Genesis 30 (BOATCB2)

1 Bere a Rahel huu sɛ ɔne Yakob nwo no, nʼani beree ne nuabea no. Enti ɔka kyerɛɛ Yakob se, “Sɛ wo ne me anwo mma a, mewu!” 2 Yakob bo fuw Rahel ma ɔkae se, “Meyɛ Onyankopɔn? Ɔno na wasiw wo yafunu ano.” 3 Na Rahel ka kyerɛɛ Yakob se, “Mʼafenaa Bilha ni, wo ne no nkɔda, na ɔnwo mma me, na ɛnam ne so ama me nso manya abusua.” 4 Enti Rahel de nʼabaawa Bilha maa Yakob waree. Yakob ne no dae. 5 Onyinsɛn woo ɔbabarima maa Yakob. 6 Na Rahel kae se, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me. Wate mʼadesrɛ ama me ɔbabarima.” Ne saa nti, ɔtoo no din Dan a ne nkyerɛase ne, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me.” 7 Rahel afenaa Bilha nyinsɛnee bio, woo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob. 8 Na Rahel kae se, “Me ne me nua Lea adi yɛn ho aperepere na madi nkonim.” Ɛno nti, ɔtoo abofra no din Naftali a ne nkyerɛase ne, “Mʼakodi.” 9 Bere a Lea huu sɛ nʼawo atew kɔ no, ɔno nso de nʼafenaa Silpa maa Yakob waree. 10 Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima maa Yakob. 11 Na Lea kae se, “Akraye bɛn ni!” Enti ɔtoo abofra no din Gad a ne nkyerɛase ne, “Asi me yiye.” 12 Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob. 13 Na Lea kae se, “Mʼani agye! Afei de, mmea no bɛfrɛ me anigye.” Enti, ɔtoo no din Aser a ne nkyerɛase ne “Anigye.” 14 Awitwabere mu da bi, Ruben kɔɔ afum kohuu afifide bi a wɔfrɛ no dudaim. Ɔde bi brɛɛ ne na Lea. Rahel ka kyerɛɛ Lea se, “Mesrɛ wo, ma me wo ba no dudaim no bi.” 15 Nanso Lea de abufuw buae se, “Woabegye me kunu akyi no, woresan abegye me ba dudaim a ɔde abrɛ me no bi apaa so?”Na Rahel de awerɛhow kae se, “Eye, ɛno de, Yakob mmɛda wo nkyɛn nnɛ anadwo yi, na ma me dudaim no bi.” 16 Enti da no anwummere a Yakob fi afum reba no, Lea kohyiaa no, ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wobɛda me nkyɛn anadwo yi, efisɛ mede me ba dudaim atɔ wo.” Enti Yakob kɔdaa Lea nkyɛn anadwo no. 17 Onyankopɔn tiee Lea mpaebɔ, na onyinsɛn woo ɔbabarima a ɔto so anum maa Yakob. 18 Na Lea kae se, “Mede mʼafenaa Silpa maa me kunu Yakob no, Onyankopɔn adom me.” Enti wɔtoo abofra no din Isakar a nkyerɛase ne “Akyɛde.” 19 Lea san nyinsɛnee bio, na ɔwoo ne babarima a ɔto so asia maa Yakob. 20 Enti Lea kae se, “Onyankopɔn ama me akyɛde a ɛsom bo yiye. Afei de, manya me kunu anim anuonyam. Ɔde obu ne nidi bɛma me, efisɛ mawo mmabarima baasia ama no. Enti ɔtoo abarimaa no din Sebulon a ne nkyerɛase ne Anuonyam.” 21 Akyiri no, Lea woo ɔbabea too no din Dina. 22 Afei, Onyankopɔn kaee Rahel, tiee ne mpaebɔ, buee nʼawotwaa ano. 23 Rahel nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkae se, “Afei de, Onyankopɔn apepa mʼanimguase ama me nso mawo ɔba.” 24 Rahel too ne ba no din Yosef a ne nkyerɛase ne “AWURADE mfa ɔbabarima baako nka me ho.” 25 Rahel woo Yosef no, ankyɛ na da koro bi, Yakob ka kyerɛɛ Laban se, “Mepɛ sɛ mesan kɔ mʼankasa mʼasase so ne me fi, enti mesrɛ wo, gya me kwan na menkɔ. 26 Fa me yerenom ne me mma a wɔn nti mebɛsom wo no ka ho. Wʼankasa ara wunim ɔsom pa a masom wo.” 27 Laban buae se, “Mesrɛ wo, nkɔ nnya me. Makɔ abisa ahu sɛ, nhyira dodow a manya yi nyinaa fi te a wote me nkyɛn yi.” 28 Laban ka kaa ho se, “Kyerɛ me akatua biara a wubegye, na metua.” 29 Yakob buaa Laban se, “Wʼankasa wunim som a masom wo, ne sɛnea mahwɛ wʼanantwi ne wo nguan ama wɔn ase afɛe afa. 30 Wʼahode kakra a na wowɔ bere a mebae no, nnɛ, adɔɔso abu so. Biribiara a meyɛ maa wo no nso, AWURADE ahyira so. Na me nso, bere bɛn na metumi apɛ biribi de agyaw mʼabusuafo?” 31 Laban bisaa Yakob se, “Akatua ahe na memfa mma wo?”Yakob nso buae se, “Mma me hwee, na mmom, sɛ wobɛyɛ mʼabisade baako pɛ yi ama me de a, mɛkɔ so ayɛn wo mmoa no. 32 Nnɛ, ma menkɔhwehwɛ wo mmoa no nyinaa mu, na minnyi oguan biara a ne ho yɛ ntokontrama, oguan ba biara a ɔyɛ tuntum ne abirekyi biara a ɔyɛ ntokontrama. Eyinom na ɛbɛyɛ mʼakatua. 33 Eyi bɛma me nokwaredi adi me adanse, bere biara a wobɛhwehwɛ akatua a wode ama me no mu no. Sɛ wuhu abirekyi biara a ɔnyɛ ntokontrama anaa oguan biara a nʼahosu mmiri wɔ me mmoa no mu a, na ɛkyerɛ sɛ mawia wɔn afi wo de mu.” 34 Laban buaa Yakob se, “Eye, yɛ no sɛnea woaka no.” 35 Da no ara, Laban yiyii adwennini a wɔyɛ ntokontrama no nyinaa ne nguanbere a wɔyɛ ntokontrama no nso; mmoa no mu biara a fufu wɔ ne ho ne oguan ba biara a ɔyɛ tuntum no, ɔde wɔn kɔmaa ne mmabarima. 36 Na Laban mma no faa mmoa no de wɔn twaa nnansa kwan, fii baabi a na Yakob wɔ hɔ. Saa bere no mu no, Yakob tenaa hɔ, hwɛɛ Laban nguan no. 37 Na Yakob faa saa nnua yi: ɔsɛsɛ, odwen ne ɔfo mman amono, yiyii ho akamakam ma ɛkɔtoo dua kwatii no. 38 Afei, ɔde mman amono a wayiyi ho no nyinaa guguu mmoa no adidi nnaka mu, sɛnea ɛba sɛ, mmoa no ba sɛ wɔrebɛnom nsu no bi a, wobehu. Saa bere no na anini no foro abere no. 39 Enti sɛ mmoa no hyia mu wɔ dua mman ntokontrama no ho, na wonyinsɛn na wɔwowo a, wɔn mma no ho yɛ ntokontrama. 40 Ɔnam saa kwan yi so yii Laban nguankuw no mu abere no guu faako ma ɛkaa anini no. Na ɔmaa wɔne Yakob nguan a wɔyɛ tuntum no hyiaa mu. Saa ɔkwan yi so na ɔfa tew nʼankasa ne nguankuw fii Laban de ho. 41 Edu bere a nguanbere a wɔwɔ ahoɔden no pɛ sɛ wohyia adwennini no a, Yakob de mman a wayiyi ho akamakam no gu wɔn anim. 42 Nanso wanyɛ nguan abere a wɔyɛ mmerɛw no saa. Enti nguantenmma a wonni ahoɔden no bɛyɛɛ Laban dea, na wɔn a wɔwɔ ahoɔden no nso bɛyɛɛ Yakob dea. 43 Ɛnam eyi so maa Yakob nyaa ne ho tam. Onyaa mmoa, mfenaa, nkoa, yoma ne mfurum bebree.

In Other Versions

Genesis 30 in the ANGEFD

Genesis 30 in the ANTPNG2D

Genesis 30 in the AS21

Genesis 30 in the BAGH

Genesis 30 in the BBPNG

Genesis 30 in the BBT1E

Genesis 30 in the BDS

Genesis 30 in the BEV

Genesis 30 in the BHAD

Genesis 30 in the BIB

Genesis 30 in the BLPT

Genesis 30 in the BNT

Genesis 30 in the BNTABOOT

Genesis 30 in the BNTLV

Genesis 30 in the BOATCB

Genesis 30 in the BOBCV

Genesis 30 in the BOCNT

Genesis 30 in the BOECS

Genesis 30 in the BOGWICC

Genesis 30 in the BOHCB

Genesis 30 in the BOHCV

Genesis 30 in the BOHLNT

Genesis 30 in the BOHNTLTAL

Genesis 30 in the BOICB

Genesis 30 in the BOILNTAP

Genesis 30 in the BOITCV

Genesis 30 in the BOKCV

Genesis 30 in the BOKCV2

Genesis 30 in the BOKHWOG

Genesis 30 in the BOKSSV

Genesis 30 in the BOLCB

Genesis 30 in the BOLCB2

Genesis 30 in the BOMCV

Genesis 30 in the BONAV

Genesis 30 in the BONCB

Genesis 30 in the BONLT

Genesis 30 in the BONUT2

Genesis 30 in the BOPLNT

Genesis 30 in the BOSCB

Genesis 30 in the BOSNC

Genesis 30 in the BOTLNT

Genesis 30 in the BOVCB

Genesis 30 in the BOYCB

Genesis 30 in the BPBB

Genesis 30 in the BPH

Genesis 30 in the BSB

Genesis 30 in the CCB

Genesis 30 in the CUV

Genesis 30 in the CUVS

Genesis 30 in the DBT

Genesis 30 in the DGDNT

Genesis 30 in the DHNT

Genesis 30 in the DNT

Genesis 30 in the ELBE

Genesis 30 in the EMTV

Genesis 30 in the ESV

Genesis 30 in the FBV

Genesis 30 in the FEB

Genesis 30 in the GGMNT

Genesis 30 in the GNT

Genesis 30 in the HARY

Genesis 30 in the HNT

Genesis 30 in the IRVA

Genesis 30 in the IRVB

Genesis 30 in the IRVG

Genesis 30 in the IRVH

Genesis 30 in the IRVK

Genesis 30 in the IRVM

Genesis 30 in the IRVM2

Genesis 30 in the IRVO

Genesis 30 in the IRVP

Genesis 30 in the IRVT

Genesis 30 in the IRVT2

Genesis 30 in the IRVU

Genesis 30 in the ISVN

Genesis 30 in the JSNT

Genesis 30 in the KAPI

Genesis 30 in the KBT1ETNIK

Genesis 30 in the KBV

Genesis 30 in the KJV

Genesis 30 in the KNFD

Genesis 30 in the LBA

Genesis 30 in the LBLA

Genesis 30 in the LNT

Genesis 30 in the LSV

Genesis 30 in the MAAL

Genesis 30 in the MBV

Genesis 30 in the MBV2

Genesis 30 in the MHNT

Genesis 30 in the MKNFD

Genesis 30 in the MNG

Genesis 30 in the MNT

Genesis 30 in the MNT2

Genesis 30 in the MRS1T

Genesis 30 in the NAA

Genesis 30 in the NASB

Genesis 30 in the NBLA

Genesis 30 in the NBS

Genesis 30 in the NBVTP

Genesis 30 in the NET2

Genesis 30 in the NIV11

Genesis 30 in the NNT

Genesis 30 in the NNT2

Genesis 30 in the NNT3

Genesis 30 in the PDDPT

Genesis 30 in the PFNT

Genesis 30 in the RMNT

Genesis 30 in the SBIAS

Genesis 30 in the SBIBS

Genesis 30 in the SBIBS2

Genesis 30 in the SBICS

Genesis 30 in the SBIDS

Genesis 30 in the SBIGS

Genesis 30 in the SBIHS

Genesis 30 in the SBIIS

Genesis 30 in the SBIIS2

Genesis 30 in the SBIIS3

Genesis 30 in the SBIKS

Genesis 30 in the SBIKS2

Genesis 30 in the SBIMS

Genesis 30 in the SBIOS

Genesis 30 in the SBIPS

Genesis 30 in the SBISS

Genesis 30 in the SBITS

Genesis 30 in the SBITS2

Genesis 30 in the SBITS3

Genesis 30 in the SBITS4

Genesis 30 in the SBIUS

Genesis 30 in the SBIVS

Genesis 30 in the SBT

Genesis 30 in the SBT1E

Genesis 30 in the SCHL

Genesis 30 in the SNT

Genesis 30 in the SUSU

Genesis 30 in the SUSU2

Genesis 30 in the SYNO

Genesis 30 in the TBIAOTANT

Genesis 30 in the TBT1E

Genesis 30 in the TBT1E2

Genesis 30 in the TFTIP

Genesis 30 in the TFTU

Genesis 30 in the TGNTATF3T

Genesis 30 in the THAI

Genesis 30 in the TNFD

Genesis 30 in the TNT

Genesis 30 in the TNTIK

Genesis 30 in the TNTIL

Genesis 30 in the TNTIN

Genesis 30 in the TNTIP

Genesis 30 in the TNTIZ

Genesis 30 in the TOMA

Genesis 30 in the TTENT

Genesis 30 in the UBG

Genesis 30 in the UGV

Genesis 30 in the UGV2

Genesis 30 in the UGV3

Genesis 30 in the VBL

Genesis 30 in the VDCC

Genesis 30 in the YALU

Genesis 30 in the YAPE

Genesis 30 in the YBVTP

Genesis 30 in the ZBP