab nso boa no!” 23 Na ɔhene Salomo de AWURADE din kaa ntam se, “Sɛ Adoniya amfa ne nkwa antwa saa abisade yi so a, Onyankopɔn ne me nni no dennen so pa ara. 24 Na mprempren de, mmere dodow a AWURADE te ase yi, ɔno a watim mʼase wɔ mʼagya Dawid ahengua so, na wabɔ me fie ahenni mu nnidiso atenase ama me, sɛnea ɔhyɛɛ me bɔ no, Adoniya de, twa ara na etwa sɛ owu nnɛ yi ara.” 25 Enti, Salomo hyɛɛ Yehoiada babarima Benaia sɛ onkum no, na okum Adoniya. 26 Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, “San kɔ wo kurom Anatot. Wofata sɛ wuwu, nanso merenkum wo mprempren, efisɛ, wosoaa AWURADE Tumfo Adaka no maa mʼagya, na wo ne no nyinaa na muhuu amane wɔ nʼabɛbrɛsɛ nyinaa mu.” 27 Enti Salomo nam so dii mmara a AWURADE hyɛɛ wɔ Silo fa Eli asefo ho no so. 28 Ɛwɔ mu, mfiase no na onni Absalom akyi, nanso Yoab de ne ho kɔdɔm Adoniya atuatew no. Bere a Yoab tee Adoniya wu no, otuu mmirika kɔɔ AWURADE ntamadan kronkron no mu, na okosusoo mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no mu. 29 Bere a ɔhene Salomo tee asɛm yi, ɔsomaa Yehoiada babarima Benaia sɛ onkokum no. 30 Na Benaia kɔɔ AWURADE ntamadan kronkron no mu kɔka kyerɛɛ Yoab se, “Ɔhene se fi adi.”Nanso Yoab buae se, “Dabi, mewu wɔ ha.”Enti Benaia san kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkaa asɛm a Yoab aka no kyerɛɛ no. 31 Ɔhene no tee asɛm a Yoab kae no, ɔka kyerɛɛ Benaia se, “Yɛ nea ɔkae no. Kum no wɔ afɔremuka no ho, na sie no. Eyi beyi adwenhare mogyahwiegu ho afɔdi afi me ne mʼagya fifo so. 32 Na AWURADE betua no kum a okum mmarima atreneefo ankasa baanu a na woye sen no no so ka. Na mʼagya nnim Ner babarima Abner a na ɔyɛ Israel asraafo so sahene ne Yeter babarima Amasa a na ɔno nso yɛ Yuda asraafo so sahene no wu ho hwee. 33 Yoab ne nʼasefo de, saa awudi ahorow yi ho afɔdi ntena wɔn so, na AWURADE mma Dawid ne nʼasefo ne nʼahengua asomdwoe afebɔɔ!” 34 Enti Yehoiada babarima Benaia san kɔɔ ntamadan kronkron no mu, kokum Yoab, na wosiee Yoab wɔ ne kurom wuram baabi. 35 Na ɔhene no yii Yehoiada babarima Benaia sɛ onsi Yoab anan sɛ ɔsahene. Na oyii ɔsɔfo Sadok de no sii Abiatar anan mu. 36 Ɔhene no soma ma wɔkɔfrɛɛ Simei ka kyerɛɛ no se, “Si ofi wɔ Yerusalem ha na tena mu. Na mfi kurow no mu nkɔ baabiara. 37 Na da a wubetwa Kidron bon no, wubewu; na wo mogya begu wʼankasa wo ti so.” 38 Na Simei buae se, “Wʼatemmu no yɛ kronkron. Biribiara a me wura ɔhene bɛhyɛ sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Enti Simei tenaa Yerusalem kyɛe yiye. 39 Na mfe abiɛsa akyi no, Simei asomfo baanu guan kɔɔ Gathene Akis, Maaka babarima nkyɛn. Bere a Simei huu faako a wɔwɔ no, 40 ɔhyehyɛɛ nʼafurum, kɔɔ Gat, kɔhwehwɛɛ wɔn. Ohuu wɔn no, ɔde wɔn san baa Yerusalem. 41 Salomo tee sɛ Simei afi Yerusalem akɔ Gat asan aba no, 42 ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Simei bae, na obisaa no se, “Mamma woanka ntam AWURADE din mu sɛ, worenkɔ baabiara, na sɛ anyɛ saa a, wubewu? Na wubuae se, ‘Atemmu no yɛ kronkron; na medi asɛm a woaka no so.’ 43 Adɛn nti na woanni wo ntam no so amma AWURADE, na woanyɛ mʼahyɛde?” 44 Na ɔhene no ka kaa ho se, “Akyinnye biara nni ho sɛ wokae amumɔyɛ a woyɛɛ mʼagya, ɔhene Dawid. AWURADE bɛtwe wʼaso wɔ ho. 45 Na me de, menya AWURADE nhyira, na daa Dawid aseni atena ahengua no so.” 46 Na ɔhene no hyɛɛ Yehoiada babarima Benaia ma ɔfaa Simei de no fii adi kokum no.Enti ahemman no tim wɔ Salomo nsam.

In Other Versions

1 Kings 2 in the ANGEFD

1 Kings 2 in the ANTPNG2D

1 Kings 2 in the AS21

1 Kings 2 in the BAGH

1 Kings 2 in the BBPNG

1 Kings 2 in the BBT1E

1 Kings 2 in the BDS

1 Kings 2 in the BEV

1 Kings 2 in the BHAD

1 Kings 2 in the BIB

1 Kings 2 in the BLPT

1 Kings 2 in the BNT

1 Kings 2 in the BNTABOOT

1 Kings 2 in the BNTLV

1 Kings 2 in the BOATCB

1 Kings 2 in the BOBCV

1 Kings 2 in the BOCNT

1 Kings 2 in the BOECS

1 Kings 2 in the BOGWICC

1 Kings 2 in the BOHCB

1 Kings 2 in the BOHCV

1 Kings 2 in the BOHLNT

1 Kings 2 in the BOHNTLTAL

1 Kings 2 in the BOICB

1 Kings 2 in the BOILNTAP

1 Kings 2 in the BOITCV

1 Kings 2 in the BOKCV

1 Kings 2 in the BOKCV2

1 Kings 2 in the BOKHWOG

1 Kings 2 in the BOKSSV

1 Kings 2 in the BOLCB

1 Kings 2 in the BOLCB2

1 Kings 2 in the BOMCV

1 Kings 2 in the BONAV

1 Kings 2 in the BONCB

1 Kings 2 in the BONLT

1 Kings 2 in the BONUT2

1 Kings 2 in the BOPLNT

1 Kings 2 in the BOSCB

1 Kings 2 in the BOSNC

1 Kings 2 in the BOTLNT

1 Kings 2 in the BOVCB

1 Kings 2 in the BOYCB

1 Kings 2 in the BPBB

1 Kings 2 in the BPH

1 Kings 2 in the BSB

1 Kings 2 in the CCB

1 Kings 2 in the CUV

1 Kings 2 in the CUVS

1 Kings 2 in the DBT

1 Kings 2 in the DGDNT

1 Kings 2 in the DHNT

1 Kings 2 in the DNT

1 Kings 2 in the ELBE

1 Kings 2 in the EMTV

1 Kings 2 in the ESV

1 Kings 2 in the FBV

1 Kings 2 in the FEB

1 Kings 2 in the GGMNT

1 Kings 2 in the GNT

1 Kings 2 in the HARY

1 Kings 2 in the HNT

1 Kings 2 in the IRVA

1 Kings 2 in the IRVB

1 Kings 2 in the IRVG

1 Kings 2 in the IRVH

1 Kings 2 in the IRVK

1 Kings 2 in the IRVM

1 Kings 2 in the IRVM2

1 Kings 2 in the IRVO

1 Kings 2 in the IRVP

1 Kings 2 in the IRVT

1 Kings 2 in the IRVT2

1 Kings 2 in the IRVU

1 Kings 2 in the ISVN

1 Kings 2 in the JSNT

1 Kings 2 in the KAPI

1 Kings 2 in the KBT1ETNIK

1 Kings 2 in the KBV

1 Kings 2 in the KJV

1 Kings 2 in the KNFD

1 Kings 2 in the LBA

1 Kings 2 in the LBLA

1 Kings 2 in the LNT

1 Kings 2 in the LSV

1 Kings 2 in the MAAL

1 Kings 2 in the MBV

1 Kings 2 in the MBV2

1 Kings 2 in the MHNT

1 Kings 2 in the MKNFD

1 Kings 2 in the MNG

1 Kings 2 in the MNT

1 Kings 2 in the MNT2

1 Kings 2 in the MRS1T

1 Kings 2 in the NAA

1 Kings 2 in the NASB

1 Kings 2 in the NBLA

1 Kings 2 in the NBS

1 Kings 2 in the NBVTP

1 Kings 2 in the NET2

1 Kings 2 in the NIV11

1 Kings 2 in the NNT

1 Kings 2 in the NNT2

1 Kings 2 in the NNT3

1 Kings 2 in the PDDPT

1 Kings 2 in the PFNT

1 Kings 2 in the RMNT

1 Kings 2 in the SBIAS

1 Kings 2 in the SBIBS

1 Kings 2 in the SBIBS2

1 Kings 2 in the SBICS

1 Kings 2 in the SBIDS

1 Kings 2 in the SBIGS

1 Kings 2 in the SBIHS

1 Kings 2 in the SBIIS

1 Kings 2 in the SBIIS2

1 Kings 2 in the SBIIS3

1 Kings 2 in the SBIKS

1 Kings 2 in the SBIKS2

1 Kings 2 in the SBIMS

1 Kings 2 in the SBIOS

1 Kings 2 in the SBIPS

1 Kings 2 in the SBISS

1 Kings 2 in the SBITS

1 Kings 2 in the SBITS2

1 Kings 2 in the SBITS3

1 Kings 2 in the SBITS4

1 Kings 2 in the SBIUS

1 Kings 2 in the SBIVS

1 Kings 2 in the SBT

1 Kings 2 in the SBT1E

1 Kings 2 in the SCHL

1 Kings 2 in the SNT

1 Kings 2 in the SUSU

1 Kings 2 in the SUSU2

1 Kings 2 in the SYNO

1 Kings 2 in the TBIAOTANT

1 Kings 2 in the TBT1E

1 Kings 2 in the TBT1E2

1 Kings 2 in the TFTIP

1 Kings 2 in the TFTU

1 Kings 2 in the TGNTATF3T

1 Kings 2 in the THAI

1 Kings 2 in the TNFD

1 Kings 2 in the TNT

1 Kings 2 in the TNTIK

1 Kings 2 in the TNTIL

1 Kings 2 in the TNTIN

1 Kings 2 in the TNTIP

1 Kings 2 in the TNTIZ

1 Kings 2 in the TOMA

1 Kings 2 in the TTENT

1 Kings 2 in the UBG

1 Kings 2 in the UGV

1 Kings 2 in the UGV2

1 Kings 2 in the UGV3

1 Kings 2 in the VBL

1 Kings 2 in the VDCC

1 Kings 2 in the YALU

1 Kings 2 in the YAPE

1 Kings 2 in the YBVTP

1 Kings 2 in the ZBP