Leviticus 16 (BOATCB2)

1 Aaron mmabarima baanu a wowuwuu wɔ AWURADE anim no wu akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Bɔ wo nua Aaron kɔkɔ sɛ, ɔnnkɔ kronkronbea hɔ wɔ ntwamtam no akyi; beae a apam adaka no si ne mmɔborɔhunu beae hɔ kwa. Ɔkɔ hɔ a obewu, efisɛ mʼankasa mewɔ omununkum a ɛkata mpata beae so no mu. 3 “Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ni: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyew afɔre. 4 Ɛsɛ sɛ oguare na ɔhyɛ atade hanahana ne ne nhyɛase na ɔbɔ nkyekyeremu ne abotiri. 5 Afei, Israelfo bɛbrɛ no mmirekyi abien a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔre ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyew afɔre. 6 “Ɛsɛ sɛ Aaron de nantwi ba no bɛma AWURADE sɛ bɔne ho afɔre a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpata ama ne ho ne ne fifo. 7 Afei, ɔde mmirekyi abien no bɛba AWURADE anim wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. 8 Ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmirekyi no so ntonto hu AWURADE de, ne nea ɛsɛ sɛ wɔsan de no kɔ. 9 Aaron de abirekyi a wɔde no rebɛbɔ AWURADE afɔre no bɛbɔ bɔne ho afɔre. 10 Wɔrenkum abirekyi baako a waka no na wɔde no aba Awurade anim. Wɔbɛyɛ mpata ho dwumadi bi agu ne so na wɔde no akɔ sare so akogyaw no wɔ hɔ sɛ mpata guan. 11 “Aaron de nantwinini ba no bɛbɔ bɔne ho afɔre ama ne ho ne ne fifo. 12 Ɛsɛ sɛ ɔfa ade a wɔhyew aduhuam wɔ mu a nnyansramma a wɔfaa wɔ AWURADE afɔremuka no so ayɛ no ma. Afei ɔde aduhuam a wɔayam no muhumuhu bɛyɛ ne nsam na ɔde akɔ ntwamtam no akyi. 13 Ɛhɔ na ɔde aduhuam no begu ogya no so wɔ AWURADE anim na ayɛ wusiw kumɔnn wɔ mpata beae apam ne adaka (a abo apon a wɔakyerɛw Mmaransɛm Du agu so wɔ mu) no so nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenwu. 14 Na ɔde nantwinini ba no mogya no bi bɛba na ɔde ne nsateaa baako abɔ mu apete mpata beae hɔ apuei fam na wapete no mpɛn ason wɔ anim. 15 “Afei, ɛsɛ sɛ ofi adi na ɔde abirekyi no kɔbɔ ɔmanfo no bɔne ho afɔre na wɔde ne mogya no ba ntwamtam no akyi na wɔpete gu mpata hɔ ne anim sɛnea ɔde nantwinini ba no mogya no yɛe no ara pɛ. 16 Na ɛkyerɛ sɛ wayɛ mpata ama beae kronkron hɔ, efisɛ Israelfo bɔne ama efi aka beae hɔ ne Ahyiae Ntamadan no a wɔasi wɔ wɔn mfimfini hɔ no. 17 Sɛ Aaron wura Ahyiae Ntamadan no mu kɔ kronkronbea hɔ rekɔyɛ mpata adwuma no a, ɛnsɛ sɛ obiara kɔ hɔ bi, gye sɛ ɔyɛ mpata no ma ne ho ne ne fifo ne Israelfo nyinaa wie. 18 “Afei, ɔbɛkɔ afɔremuka no ho wɔ AWURADE anim akɔyɛ mpata ama afɔremuka no. Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba no ne abirekyi mogya no sra mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no ho. 19 Na ɔde ne nsateaa baako bɛpete mogya no mpɛn ason agu afɔremuka no so de atew ho afi Israelfo bɔne no ho ayɛ no kronkron. 20 “Sɛ owie mpata a ɛfa kronkronbea hɔ ne Ahyiae Ntamadan no ho nsɛm nyinaa ne afɔremuka no ho a, ɔde abirekyi no bɛba anikann. 21 Na ɔde ne nsa abien agu aboa no apampam, na waka atirimɔden ne atuatew a Israelfo ayɛ, wɔn bɔne nyinaa de agu abirekyi no apampam, na obi a wɔayi no sɛ ɔnyɛ saa adwuma no de aboa no bɛkɔ sare so. 22 Enti abirekyi no bɛsoa nnipa no bɔne nyinaa de akɔ asase a obi nte so no so na nipa no agyaa no wɔ sare so hɔ. 23 “Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ bio akɔworɔw nʼatade hanahana a ɔhyɛɛ wɔ ntwamtam no akyi no na wagyaw wɔ hɔ. 24 Ɔbɛkɔ akoguare wɔ faako a wɔatew hɔ ho na wahyɛ ne ntade no bio na wafi adi akɔbɔ ɔno ankasa ɔhyew afɔre asan abɔ ɔhyew afɔre ama nnipa no na wayɛ mpata ama ne ho ne wɔn. 25 Ɔbɛhyew srade de abɔ bɔne ho afɔre wɔ afɔremuka no so. 26 “Akyiri no, ɔbarima a ɔde abirekyi no kɔɔ sare so kogyaa no no bɛhoro ne ntama na waguare na wasan aba beae hɔ bio. 27 Na nantwi ba ne abirekyi a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no a Aaron de wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔyɛɛ mpata no, wɔde wɔn bɛkɔ nsraban no akyi baabi akɔhyew a wɔn ho nwoma ne wɔn ayamde ka ho. 28 Akyiri no, onipa a ɔrebɛhyew afɔrebɔde no bɛhoro ne ntama, aguare na wasan akɔ beae hɔ bio. 29 “Eyi yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa. Ɔsram a ɛto so ason no nnafua du so no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara, na mmom, momfa saa da no nkari mo ho nhwɛ wɔ ahobrɛase mu. Saa mmara yi ka wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so anaa ahɔho a wɔne Israelfo te; 30 efisɛ da yi na wɔde kae mo mpata ne mo ahodwira wɔ mo bɔne ho wɔ AWURADE anim. 31 Ɛyɛ homeda a ɛsɛ sɛ mode home enti ɛsɛ sɛ mudi da no dinn wɔ ahobrɛase mu. Ɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa. 32 Saa ahyɛde yi, Ɔsɔfopanyin a wɔasra no no a obesi ne nena Aaron anan na obedi ho dwuma wɔ beae hɔ. Ɔno nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔhyɛ atade kronkron hanahana no 33 na ɔyɛ mpata wɔ kronkronbea hɔ wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ, wɔ afɔremuka no so de ma asɔfo no ne nnipa no. 34 “Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo, na Israelfo bɔne nti, moagyina so afe biara de ayɛ mpata ama Israelfo afi wɔn bɔne nyinaa mu.”Na Mose dii mmara a AWURADE hyɛ maa no no nyinaa so.

In Other Versions

Leviticus 16 in the ANGEFD

Leviticus 16 in the ANTPNG2D

Leviticus 16 in the AS21

Leviticus 16 in the BAGH

Leviticus 16 in the BBPNG

Leviticus 16 in the BBT1E

Leviticus 16 in the BDS

Leviticus 16 in the BEV

Leviticus 16 in the BHAD

Leviticus 16 in the BIB

Leviticus 16 in the BLPT

Leviticus 16 in the BNT

Leviticus 16 in the BNTABOOT

Leviticus 16 in the BNTLV

Leviticus 16 in the BOATCB

Leviticus 16 in the BOBCV

Leviticus 16 in the BOCNT

Leviticus 16 in the BOECS

Leviticus 16 in the BOGWICC

Leviticus 16 in the BOHCB

Leviticus 16 in the BOHCV

Leviticus 16 in the BOHLNT

Leviticus 16 in the BOHNTLTAL

Leviticus 16 in the BOICB

Leviticus 16 in the BOILNTAP

Leviticus 16 in the BOITCV

Leviticus 16 in the BOKCV

Leviticus 16 in the BOKCV2

Leviticus 16 in the BOKHWOG

Leviticus 16 in the BOKSSV

Leviticus 16 in the BOLCB

Leviticus 16 in the BOLCB2

Leviticus 16 in the BOMCV

Leviticus 16 in the BONAV

Leviticus 16 in the BONCB

Leviticus 16 in the BONLT

Leviticus 16 in the BONUT2

Leviticus 16 in the BOPLNT

Leviticus 16 in the BOSCB

Leviticus 16 in the BOSNC

Leviticus 16 in the BOTLNT

Leviticus 16 in the BOVCB

Leviticus 16 in the BOYCB

Leviticus 16 in the BPBB

Leviticus 16 in the BPH

Leviticus 16 in the BSB

Leviticus 16 in the CCB

Leviticus 16 in the CUV

Leviticus 16 in the CUVS

Leviticus 16 in the DBT

Leviticus 16 in the DGDNT

Leviticus 16 in the DHNT

Leviticus 16 in the DNT

Leviticus 16 in the ELBE

Leviticus 16 in the EMTV

Leviticus 16 in the ESV

Leviticus 16 in the FBV

Leviticus 16 in the FEB

Leviticus 16 in the GGMNT

Leviticus 16 in the GNT

Leviticus 16 in the HARY

Leviticus 16 in the HNT

Leviticus 16 in the IRVA

Leviticus 16 in the IRVB

Leviticus 16 in the IRVG

Leviticus 16 in the IRVH

Leviticus 16 in the IRVK

Leviticus 16 in the IRVM

Leviticus 16 in the IRVM2

Leviticus 16 in the IRVO

Leviticus 16 in the IRVP

Leviticus 16 in the IRVT

Leviticus 16 in the IRVT2

Leviticus 16 in the IRVU

Leviticus 16 in the ISVN

Leviticus 16 in the JSNT

Leviticus 16 in the KAPI

Leviticus 16 in the KBT1ETNIK

Leviticus 16 in the KBV

Leviticus 16 in the KJV

Leviticus 16 in the KNFD

Leviticus 16 in the LBA

Leviticus 16 in the LBLA

Leviticus 16 in the LNT

Leviticus 16 in the LSV

Leviticus 16 in the MAAL

Leviticus 16 in the MBV

Leviticus 16 in the MBV2

Leviticus 16 in the MHNT

Leviticus 16 in the MKNFD

Leviticus 16 in the MNG

Leviticus 16 in the MNT

Leviticus 16 in the MNT2

Leviticus 16 in the MRS1T

Leviticus 16 in the NAA

Leviticus 16 in the NASB

Leviticus 16 in the NBLA

Leviticus 16 in the NBS

Leviticus 16 in the NBVTP

Leviticus 16 in the NET2

Leviticus 16 in the NIV11

Leviticus 16 in the NNT

Leviticus 16 in the NNT2

Leviticus 16 in the NNT3

Leviticus 16 in the PDDPT

Leviticus 16 in the PFNT

Leviticus 16 in the RMNT

Leviticus 16 in the SBIAS

Leviticus 16 in the SBIBS

Leviticus 16 in the SBIBS2

Leviticus 16 in the SBICS

Leviticus 16 in the SBIDS

Leviticus 16 in the SBIGS

Leviticus 16 in the SBIHS

Leviticus 16 in the SBIIS

Leviticus 16 in the SBIIS2

Leviticus 16 in the SBIIS3

Leviticus 16 in the SBIKS

Leviticus 16 in the SBIKS2

Leviticus 16 in the SBIMS

Leviticus 16 in the SBIOS

Leviticus 16 in the SBIPS

Leviticus 16 in the SBISS

Leviticus 16 in the SBITS

Leviticus 16 in the SBITS2

Leviticus 16 in the SBITS3

Leviticus 16 in the SBITS4

Leviticus 16 in the SBIUS

Leviticus 16 in the SBIVS

Leviticus 16 in the SBT

Leviticus 16 in the SBT1E

Leviticus 16 in the SCHL

Leviticus 16 in the SNT

Leviticus 16 in the SUSU

Leviticus 16 in the SUSU2

Leviticus 16 in the SYNO

Leviticus 16 in the TBIAOTANT

Leviticus 16 in the TBT1E

Leviticus 16 in the TBT1E2

Leviticus 16 in the TFTIP

Leviticus 16 in the TFTU

Leviticus 16 in the TGNTATF3T

Leviticus 16 in the THAI

Leviticus 16 in the TNFD

Leviticus 16 in the TNT

Leviticus 16 in the TNTIK

Leviticus 16 in the TNTIL

Leviticus 16 in the TNTIN

Leviticus 16 in the TNTIP

Leviticus 16 in the TNTIZ

Leviticus 16 in the TOMA

Leviticus 16 in the TTENT

Leviticus 16 in the UBG

Leviticus 16 in the UGV

Leviticus 16 in the UGV2

Leviticus 16 in the UGV3

Leviticus 16 in the VBL

Leviticus 16 in the VDCC

Leviticus 16 in the YALU

Leviticus 16 in the YAPE

Leviticus 16 in the YBVTP

Leviticus 16 in the ZBP