Daniel 3 (BOATCB2)

1 Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sikakɔkɔɔ ohoni bi a na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne trɛw nso yɛ anammɔn akron. Wɔde sii Dura tataw so wɔ Babiloniaman mu. 2 Afei ɔde nkra kɔmaa ahenemma, mpanyimfo, amradofo, afotufo, sanaafo, atemmufo, asennifo ne ɔman no mu mpanyimfo se, wɔmmra ohoni a wɔreda no adi no afahyɛ ase. 3 Bere a ahenemma, mpanyimfo, amradofo, afotufo, sanaafo, atemmufo, asennifo ne ɔman no mu mpanyimfo no behyiae sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ adi no, wobegyinagyinaa ohoni no anim. 4 Na wɔbɔɔ dawuru teɛɛ mu se, “Nnipa ahorow ne aman ahorow ne kasa ahorow nyinaa muntie nea ɔhene ahyɛ sɛ monyɛ! 5 Sɛ mote abɛn, odurugya, sanku, sankuten, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei a, monkotow fam, na monsɔre ɔhene Nebukadnessar sikakɔkɔɔ ohoni no. 6 Obiara a wankotow fam ansɔre ohoni no dɔn no ara mu no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛw wɔ mu framfram mu.” 7 Enti bere a wɔtee abɛn, odurugya sanku, sankuten, sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei no, nnipa no nyinaa ne aman ahorow ne wɔn a wɔka kasa ahorow nyinaa kotow fam, sɔree ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no. 8 Nanso Kaldeafo no bi kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔtoatoa faa Yudafo no ho se, 9 “Nana wo nkwa so! 10 Wohyɛɛ mmara maa ɔmanfo se, obiara te abɛn, odurugya sanku, sanbuka sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei a, ɔnkotow fam, na ɔnsɔre sika ohoni no, 11 na obiara a wantie ankɔtow ansɔre ohoni no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛw framfram wɔ mu no mu. 12 Nanso Nana, Yudafo bi a wɔn din de Sadrak, Mesak ne Abednego a wode wɔn atuatua Babiloniaman ano no abu wo animtiaa, na wɔansɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no.” 13 Ɛhɔ ara, Nebukadnessar bo fuw yiye, na ɔhyɛe se, wɔmfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra nʼanim. Wɔde wɔn bae no, 14 Nebukadnessar bisaa wɔn se, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɛyɛ nokware sɛ, moansɔre mʼanyame ne sikakɔkɔɔ honi a mede asi hɔ no? 15 Mɛma mo kwan bio. Sɛ mote abɛn, odurugya sanku, sanbuka sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei no, na mokotow fam, na mosɔre ohoni a mayɛ no a, na me ne mo nni asɛm biara. Na sɛ mopo a, wɔbɛtow mo agu fononoo a ogya redɛw wɔ mu no mu prɛko pɛ. Sɛ ɛba saa a, nyame bɛn na obetumi agye mo afi me tumi ase?” 16 Sadrak, Mesak ne Abednego buae se, “Nana Nebukadnessar, yennye nni sɛ ho hia sɛ yeyi yɛn ho ano wɔ wʼanim. 17 Sɛ wɔtow yɛn gu fononoo a ogya redɛw wɔ mu no mu a, Onyankopɔn a yɛsom no no begye yɛn. Nana, obegye yɛn afi wo tumi ase. 18 Na sɛ ɛba sɛ wannye yɛn mpo a, Nana nte ase sɛ, sɔre de, yɛrensɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no da biara da.” 19 Nebukadnessar bo fuw Sadrak, Mesak ne Abednego yiye, na wampɛ wɔn anim ahwɛ. Ɔhyɛɛ sɛ, wɔmma fononoo no gya no hyew no nnɔ mmɔho ason. 20 Afei ɔhyɛɛ nʼasraafo mu mmarima ahoɔdenfo pa ara no bi sɛ, wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abednego, na wɔntow wɔn ngu fononoo no mu gyatannaa no mu. 21 Enti wɔkyekyeree saa nkurɔfo yi a wɔhyehyɛ wɔn ntwontwo, wɔn ntade, wɔn mmotiri ne wɔn ntama papee, tow wɔn guu fononoo gya a ɛredɛw no mu. 22 Na esiane ɔhene no abufuwtraso ne ɔhyɛ a ama fononoo no adɔ hyerehyere mmoroso no nti, asraafo a wɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego regu fononoo no mu no wuwuu wɔ ogyatannaa no ano. 23 Na Sadrak, Mesak ne Abednego a wɔakyekyere wɔn papee no hwehwee ogya fononoo a ɛredɛw no mu. 24 Nebukadnessar gu so rehwɛ no, prɛko pɛ, ohuruw teɛɛ mu ahodwiriw so guu nʼafotufo no so se, “Ɛnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyee wɔn tow wɔn guu fononoo no mu?”Wobuae se, “Yiw, Nana, yɛyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.” 25 Nebukadnessar teɛɛ mu se. “Monhwɛ! Mihu nnipa baanan a biribiara nkyekyeree wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu. Ogyatannaa no nhyew wɔn. Onipa a ɔto so anan no te sɛ anyame ba bi!” 26 Na Nebukadnessar twiw bɛn fononoo a ogya redɛw wɔ mu no pon ano, sɛnea obetumi, teɛɛ mu se, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɔsorosoro Nyankopɔn asomfo, mumfi mmra! Mommra ha!”Ɛno nti, Sadrak, Mesak ne Abednego fii ogya no mu bae. 27 Afei, ahenemma, mpanyimfo, amradofo ne afotufo betwaa wɔn ho hyiae, na wohuu sɛ, ogya no anka wɔn. Wɔn tinwi mpo ho anka. Na wɔn ntade anhyew. Na wusiw mpo mmɔn wɔn ho. 28 Afei Nebukadnessar kae se, “Ayeyi nka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn. Ɔsomaa ne bɔfo, ma wobegyee nʼasomfo a wogye no di no. Wobuu me, ɔhene mmara so, na wɔde wɔn honam mae, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara, gye wɔn Nyankopɔn. 29 Ne saa nti, merehyɛ saa mmara yi sɛ ɔman, nkurɔfo ne kasa ahorow nyinaa mu, obiara a ɔbɛka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn ho abususɛm no, ampa ara wobetwitwa wɔn mu asinasin na wɔadwiriw wɔn afi ama adan wura. Nyame biara nni hɔ a obetumi agye nkwa sɛɛ yi.” 30 Afei, Ɔhene Nebukadnessar maa Sadrak, Mesak ne Abednego dibea a ɛkorɔn yiye wɔ Babiloniaman mu.

In Other Versions

Daniel 3 in the ANGEFD

Daniel 3 in the ANTPNG2D

Daniel 3 in the AS21

Daniel 3 in the BAGH

Daniel 3 in the BBPNG

Daniel 3 in the BBT1E

Daniel 3 in the BDS

Daniel 3 in the BEV

Daniel 3 in the BHAD

Daniel 3 in the BIB

Daniel 3 in the BLPT

Daniel 3 in the BNT

Daniel 3 in the BNTABOOT

Daniel 3 in the BNTLV

Daniel 3 in the BOATCB

Daniel 3 in the BOBCV

Daniel 3 in the BOCNT

Daniel 3 in the BOECS

Daniel 3 in the BOGWICC

Daniel 3 in the BOHCB

Daniel 3 in the BOHCV

Daniel 3 in the BOHLNT

Daniel 3 in the BOHNTLTAL

Daniel 3 in the BOICB

Daniel 3 in the BOILNTAP

Daniel 3 in the BOITCV

Daniel 3 in the BOKCV

Daniel 3 in the BOKCV2

Daniel 3 in the BOKHWOG

Daniel 3 in the BOKSSV

Daniel 3 in the BOLCB

Daniel 3 in the BOLCB2

Daniel 3 in the BOMCV

Daniel 3 in the BONAV

Daniel 3 in the BONCB

Daniel 3 in the BONLT

Daniel 3 in the BONUT2

Daniel 3 in the BOPLNT

Daniel 3 in the BOSCB

Daniel 3 in the BOSNC

Daniel 3 in the BOTLNT

Daniel 3 in the BOVCB

Daniel 3 in the BOYCB

Daniel 3 in the BPBB

Daniel 3 in the BPH

Daniel 3 in the BSB

Daniel 3 in the CCB

Daniel 3 in the CUV

Daniel 3 in the CUVS

Daniel 3 in the DBT

Daniel 3 in the DGDNT

Daniel 3 in the DHNT

Daniel 3 in the DNT

Daniel 3 in the ELBE

Daniel 3 in the EMTV

Daniel 3 in the ESV

Daniel 3 in the FBV

Daniel 3 in the FEB

Daniel 3 in the GGMNT

Daniel 3 in the GNT

Daniel 3 in the HARY

Daniel 3 in the HNT

Daniel 3 in the IRVA

Daniel 3 in the IRVB

Daniel 3 in the IRVG

Daniel 3 in the IRVH

Daniel 3 in the IRVK

Daniel 3 in the IRVM

Daniel 3 in the IRVM2

Daniel 3 in the IRVO

Daniel 3 in the IRVP

Daniel 3 in the IRVT

Daniel 3 in the IRVT2

Daniel 3 in the IRVU

Daniel 3 in the ISVN

Daniel 3 in the JSNT

Daniel 3 in the KAPI

Daniel 3 in the KBT1ETNIK

Daniel 3 in the KBV

Daniel 3 in the KJV

Daniel 3 in the KNFD

Daniel 3 in the LBA

Daniel 3 in the LBLA

Daniel 3 in the LNT

Daniel 3 in the LSV

Daniel 3 in the MAAL

Daniel 3 in the MBV

Daniel 3 in the MBV2

Daniel 3 in the MHNT

Daniel 3 in the MKNFD

Daniel 3 in the MNG

Daniel 3 in the MNT

Daniel 3 in the MNT2

Daniel 3 in the MRS1T

Daniel 3 in the NAA

Daniel 3 in the NASB

Daniel 3 in the NBLA

Daniel 3 in the NBS

Daniel 3 in the NBVTP

Daniel 3 in the NET2

Daniel 3 in the NIV11

Daniel 3 in the NNT

Daniel 3 in the NNT2

Daniel 3 in the NNT3

Daniel 3 in the PDDPT

Daniel 3 in the PFNT

Daniel 3 in the RMNT

Daniel 3 in the SBIAS

Daniel 3 in the SBIBS

Daniel 3 in the SBIBS2

Daniel 3 in the SBICS

Daniel 3 in the SBIDS

Daniel 3 in the SBIGS

Daniel 3 in the SBIHS

Daniel 3 in the SBIIS

Daniel 3 in the SBIIS2

Daniel 3 in the SBIIS3

Daniel 3 in the SBIKS

Daniel 3 in the SBIKS2

Daniel 3 in the SBIMS

Daniel 3 in the SBIOS

Daniel 3 in the SBIPS

Daniel 3 in the SBISS

Daniel 3 in the SBITS

Daniel 3 in the SBITS2

Daniel 3 in the SBITS3

Daniel 3 in the SBITS4

Daniel 3 in the SBIUS

Daniel 3 in the SBIVS

Daniel 3 in the SBT

Daniel 3 in the SBT1E

Daniel 3 in the SCHL

Daniel 3 in the SNT

Daniel 3 in the SUSU

Daniel 3 in the SUSU2

Daniel 3 in the SYNO

Daniel 3 in the TBIAOTANT

Daniel 3 in the TBT1E

Daniel 3 in the TBT1E2

Daniel 3 in the TFTIP

Daniel 3 in the TFTU

Daniel 3 in the TGNTATF3T

Daniel 3 in the THAI

Daniel 3 in the TNFD

Daniel 3 in the TNT

Daniel 3 in the TNTIK

Daniel 3 in the TNTIL

Daniel 3 in the TNTIN

Daniel 3 in the TNTIP

Daniel 3 in the TNTIZ

Daniel 3 in the TOMA

Daniel 3 in the TTENT

Daniel 3 in the UBG

Daniel 3 in the UGV

Daniel 3 in the UGV2

Daniel 3 in the UGV3

Daniel 3 in the VBL

Daniel 3 in the VDCC

Daniel 3 in the YALU

Daniel 3 in the YAPE

Daniel 3 in the YBVTP

Daniel 3 in the ZBP