1 Samuel 4 (BOATCB2)

1 Saa bere no, na Israelfo ne Filistifo reko. Israelfo nsraadɔm kyeree nsraban wɔ Ebeneser, na Filistifo nso kyeree nsraban wɔ Afek. 2 Filistifo no tow hyɛɛ Israelfo nsraadɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wokum nnipa mpem anan. 3 Ɔko no baa awiei, na Israel nsraadɔm no san kɔɔ wɔn nsraban mu hɔ no, Israel mpanyimfo no bisae se, “Adɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkogu nnɛ yi wɔ Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE Apam Adaka no mfi Silo. Sɛ yɛde kɔ ɔsa a, ebegye yɛn afi yɛn atamfo nsam.” 4 Enti nnipa no somaa mmarima kɔɔ Silo, na wɔde Asafo AWURADE a ɔte kerubim ntam Apam Adaka no bae. Saa bere no na Eli mmabarima baanu Hofni ne Pinehas ka wɔn a wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ akono hɔ no ho. 5 Bere a Israelfo no huu sɛ wɔde AWURADE Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosowee. 6 Filistifo no bisae se, “Dɛn na ɛrekɔ so yi? Dɛn osebɔ na ɛwɔ Hebrifo nsraban mu hɔ yi?”Wɔtee sɛ AWURADE Apam Adaka no na abedu nsraban mu hɔ no, 7 wosuroe. Na wɔkae se, “Anyame no aba wɔn nsraban mu hɔ. Ɛno de, asɛm ato yɛn! Yenhyiaa asɛm a ɛte sɛɛ bi da. 8 Hena na obegye yɛn afi saa Israel anyame atumfo yi nsam? Wɔne anyame a wɔde owu ɔyare ahorow nyinaa bi sɛee Misraimfo, bere a Israelfo wɔ sare so hɔ no. 9 Monyere mo ho, Filistifo! Munnyina sɛ mmarima; anyɛ saa a, Hebrifo no bɛfa mo nkoa sɛnea wɔyɛɛ yɛn nkoa no.” 10 Enti Filistifo no koe anibere so, dii Israelfo no so bio. Wɔn a wokunkum wɔn no dɔɔso. Israelfo mpem aduasa na wokunkum wɔn da no. Wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no guan kɔɔ wɔn ntamadan mu. 11 Wɔfaa Onyankopɔn Apam Adaka no, na wokunkum Eli mmabarima baanu no, Hofni ne Pinehas. 12 Da no ara, ɔbarima bi fi Benyamin abusua mu guan fii akono hɔ beduu Silo. Na watetew ne ntade mu, de mfutuma ahura ne ti mu, de kyerɛ nʼawerɛhow. 13 Na Eli retwɛn wɔ kwankyɛn baabi, pɛ sɛ ɔte ɔko no mu nsɛm, efisɛ na ne bo ntɔ ne yam koraa wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no ho. Ɔbɔfo no ba bɛkaa asɛm a asi no, wɔtee nteɛteɛmu bi wɔ kurow no mu nyinaa. 14 Eli bisae se, “Saa nteɛteɛmu yi ase ne dɛn?”Ɔbɔfo no yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli, 15 a na wadi mfe aduɔkron awotwe na nʼani afura no nkyɛn. 16 Ɔka kyerɛɛ Eli se, “Mprempren ara na mifi akono hɔ bae. Nnɛ yi ara, na mewɔ hɔ.”Eli bisae se, “Na ekosii dɛn?” 17 Ɔbɔfo no buae se, “Israelfo adi nkogu. Israel nsraadɔm no mpem mpem atotɔ wɔ akono hɔ. Afei, wo mmabarima baanu a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no nso awuwu, na Onyankopɔn Apam Adaka no nso, wɔafa.” 18 Ɔbɔfo no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara pɛ, Eli fi akongua a ɔte so mu wɔ abɔntenpon ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu bui, efisɛ na wabɔ akwakoraa a ne mu nso yɛ duru. Na wadi Israel anim mfirihyia aduanan. 19 Saa bere no na nʼasebea a ɔyɛ Pinehas yere anyinsɛn a ɔreyɛ awo. Ɔtee sɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwu no, awo kaa no amono mu hɔ ara. 20 Owuu wɔ awoko mu, nanso ansa na ɔrebewu no, mmea a wɔregye no awo no kae se, “Mpa abaw; woawo abarimaa.” Nanso wammua wɔn na wankasa wɔn ho nso. 21 Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no din Ikabod, “Anuonyam no wɔ he, Israel anuonyam no asa,” efisɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu. 22 Ɔkae se, “Anuonyam afi Israel mu, efisɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no.”

In Other Versions

1 Samuel 4 in the ANGEFD

1 Samuel 4 in the ANTPNG2D

1 Samuel 4 in the AS21

1 Samuel 4 in the BAGH

1 Samuel 4 in the BBPNG

1 Samuel 4 in the BBT1E

1 Samuel 4 in the BDS

1 Samuel 4 in the BEV

1 Samuel 4 in the BHAD

1 Samuel 4 in the BIB

1 Samuel 4 in the BLPT

1 Samuel 4 in the BNT

1 Samuel 4 in the BNTABOOT

1 Samuel 4 in the BNTLV

1 Samuel 4 in the BOATCB

1 Samuel 4 in the BOBCV

1 Samuel 4 in the BOCNT

1 Samuel 4 in the BOECS

1 Samuel 4 in the BOGWICC

1 Samuel 4 in the BOHCB

1 Samuel 4 in the BOHCV

1 Samuel 4 in the BOHLNT

1 Samuel 4 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 4 in the BOICB

1 Samuel 4 in the BOILNTAP

1 Samuel 4 in the BOITCV

1 Samuel 4 in the BOKCV

1 Samuel 4 in the BOKCV2

1 Samuel 4 in the BOKHWOG

1 Samuel 4 in the BOKSSV

1 Samuel 4 in the BOLCB

1 Samuel 4 in the BOLCB2

1 Samuel 4 in the BOMCV

1 Samuel 4 in the BONAV

1 Samuel 4 in the BONCB

1 Samuel 4 in the BONLT

1 Samuel 4 in the BONUT2

1 Samuel 4 in the BOPLNT

1 Samuel 4 in the BOSCB

1 Samuel 4 in the BOSNC

1 Samuel 4 in the BOTLNT

1 Samuel 4 in the BOVCB

1 Samuel 4 in the BOYCB

1 Samuel 4 in the BPBB

1 Samuel 4 in the BPH

1 Samuel 4 in the BSB

1 Samuel 4 in the CCB

1 Samuel 4 in the CUV

1 Samuel 4 in the CUVS

1 Samuel 4 in the DBT

1 Samuel 4 in the DGDNT

1 Samuel 4 in the DHNT

1 Samuel 4 in the DNT

1 Samuel 4 in the ELBE

1 Samuel 4 in the EMTV

1 Samuel 4 in the ESV

1 Samuel 4 in the FBV

1 Samuel 4 in the FEB

1 Samuel 4 in the GGMNT

1 Samuel 4 in the GNT

1 Samuel 4 in the HARY

1 Samuel 4 in the HNT

1 Samuel 4 in the IRVA

1 Samuel 4 in the IRVB

1 Samuel 4 in the IRVG

1 Samuel 4 in the IRVH

1 Samuel 4 in the IRVK

1 Samuel 4 in the IRVM

1 Samuel 4 in the IRVM2

1 Samuel 4 in the IRVO

1 Samuel 4 in the IRVP

1 Samuel 4 in the IRVT

1 Samuel 4 in the IRVT2

1 Samuel 4 in the IRVU

1 Samuel 4 in the ISVN

1 Samuel 4 in the JSNT

1 Samuel 4 in the KAPI

1 Samuel 4 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 4 in the KBV

1 Samuel 4 in the KJV

1 Samuel 4 in the KNFD

1 Samuel 4 in the LBA

1 Samuel 4 in the LBLA

1 Samuel 4 in the LNT

1 Samuel 4 in the LSV

1 Samuel 4 in the MAAL

1 Samuel 4 in the MBV

1 Samuel 4 in the MBV2

1 Samuel 4 in the MHNT

1 Samuel 4 in the MKNFD

1 Samuel 4 in the MNG

1 Samuel 4 in the MNT

1 Samuel 4 in the MNT2

1 Samuel 4 in the MRS1T

1 Samuel 4 in the NAA

1 Samuel 4 in the NASB

1 Samuel 4 in the NBLA

1 Samuel 4 in the NBS

1 Samuel 4 in the NBVTP

1 Samuel 4 in the NET2

1 Samuel 4 in the NIV11

1 Samuel 4 in the NNT

1 Samuel 4 in the NNT2

1 Samuel 4 in the NNT3

1 Samuel 4 in the PDDPT

1 Samuel 4 in the PFNT

1 Samuel 4 in the RMNT

1 Samuel 4 in the SBIAS

1 Samuel 4 in the SBIBS

1 Samuel 4 in the SBIBS2

1 Samuel 4 in the SBICS

1 Samuel 4 in the SBIDS

1 Samuel 4 in the SBIGS

1 Samuel 4 in the SBIHS

1 Samuel 4 in the SBIIS

1 Samuel 4 in the SBIIS2

1 Samuel 4 in the SBIIS3

1 Samuel 4 in the SBIKS

1 Samuel 4 in the SBIKS2

1 Samuel 4 in the SBIMS

1 Samuel 4 in the SBIOS

1 Samuel 4 in the SBIPS

1 Samuel 4 in the SBISS

1 Samuel 4 in the SBITS

1 Samuel 4 in the SBITS2

1 Samuel 4 in the SBITS3

1 Samuel 4 in the SBITS4

1 Samuel 4 in the SBIUS

1 Samuel 4 in the SBIVS

1 Samuel 4 in the SBT

1 Samuel 4 in the SBT1E

1 Samuel 4 in the SCHL

1 Samuel 4 in the SNT

1 Samuel 4 in the SUSU

1 Samuel 4 in the SUSU2

1 Samuel 4 in the SYNO

1 Samuel 4 in the TBIAOTANT

1 Samuel 4 in the TBT1E

1 Samuel 4 in the TBT1E2

1 Samuel 4 in the TFTIP

1 Samuel 4 in the TFTU

1 Samuel 4 in the TGNTATF3T

1 Samuel 4 in the THAI

1 Samuel 4 in the TNFD

1 Samuel 4 in the TNT

1 Samuel 4 in the TNTIK

1 Samuel 4 in the TNTIL

1 Samuel 4 in the TNTIN

1 Samuel 4 in the TNTIP

1 Samuel 4 in the TNTIZ

1 Samuel 4 in the TOMA

1 Samuel 4 in the TTENT

1 Samuel 4 in the UBG

1 Samuel 4 in the UGV

1 Samuel 4 in the UGV2

1 Samuel 4 in the UGV3

1 Samuel 4 in the VBL

1 Samuel 4 in the VDCC

1 Samuel 4 in the YALU

1 Samuel 4 in the YAPE

1 Samuel 4 in the YBVTP

1 Samuel 4 in the ZBP