2 Chronicles 4 (BOATCB)

1 Salomo sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ne tentene yɛ anammɔn aduasa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa saa ara, na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum. 2 Afei, ɔyɛɛ nsukoradeɛ kɛseɛ kurukuruwa bi a ɛfiri ano kɔka ano yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no edin Ɛpo. Na emu tenten yɛ anammɔn nson ne fa, na ne kanko mu yɛ anammɔn aduanan enum. 3 Na Ɛpo no wɔ nsɛsodeɛ a ɛte sɛ anantwie a wɔatwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwie sɛso nsia wɔ so a wɔagu ama afra nsukoradeɛ no. 4 Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam. 5 Ɛpo no afasuo mu pipiripie yɛ bɛyɛ nsateakwaa mmiɛnsa, na nʼano no ntrɛmu te sɛ bonsua, na na ɛte ɛsɛ sukooko nhwiren a apae. Na Ɛpo no tumi kora nsuo gyare mpem dunsia ne ahanum. 6 Ɔyɛɛ dwaresɛn edu a wɔkora nsuo a wɔde hohoro afɔrebɔdeɛ ho. Na emu enum wɔ Ɛpo no anafoɔ fam na enum wɔ atifi fam. Asɔfoɔ no deɛ, na Ɛpo no ankasa mu nsuo na na wɔde hohoro wɔn ho, na wɔmmfa dwaresɛn no mu nsuo no bi. 7 Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ nkaneadua edu, sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ noɔ no, de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisi bɛnee anafoɔ fam fasuo, na wɔde emu enum a aka no nso sisi bɛnee atifi fam ɔfasuo no. 8 Afei, ɔyɛɛ apono edu de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisii anafoɔ fam ɔfasuo no anim, na wɔde emu enum a aka no nso sisii atifi fam ɔfasuo no anim. Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ dwaresɛn ɔha. 9 Salomo sii adihɔ maa asɔfoɔ no, sane sii adihɔ kɛseɛ bi wɔ Asɔredan no mfikyire. Ɔyɛɛ apono totoo adihɔ akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa ho. 10 Wɔde Ɛpo no sii anafoɔ fam ne apueeɛ fam afasuo ahyiaeɛ no twɛtwɛwa so hɔ. 11 Huram-Abi yɛɛ nkukuo, nsofi ne dwaresɛn a ɛho hia nyinaa. Deɛ ɔhene Salomo kyerɛɛ Huram-Abi sɛ ɔnyɛ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho no nyinaa, ɔyɛeɛ. 12 Afadum mmienu,aduntire a wɔayɛ no sɛ asansuo mmienu a ɛsisi afadum no atifi,nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu wɔde asiesie aduntire no, 13 ateaa nsɛso ahanan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu aduntire no so (ateaa a wɔahyehyɛ no ntentenesoɔ mmienu a ebiara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn aduntire a ɛwɔ afadum no atifi no so no). 14 Ɔyɛɛ nsuo nteaseɛnam a dwaresɛn no sisi so, 15 Ɛpo no ne anantwie sɛso dumienu a wɔhyɛ aseɛ, 16 nkukuo, nsofi, ɛnam nnarewa ne nneɛma a ɛkeka ho nyinaa. Huram-Abi de kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho na ɛyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa maa AWURADE Asɔredan no, sɛdeɛ Ɔhene Salomo hyɛɛ no no. 17 Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu. 18 Kɔbere mfrafraeɛ a wɔde dii dwuma no dodoɔ enti, wɔantumi anhunu emu duru ano. 19 Na Salomo yɛɛ nneɛma a wɔde siesie Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa: sikakɔkɔɔ afɔrebukyia;apono a wɔde Hyiadan mu Burodo no gu so; 20 kanea nnua ne nʼakanea a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛbɛhyerɛn wɔ Kronkron mu Kronkron no anim sɛdeɛ wɔakyerɛ no; 21 nhwiren a wɔde siesie, nkanea ne afagya a wɔde sikakɔkɔɔ amapa na ɛyɛɛ no nyinaa; 22 nkanea akapɛ, dwaresɛn, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu no nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ amapa;apono a wɔtintim wɔ ɛkwan a ɛkɔ Kronkron mu Kronkron ne deɛ ɛkɔ Asɔredan no dan kɛseɛ mu no, wɔde sikakɔkɔɔ na ɛduraa ho nyinaa.

In Other Versions

2 Chronicles 4 in the ANGEFD

2 Chronicles 4 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 4 in the AS21

2 Chronicles 4 in the BAGH

2 Chronicles 4 in the BBPNG

2 Chronicles 4 in the BBT1E

2 Chronicles 4 in the BDS

2 Chronicles 4 in the BEV

2 Chronicles 4 in the BHAD

2 Chronicles 4 in the BIB

2 Chronicles 4 in the BLPT

2 Chronicles 4 in the BNT

2 Chronicles 4 in the BNTABOOT

2 Chronicles 4 in the BNTLV

2 Chronicles 4 in the BOATCB2

2 Chronicles 4 in the BOBCV

2 Chronicles 4 in the BOCNT

2 Chronicles 4 in the BOECS

2 Chronicles 4 in the BOGWICC

2 Chronicles 4 in the BOHCB

2 Chronicles 4 in the BOHCV

2 Chronicles 4 in the BOHLNT

2 Chronicles 4 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 4 in the BOICB

2 Chronicles 4 in the BOILNTAP

2 Chronicles 4 in the BOITCV

2 Chronicles 4 in the BOKCV

2 Chronicles 4 in the BOKCV2

2 Chronicles 4 in the BOKHWOG

2 Chronicles 4 in the BOKSSV

2 Chronicles 4 in the BOLCB

2 Chronicles 4 in the BOLCB2

2 Chronicles 4 in the BOMCV

2 Chronicles 4 in the BONAV

2 Chronicles 4 in the BONCB

2 Chronicles 4 in the BONLT

2 Chronicles 4 in the BONUT2

2 Chronicles 4 in the BOPLNT

2 Chronicles 4 in the BOSCB

2 Chronicles 4 in the BOSNC

2 Chronicles 4 in the BOTLNT

2 Chronicles 4 in the BOVCB

2 Chronicles 4 in the BOYCB

2 Chronicles 4 in the BPBB

2 Chronicles 4 in the BPH

2 Chronicles 4 in the BSB

2 Chronicles 4 in the CCB

2 Chronicles 4 in the CUV

2 Chronicles 4 in the CUVS

2 Chronicles 4 in the DBT

2 Chronicles 4 in the DGDNT

2 Chronicles 4 in the DHNT

2 Chronicles 4 in the DNT

2 Chronicles 4 in the ELBE

2 Chronicles 4 in the EMTV

2 Chronicles 4 in the ESV

2 Chronicles 4 in the FBV

2 Chronicles 4 in the FEB

2 Chronicles 4 in the GGMNT

2 Chronicles 4 in the GNT

2 Chronicles 4 in the HARY

2 Chronicles 4 in the HNT

2 Chronicles 4 in the IRVA

2 Chronicles 4 in the IRVB

2 Chronicles 4 in the IRVG

2 Chronicles 4 in the IRVH

2 Chronicles 4 in the IRVK

2 Chronicles 4 in the IRVM

2 Chronicles 4 in the IRVM2

2 Chronicles 4 in the IRVO

2 Chronicles 4 in the IRVP

2 Chronicles 4 in the IRVT

2 Chronicles 4 in the IRVT2

2 Chronicles 4 in the IRVU

2 Chronicles 4 in the ISVN

2 Chronicles 4 in the JSNT

2 Chronicles 4 in the KAPI

2 Chronicles 4 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 4 in the KBV

2 Chronicles 4 in the KJV

2 Chronicles 4 in the KNFD

2 Chronicles 4 in the LBA

2 Chronicles 4 in the LBLA

2 Chronicles 4 in the LNT

2 Chronicles 4 in the LSV

2 Chronicles 4 in the MAAL

2 Chronicles 4 in the MBV

2 Chronicles 4 in the MBV2

2 Chronicles 4 in the MHNT

2 Chronicles 4 in the MKNFD

2 Chronicles 4 in the MNG

2 Chronicles 4 in the MNT

2 Chronicles 4 in the MNT2

2 Chronicles 4 in the MRS1T

2 Chronicles 4 in the NAA

2 Chronicles 4 in the NASB

2 Chronicles 4 in the NBLA

2 Chronicles 4 in the NBS

2 Chronicles 4 in the NBVTP

2 Chronicles 4 in the NET2

2 Chronicles 4 in the NIV11

2 Chronicles 4 in the NNT

2 Chronicles 4 in the NNT2

2 Chronicles 4 in the NNT3

2 Chronicles 4 in the PDDPT

2 Chronicles 4 in the PFNT

2 Chronicles 4 in the RMNT

2 Chronicles 4 in the SBIAS

2 Chronicles 4 in the SBIBS

2 Chronicles 4 in the SBIBS2

2 Chronicles 4 in the SBICS

2 Chronicles 4 in the SBIDS

2 Chronicles 4 in the SBIGS

2 Chronicles 4 in the SBIHS

2 Chronicles 4 in the SBIIS

2 Chronicles 4 in the SBIIS2

2 Chronicles 4 in the SBIIS3

2 Chronicles 4 in the SBIKS

2 Chronicles 4 in the SBIKS2

2 Chronicles 4 in the SBIMS

2 Chronicles 4 in the SBIOS

2 Chronicles 4 in the SBIPS

2 Chronicles 4 in the SBISS

2 Chronicles 4 in the SBITS

2 Chronicles 4 in the SBITS2

2 Chronicles 4 in the SBITS3

2 Chronicles 4 in the SBITS4

2 Chronicles 4 in the SBIUS

2 Chronicles 4 in the SBIVS

2 Chronicles 4 in the SBT

2 Chronicles 4 in the SBT1E

2 Chronicles 4 in the SCHL

2 Chronicles 4 in the SNT

2 Chronicles 4 in the SUSU

2 Chronicles 4 in the SUSU2

2 Chronicles 4 in the SYNO

2 Chronicles 4 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 4 in the TBT1E

2 Chronicles 4 in the TBT1E2

2 Chronicles 4 in the TFTIP

2 Chronicles 4 in the TFTU

2 Chronicles 4 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 4 in the THAI

2 Chronicles 4 in the TNFD

2 Chronicles 4 in the TNT

2 Chronicles 4 in the TNTIK

2 Chronicles 4 in the TNTIL

2 Chronicles 4 in the TNTIN

2 Chronicles 4 in the TNTIP

2 Chronicles 4 in the TNTIZ

2 Chronicles 4 in the TOMA

2 Chronicles 4 in the TTENT

2 Chronicles 4 in the UBG

2 Chronicles 4 in the UGV

2 Chronicles 4 in the UGV2

2 Chronicles 4 in the UGV3

2 Chronicles 4 in the VBL

2 Chronicles 4 in the VDCC

2 Chronicles 4 in the YALU

2 Chronicles 4 in the YAPE

2 Chronicles 4 in the YBVTP

2 Chronicles 4 in the ZBP