1 Kings 3 (BOATCB)

1 Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ apam, nam so waree ne babaa. Ɔde no bɛtenaa Dawid kurom kɔsii sɛ ɔsii nʼahemfie, sii AWURADE Asɔredan, na ɔtoo Yerusalem ho ɔfasuo nso wieeɛ. 2 Saa ɛberɛ no mu, na Israelfoɔ gu so bɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea, ɛfiri sɛ, na wɔnsii asɔredan, mfaa AWURADE din ntoo so. 3 Salomo kyerɛɛ ne dɔ a ɔwɔ maa AWURADE, ɛfiri sɛ, na ɔnam nʼagya Dawid nkyerɛkyerɛ anammɔn so pɛpɛɛpɛ. Mmom na ɔbɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, hye aduhwam wɔ hɔ nso. 4 Gibeon na na afɔrebukyia no mu atitire wɔ, ɛhɔ na Salomo kɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ apem wɔ afɔrebukyia so. 5 Anadwo no, AWURADE daa ne ho adi kyerɛɛ Salomo wɔ daeɛ mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo.” 6 Salomo kaa sɛ, “Woada adɔeɛ kɛseɛ pa ara adi akyerɛ mʼagya Dawid, ɛfiri sɛ, na ɔdi wo nokorɛ, yɛ ɔteneneeni a nʼakoma mu nso da hɔ. Woatoa so ayɛ no saa adɔeɛ kɛseɛ yi ara, na ɛnnɛ yi ara, woama no ɔbabarima sɛ ɔntena nʼahennwa nso so. 7 “Afei, Ao AWURADE, me Onyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene, sɛ mensi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abɔfra ketewaa bi a mennim sɛdeɛ mɛsi ayɛ mʼadwuma. 8 Ɛha na wʼakoa abɛduru wɔ nnipa a woapa wɔn no mu; nnipa a wɔn dodoɔ enti, obi ntumi nkan wɔn. 9 Ɛno enti, ma wʼakoa nhunumu akoma a ɔbɛtumi de adi wo nkurɔfoɔ so, na ɔbɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Na hwan koraa na ɔno nko ara bɛtumi adi saa ɔman a wɔdi mu, a wɔyɛ wo dea yi so?” 10 AWURADE ani sɔɔ Salomo mmuaeɛ no, na nʼani gyee sɛ ɔbisaa nyansa. 11 Enti, AWURADE buaa sɛ, “Esiane sɛ woabisa nyansa a wode bɛdi me manfoɔ so, na woammisa nkwa tenten anaa sika amma wo ho anaa woammisa sɛ wo ɔtamfoɔ bi nwu no enti, 12 mede deɛ woabisa no bɛma wo. Mɛma wo nyansa ne nteaseɛ a obiara nnyaa bi da, na obiara nso nnya bi da. 13 Na deɛ woammisa no nso, mede bɛka wo ho—sika ne animuonyam. Na ɔhene biara a ɔwɔ ewiase nso rentumi mfa ne ho nto wo ho, wo nkwa nna nyinaa mu. 14 Na sɛ wodi mʼakyi, na wodi me mmara so sɛ wʼagya Dawid a, mɛma wo nkwa tenten.” 15 Na Salomo nyaneeɛ, na ɔhunuu sɛ ɛyɛ daeɛ. Ɔkɔɔ Yerusalem kɔgyinaa AWURADE Apam Adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔhyiaa ne mpanimfoɔ nyinaa, too wɔn ɛpono. 16 Akyire yi, mmaa nnwamanfoɔ baanu bi baa ɔhene no nkyɛn, pɛɛ sɛ ɔka wɔn asɛm bi ma wɔn. 17 Wɔn mu baako hyɛɛ aseɛ sɛ, “Me wura, mesrɛ wo meka sɛ, saa ɔbaa yi ne me te fi korɔ mu. Mewoo ɔba ɛberɛ a ɔne me te efie hɔ. 18 Nnansa akyi no, ɔno nso woo ba. Na yɛn nko ara na yɛte fie hɔ a obiara nka yɛn baanu ho. 19 “Nanso, anadwo no, ɔpere kɔdaa ne ba no so, kumm no. 20 Na ɔsɔree anadwo no faa me ba firii me nkyɛn ɛberɛ a mada. Ɔde ne ba a wawu no too mʼabasa so, na ɔfaa me deɛ no kɔtoo ne nkyɛn, ma ɔdaeɛ. 21 Adeɛ kyeeɛ a mepɛɛ sɛ mema me ba no nufoɔ no, na wawu. Nanso, anim tetee kakra a mehwɛɛ abɔfra no yie no, mehunuu sɛ, ɛnyɛ me ba no koraa.” 22 Ɛhɔ ara na ɔbaa baako no gyee hwanyan kaa sɛ, “Abɔfra a wawuo no yɛ wo ba no, ɛnna deɛ ɔnwuiɛ no nso yɛ me deɛ no.”Ɛnna ɔbaa a ɔdi ɛkan no nso se, “Dabi, deɛ wawuo no yɛ wo ba no, ɛnna deɛ ɔnwuiɛ no nso yɛ me deɛ no.” Enti, wɔtwee asɛm no saa ara wɔ ɔhene no anim. 23 Ɔhene no kaa sɛ, “Momma yɛmpɛ asɛm no mu nokorɛ yie. Mo baanu nyinaa, obiara se abɔfra a ɔnwuiɛ no yɛ ne dea, na abɔfra a wawuo no deɛ, ɔnyɛ obiara dea. 24 “Sɛ saa na ɛte deɛ a, mommrɛ me akofena.” Enti, wɔde akofena brɛɛ ɔhene no. 25 Afei, ɔkaa sɛ, “Mompae abɔfra a ɔnwuiɛ no mu mmienu, na momfa ɛfa mma mmaa no mu biara.” 26 Na ɔbaa a nokorɛm, ɔyɛ abɔfra a ɔte ase no maame a ɔpɛ ne ba yi asɛm yie no teateaam sɛ, “Ao! Dabi me wura! Fa abɔfra no ma no. Mesrɛ wo nku no!”Nanso, ɔbaa baako no kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛbɛbɔ yɛn baanu nyinaa. Kyɛ ne mu ma yɛn!” 27 Ɛhɔ na ɔhene no kaa sɛ, “Monnku no, na mmom, momfa abɔfra no mma ɔbaa a ɔpɛ sɛ abɔfra no tena ase no, na ɔno ne ne maame no.” 28 Ɔhene yi atemmuo no trɛ faa Israel mmaa nyinaa, na ɔmanfoɔ no ho dwirii wɔn wɔ nyansabun a Onyankopɔn de ama no, a ɛma no bu atɛntenenee no ho.

In Other Versions

1 Kings 3 in the ANGEFD

1 Kings 3 in the ANTPNG2D

1 Kings 3 in the AS21

1 Kings 3 in the BAGH

1 Kings 3 in the BBPNG

1 Kings 3 in the BBT1E

1 Kings 3 in the BDS

1 Kings 3 in the BEV

1 Kings 3 in the BHAD

1 Kings 3 in the BIB

1 Kings 3 in the BLPT

1 Kings 3 in the BNT

1 Kings 3 in the BNTABOOT

1 Kings 3 in the BNTLV

1 Kings 3 in the BOATCB2

1 Kings 3 in the BOBCV

1 Kings 3 in the BOCNT

1 Kings 3 in the BOECS

1 Kings 3 in the BOGWICC

1 Kings 3 in the BOHCB

1 Kings 3 in the BOHCV

1 Kings 3 in the BOHLNT

1 Kings 3 in the BOHNTLTAL

1 Kings 3 in the BOICB

1 Kings 3 in the BOILNTAP

1 Kings 3 in the BOITCV

1 Kings 3 in the BOKCV

1 Kings 3 in the BOKCV2

1 Kings 3 in the BOKHWOG

1 Kings 3 in the BOKSSV

1 Kings 3 in the BOLCB

1 Kings 3 in the BOLCB2

1 Kings 3 in the BOMCV

1 Kings 3 in the BONAV

1 Kings 3 in the BONCB

1 Kings 3 in the BONLT

1 Kings 3 in the BONUT2

1 Kings 3 in the BOPLNT

1 Kings 3 in the BOSCB

1 Kings 3 in the BOSNC

1 Kings 3 in the BOTLNT

1 Kings 3 in the BOVCB

1 Kings 3 in the BOYCB

1 Kings 3 in the BPBB

1 Kings 3 in the BPH

1 Kings 3 in the BSB

1 Kings 3 in the CCB

1 Kings 3 in the CUV

1 Kings 3 in the CUVS

1 Kings 3 in the DBT

1 Kings 3 in the DGDNT

1 Kings 3 in the DHNT

1 Kings 3 in the DNT

1 Kings 3 in the ELBE

1 Kings 3 in the EMTV

1 Kings 3 in the ESV

1 Kings 3 in the FBV

1 Kings 3 in the FEB

1 Kings 3 in the GGMNT

1 Kings 3 in the GNT

1 Kings 3 in the HARY

1 Kings 3 in the HNT

1 Kings 3 in the IRVA

1 Kings 3 in the IRVB

1 Kings 3 in the IRVG

1 Kings 3 in the IRVH

1 Kings 3 in the IRVK

1 Kings 3 in the IRVM

1 Kings 3 in the IRVM2

1 Kings 3 in the IRVO

1 Kings 3 in the IRVP

1 Kings 3 in the IRVT

1 Kings 3 in the IRVT2

1 Kings 3 in the IRVU

1 Kings 3 in the ISVN

1 Kings 3 in the JSNT

1 Kings 3 in the KAPI

1 Kings 3 in the KBT1ETNIK

1 Kings 3 in the KBV

1 Kings 3 in the KJV

1 Kings 3 in the KNFD

1 Kings 3 in the LBA

1 Kings 3 in the LBLA

1 Kings 3 in the LNT

1 Kings 3 in the LSV

1 Kings 3 in the MAAL

1 Kings 3 in the MBV

1 Kings 3 in the MBV2

1 Kings 3 in the MHNT

1 Kings 3 in the MKNFD

1 Kings 3 in the MNG

1 Kings 3 in the MNT

1 Kings 3 in the MNT2

1 Kings 3 in the MRS1T

1 Kings 3 in the NAA

1 Kings 3 in the NASB

1 Kings 3 in the NBLA

1 Kings 3 in the NBS

1 Kings 3 in the NBVTP

1 Kings 3 in the NET2

1 Kings 3 in the NIV11

1 Kings 3 in the NNT

1 Kings 3 in the NNT2

1 Kings 3 in the NNT3

1 Kings 3 in the PDDPT

1 Kings 3 in the PFNT

1 Kings 3 in the RMNT

1 Kings 3 in the SBIAS

1 Kings 3 in the SBIBS

1 Kings 3 in the SBIBS2

1 Kings 3 in the SBICS

1 Kings 3 in the SBIDS

1 Kings 3 in the SBIGS

1 Kings 3 in the SBIHS

1 Kings 3 in the SBIIS

1 Kings 3 in the SBIIS2

1 Kings 3 in the SBIIS3

1 Kings 3 in the SBIKS

1 Kings 3 in the SBIKS2

1 Kings 3 in the SBIMS

1 Kings 3 in the SBIOS

1 Kings 3 in the SBIPS

1 Kings 3 in the SBISS

1 Kings 3 in the SBITS

1 Kings 3 in the SBITS2

1 Kings 3 in the SBITS3

1 Kings 3 in the SBITS4

1 Kings 3 in the SBIUS

1 Kings 3 in the SBIVS

1 Kings 3 in the SBT

1 Kings 3 in the SBT1E

1 Kings 3 in the SCHL

1 Kings 3 in the SNT

1 Kings 3 in the SUSU

1 Kings 3 in the SUSU2

1 Kings 3 in the SYNO

1 Kings 3 in the TBIAOTANT

1 Kings 3 in the TBT1E

1 Kings 3 in the TBT1E2

1 Kings 3 in the TFTIP

1 Kings 3 in the TFTU

1 Kings 3 in the TGNTATF3T

1 Kings 3 in the THAI

1 Kings 3 in the TNFD

1 Kings 3 in the TNT

1 Kings 3 in the TNTIK

1 Kings 3 in the TNTIL

1 Kings 3 in the TNTIN

1 Kings 3 in the TNTIP

1 Kings 3 in the TNTIZ

1 Kings 3 in the TOMA

1 Kings 3 in the TTENT

1 Kings 3 in the UBG

1 Kings 3 in the UGV

1 Kings 3 in the UGV2

1 Kings 3 in the UGV3

1 Kings 3 in the VBL

1 Kings 3 in the VDCC

1 Kings 3 in the YALU

1 Kings 3 in the YAPE

1 Kings 3 in the YBVTP

1 Kings 3 in the ZBP