Genesis 42 (BOATCB2)

1 Bere a Yakob tee sɛ aburow wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Adɛn nti na morehwehwɛhwehwɛ mo ho mo ho anim kɛkɛ yi?” 2 Yakob toaa so se, “Mate sɛ aburow wɔ Misraim. Monkɔ hɔ, na monkɔtɔ bi mmra na ɔkɔm ankunkum yɛn.” 3 Enti Yosef nuabarimanom mpanyimfo du no kɔɔ Misraim sɛ wɔrekɔtɔ aburow no bi. 4 Nanso Yakob amma Benyamin a ɔyɛ Yosef nua kumaa no ankɔ bi, efisɛ na osuro sɛ biribi bɛyɛ no. 5 Enti Israel mmabarima no de wɔn ho bɔɔ atɔfo a wofifi aman ahorow so kɔtɔ aburow wɔ Misraim no ho, efisɛ na ɔkɔm no atrɛw akodu Kanaan asase so mmaa nyinaa. 6 Na Yosef yɛ amrado wɔ Misraim asase so. Ɔno na ɔtɔn aburow ma nnipa nyinaa wɔ ɔman no mu. Yosef nuabarimanom no koduu nʼanim no, wobuu no nkotodwe, de wɔn anim nso butubutuw fam. 7 Bere a Yosef ani bɔɔ anuanom no so no, ohuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛnea onnim wɔn ma ɔhaahaa nʼani kasa kyerɛɛ wɔn se, “Mufi he?”Anuanom no buaa no se, “Yefi Kanaan asase so, na yɛaba sɛ yɛrebɛtɔ aduan.” 8 Na Yosef ahu ne nuanom no de, nanso wɔn de, na wonhuu no ɛ. 9 Yosef kaee dae a mmere bi ɔso faa wɔn ho no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ akwansrafo! Morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.” 10 Anuanom no buae se, “Dabi da yɛn wura, wo nkoa bae sɛ yɛrebɛtɔ aduan. 11 Yɛn nyinaa fi agya baako. Wo nkoa yɛ anokwafo, na yɛnyɛ akwansrafo.” 12 Nanso Yosef tii mu se, “Dabi da, morebɛhwɛ baabi a yɛn asase yi nni bammɔ.” 13 Anuanom no buae se, “Na wo nkoa yɛ anuanom dumien, ɔpanyin bi a ɔte Kanaan asase so mma. Mprempren, yɛn kaakyiri no wɔ yɛn agya nkyɛn, na ɔbaako nso afi mu.” 14 Yosef ka kyerɛɛ wɔn se, “Asɛm no ara na meka kyerɛɛ mo no: Moyɛ akwansrafo! 15 Ɔkwan a mɛfa so de asɔ mo ahwɛ ni: Sɛ Farao te ase yi, moremfi ha nkɔ da, kosi sɛ mode mo kaakyiri no bɛba. 16 Monsoma mo mu baako, na ɔnkɔfa mo kaakyiri no mmra. Mede mo a moaka no nyinaa begu afiase. Ɛno na ɛbɛma yɛahu sɛ mo asɛm a moreka no yɛ nokware. Sɛ ɛnte saa a na Farao te ase yi, na moyɛ akwansrafo!” 17 Na ɔde wɔn nyinaa guu afiase nnansa. 18 Nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno nti, monyɛ eyi na moanya nkwa. 19 Sɛ moyɛ nokwafo ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha na mo a moaka no nso nkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no. 20 Nanso nea ɛte biara no, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu mo nsɛm no mu nokware na moanwuwu.” Wɔyɛɛ nea ɔkaa no. 21 Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Nokware, yɛn nuabarima yi nti na wɔretwe yɛn aso. Yehuu sɛnea ɔpaa yɛn kyɛw sɛ yenyaa no nanso yɛantie no; ɛno nti na saa amanehunu yi aba yɛn so no.” 22 Ruben buae se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnyɛ bɔne biara ntia abarimaa no? Nanso moantie! Afei na ɛsɛ sɛ yebu ne mogya ho akontaa” 23 Esiane sɛ na obi kyerɛ nsɛm a Yosef ka no ase kyerɛ wɔn no nti, na wonnim sɛ Yosef te wɔn kasa no. 24 Yosef sɔre fii wɔn nkyɛn kosui. Ɔsan bae ne wɔn bɛkasae bio. Oyii Simeon fii wɔn mu, maa wɔkyekyeree no wɔ wɔn anim. 25 Yosef hyɛɛ sɛ, wɔnhyɛ wɔn nkotoku no aburow amaama, na wɔnsan mfa obiara sika a anka ɔde rebɛtɔ aburow no nhyɛ ne kotoku mu, na wɔmma wɔn akwansoduan nso nka ho. Wɔyɛɛ eyi maa wɔn. 26 Wɔhyehyɛɛ wɔn aburow nkotoku no wɔ wɔn mfurum no so ma wofii hɔ. 27 Wɔrekɔ no ara, wogyinaa kwan so anadwo homee. Ɛhɔ na wɔn mu baako san ne kotoku sɛ ɔrema nʼafurum aduan adi. Ɔsan ne kotoku no, ohuu sɛ ne sika a anka ɔde rekɔtɔ aburow no hyɛ kotoku no fa baabi. 28 Ɔka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Wɔde me sika no asan ahyɛ me kotoku no mu. Monhwɛ. Ɛno ni!”Saa asɛm yi maa wɔn koma tutui. Enti wɔhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim kae se, “Dɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?” 29 Woduu wɔn agya Yakob nkyɛn wɔ Kanaan no, wɔbɔɔ no nsɛm a asisi no nyinaa ho amanneɛ. Wɔkae se, 30 “Yeduu Misraim asase so no, ɔbarima a ɔhwɛ asase no so no poopoo nʼani, kyerɛɛ yɛn sɛ yɛyɛ akwansrafo. 31 Nanso yebuaa no se, ‘Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafo. 32 Yɛyɛ anuanom dumien a yefi agya baako. Ɔbaako afi mu. Mprempren, yɛn kaakyiri no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan.’ 33 “Na ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn se, ‘Ɔkwan a mepɛ sɛ mefa so sɔ mo hwɛ ni: Munnyaw mo nuanom baako wɔ me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no. 34 Nanso momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu sɛ monyɛ akwansrafo na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mubetumi adi gua wɔ asase yi so.’ ” 35 Bere a wɔrehwiehwie wɔn aburow no afi wɔn nkotoku no mu no, obiara huu ne sika a anka ɔde rekotua aburow no ka wɔ ne kotoku no ano. Wɔne wɔn agya huu sika no, wɔn koma tutui. 36 Ɛyɛɛ saa maa wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn se, “Moama mahwere me mma. Yosef nni hɔ; Simeon nso nni hɔ; afei mopɛ sɛ mofa Benyamin nso ka ho! Biribiara ko tia me.” 37 Ruben ka kyerɛɛ nʼagya se, “Sɛ mamfa Benyamin ansan amma a, wowɔ ho kwan sɛ wukum me mmabarima baanu no si anan. Fa no hyɛ me nsa, na mɛsan de no abrɛ wo.” 38 Nanso Yakob buae se, “Me babarima no ne morenkɔ hɔ, efisɛ ne nuabarima awu ama aka ɔno nko. Sɛ saa kwan a morebetu yi, asiane bi kosiane no a, mewu.”

In Other Versions

Genesis 42 in the ANGEFD

Genesis 42 in the ANTPNG2D

Genesis 42 in the AS21

Genesis 42 in the BAGH

Genesis 42 in the BBPNG

Genesis 42 in the BBT1E

Genesis 42 in the BDS

Genesis 42 in the BEV

Genesis 42 in the BHAD

Genesis 42 in the BIB

Genesis 42 in the BLPT

Genesis 42 in the BNT

Genesis 42 in the BNTABOOT

Genesis 42 in the BNTLV

Genesis 42 in the BOATCB

Genesis 42 in the BOBCV

Genesis 42 in the BOCNT

Genesis 42 in the BOECS

Genesis 42 in the BOGWICC

Genesis 42 in the BOHCB

Genesis 42 in the BOHCV

Genesis 42 in the BOHLNT

Genesis 42 in the BOHNTLTAL

Genesis 42 in the BOICB

Genesis 42 in the BOILNTAP

Genesis 42 in the BOITCV

Genesis 42 in the BOKCV

Genesis 42 in the BOKCV2

Genesis 42 in the BOKHWOG

Genesis 42 in the BOKSSV

Genesis 42 in the BOLCB

Genesis 42 in the BOLCB2

Genesis 42 in the BOMCV

Genesis 42 in the BONAV

Genesis 42 in the BONCB

Genesis 42 in the BONLT

Genesis 42 in the BONUT2

Genesis 42 in the BOPLNT

Genesis 42 in the BOSCB

Genesis 42 in the BOSNC

Genesis 42 in the BOTLNT

Genesis 42 in the BOVCB

Genesis 42 in the BOYCB

Genesis 42 in the BPBB

Genesis 42 in the BPH

Genesis 42 in the BSB

Genesis 42 in the CCB

Genesis 42 in the CUV

Genesis 42 in the CUVS

Genesis 42 in the DBT

Genesis 42 in the DGDNT

Genesis 42 in the DHNT

Genesis 42 in the DNT

Genesis 42 in the ELBE

Genesis 42 in the EMTV

Genesis 42 in the ESV

Genesis 42 in the FBV

Genesis 42 in the FEB

Genesis 42 in the GGMNT

Genesis 42 in the GNT

Genesis 42 in the HARY

Genesis 42 in the HNT

Genesis 42 in the IRVA

Genesis 42 in the IRVB

Genesis 42 in the IRVG

Genesis 42 in the IRVH

Genesis 42 in the IRVK

Genesis 42 in the IRVM

Genesis 42 in the IRVM2

Genesis 42 in the IRVO

Genesis 42 in the IRVP

Genesis 42 in the IRVT

Genesis 42 in the IRVT2

Genesis 42 in the IRVU

Genesis 42 in the ISVN

Genesis 42 in the JSNT

Genesis 42 in the KAPI

Genesis 42 in the KBT1ETNIK

Genesis 42 in the KBV

Genesis 42 in the KJV

Genesis 42 in the KNFD

Genesis 42 in the LBA

Genesis 42 in the LBLA

Genesis 42 in the LNT

Genesis 42 in the LSV

Genesis 42 in the MAAL

Genesis 42 in the MBV

Genesis 42 in the MBV2

Genesis 42 in the MHNT

Genesis 42 in the MKNFD

Genesis 42 in the MNG

Genesis 42 in the MNT

Genesis 42 in the MNT2

Genesis 42 in the MRS1T

Genesis 42 in the NAA

Genesis 42 in the NASB

Genesis 42 in the NBLA

Genesis 42 in the NBS

Genesis 42 in the NBVTP

Genesis 42 in the NET2

Genesis 42 in the NIV11

Genesis 42 in the NNT

Genesis 42 in the NNT2

Genesis 42 in the NNT3

Genesis 42 in the PDDPT

Genesis 42 in the PFNT

Genesis 42 in the RMNT

Genesis 42 in the SBIAS

Genesis 42 in the SBIBS

Genesis 42 in the SBIBS2

Genesis 42 in the SBICS

Genesis 42 in the SBIDS

Genesis 42 in the SBIGS

Genesis 42 in the SBIHS

Genesis 42 in the SBIIS

Genesis 42 in the SBIIS2

Genesis 42 in the SBIIS3

Genesis 42 in the SBIKS

Genesis 42 in the SBIKS2

Genesis 42 in the SBIMS

Genesis 42 in the SBIOS

Genesis 42 in the SBIPS

Genesis 42 in the SBISS

Genesis 42 in the SBITS

Genesis 42 in the SBITS2

Genesis 42 in the SBITS3

Genesis 42 in the SBITS4

Genesis 42 in the SBIUS

Genesis 42 in the SBIVS

Genesis 42 in the SBT

Genesis 42 in the SBT1E

Genesis 42 in the SCHL

Genesis 42 in the SNT

Genesis 42 in the SUSU

Genesis 42 in the SUSU2

Genesis 42 in the SYNO

Genesis 42 in the TBIAOTANT

Genesis 42 in the TBT1E

Genesis 42 in the TBT1E2

Genesis 42 in the TFTIP

Genesis 42 in the TFTU

Genesis 42 in the TGNTATF3T

Genesis 42 in the THAI

Genesis 42 in the TNFD

Genesis 42 in the TNT

Genesis 42 in the TNTIK

Genesis 42 in the TNTIL

Genesis 42 in the TNTIN

Genesis 42 in the TNTIP

Genesis 42 in the TNTIZ

Genesis 42 in the TOMA

Genesis 42 in the TTENT

Genesis 42 in the UBG

Genesis 42 in the UGV

Genesis 42 in the UGV2

Genesis 42 in the UGV3

Genesis 42 in the VBL

Genesis 42 in the VDCC

Genesis 42 in the YALU

Genesis 42 in the YAPE

Genesis 42 in the YBVTP

Genesis 42 in the ZBP