Daniel 11 (BOATCB2)

1 Na Mediani Dario ahenni afe a edi kan no, misii gyinae sɛ megyina nʼakyi na mabɔ ne ho ban.) 2 “Na afei, mɛka mu nokware akyerɛ wo: ahemfo baasa bɛsɔre wɔ Persia, wɔn akyi no, nea ɔto so anan a obenya ne ho akyɛn nkae no bɛsɔre. Ɔde nʼahonya mu ahoɔden behwanyan obiara atia Hela ahenni. 3 Afei ɔhene kɛse bi bɛsɔre wɔ tumi mu a ɔbɛyɛ nea ɔpɛ. 4 Ne ba no akyi, wɔbɛkyekyɛ nʼaheman no mu anan. Ɛrenkɔ nʼasefo nkyɛn, na ɔrennya tumi a na ɔwɔ no, efisɛ wobetutu nʼaheman no ase de ama afoforo. 5 “Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no bɛyɛ den, nanso nʼasafohene no mu baako bɛyɛ den asen no na ɔde tumi a ɛyɛ den bedi ahemman no so. 6 Mfe bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnko. Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no babea bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabea no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmere no mu no, wobeyi ɔhene babea, adehye a wɔka ne ho, nʼagya ne nea ogyinaa nʼakyi nyinaa no ama. 7 “Obi a ofi anafo fam babea abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dɔm bɛba abɛhyɛn ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim. 8 Ɔbɛfa wɔn anyame, ahoni a wɔde dade ayɛ ne wɔn ademude a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfe bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afi ɔhene a ɔwɔ atifi fam no ho. 9 Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛtow ahyɛ ɔhene a ɔwɔ anafo fam no so, nanso ɔbɛsan nʼakyi akɔ nʼankasa asase so. 10 Ne mmabarima besiesie wɔn ho ama ɔko na wɔde asraafo dɔm kɛse bɛkɔ te sɛ asu a ayiri, akɔko ara akodu atamfo no aban no ho. 11 “Afei ɔhene a ɔwɔ anafo fam no de abufuw kɛse bɛsɔre na wako atia ɔhene a ɔwɔ atifi fam a ɔno nso wɔ asraafo dɔm kɛse, na obedi wɔn so nkonim. 12 Sɛ wɔde asraafo no kɔ a, ahantan bɛhyɛ anafo fam hene no ma, na obekunkum mpempem, nanso ne nkonimdi no renkyɛ. 13 Ɔhene a ɔwɔ atifi fam nso bɛboa asraafo afoforo a wɔdɔɔso sen kan de no, na mfirihyia bebree akyi no, ɔde asraafo dɔm kɛse a wɔwɔ akode betu ɔsa. 14 “Saa mmere no mu, bebree bɛsɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafo fam. Wɔn a wodi akakabensɛm wɔ wʼankasa wo nkurɔfo mu no bɛtew atua sɛnea ɛte wɔ anisoadehu no mu no, nanso wɔrenni nkonim. 15 Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛba abesisi mpie na ɔbɛko agye kuropɔn a wɔagye ho ban no. Asraafo a wɔwɔ anafo fam no rennya ahoɔden nko, na wɔn a wɔyɛ den wɔ wɔn mu no mpo rentumi nnyina ɔko no ano. 16 Ɔfowni no bɛyɛ nea ɔpɛ na obiara rentumi nnyina nʼanim. Obegye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na obenya tumi a ɔde bɛsɛe no. 17 Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahenni no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafo fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babea bɛma no aware, na ɔnam so agu nʼahenni no, nanso nʼatirimpɔw yi renyɛ yiye na ɛremmoa no. 18 Afei ɔde nʼani bɛkyerɛ mpoano aman so, na wadi mu bebree so nkonim, nanso, ɔsahene bi de ɔhene yi ahomaso bɛba awiei na wadan abɔ no. 19 Eyi akyi no, ɔde nʼani bɛkyerɛ aban a ɛwɔ nʼasase so no, nanso obehintiw ahwe ase, na wɔrenhu no bio. 20 “Nea obedi nʼade no bɛsoma towgyeni, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nea ɛbɛma nʼahenni no anuonyam atena hɔ. Mfirihyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛremfi abufuw anaa ɔko mu. 21 “Obi a wommu no na ɔnyɛ ɔdehye na obedi nʼade. Ɔbɛtow ahyɛ ahenni no so bere a so nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye. 22 Afei ɔbɛtɔre asraafo dɔm a wontumi nkan wɔn dodow no ase. Wɔbɛsɛe asraafo no ne ɔhenebabarima a ɔhyɛ bɔhyɛ no ase no. 23 Wɔne no yɛ apam wie a, ɔnam nnaadaa kwan so benya nnipa kakraa bi na wapere tumi. 24 Sɛ amantam a wɔyɛ adefo no te nka sɛ wɔn asom adwo wɔn a, ɔbɛtow ahyɛ wɔn so, na nea nʼagyanom ne ne nenanom antumi anyɛ no, ɔbɛyɛ. Ɔbɛkyekyɛ asade ne ahonyade ama nʼakyidifo. Ɔbɛbɔ pɔw atu aban agu, nanso ɛbɛyɛ nna tiaa bi mu. 25 “Obenya asraafo dɔm kɛse na wanya ahoɔden ne akokoduru asɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafo fam. Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no de asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den betu ɔsa, nanso ɔrentumi nnyina, esiane pɔw ahorow a wɔabɔ de atia no nti. 26 Wɔn a ɔhene bɔ wɔn akɔnhama no bɛbɔ mmɔden sɛ wobehuan nʼase antweri; wobetwiw afa ɔhene no asraafo no so, na bebree nso bɛtotɔ wɔ ɔko mu. 27 Ahemfo baanu a bɔne adi wɔn ti mu dɛm bɛtena ɔpon baako ho, adi atoro akyerɛ wɔn ho wɔn ho, nanso ɛrenkosi hwee, efisɛ awiei no bɛba ne bere a wɔahyɛ no. 28 Ɔhene a ɔwɔ atifi fam no de ahonyade bebree bɛsan akɔ ne man mu, nanso ne koma rempɛ apam kronkron no. Ɔbɛyɛ biribi atia apam kronkron no na wasan akɔ ne man mu. 29 “Bere a wɔahyɛ no du a, ɔbɛtow ahyɛ anafo aman no so bio, nanso saa bere yi de, ɛrenyɛ yiye mma no sɛ kan no. 30 Ahyɛn a wofi aman a ɛwɔ mpoano wɔ atɔe fam no bɛko atia no, na nʼabasa mu bebu. Enti ɔbɛsan nʼakyi na ɔde nʼabufuw akowie apam kronkron no so, na ɔne wɔn a wɔpo apam kronkron no bɛyɛ baako. 31 “Na nʼasraafo bɛsɔre. Wobegu asɔredan no aban ho fi, na wɔagu daa daa afɔrebɔ no. Wɔde abusude a ɛde ɔsɛe ba besi anan mu. 32 Ɔde nnaadaa bɛkɔ so asɛe wɔn a wobu apam no so, nanso wɔn a wonim wɔn Nyankopɔn no bɛsɔre atia no denneennen. 33 “Anyansafo bɛkyerɛkyerɛ bebree, nanso bere bi mu no, wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano, wɔbɛhyew wɔn, wɔbɛfa wɔn nnommum anaa wɔbɛfom wɔn nneɛma. 34 Sɛ wɔhwe ase a, wobenya mmoa kakra, na bebree a wonni nokware bɛkɔ akɔdɔm wɔn. 35 Anyansafo no mu bi behintihintiw. Ɛnam so bɛma wɔasiesie wɔn, ahohoro wɔn ho fi na wɔayɛ wɔn a wɔn ho nni nkekae akosi awiei bere no, efisɛ ɛbɛba bere a wɔahyɛ no. 36 “Ɔhene no bɛyɛ nea ɔpɛ, ɔbɛma ne ho so, ayɛ ne ho ɔkɛse asen onyame biara, na waka nea obi ntee da afa anyame mu Nyame no ho. Obenya nkɔso akosi sɛ abufuw bere no bɛba awiei, efisɛ ɛsɛ sɛ nea wɔahyɛ ato hɔ no ba mu. 37 Obebu nʼagyanom anyame animtiaa. Ɔremfa mmea no nyame a wɔdɔ no anaa onyame foforo biara nyɛ hwee, na mmom ɔbɛma ne ho so aboro wɔn nyinaa so. 38 Ɔde aban no nyame, nyame a nʼagyanom nnim besi wɔn anan mu; ɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔdemmo ne akyɛde a ɛsom bo bedi no ni. 39 Ɔde mmoa a onya fi ananafo nyame hɔ no bɛtow ahyɛ aban a ɛyɛ den pa ara so, na wɔn a wogye no to mu no, ɔbɛhyɛ wɔn anuonyam. Obedi nnipa bebree so, na ɔbɛkyekyɛ asase no mu de ayɛ akatua. 40 “Awiei no du a, ɔhene a ɔwɔ anafo fam no ne no bɛko, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nso de nteaseɛnam, apɔnkɔsotefo ne po so asraafo bebree behyia no. Ɔbɛtow ahyɛ aman bebree so na watwiw afa wɔn so te sɛ nsuyiri. 41 Ɔbɛtow ahyɛ Asase Fɛfɛ no so. Aman bebree bɛtotɔ ase, nanso wobegye Edom, Moab ne Amon mu fa kɛse afi ne nsam. 42 Ɔde ne tumi bɛkɔ aman bebree so; na Misraim remfi mu tɔtrɔtɔɔ. 43 Ɔde ne nsa bɛto ademude a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne Misraim ahonyade nyinaa so, na Libiafo ne Etiopiafo ayɛ nʼasomfo. 44 Nanso amanneɛ a ɔbɛte afi apuei ne atifi fam bɛbɔ no hu, na ɔde abufuwhyew befi akɔ akɔsɛe bebree atɔre wɔn ase. 45 Ɔbɛhoro nʼadehye ntamadan wɔ po no ne bepɔw kronkron fɛɛfɛ no ntam. Na nʼawiei bɛba a ɔrennya mmoa biara.

In Other Versions

Daniel 11 in the ANGEFD

Daniel 11 in the ANTPNG2D

Daniel 11 in the AS21

Daniel 11 in the BAGH

Daniel 11 in the BBPNG

Daniel 11 in the BBT1E

Daniel 11 in the BDS

Daniel 11 in the BEV

Daniel 11 in the BHAD

Daniel 11 in the BIB

Daniel 11 in the BLPT

Daniel 11 in the BNT

Daniel 11 in the BNTABOOT

Daniel 11 in the BNTLV

Daniel 11 in the BOATCB

Daniel 11 in the BOBCV

Daniel 11 in the BOCNT

Daniel 11 in the BOECS

Daniel 11 in the BOGWICC

Daniel 11 in the BOHCB

Daniel 11 in the BOHCV

Daniel 11 in the BOHLNT

Daniel 11 in the BOHNTLTAL

Daniel 11 in the BOICB

Daniel 11 in the BOILNTAP

Daniel 11 in the BOITCV

Daniel 11 in the BOKCV

Daniel 11 in the BOKCV2

Daniel 11 in the BOKHWOG

Daniel 11 in the BOKSSV

Daniel 11 in the BOLCB

Daniel 11 in the BOLCB2

Daniel 11 in the BOMCV

Daniel 11 in the BONAV

Daniel 11 in the BONCB

Daniel 11 in the BONLT

Daniel 11 in the BONUT2

Daniel 11 in the BOPLNT

Daniel 11 in the BOSCB

Daniel 11 in the BOSNC

Daniel 11 in the BOTLNT

Daniel 11 in the BOVCB

Daniel 11 in the BOYCB

Daniel 11 in the BPBB

Daniel 11 in the BPH

Daniel 11 in the BSB

Daniel 11 in the CCB

Daniel 11 in the CUV

Daniel 11 in the CUVS

Daniel 11 in the DBT

Daniel 11 in the DGDNT

Daniel 11 in the DHNT

Daniel 11 in the DNT

Daniel 11 in the ELBE

Daniel 11 in the EMTV

Daniel 11 in the ESV

Daniel 11 in the FBV

Daniel 11 in the FEB

Daniel 11 in the GGMNT

Daniel 11 in the GNT

Daniel 11 in the HARY

Daniel 11 in the HNT

Daniel 11 in the IRVA

Daniel 11 in the IRVB

Daniel 11 in the IRVG

Daniel 11 in the IRVH

Daniel 11 in the IRVK

Daniel 11 in the IRVM

Daniel 11 in the IRVM2

Daniel 11 in the IRVO

Daniel 11 in the IRVP

Daniel 11 in the IRVT

Daniel 11 in the IRVT2

Daniel 11 in the IRVU

Daniel 11 in the ISVN

Daniel 11 in the JSNT

Daniel 11 in the KAPI

Daniel 11 in the KBT1ETNIK

Daniel 11 in the KBV

Daniel 11 in the KJV

Daniel 11 in the KNFD

Daniel 11 in the LBA

Daniel 11 in the LBLA

Daniel 11 in the LNT

Daniel 11 in the LSV

Daniel 11 in the MAAL

Daniel 11 in the MBV

Daniel 11 in the MBV2

Daniel 11 in the MHNT

Daniel 11 in the MKNFD

Daniel 11 in the MNG

Daniel 11 in the MNT

Daniel 11 in the MNT2

Daniel 11 in the MRS1T

Daniel 11 in the NAA

Daniel 11 in the NASB

Daniel 11 in the NBLA

Daniel 11 in the NBS

Daniel 11 in the NBVTP

Daniel 11 in the NET2

Daniel 11 in the NIV11

Daniel 11 in the NNT

Daniel 11 in the NNT2

Daniel 11 in the NNT3

Daniel 11 in the PDDPT

Daniel 11 in the PFNT

Daniel 11 in the RMNT

Daniel 11 in the SBIAS

Daniel 11 in the SBIBS

Daniel 11 in the SBIBS2

Daniel 11 in the SBICS

Daniel 11 in the SBIDS

Daniel 11 in the SBIGS

Daniel 11 in the SBIHS

Daniel 11 in the SBIIS

Daniel 11 in the SBIIS2

Daniel 11 in the SBIIS3

Daniel 11 in the SBIKS

Daniel 11 in the SBIKS2

Daniel 11 in the SBIMS

Daniel 11 in the SBIOS

Daniel 11 in the SBIPS

Daniel 11 in the SBISS

Daniel 11 in the SBITS

Daniel 11 in the SBITS2

Daniel 11 in the SBITS3

Daniel 11 in the SBITS4

Daniel 11 in the SBIUS

Daniel 11 in the SBIVS

Daniel 11 in the SBT

Daniel 11 in the SBT1E

Daniel 11 in the SCHL

Daniel 11 in the SNT

Daniel 11 in the SUSU

Daniel 11 in the SUSU2

Daniel 11 in the SYNO

Daniel 11 in the TBIAOTANT

Daniel 11 in the TBT1E

Daniel 11 in the TBT1E2

Daniel 11 in the TFTIP

Daniel 11 in the TFTU

Daniel 11 in the TGNTATF3T

Daniel 11 in the THAI

Daniel 11 in the TNFD

Daniel 11 in the TNT

Daniel 11 in the TNTIK

Daniel 11 in the TNTIL

Daniel 11 in the TNTIN

Daniel 11 in the TNTIP

Daniel 11 in the TNTIZ

Daniel 11 in the TOMA

Daniel 11 in the TTENT

Daniel 11 in the UBG

Daniel 11 in the UGV

Daniel 11 in the UGV2

Daniel 11 in the UGV3

Daniel 11 in the VBL

Daniel 11 in the VDCC

Daniel 11 in the YALU

Daniel 11 in the YAPE

Daniel 11 in the YBVTP

Daniel 11 in the ZBP