Psalms 64 (BOATCB2)
undefined Dawid dwom. 1 Me Nyankopɔn, tie me, bere a mereka me haw;bɔ me kra ho ban fi ɔtamfo ahunahuna ho. 2 Fa me sie fi amumɔyɛfo agyinatu ho,ne nnebɔneyɛfo pɔwbɔ ho. 3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma sɛ afoana wɔde atirimɔden nsɛm sɔn sɛ mmɛmma werɛmfo. 4 Wofi ahintawee mu, tow bɔ onipa a ne ho nni asɛm;wɔtow bɔ no mpofirim a wonsuro. 5 Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumɔyɛ nhyehyɛe ho,wɔka sɛnea wobesum wɔn mfiri asie;wɔka se, “Hena na obehu yɛn?” 6 Wɔbɔ ntɛnkyew ho pɔw na wɔka se,“Yɛayɛ nhyehyɛe a ɛso nni koraa!”Ampa ara onipa koma ne nʼadwene yɛ anifere. 7 Nanso Onyankopɔn bɛto bɛmma abɔ wɔn;na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ. 8 Ɔbɛdan wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔnna ɔde wɔn aba ɔsɛe mu;na wɔn a wobehu wɔn nyinaa de animka bɛbɔ wɔn ti nko. 9 Adesamma nyinaa besuro;wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwumana wɔasusuw nea wayɛ ho. 10 Ma atreneefo nni ahurusi wɔ Awurade muna wɔmpɛ guankɔbea wɔ no mu;ma wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa nyi no ayɛ!Wɔde ma dwonkyerɛfo.