1 Samuel 9 (BOATCB2)

1 Ɔbarima ɔdefo bi a odi mu tenaa ase a na ne din de Kis na ofi Benyamin abusua mu. Na ɔyɛ Abiel babarima, na ne nena ne Seror a ofi Bekorat fi ne Afia abusua mu. 2 Na ne babarima Saulo ho yɛ fɛ yiye sen obiara wɔ Israel. Na ɔware sen obiara fi ne mmati kosi ne ti so wɔ asase no so. 3 Da bi Kis mfurum yerae, na ɔka kyerɛɛ Saulo se, “Fa asomfo no mu baako, na wo ne no nkɔhwehwɛ mfurum no.” 4 Enti Saulo faa asomfo no mu baako. Wɔkɔfaa Efraim bepɔw asase, Salisa asase, Saalim fam ne Benyamin asase nyinaa so, nanso wɔanhu mfurum no baabiara. 5 Na woduu Suf mansin mu no, Saulo ka kyerɛɛ ɔsomfo a ɔka ne ho no se, “Bra, ma yɛnsan nkɔ faako a yefi bae, na ebia, mʼagya agyae mfurum no ho dwene, ɔredwen yɛn ho mmom.” 6 Nanso ɔsomfo no buae se, “Manya adwene bi, Onyame nipa bi te kurow yi mu a wobu no yiye. Na asɛm biara a ɔbɛka nso ba mu. Ma yɛnkɔ ne hɔ mprempren ara, ebia obetumi akyerɛ yɛn faako a ɛsɛ sɛ yɛfa.” 7 Saulo buaa no se, “Yenni hwee a yebetumi de akyɛ saa ɔbarima no, yɛn nnuan mpo asa, yenni biribiara a yɛde bɛma no.” 8 Ɔsomfo no buaa no bio se, “Hwɛ! Mewɔ dwetɛ gram abiɛsa. Yebetumi de ama no, na yɛahwɛ nea ebesi.” 9 (Saa bere no, sɛ nnipa rekobisa Onyankopɔn hɔ ade a, wɔka se, “Momma yenkobisa adehuni” efisɛ saa bere no na wɔfrɛ adiyifo adehuni.) 10 Saulo penee so ka kyerɛɛ ne somfo no se, “Eye, ma yɛnsɔ nhwɛ!” Enti wosii mu kɔɔ kurow a Onyame nipa wɔ mu no so. 11 Wɔreforo bepɔw bi akɔ kurow no mu no, wohyiaa mmabaa bi a wɔrekɔsaw nsu, na Saulo ne ne somfo no bisaa wɔn se, “Adehuni no wɔ ha nnɛ?” 12 Wobuae se, “Ɔwɔ mo anim. Monka mo ho, nnɛ ara a waba yɛn kurow yi mu efisɛ ɔmanfo rebɛbɔ afɔre wɔ bepɔw no so hɔ. 13 Monka mo ho nkɔto no, ansa na waforo akɔ bepɔw no so akodidi. Nnipa no mfi ase nnidi kosi sɛ obehyira aduan no so.” 14 Enti wɔkɔɔ kurow no mu. Na wɔrewura apon no mu no, na Samuel ani kyerɛ wɔn so a ɔrekɔforo bepɔw no. 15 Na AWURADE aka akyerɛ Samuel da a atwa mu no se, 16 “Ɔkyena sesɛɛ, mɛsoma obi afi Benyamin asase so. Sra no ngo, na ɔmmɛyɛ me nkurɔfo Israelfo kannifo. Obegye wɔn afi Filistifo nsam. Mede ahummɔbɔ ahwɛ me nkurɔfo, na mate wɔn sufrɛ.” 17 Bere a Samuel huu Saulo ara pɛ, AWURADE kae se, “Oyi ne ɔbarima a mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ wo no. Ɔno na obedi me nkurɔfo so no.” 18 Saulo kɔɔ Samuel nkyɛn wɔ abɔntenpon no ano kobisaa no se, “Wubetumi akyerɛ me baabi a ɔdehufo no fi wɔ ana?” 19 Samuel buae se, “Mene ɔdehufo no. Di mʼanim kan wɔ bepɔw no so, kɔ faako a wɔbɔ afɔre hɔ, na yɛn nyinaa bedidi wɔ hɔ. Anɔpa, mɛkyerɛ wo nea wopɛ sɛ wuhu, na magya wo kwan. 20 Na mfurum a wɔyeraa nnɛnnansa no, mma wɔn ho asɛm nhaw wo koraa, efisɛ wɔahu wɔn. Na mepɛ sɛ meka kyerɛ wo se, Israel anidaso nyinaa yɛ wo ne wo fifo.” 21 Saulo buae se, “So mimfi Benyamin a ɛyɛ abusua ketewa koraa wɔ mmusuakuw no mu. Na me fi nso nyɛ ketewa koraa wɔ Benyamin afi no nyinaa mu. Na adɛn nti na woka eyi kyerɛ me?” 22 Enti Samuel de Saulo ne ne somfo no baa asa so hɔ. Ɔma wɔtenaa wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no pon ti, de hyɛɛ wɔn anuonyam wɔ nnipa dodow bɛyɛ sɛ aduasa no anim. 23 Samuel ka kyerɛɛ osoodoni no se, “Fa nam sin a mede maa wo no bra, nea wɔde asie ama nea wɔrehyɛ no anuonyam no.” 24 Enti osoodoni no de ba bɛtoo Saulo anim. Samuel kae se, “Di nea wɔde asi wʼanim no. Mede sie maa wo ansa na mereto nsa afrɛ afoforo yi.” Enti Saulo ne Samuel didii. 25 Aponto no akyi a wɔsan baa kurow no mu no, Samuel de Saulo kɔɔ atifi dan mu kosiesie nnabea maa no. 26 Ade kyee anɔpa no, Samuel kɔɔ Saulo nkyɛn kɔfrɛɛ no se, “Sɔre! Anka ɛsɛ sɛ saa bere yi wonam kwan so.” Enti Saulo siesiee ne ho na ɔne Samuel nyinaa bɔɔ mu fii fie hɔ. 27 Woduu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ ɔnsoma ne somfo no nni wɔn kan. Ɔsomfo no kɔe no, Samuel kae se, “Tena ha, efisɛ Onyankopɔn de nkra sononko bi ama me a, ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo.”

In Other Versions

1 Samuel 9 in the ANGEFD

1 Samuel 9 in the ANTPNG2D

1 Samuel 9 in the AS21

1 Samuel 9 in the BAGH

1 Samuel 9 in the BBPNG

1 Samuel 9 in the BBT1E

1 Samuel 9 in the BDS

1 Samuel 9 in the BEV

1 Samuel 9 in the BHAD

1 Samuel 9 in the BIB

1 Samuel 9 in the BLPT

1 Samuel 9 in the BNT

1 Samuel 9 in the BNTABOOT

1 Samuel 9 in the BNTLV

1 Samuel 9 in the BOATCB

1 Samuel 9 in the BOBCV

1 Samuel 9 in the BOCNT

1 Samuel 9 in the BOECS

1 Samuel 9 in the BOGWICC

1 Samuel 9 in the BOHCB

1 Samuel 9 in the BOHCV

1 Samuel 9 in the BOHLNT

1 Samuel 9 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 9 in the BOICB

1 Samuel 9 in the BOILNTAP

1 Samuel 9 in the BOITCV

1 Samuel 9 in the BOKCV

1 Samuel 9 in the BOKCV2

1 Samuel 9 in the BOKHWOG

1 Samuel 9 in the BOKSSV

1 Samuel 9 in the BOLCB

1 Samuel 9 in the BOLCB2

1 Samuel 9 in the BOMCV

1 Samuel 9 in the BONAV

1 Samuel 9 in the BONCB

1 Samuel 9 in the BONLT

1 Samuel 9 in the BONUT2

1 Samuel 9 in the BOPLNT

1 Samuel 9 in the BOSCB

1 Samuel 9 in the BOSNC

1 Samuel 9 in the BOTLNT

1 Samuel 9 in the BOVCB

1 Samuel 9 in the BOYCB

1 Samuel 9 in the BPBB

1 Samuel 9 in the BPH

1 Samuel 9 in the BSB

1 Samuel 9 in the CCB

1 Samuel 9 in the CUV

1 Samuel 9 in the CUVS

1 Samuel 9 in the DBT

1 Samuel 9 in the DGDNT

1 Samuel 9 in the DHNT

1 Samuel 9 in the DNT

1 Samuel 9 in the ELBE

1 Samuel 9 in the EMTV

1 Samuel 9 in the ESV

1 Samuel 9 in the FBV

1 Samuel 9 in the FEB

1 Samuel 9 in the GGMNT

1 Samuel 9 in the GNT

1 Samuel 9 in the HARY

1 Samuel 9 in the HNT

1 Samuel 9 in the IRVA

1 Samuel 9 in the IRVB

1 Samuel 9 in the IRVG

1 Samuel 9 in the IRVH

1 Samuel 9 in the IRVK

1 Samuel 9 in the IRVM

1 Samuel 9 in the IRVM2

1 Samuel 9 in the IRVO

1 Samuel 9 in the IRVP

1 Samuel 9 in the IRVT

1 Samuel 9 in the IRVT2

1 Samuel 9 in the IRVU

1 Samuel 9 in the ISVN

1 Samuel 9 in the JSNT

1 Samuel 9 in the KAPI

1 Samuel 9 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 9 in the KBV

1 Samuel 9 in the KJV

1 Samuel 9 in the KNFD

1 Samuel 9 in the LBA

1 Samuel 9 in the LBLA

1 Samuel 9 in the LNT

1 Samuel 9 in the LSV

1 Samuel 9 in the MAAL

1 Samuel 9 in the MBV

1 Samuel 9 in the MBV2

1 Samuel 9 in the MHNT

1 Samuel 9 in the MKNFD

1 Samuel 9 in the MNG

1 Samuel 9 in the MNT

1 Samuel 9 in the MNT2

1 Samuel 9 in the MRS1T

1 Samuel 9 in the NAA

1 Samuel 9 in the NASB

1 Samuel 9 in the NBLA

1 Samuel 9 in the NBS

1 Samuel 9 in the NBVTP

1 Samuel 9 in the NET2

1 Samuel 9 in the NIV11

1 Samuel 9 in the NNT

1 Samuel 9 in the NNT2

1 Samuel 9 in the NNT3

1 Samuel 9 in the PDDPT

1 Samuel 9 in the PFNT

1 Samuel 9 in the RMNT

1 Samuel 9 in the SBIAS

1 Samuel 9 in the SBIBS

1 Samuel 9 in the SBIBS2

1 Samuel 9 in the SBICS

1 Samuel 9 in the SBIDS

1 Samuel 9 in the SBIGS

1 Samuel 9 in the SBIHS

1 Samuel 9 in the SBIIS

1 Samuel 9 in the SBIIS2

1 Samuel 9 in the SBIIS3

1 Samuel 9 in the SBIKS

1 Samuel 9 in the SBIKS2

1 Samuel 9 in the SBIMS

1 Samuel 9 in the SBIOS

1 Samuel 9 in the SBIPS

1 Samuel 9 in the SBISS

1 Samuel 9 in the SBITS

1 Samuel 9 in the SBITS2

1 Samuel 9 in the SBITS3

1 Samuel 9 in the SBITS4

1 Samuel 9 in the SBIUS

1 Samuel 9 in the SBIVS

1 Samuel 9 in the SBT

1 Samuel 9 in the SBT1E

1 Samuel 9 in the SCHL

1 Samuel 9 in the SNT

1 Samuel 9 in the SUSU

1 Samuel 9 in the SUSU2

1 Samuel 9 in the SYNO

1 Samuel 9 in the TBIAOTANT

1 Samuel 9 in the TBT1E

1 Samuel 9 in the TBT1E2

1 Samuel 9 in the TFTIP

1 Samuel 9 in the TFTU

1 Samuel 9 in the TGNTATF3T

1 Samuel 9 in the THAI

1 Samuel 9 in the TNFD

1 Samuel 9 in the TNT

1 Samuel 9 in the TNTIK

1 Samuel 9 in the TNTIL

1 Samuel 9 in the TNTIN

1 Samuel 9 in the TNTIP

1 Samuel 9 in the TNTIZ

1 Samuel 9 in the TOMA

1 Samuel 9 in the TTENT

1 Samuel 9 in the UBG

1 Samuel 9 in the UGV

1 Samuel 9 in the UGV2

1 Samuel 9 in the UGV3

1 Samuel 9 in the VBL

1 Samuel 9 in the VDCC

1 Samuel 9 in the YALU

1 Samuel 9 in the YAPE

1 Samuel 9 in the YBVTP

1 Samuel 9 in the ZBP