Deuteronomy 4 (BOATCB2)

1 Afei, Israel, muntie mmara ne nhyehyɛe a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi. Munni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn, de rema mo no so akɔtena hɔ. 2 Mommfa bi nka ho, na munnyi biribiara nso mmfi ahyɛde a AWURADE, mo Nyankopɔn, de ama me se memfa mma mo no mu, na mmom munni so. 3 Mode mo ani huu nea AWURADE yɛɛ mo wɔ Baal-Peor no. Ɔsɛee onipa biara a na ɔsom Baal-Peor no. 4 Nanso wɔn a na wodi AWURADE mo Nyankopɔn nokware nyinaa da so te ase besi nnɛ. 5 Sɛ mudu asase a mobɛtena so no so a, eyinom ne mmara ne ahyɛde a makyerɛkyerɛ mo a ɛsɛ sɛ mudi so. Efi Awurade, yɛn Nyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me se memfa mma mo. 6 Sɛ mudi so a, ɛbɛda mo nyansa ne ntease a mowɔ no adi akyerɛ aman a wɔbɛte saa ahyɛde yi nyinaa no na wɔaka se, “Ampa, nnipa yi yɛ ɔman kɛse a wonim nyansa na wɔwɔ ntease.” 7 Ɔman kɛse bɛn na ɔwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te sɛ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, a yɛfrɛ no a ogye yɛn so yi? 8 Na ɔman kɛse bɛn na ɛwɔ trenee ahyɛde ne mmara sɛ saa mmara yi a mede rema mo nnɛ yi? 9 Monhwɛ yiye, na mo ani nna hɔ yiye pa ara na nna dodow a mote nkwa mu no, mo werɛ amfi nea moahu, anaa ampa amfi mo koma mu. Monkyerɛkyerɛ mo mma na awo ntoatoaso a ɛbɛba no nhu. 10 Ka kyerɛ wɔn, ne titiriw no, da a mokogyinaa AWURADE, mo Nyankopɔn, anim wɔ bepɔw Horeb so a ɔka kyerɛɛ me se, “Frɛ nnipa no wɔ mʼanim na wontie me nsɛm na wɔasua sɛnea wobedi me ni bere dodow a wɔte asase no so na ama wɔatumi akyerɛkyerɛ wɔn mma.” 11 Mubegyina bɛnee bepɔw no ase bere a na bepɔw no rehyew na ogyaframa no retu kɔ ɔsoro a omununkum ne esum kabii aduru no. 12 Na AWURADE kasa fii ogya no mu kyerɛɛ mo. Motee nsɛm no nanso, moanhu no, nne kɛkɛ na ɛbae. 13 Ɔdaa nʼapam a ɔkyerɛɛ mo sɛ munni so no adi; Mmaransɛm du a ɔkyerɛw guu abo pon abien so no. 14 Saa bere no na Awurade kyerɛɛ me sɛ menkyerɛkyerɛ mo ahyɛde ne mmara a ɛsɛ sɛ mudi so wɔ asase a morebetwa Yordan akɔfa no so. 15 Da a AWURADE kasa fii ogya mu kyerɛɛ mo wɔ bepɔw Horeb so no moanhu no. Enti monhwɛ mo akwan yiye, 16 na porɔwee annidi mo amma moanyɛ ɔbosom, ohoni bi sɛso; sɛ ɛyɛ ɔbarima anaa ɔbea sɛso, 17 anaa nea ɛsɛ asase so aboa bi, anaa anomaa a otu fa wim, 18 anaa nea ɛsɛ aboa bi a ɔwea wɔ fam anaa apataa bi a ɔwɔ nsu ase. 19 Na sɛ mohwɛ wim na muhu owia, ɔsram ne nsoromma, wim abɔde nyinaa a, momma ɛnntwetwe mo mma monnkotow nsom nneɛma a AWURADE, mo Nyankopɔn, de ama ɔsoro ase aman no nyinaa no. 20 Na mo de, AWURADE yii mo fii ogya framfram a ɛnan dade mu wɔ Misraim sɛ mommɛyɛ nʼadiadefo sɛnea mote nnɛ yi. 21 Mo nti, AWURADE bo fuw me yiye. Ɔkaa ntam se, merentwa Asubɔnten Yordan nkɔ asase pa a AWURADE, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapade no so. 22 Mewu wɔ asase yi so; merentwa Yordan; nanso morebetwa akɔfa asase pa no. 23 Monhwɛ yiye na moammu apam a AWURADE, mo Nyankopɔn, ne mo ayɛ no so. Monyɛ abosom a ɛyɛ biribiara nsɛso a mo AWURADE, mo Nyankopɔn, abra mo no. 24 Efisɛ AWURADE, mo Nyankopɔn no, yɛ Onyame ninkufo, ogya a ɔhyew ade. 25 Moawowo mma anya nananom akyi no na moatena asase no so akyɛ no, sɛ moma porɔwee didi mo na moyɛ ohoni bi nam so yɛ bɔne wɔ AWURADE mo Nyankopɔn ani so hyɛ no abufuw a, 26 mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ nnansefo de tia mo saa da yi sɛ, mobɛhyew afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Morentena hɔ nkyɛ na wɔbɛsɛe mo ampa. 27 Na AWURADE bɛbɔ mo apansam akɔ aman so a mo mu kakraa bi na ɛbɛka wɔ aman a AWURADEbɛpam mo akɔ so no so. 28 Ɛhɔ na mobɛsom onipa nsa ano ahoni a wɔde nnua ne abo na ayɛ, anyame a wonhu ade na wɔnte asɛm na wonnidi nte hua no. 29 Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ AWURADE, mo Nyankopɔn no. Na sɛ mode mo koma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mubehu no. 30 Sɛ ɔhaw bi to mo na eyinom nyinaa ba mo so a, akyiri no, mobɛsan akɔ AWURADE, mo Nyankopɔn no, nkyɛn na moayɛ osetie ama no. 31 Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, no yɛ mmɔborɔhunu Nyankopɔn; ɔrennyaw mo na ɔrensɛe mo anaa ne werɛ remfi apam a ɔne mo agyanom pamee a ɔkaa ntam sii so no. 32 Hwehwɛ abakɔsɛm mu fi bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ asase so besi nnɛ yi; hwehwɛ fi ɔsoro ti de kosi ti. Hwɛ sɛ biribi kɛse a ɛte sɛ eyi asi pɛn anaasɛ woate biribi saa pɛn? 33 So nnipa foforo bi ate Onyankopɔn nne sɛ ɔrekasa afi ogya mu sɛnea motee no na wɔda so te ase yi ana? 34 So onyame foforo bi nam ogye a ɔnam amanehunu, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ nwonwa, ɔko, tumidi ne ahodwiriwde so agye ɔman bi afi ɔman foforo bi nsam afa sɛ ne de, sɛnea AWURADE, mo Nyankopɔn, yɛ maa mo wɔ Misraim a na mo ani tua no? 35 Ɔdaa eyinom nyinaa adi kyerɛɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛ AWURADE yɛ Onyankopɔn a nʼakyi obi nni hɔ. 36 Ɔma motee ne nne fi ɔsoro nam so teɛteɛɛ mo so. Ɔma muhuu ne gya fadum asase so na motee ne nsɛm fii ogya no mu. 37 Esiane sɛ na ɔpɛ mo agyanom asɛm, na ɔpɛɛ sɛ ohyira wɔn asefo nti na ɔno ara de nʼanim ne ne tumi kɛse no yii mo fii Misraim no. 38 Ɔpam aman a na wɔn ho yɛ den sen mo no wɔ mo anim sɛnea ɔde mo bɛba wɔn asase so abɛfa sɛ mo agyapade, sɛnea ɛte nnɛ yi. 39 Enti munhu na momma ɛntena mo koma mu nnɛ yi sɛ AWURADE yɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so. Obi nni hɔ. 40 Munni saa ahyɛde ne mmara yi a mede rema mo nnɛ no so na ama asi mo ne mo mma yiye, na moanyin akyɛ wɔ asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo afebɔɔ no so. 41 Afei, Mose yii nkuropɔn abiɛsa bi wɔ Yordan apuei fam 42 a, sɛ ɛba sɛ obi kum obi na wanhyɛ da na onni onipa ko no ho menasepɔw bi a otumi guan kɔ kɔ emu baako so kɔbɔ ne ho aguaa. 43 Oyii Beser a ɛda sare ne asase tataw so no maa Rubenfo. Ɔde Ramot a ɛwɔ Gilead no maa Gadfo na ɔde Golan a ɛwɔ Basan no nso maa Manase abusuakuw. 44 Eyinom ne mmara a Mose de maa Israelfo no. 45 Israelfo no fii Misraim no, akwankyerɛ, mmara ne ahyɛde a Mose de maa wɔn 46 bere a na wɔwɔ obon a ɛbɛn Bet-Peor a ɛda Asubɔnten Yordan apuei fam, wɔ Amorifo hene Sihon a odii ade wɔ Hesbon, a na Mose ne Israelfo no fi Misraim ɛreba no, wɔko dii ne so no. 47 Wɔfaa nʼasase no san faa Basanhene Og asase kaa ho. Saa ahemfo baanu yi na wɔyɛ Amorifo ahemfo a wɔte Yordan apuei fam. 48 Saa asase yi na efi Aroer a ɛda Arnon subon no ano kosi Sion bepɔw a ɛyɛ Hermon ho. 49 Israelfo no san faa nsase a ɛwɔ Araba po no ano wɔ Yordan apuei fam de kosi Nkyene Po wɔ Pisga mmepɔw no ase.

In Other Versions

Deuteronomy 4 in the ANGEFD

Deuteronomy 4 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 4 in the AS21

Deuteronomy 4 in the BAGH

Deuteronomy 4 in the BBPNG

Deuteronomy 4 in the BBT1E

Deuteronomy 4 in the BDS

Deuteronomy 4 in the BEV

Deuteronomy 4 in the BHAD

Deuteronomy 4 in the BIB

Deuteronomy 4 in the BLPT

Deuteronomy 4 in the BNT

Deuteronomy 4 in the BNTABOOT

Deuteronomy 4 in the BNTLV

Deuteronomy 4 in the BOATCB

Deuteronomy 4 in the BOBCV

Deuteronomy 4 in the BOCNT

Deuteronomy 4 in the BOECS

Deuteronomy 4 in the BOGWICC

Deuteronomy 4 in the BOHCB

Deuteronomy 4 in the BOHCV

Deuteronomy 4 in the BOHLNT

Deuteronomy 4 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 4 in the BOICB

Deuteronomy 4 in the BOILNTAP

Deuteronomy 4 in the BOITCV

Deuteronomy 4 in the BOKCV

Deuteronomy 4 in the BOKCV2

Deuteronomy 4 in the BOKHWOG

Deuteronomy 4 in the BOKSSV

Deuteronomy 4 in the BOLCB

Deuteronomy 4 in the BOLCB2

Deuteronomy 4 in the BOMCV

Deuteronomy 4 in the BONAV

Deuteronomy 4 in the BONCB

Deuteronomy 4 in the BONLT

Deuteronomy 4 in the BONUT2

Deuteronomy 4 in the BOPLNT

Deuteronomy 4 in the BOSCB

Deuteronomy 4 in the BOSNC

Deuteronomy 4 in the BOTLNT

Deuteronomy 4 in the BOVCB

Deuteronomy 4 in the BOYCB

Deuteronomy 4 in the BPBB

Deuteronomy 4 in the BPH

Deuteronomy 4 in the BSB

Deuteronomy 4 in the CCB

Deuteronomy 4 in the CUV

Deuteronomy 4 in the CUVS

Deuteronomy 4 in the DBT

Deuteronomy 4 in the DGDNT

Deuteronomy 4 in the DHNT

Deuteronomy 4 in the DNT

Deuteronomy 4 in the ELBE

Deuteronomy 4 in the EMTV

Deuteronomy 4 in the ESV

Deuteronomy 4 in the FBV

Deuteronomy 4 in the FEB

Deuteronomy 4 in the GGMNT

Deuteronomy 4 in the GNT

Deuteronomy 4 in the HARY

Deuteronomy 4 in the HNT

Deuteronomy 4 in the IRVA

Deuteronomy 4 in the IRVB

Deuteronomy 4 in the IRVG

Deuteronomy 4 in the IRVH

Deuteronomy 4 in the IRVK

Deuteronomy 4 in the IRVM

Deuteronomy 4 in the IRVM2

Deuteronomy 4 in the IRVO

Deuteronomy 4 in the IRVP

Deuteronomy 4 in the IRVT

Deuteronomy 4 in the IRVT2

Deuteronomy 4 in the IRVU

Deuteronomy 4 in the ISVN

Deuteronomy 4 in the JSNT

Deuteronomy 4 in the KAPI

Deuteronomy 4 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 4 in the KBV

Deuteronomy 4 in the KJV

Deuteronomy 4 in the KNFD

Deuteronomy 4 in the LBA

Deuteronomy 4 in the LBLA

Deuteronomy 4 in the LNT

Deuteronomy 4 in the LSV

Deuteronomy 4 in the MAAL

Deuteronomy 4 in the MBV

Deuteronomy 4 in the MBV2

Deuteronomy 4 in the MHNT

Deuteronomy 4 in the MKNFD

Deuteronomy 4 in the MNG

Deuteronomy 4 in the MNT

Deuteronomy 4 in the MNT2

Deuteronomy 4 in the MRS1T

Deuteronomy 4 in the NAA

Deuteronomy 4 in the NASB

Deuteronomy 4 in the NBLA

Deuteronomy 4 in the NBS

Deuteronomy 4 in the NBVTP

Deuteronomy 4 in the NET2

Deuteronomy 4 in the NIV11

Deuteronomy 4 in the NNT

Deuteronomy 4 in the NNT2

Deuteronomy 4 in the NNT3

Deuteronomy 4 in the PDDPT

Deuteronomy 4 in the PFNT

Deuteronomy 4 in the RMNT

Deuteronomy 4 in the SBIAS

Deuteronomy 4 in the SBIBS

Deuteronomy 4 in the SBIBS2

Deuteronomy 4 in the SBICS

Deuteronomy 4 in the SBIDS

Deuteronomy 4 in the SBIGS

Deuteronomy 4 in the SBIHS

Deuteronomy 4 in the SBIIS

Deuteronomy 4 in the SBIIS2

Deuteronomy 4 in the SBIIS3

Deuteronomy 4 in the SBIKS

Deuteronomy 4 in the SBIKS2

Deuteronomy 4 in the SBIMS

Deuteronomy 4 in the SBIOS

Deuteronomy 4 in the SBIPS

Deuteronomy 4 in the SBISS

Deuteronomy 4 in the SBITS

Deuteronomy 4 in the SBITS2

Deuteronomy 4 in the SBITS3

Deuteronomy 4 in the SBITS4

Deuteronomy 4 in the SBIUS

Deuteronomy 4 in the SBIVS

Deuteronomy 4 in the SBT

Deuteronomy 4 in the SBT1E

Deuteronomy 4 in the SCHL

Deuteronomy 4 in the SNT

Deuteronomy 4 in the SUSU

Deuteronomy 4 in the SUSU2

Deuteronomy 4 in the SYNO

Deuteronomy 4 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 4 in the TBT1E

Deuteronomy 4 in the TBT1E2

Deuteronomy 4 in the TFTIP

Deuteronomy 4 in the TFTU

Deuteronomy 4 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 4 in the THAI

Deuteronomy 4 in the TNFD

Deuteronomy 4 in the TNT

Deuteronomy 4 in the TNTIK

Deuteronomy 4 in the TNTIL

Deuteronomy 4 in the TNTIN

Deuteronomy 4 in the TNTIP

Deuteronomy 4 in the TNTIZ

Deuteronomy 4 in the TOMA

Deuteronomy 4 in the TTENT

Deuteronomy 4 in the UBG

Deuteronomy 4 in the UGV

Deuteronomy 4 in the UGV2

Deuteronomy 4 in the UGV3

Deuteronomy 4 in the VBL

Deuteronomy 4 in the VDCC

Deuteronomy 4 in the YALU

Deuteronomy 4 in the YAPE

Deuteronomy 4 in the YBVTP

Deuteronomy 4 in the ZBP