1 Chronicles 27 (BOATCB)

1 Israelfoɔ akuo ahodoɔ no nie—mmusuapanin, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ a na wɔhwɛ asraafoɔ akuo ahodoɔ so de som ɔhene, a ekuo biara kɔ adwuma bosome baako wɔ afe mu. Na ɛdɔm a wɔwɔ ekuo biara mu nso dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi: 2 Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ ekuo a ɛdi ɛkan no sahene, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛdi ɛkan wɔ afe no mu. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 3 Na ɔyɛ Peres aseni a na ɔhwɛ asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa so bosome a ɛdi ɛkan no mu. 4 Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so mmienu a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so mmienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000), a na Miklot yɛ nʼabadiakyire. 5 Ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so mmiɛnsa a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 6 Saa Benaia yi na na ɔhwɛ Dawid asraafoɔ akunini kuo, a na wɔfrɛ wɔn Akofoɔ Akɛseɛ Aduasa no so. Ne babarima Amisabad na na ɔyɛ nʼabadiakyire. 7 Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so ɛnan, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so ɛnan mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Asahel babarima Sebadia na ɔdii nʼadeɛ. 8 Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so enum, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so enum mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 9 Ikes babarima Ira a ɔfiri Tekoa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nsia, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nsia mu no sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 10 Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ɔfiri Pelon no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nson, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nson mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 11 Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ɔfiri Husa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nwɔtwe, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 12 Abieser a na ɔfiri Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nkron, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nkron mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 13 Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ɔfiri Netofa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so edu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so edu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 14 Benaia a ɔfiri Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dubaako, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dubaako mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 15 Heldai a ɔyɛ Otniel a ɔfiri Netofa aseni no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dumienu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dumienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). 16 Mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ nie: Ruben abusuakuo: Sikri babarima Elieser;Simeon abusuakuo: Maaka babarima Sefatia; 17 Lewi abusuakuo: Kemuel babarima HasabiaAaron (asɔfoɔ no) abusuakuo: Sadok; 18 Yuda abusuakuo: Dawid nuabarima Elihu;Isakar abusuakuo: Mikael babarima Omri; 19 Sebulon abusuakuo: Obadia babarima Yismaia;Naftali abusuakuo: Asriel babarima Yerimot; 20 Efraim abusuakuo: Asasia babarima Hosea;Manase (atɔeɛ fam) abusuakuo: Pedaia babarima Yoɛl; 21 Manase (apueeɛ fam) abusuakuo Sakaria babarima Ido;Benyamin abusuakuo: Abner babarima Yaasiel; 22 Dan abusuakuo: Yeroham babarima Asarel. Yeinom ne Israel mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ. 23 Ɛberɛ a Dawid ma wɔkanee nnipa no, wɔankan wɔn a wɔnnii mfeɛ aduonu, ɛfiri sɛ, na AWURADE ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfoɔ no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma. 24 Yoab na ɔhyɛɛ nnipakan no ase, nanso wanwie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bo fuu Israel. Wɔantwerɛ nnipa no nyinaa dodoɔ angu Ɔhene Dawid nkrataa mu. 25 Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfie sikakorabea so.Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkuro, nkuraaseɛ ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so. 26 Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafoɔ a na wɔdɔ ɔhene mfuo so. 27 Simei a na ɔfiri Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuo so.Sabdi a ɔfiri Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsã ne nsã a wɔayɛ so. 28 Baal-Hanan a ɔfiri Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngo nnua ne akyee nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔ ase no so.Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo. 29 Sitrai a ɔfiri Saron na na ɔhwɛ anantwie a na wɔwɔ Saron ɛserɛ so no so.Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwie a wɔwɔ bɔnhwa ahodoɔ mu no so. 30 Ismaelni Obil na na ɔhwɛ nyoma so.Yehdia a ɔfiri Meronot na na ɔhwɛ mfunumu so. 31 Yasis a ɔfiri Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nnwan so.Saa mpanimfoɔ yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapadeɛ so. 32 Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufoɔ nyansafoɔ maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔwɔ nhunumu.Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmammarima adeɛ. 33 Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene ɔfotufoɔ.Na Husai a ɔfiri Arki yɛ ɔhene adamfo. 34 Benaia babarima Yehoiada na ɔdii Ahitofel adeɛ na Abiatar bɛtoaa adedie no so.Yoab na na ɔyɛ Israel akodɔm so sahene.

In Other Versions

1 Chronicles 27 in the ANGEFD

1 Chronicles 27 in the ANTPNG2D

1 Chronicles 27 in the AS21

1 Chronicles 27 in the BAGH

1 Chronicles 27 in the BBPNG

1 Chronicles 27 in the BBT1E

1 Chronicles 27 in the BDS

1 Chronicles 27 in the BEV

1 Chronicles 27 in the BHAD

1 Chronicles 27 in the BIB

1 Chronicles 27 in the BLPT

1 Chronicles 27 in the BNT

1 Chronicles 27 in the BNTABOOT

1 Chronicles 27 in the BNTLV

1 Chronicles 27 in the BOATCB2

1 Chronicles 27 in the BOBCV

1 Chronicles 27 in the BOCNT

1 Chronicles 27 in the BOECS

1 Chronicles 27 in the BOGWICC

1 Chronicles 27 in the BOHCB

1 Chronicles 27 in the BOHCV

1 Chronicles 27 in the BOHLNT

1 Chronicles 27 in the BOHNTLTAL

1 Chronicles 27 in the BOICB

1 Chronicles 27 in the BOILNTAP

1 Chronicles 27 in the BOITCV

1 Chronicles 27 in the BOKCV

1 Chronicles 27 in the BOKCV2

1 Chronicles 27 in the BOKHWOG

1 Chronicles 27 in the BOKSSV

1 Chronicles 27 in the BOLCB

1 Chronicles 27 in the BOLCB2

1 Chronicles 27 in the BOMCV

1 Chronicles 27 in the BONAV

1 Chronicles 27 in the BONCB

1 Chronicles 27 in the BONLT

1 Chronicles 27 in the BONUT2

1 Chronicles 27 in the BOPLNT

1 Chronicles 27 in the BOSCB

1 Chronicles 27 in the BOSNC

1 Chronicles 27 in the BOTLNT

1 Chronicles 27 in the BOVCB

1 Chronicles 27 in the BOYCB

1 Chronicles 27 in the BPBB

1 Chronicles 27 in the BPH

1 Chronicles 27 in the BSB

1 Chronicles 27 in the CCB

1 Chronicles 27 in the CUV

1 Chronicles 27 in the CUVS

1 Chronicles 27 in the DBT

1 Chronicles 27 in the DGDNT

1 Chronicles 27 in the DHNT

1 Chronicles 27 in the DNT

1 Chronicles 27 in the ELBE

1 Chronicles 27 in the EMTV

1 Chronicles 27 in the ESV

1 Chronicles 27 in the FBV

1 Chronicles 27 in the FEB

1 Chronicles 27 in the GGMNT

1 Chronicles 27 in the GNT

1 Chronicles 27 in the HARY

1 Chronicles 27 in the HNT

1 Chronicles 27 in the IRVA

1 Chronicles 27 in the IRVB

1 Chronicles 27 in the IRVG

1 Chronicles 27 in the IRVH

1 Chronicles 27 in the IRVK

1 Chronicles 27 in the IRVM

1 Chronicles 27 in the IRVM2

1 Chronicles 27 in the IRVO

1 Chronicles 27 in the IRVP

1 Chronicles 27 in the IRVT

1 Chronicles 27 in the IRVT2

1 Chronicles 27 in the IRVU

1 Chronicles 27 in the ISVN

1 Chronicles 27 in the JSNT

1 Chronicles 27 in the KAPI

1 Chronicles 27 in the KBT1ETNIK

1 Chronicles 27 in the KBV

1 Chronicles 27 in the KJV

1 Chronicles 27 in the KNFD

1 Chronicles 27 in the LBA

1 Chronicles 27 in the LBLA

1 Chronicles 27 in the LNT

1 Chronicles 27 in the LSV

1 Chronicles 27 in the MAAL

1 Chronicles 27 in the MBV

1 Chronicles 27 in the MBV2

1 Chronicles 27 in the MHNT

1 Chronicles 27 in the MKNFD

1 Chronicles 27 in the MNG

1 Chronicles 27 in the MNT

1 Chronicles 27 in the MNT2

1 Chronicles 27 in the MRS1T

1 Chronicles 27 in the NAA

1 Chronicles 27 in the NASB

1 Chronicles 27 in the NBLA

1 Chronicles 27 in the NBS

1 Chronicles 27 in the NBVTP

1 Chronicles 27 in the NET2

1 Chronicles 27 in the NIV11

1 Chronicles 27 in the NNT

1 Chronicles 27 in the NNT2

1 Chronicles 27 in the NNT3

1 Chronicles 27 in the PDDPT

1 Chronicles 27 in the PFNT

1 Chronicles 27 in the RMNT

1 Chronicles 27 in the SBIAS

1 Chronicles 27 in the SBIBS

1 Chronicles 27 in the SBIBS2

1 Chronicles 27 in the SBICS

1 Chronicles 27 in the SBIDS

1 Chronicles 27 in the SBIGS

1 Chronicles 27 in the SBIHS

1 Chronicles 27 in the SBIIS

1 Chronicles 27 in the SBIIS2

1 Chronicles 27 in the SBIIS3

1 Chronicles 27 in the SBIKS

1 Chronicles 27 in the SBIKS2

1 Chronicles 27 in the SBIMS

1 Chronicles 27 in the SBIOS

1 Chronicles 27 in the SBIPS

1 Chronicles 27 in the SBISS

1 Chronicles 27 in the SBITS

1 Chronicles 27 in the SBITS2

1 Chronicles 27 in the SBITS3

1 Chronicles 27 in the SBITS4

1 Chronicles 27 in the SBIUS

1 Chronicles 27 in the SBIVS

1 Chronicles 27 in the SBT

1 Chronicles 27 in the SBT1E

1 Chronicles 27 in the SCHL

1 Chronicles 27 in the SNT

1 Chronicles 27 in the SUSU

1 Chronicles 27 in the SUSU2

1 Chronicles 27 in the SYNO

1 Chronicles 27 in the TBIAOTANT

1 Chronicles 27 in the TBT1E

1 Chronicles 27 in the TBT1E2

1 Chronicles 27 in the TFTIP

1 Chronicles 27 in the TFTU

1 Chronicles 27 in the TGNTATF3T

1 Chronicles 27 in the THAI

1 Chronicles 27 in the TNFD

1 Chronicles 27 in the TNT

1 Chronicles 27 in the TNTIK

1 Chronicles 27 in the TNTIL

1 Chronicles 27 in the TNTIN

1 Chronicles 27 in the TNTIP

1 Chronicles 27 in the TNTIZ

1 Chronicles 27 in the TOMA

1 Chronicles 27 in the TTENT

1 Chronicles 27 in the UBG

1 Chronicles 27 in the UGV

1 Chronicles 27 in the UGV2

1 Chronicles 27 in the UGV3

1 Chronicles 27 in the VBL

1 Chronicles 27 in the VDCC

1 Chronicles 27 in the YALU

1 Chronicles 27 in the YAPE

1 Chronicles 27 in the YBVTP

1 Chronicles 27 in the ZBP